Moyɛ “Ahwɛde”!
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa.” (1 Kor. 4:9) Eyi kyerɛ dɛn, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn wɔ yɛn som adwuma mu nnɛ?
2 Ná asɛm “ahwɛde” no ma Korintoni biara kae Romafo akofo agumadi no dwumadi a etwa to a wɔde nkurɔfo a wɔabu wɔn kumfɔ no gyina nnipa mpempem pii anim ansa na wɔakum wɔn atirimmɔden so no. Saa ara nso na wɔn a na wɔrehwɛ Kristofo no mu pii—nnipa ne abɔfo—huu amane a ɛtoo afeha a edi kan Kristofo esiane Ahenni no ho adanse a wodii nti no. (Heb. 10:32, 33) Wɔn mũdi mu a wokurae no kanyan saafo a na wɔhwɛ wɔn no mu pii, sɛnea yɛn boasetɔ kanyan nnipa pii nnɛ no. Yɛyɛ ahwɛde ma henanom?
3 Ma Wiase ne Nnipa: Ɛtɔ mmere bi a, nsɛm ho amanneɛbɔfo kyerɛw Yehowa nkurɔfo dwumadi ho nsɛm. Ɛwom sɛ yɛn ani sɔ nsɛmpa a ɛyɛ nokware a wɔka fa yɛn adwuma no ho de, nanso yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛka nsɛmmɔne nso afa yɛn ho bere ne bere mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi bere nyinaa sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ bere a wɔka ‘asɛmpa anaa asɛmmɔne’ fa yɛn ho no mu. (2 Kor. 6:4, 8) Wɔ nnipa komapafo fam no, wohu sɛ yɛyɛ Yesu Kristo asuafo anokwafo.
4 Ma Abɔfo: Honhom abɔde nso hwɛ yɛn. Ɔbonsam ne n’adaemone nso hwɛ yɛn—nanso wɔde “abufuw kɛse” na ɛyɛ saa, wɔpɛ sɛ yegyae ‘Yesu ho adansedi’ no. (Adi. 12:9, 12, 17) Onyankopɔn abɔfo anokwafo hwɛ yɛn na wɔn ani gye bere a ɔdebɔneyɛfo biako mpo sakra no. (Luka 15:10) Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ abɔfo no bu yɛn som adwuma a egye ntɛmpɛ yiye na mfaso wɔ so a yɛreyɛ wɔ asase so nnɛ no!—Adi. 14:6, 7.
5 Sɛ wuhyia ɔsɔretia anaasɛ wote nka sɛ wo som adwuma nsow aba a, kae sɛ amansan nyinaa rehwɛ wo. Wo boasetɔ ka wo mudi mu kura ho nsɛm pii. Ne nyinaa nkamfuaw, wo ‘gyidi ko pa no’ bɛma ‘woanya daa nkwa.’—1 Tim. 6:12.