Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban—1998 | November 1
    • 9. Ɛwom sɛ na Paulo yɛ obi a ɔto nhyɛase ara kwa de, nanso na wɔn a wogyee ne nkyerɛkyerɛ no toom sɛ ɛyɛ nokware no ho hia no dɛn?

      9 Paulo kyerɛwee sɛ: “Nanso sɛ obi de sika, dwetɛ, abo pa, nnua, sare, buronan to nhyɛase yi so a, obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ.” (1 Korintofo 3:12, 13) Dɛn na na Paulo kyerɛ? Susuw nsɛm a ɛfa ho no ho hwɛ. Ná Paulo yɛ obi a ɔto nhyɛase ara kwa. Wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu mu no, otutuu akwan faa nkurow ahorow mu, kaa asɛm kyerɛɛ nnipa pii a na wɔntee Kristo ho asɛm da. (Romafo 15:20) Bere a nkurɔfo gyee nokware a ɔkyerɛkyerɛe no toom no, ɔhyehyɛɛ asafo horow. Ná Paulo dwen saa anokwafo yi ho yiye. (2 Korintofo 11:28, 29) Nanso na n’adwuma no mma no kwan mma ɔntra faako. Enti bere a ɔde asram 18 too nhyɛase wɔ Korinto no, ofii hɔ kɔkaa asɛm wɔ nkurow afoforo mu. Ne nyinaa akyi no, na n’ani da so ara di sɛnea afoforo bɛtoa adwuma a ɔde gyaa hɔ no so no akyi.—Asomafo no Nnwuma 18:8-11; 1 Korintofo 3:6.

  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban—1998 | November 1
    • 11 Sɛ ogya tɔ adan yi mu a, dɛn na ebesi? Na mmuae no da adi pefee wɔ Paulo bere so sɛnea ɛte wɔ yɛn bere yi so no. Nokwarem no, ná Roma Sahene Mummius adi Korinto so nkonim de gya ato mu wɔ 146 A.Y.B. tɔnn. Akyinnye biara nni ho sɛ adan a wɔde nnua, sare, anaa buronan asi no sɛee pasaa. Na adan a ɛyɛ den a wɔde abo asi de sika ne dwetɛ ahyehyɛ no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom tumi gyinae. Ɛda adi pefee sɛ na wɔn a Paulo kyerɛkyerɛ wɔn wɔ Korinto no fa adan a ɛtete saa ho bere nyinaa—adan a wɔde abo asi a ɛwɔ ahoɔden a atumi agyina ɔsɛe a na abubu afoforo a enni ahoɔden no pasaa dedaadaw no ano. Enti hwɛ sɛnea Paulo sii n’asɛm no so dua ma emu daa hɔ! Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, ehia sɛ yebu yɛn ho sɛ adansifo. Ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a eye kyɛn so a ɛkyɛ paa yɛ adwuma. Saa kwan no so no, yɛn adwuma no betumi agyina. Dɛn ne nneɛma a ɛkyɛ no, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛ adwuma?

  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban—1998 | November 1
    • 12. Akwan bɛn so na na Kristofo a wɔwɔ Korinto no mu binom yɛ anibiannaso wɔ wɔn ɔdansi adwuma no mu?

      12 Ɛda adi pefee sɛ na Paulo te nka sɛ ɔkwan a na Kristofo binom a wɔwɔ Korinto nam so si dan no nye. Dɛn na na atoto? Sɛnea nsɛm a ɛfa ho no ma ɛda adi no, na mpaapaemu, kamfo a na wɔkamfo ankorankoro de twa mpoa ɛmfa ho sɛ na ebetumi asɛe asafo no ntam biakoyɛ no, wɔ asafo no mu. Ná ebinom reka sɛ, “me de, meyɛ Paulo de,” bere a na afoforo nso kyerɛ sɛ “meyɛ Apolo de.” Ɛte sɛ nea na ebinom nso bu wɔn ho anyansafo no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea efii mu bae ne sɛ wɔbɛyɛɛ honam mufo, wɔannyin wɔ honhom mu, na “ahoɔyaw ne kunsunkunsun” baa wɔn mu. (1 Korintofo 1:12; 3:1-4, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ su horow a ɛtete saa no daa adi wɔ nkyerɛkyerɛ a na wɔde ma wɔ asafo no mu ne wɔ asɛnka mu no mu. Nea efii mu bae ne sɛ wɔbɛyɛɛ anibiannaso wɔ wɔn asuafoyɛ adwuma no mu, te sɛ ɔdan a wɔde nneɛma a enni mu asi. Ɛrentumi nnyina “ogya” ano. Ogya bɛn na na Paulo reka ho asɛm no?

      13. Ogya a Paulo de dii dwuma wɔ ne mfatoho no mu no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ ho?

      13 Ogya bi wɔ hɔ a yɛn nyinaa hyia wɔ asetra mu—yɛn gyidi ho sɔhwɛ. (Yohane 15:20; Yakobo 1:2, 3) Ade a na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no hu, na ehia sɛ yɛn nso yehu ne sɛ, wɔbɛsɔ obiara a yɛbɛkyerɛkyerɛ no nokware no ahwɛ. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ yiye a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ awerɛhow. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua. Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.”c—1 Korintofo 3:14, 15.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena