Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/15 kr. 4-7
  • Nea Enti a Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi ma Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi ma Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔde Sii Hɔ?
  • “Minya Fii Awurade Ho”
  • Ɛsɛ sa Wodi no Mpɛn Ahe?
  • Nea Abodoo ne Nsã no Gyina Hɔ Ma
  • Henanom na Ɛsɛ Sɛ Wodi Bi?
  • Sɛnea Ɛka Wo
  • Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • ‘Yɛn Ho Atɛn A Yebebu’ Wɔ Nkaedi Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/15 kr. 4-7

Nea Enti a Awurade Anwummeduan no Kyerɛ Biribi ma Wo

YESU KRISTO de Awurade Anwummeduan no sii hɔ anadwo a etwa to wɔ ne desani asetram. Ná ɛyɛ Yawda anwummere, March 31, na Yesu wui Fida awia, April 1. Esiane sɛ Yudafo kalenda nna fi ase fi da biako anwummere kosi anwummere a edi hɔ no nti, Awurade Anwummeduan yi ne Yesu wu no nyinaa sii Nisan 14, 33 Y.B.

Dɛn nti na Yesu de aduan yi sii hɔ? Dɛn na abodoo ne nsa a ɔde dii dwuma no kyerɛ? Henanom na ɛsɛ sɛ wodi bi na wonom bi? Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ wodi saa aduan yi? Na ɔkwan bɛn so na ebetumi akyerɛ biribi ama wo?

Dɛn Nti na Wɔde Sii Hɔ?

Ɛdefa aduan yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” Sɛnea wɔakyerɛ ase ɔkwan foforo so no, ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nkae me.” (1 Korintofo 11:24; The New English Bible) Nokwarem no, wɔtaa frɛ Awurade Anwummeduan no sɛ Kristo wu Nkae.

Yesu wui sɛ Yehowa tumidi ho mudi mu kurafo, na ɔnam saa kwan yi so maa Satan bɛyɛɛ ɔtorofo mpoatwafo wɔ sobo a ɔbɔe sɛ pɛsɛmenkominya adwene nkutoo nti na nnipa atreneefo som Onyankopɔn no ho. (Hiob 2:1-5) Ne wu no maa Onyankopɔn koma ani gyei.​—Mmebusɛm 27:11.

Yesu nam wu a owui sɛ onipa a ɔyɛ pɛ so ‘de ne kra yɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Bere a onipa a odi kan no yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn no, ɔhweree ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ ne mfaso horow a anka ɛde bɛba no. Nanso “Ná Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase no yiye ma ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na wɔansɛe obiara a ogye no di no na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16, New World Translation) Yiw, “bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”​—Romafo 6:23.

“Minya Fii Awurade Ho”

Ɔsomafo Paulo de ne nsɛm yi kyerɛkyerɛɛ Kristo wu nkaedi no mu: “Nea minya fii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔrebeyi no ama no, ɔfaa abodoo na ɔdaa ase wiei no, obubuu mu kae sɛ: ‘Eyi kyerɛ me nipadua a wɔde ma mo no. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.’ Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔyɛe wɔ kuruwa no ho kae sɛ: ‘Kuruwa yi kyerɛ apam foforo a agyina me mogya so. Da biara a mobɛnom no monkɔ so nyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.’ Na mpɛn dodow biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mommɔ Awurade wu no ho dawuru nkosi sɛ ɔbɛba.”​—1 Korintofo 11:23- 26, NW.

Esiane sɛ na Paulo nka Yesu ne asomafo 11 no ho wɔ Nisan 14, 33 Y.B. nti, ɛda adi sɛ asɛm yi yɛ nea ‘onya fii Awurade hɔ’ denam honhom mu adiyi so. Yesu de Nkaedi no sii hɔ “anadwo a na [Yuda] rebeyi no ama” Yudafo anyamesomfo atamfo a wɔmaa Romafo no bɔɔ Kristo asɛnnua mu no. Ná wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wodi abodoo no na wɔnom nsa no bi no bɛyɛ saa de akae no.

