Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban—1998 | November 1
    • 4. (a) Ɔfã bɛn na na Paulo wɔ wɔ Kristofo ɔdansi adwuma no mu? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Yesu ne n’atiefo no nyinaa nim hia a na nhyɛase pa ho hia no?

      4 Sɛ ɔdan bi begyina na akyɛ a, ehia nhyɛase pa. Enti Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn dom a ɔde adom me no so na menam mahyɛ ase sɛ ɔdansifo nyansafo.” (1 Korintofo 3:10) Yesu Kristo de mfatoho a ɛte saa ara dii dwuma kaa ofie bi a etumi gyinaa ahum ano esiane sɛ nea osii no too nhyɛase pa nti ho asɛm. (Luka 6:47-49) Ná Yesu nim hia a na nhyɛase horow ho hia ho nsɛm nyinaa. Bere a Yehowa too asase yi nhyɛase no, na ɔwɔ hɔ.a (Mmebusɛm 8:29-31) Ná Yesu atiefo nso nim hia a na nhyɛase pa a wɔto ho hia no. Afie a na ɛwɔ nhyɛase pa nkutoo na na ebetumi agyina nsuyiri ne asasewosow a na ɛtɔ mmere bi a esisi wɔ Palestina no ano. Nanso, nhyɛase bɛn ho adwene na na ɛwɔ Paulo tirim?

  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban—1998 | November 1
    • 7. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Paulo ka faa ne ho sɛ “ɔdansifo nyansafo” no mu?

      7 Paulo kae sɛ ɔfaa saa kwan no so kyerɛkyerɛe te sɛ “ɔdansifo nyansafo.” Ná asɛm yi nyɛ nea ɔreka de ahoahoa ne ho. Ná ɔreka akyɛde nwonwaso a Yehowa de adom no no ho asɛm kɛkɛ—akyɛde a ɛma otumi yɛ adwuma no ho nhyehyɛe pa anaa ɔde ho akwankyerɛ ma. (1 Korintofo 12:28) Nokwarem no, yenni anwonwakwan so akyɛde a wɔde maa afeha a edi kan Kristofo no bi nnɛ. Na ebia yɛremmu yɛn ho sɛ yɛwɔ ɔkyerɛkyerɛ dom akyɛde. Nanso wɔ ntease titiriw bi mu no, yɛwɔ bi. Susuw ho hwɛ: Yehowa de ne honhom kronkron no ma yɛn de boa yɛn. (Fa toto Luka 12:11, 12 ho.) Afei nso yɛwɔ Yehowa dɔ ne N’asɛm mu mfitiasesɛm nkyerɛkyerɛ mu nimdeɛ. Eyinom yɛ akyɛde nwonwaso a yebetumi de adi dwuma akyerɛkyerɛ afoforo ampa. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde bedi dwuma de ato nhyɛase pa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena