Bible no Adwene
So Kristofo Biakoyɛ Hwehwɛ sɛ Wɔbɛyɛ Ade Ɔkwan Koro So?
ƐTE sɛ nea mpaapaemu ahyɛ nnɛ nyamesom mu ma. Etumi ba mpo sɛ nnipa a wɔwɔ asɔre biako mu nya gyidi ahorow a enhyia wɔ nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ ho nsɛm mu. Ɔkyerɛwfo bi kaa no saa kwan yi so: “Ɛyɛ den mpo sɛ wobenya nnipa baanu a wogye Onyankopɔn koro di ankasa. Nnansa yi, ɛte sɛ nea onipa biara ankasa wɔ ne nkyerɛkyerɛ.”
Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, ɔsomafo Paulo tuu afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔwɔ Korinto no fo sɛ ‘wɔnyɛ nokoro’ na ama ‘wɔabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Korintofo 1:10) Ɛnnɛ ebinom kasa tia Paulo afotu yi. Wɔka sɛ, ‘ɛsono sɛnea obiara te na ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛhyɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔnnwene anaasɛ wɔnyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan koro so.’ Nanso, so na Paulo rehyɛ nyansa sɛ wɔnyɛ wɔn ade te sɛ robɔt anaa? So Bible no ma ankorankoro ahofadi ho kwan?
Biakoyɛ, Ɛnyɛ Ade a Wɔyɛ no Ɔkwan Koro So
Wɔ Paulo nkrataa no biako mu no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ‘adwene tumi’ nsom Onyankopɔn. (Romafo 12:1) Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔrebɔ mmɔden adan Korintofo asafo no mufo sɛ mfiri a wontumi nnwene. Ɛnde, adɛn nti na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔmmom nwie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu’? Paulo de afotu yi mae efisɛ na asafo a ɛwɔ Korinto no rehyia ɔhaw bi a emu yɛ den. Ná mpaapaemu aba wɔn mu ma enti ebinom bu Apolo sɛ wɔn kannifo bere a na ebinom nso pɛ Paulo anaa Petro anaasɛ wogye Kristo nkutoo tom. Na mpaapaemu a ɛte saa no nyɛ asɛm ketewa, efisɛ na ɛde asafo no asomdwoe ato asiane mu.
Na Paulo pɛ sɛ Korintofo no ‘de asomdwoe hama kura honhom biakoyɛ mu,’ sɛnea akyiri yi otuu Kristofo a wɔwɔ Efeso fo no. (Efesofo 4:3) Ná ɔrehyɛ anuanom no nkuran ma wɔde biakoyɛ adi Yesu Kristo akyi, na ɛnyɛ sɛ wɔn mu mpaapae nyɛ akuwakuw, anaa matew-me-ho akuw. Wɔ eyi mu no na wobenya atirimpɔw biako a asomdwoe wom. (Yohane 17:22) Enti afotu a Paulo de maa Korintofo no teɛɛ wɔn nsusuwii na ɛde biakoyɛ bae na ɛnyɛ ade a wɔyɛ no ɔkwan koro so.—2 Korintofo 13:9, 11.
Biakoyɛ nso ho hia wɔ nkyerɛkyerɛ mu. Yesu akyidifo a wodi n’anammɔn akyi hu sɛ “gyidi biako” pɛ ankasa na ɛwɔ hɔ, sɛnea “Nyankopɔn ne Agya biako” pɛ na ɛwɔ hɔ no. (Efesofo 4:1-6) Enti Kristofo hwɛ hu sɛ nea wogye di no ne nokwasɛm a Onyankopɔn ada no adi wɔ N’asɛm mu fa n’ankasa ne n’atirimpɔw ho no hyia. Wɔyɛ biako wɔ wɔn gyidi a ɛfa nipa ko a Onyankopɔn yɛ ne nea ɔhwehwɛ ho no mu. Wɔtra ase nso ma ɛne abrabɔ gyinapɛn a emu da hɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. (1 Korintofo 6:9-11) Wɔ eyi mu no, Kristofo kɔ so yɛ biako wɔ nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ mu.