Ɛsɛ sa Wodi no Mpɛn Ahe?

Dɛn na Paulo asɛm, “mpɛn dodow biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mommɔ Awurade wu no ho dawuru nkosi sɛ ɔbɛba” no kyerɛ? Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no bedi Nkaedi abodoo no na wɔanom nsa no bi ‘mpɛn pii’ kosi sɛ wobewu na akyiri yi wɔanyan wɔn akɔ ɔsoro asetram. Enti wɔbɛbɔ wɔn gyidi wɔ Yesu afɔre a Yehowa de mae no mu ho dawuru mpɛn pii wɔ Onyankopɔn ne wiase no anim. Kosi bere bɛn? Paulo kae sɛ, ‘kosi sɛ ɔbɛba,’ a ɛda adi sɛ na ɔrekyerɛ sɛ saa adeyɛ yi bɛkɔ so akosi sɛ Yesu bɛba abɛfa n’akyidifo a wɔasra wɔn no akɔ soro denam owusɔre so wɔ ne “ba a waba” mu. (1 Tesalonikafo 4:14-17, NW) Eyi ne asɛm a Kristo ka kyerɛɛ asomafo anokwafo 11 no hyia: “Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa fie nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”​—Yohane 14:3.

So ɛsɛ sɛ wɔkae Kristo wu da biara anaa dapɛn biara? Wiɛ, Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ, na wokum no wɔ Twam a na wɔde kae gye a wogyee Israel fii Misrifo nkoasom mu no mu. Nokwarem no, wɔfrɛ no ‘yɛn twam Kristo no’ efisɛ ɔne Oguammaa a wɔde no bɔɔ afɔre maa Kristofo no. (1 Korintofo 5:7) Wodii Twam no pɛnkoro pɛ afe biara wɔ Nisan 14. (Exodus 12:6, 14; Leviticus 23:5) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yesu wu nkae no mpɛn dodow a na wodi Twam no nkutoo​—afe biara, ɛnyɛ da biara anaa dapɛn biara.

Wɔn a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristofo no kaee Yesu wu no pɛnkoro afe biara mfehaha pii. Esiane sɛ wɔyɛɛ eyi no Nisan 14 nti, wɔfrɛɛ wɔn Quartodecimans a ɛkyerɛ “nea ɛto so dunnanfo.” Abakɔsɛm kyerɛwfo J. L. von Mosheim kyerɛw faa wɔn ho sɛ: “Ná Kristofo a wɔwɔ Asia Minor di afahyɛ kronkron yi a wɔde kae Awurade anwummeduan ne Yesu Kristo wu no bere koro no ara a Yudafo dii wɔn Twam guammaa no, ɛne, ɔsram a edi kan [Nisan] da a ɛto so dunnan anwummere. . . . Wɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi Kristo nhwɛso no ekyi te sɛ mmara.”

Nea Abodoo ne Nsã no Gyina Hɔ Ma

Paulo kae sɛ Yesu ‘faa abodoo ne ɔdaa ase wiei no, obubuu mu.’ Ná ɛsɛ sɛ wobubu abodoo dennen a wɔde esiam ne nsu a mmɔkaw nnim toe no mu ne wɔatumi adi. Wɔ Bible mu no, wɔde mmɔkaw gyina hɔ sɛnkyerɛnne kwan so ma bɔne anaa ɔporɔw. Bere a Paulo rehyɛ Korintofo Kristofo sɛ wonyi ɔbarima ɔbɔnefo bi mfi asafo no mu no, ɔkae sɛ: “Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa? Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛ moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso. Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, ne mmom kronkronyɛ ne nokware apiti mu.” (1 Korintofo 5:6-8) Sɛnea mmɔkaw kakraa bi ma mmɔre no nyinaa kaw no, saa ara na sɛ wɔanyi ɔbɔnefo no nkɛntɛnso bɔne no amfi asafo no mu a, ɛho rentew wɔ Yehowa anim. Na ɛsɛ sɛ woyi “mmɔkaw” no fi wɔn mu sɛnea na ɛsɛ sɛ Isrealfo yi mmɔkaw biara fi wɔn fie bere a wɔredi Apiti a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ a na wodi no Twam no akyi no.