Nsusuwii a Egu Ahorow Ano a Yebegyina
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ wɔkyerɛ Kristoni biara sɛnea ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma ho ne nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ asetram tebea nyinaa mu. Nsɛm dodow no ara yɛ ankorankoro asɛm. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Ná afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔwɔ Korinto no dodow bi adwenem yɛ wɔn naa wɔ nam a ebia efi abosonnan mu a wobedi ho. Ná ebinom gye di denneennen sɛ nam no a wobedi no bɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som mu, wɔ bere ko a na afoforo susuw sɛ faako a nam no fi bae ho nhia. Wɔ bere a na Paulo redi asɛm yi a ɛho asɛm ka yɛ den yi ho dwuma no, wanyɛ mmara bi a ɛbɛkyerɛ Kristofo nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Mmom no, ogye toom sɛ nnipa betumi asisi gyinae ahorow wɔ asɛm no ho.a—1 Korintofo 8:4-13.
Ɛnnɛ, ɛdefa adwumayɛ, akwahosan, ahomegye ho nsɛm, anaa biribi foforo bi a ɛyɛ ankorankoro asɛm ho no, ebia Kristofo besisi gyinae a ɛsonsonoe wɔ Kristofo foforo de ho. Nneyɛe a egu ahorow saa no betumi ahaw ebinom. Ebia wobesusuw sɛ nsusuwii a ɛsonsonoe betumi de akyinnyegye anaasɛ mpaapaemu aba asafo no mu anaa. Nanso, nea ebetumi afi mu aba yi yɛ ade a wontumi nkwati. Mfatoho bi ni: Wɔn a wɔhyehyɛ nnwom wɔ nnyigyei kakraa bi pɛ a wɔde yɛ adwuma, nanso hokwan ahorow a wonya de hyehyɛ nnwom a ɛyɛ dɛ nsa da. Saa ara na Kristofo nso gyina Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow so paw nea wɔpɛ. Nanso, sɛ ankorankoro resisi gyinae ahorow pɔtee bi a, wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ.
Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ Kristofo biakoyɛ ho ban bere a yɛkyerɛ obu ma nea ankorankoro paw no? Ɔdɔ ne ade titiriw. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu di n’ahyɛde ahorow so. (1 Yohane 5:3) Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa ka yɛn ma yɛkyerɛ obu ma hokwan a afoforo wɔ sɛ wofi ahonim mu sisi gyinae ahorow wɔ ankorankoro nsɛm mu no. (Romafo 14:3, 4; Galatifo 5:13) Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ saa kwan yi so, bere a ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ afeha a edi kan no mu sodikuw no tumi ase wɔ asɛm bi a na ɛfa nkyerɛkyerɛ ho mu no. (Mateo 24:45-47; Asomafo no Nnwuma 15:1, 2) Bere koro no ara mu no, ɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ ɔnkyerɛ obu mma mfɛfo Kristofo ahonim wɔ nsɛm a wɔagyae ama ankorankoro gyinaesi no mu.—1 Korintofo 10:25-33.
Ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ wobu obiara fɔ wɔ gyinae a ofi ahonim pa mu si a ɛne Bible nnyinasosɛm mmɔ abira ho. (Yakobo 4:12) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristofo anokwafo renyɛ katee wɔ hokwan ahorow a wɔn ankasa wɔ a ɛbɛhaw afoforo ahonim anaasɛ ɛde asafo no biakoyɛ bɛto asiane mu no ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔka sɛ wɔwɔ ahofadi sɛ wɔyɛ biribi a ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm bara no. (Romafo 15: 1; 2 Petro 2:1, 19) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ka yɛn ma yɛma yɛn ahonim ne Onyankopɔn adwene hyia. Eyi bɛma yɛne yɛn mfɛfo gyidifo akɔ so ayɛ biako.—Hebrifo 5:14.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ wɔn a na wɔsom abosom ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no mu bi antumi anhu nsonsonoe a ɛda nam a wobedi ne ɔsom mu adeyɛ a wɔde wɔn ho behyem no ntam. Ná asɛnhia foforo ne sɛ ebia Kristofo a wɔyɛ mmerɛw no benya adwene a ɛnteɛ na ato wɔn hintidua.