Yesu ka faa Nkaedi abodoo a mmɔkaw nnim no ho sɛ: “Eyi kyerɛ me nipadua a mo nti wɔde ma no.” (1 Korintofo 11:24, NW) Abodoo no gyina hɔ ma Yesu honam a ɛyɛ pɛ a Paulo kaa ho asɛm sɛ: “Enti [Yesu] reba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me. Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani. Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ. . . . Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.” (Hebrifo 10:5-10) Ná bɔne biara nni Yesu nipadua a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔde bɔɔ agyede afɔre maa adesamma.​—Hebrifo 7:26.

Bere a Yesu abɔ bobesa kɔkɔɔ a hwee mfra mu no so mpae awie no, ɔkae sɛ: “Kuruwa yi kyerɛ apam foforo a egyina me mogya so.” (1 Korintofo 11:25, NW) Nkyerɛase foforo ka no sɛ: “Kuruwa yi kyerɛ apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den.” (Moffatt) Sɛnea anantwi ne mpapo a wɔde wɔn bɔɔ afɔre no mogya maa Mmara apam a Onyankopɔn ne Israel man yɛe no dii mũ no, saara na Yesu mogya a ohwie gui wɔ owu mu no maa apam foforo no dii mũ. Ka a wɔka saa apam foforo yi ho asɛm no boa yɛn ma yehu wɔn a wɔfata sɛ wodi Nkaedi abodoo na wonom nsã no bi.

Henanom na Ɛsɛ Sɛ Wodi Bi?

Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no na wɔfata sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsa no bi. Onyankopɔn ne honhom mu Israel na ɛyɛɛ apam yi. (Yeremia 31:31-34; Galatifo 6:16) Nanso awiei koraa no, apam foforo no de nhyira bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa, na wubetumi aka wɔn a wobenya nhyira ahorow no bi no ho.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Nkaedi abodoo na wonom nsã no bi no yɛ wɔn a wɔwɔ Ahenni apam a Yesu ankasa yɛe no mu. Bere a Yesu de aduan yi resi hɔ no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Na me nso sɛnea m’Agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo.” (Luka 22:29) Ahenni apam a Onyankopɔn ne Ɔhene Dawid yɛe no dan adwene kɔɔ Yesu a obedi ade daa wɔ ɔsoro Ahenni no mu no ba so. Wɔatwa honhom mu Israelfo 144,000 a wɔne Yesu bebom adi ade no ho mfonini sɛ wɔka Yesu Kristo, Oguammaa no ho gyina ɔsoro Sion Bepɔw so. Wɔn wusɔre akyi no, wɔne Kristo bedi ade sɛ mfɛfo ahene ne asɔfo. (2 Samuel 7:11-16; Adiyisɛm 7:4; 14:1-4; 20:6) Wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu ne apam a Yesu ankasa yɛe no mu nkutoo na wɔfata sɛ wodi Awurade Anwummeduan abodoo no na wɔnom nsa no bi.

Onyankopɔn honhom ne wɔn a wɔasra wɔn no honhom di adanse sɛ wɔyɛ Ne mma ne Kristo yɔnkodifo. Paulo kyerɛw sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.” (Romafo 8:16, 17) Onyankopɔn honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi no, ma wɔn a wɔasra wɔn no nya awerɛhyem sɛ wobenya ɔsoro asetra. Wobu biribiara a Kyerɛwnsɛm no ka fa ɔsoro asetra ho sɛ ɛfa wɔn ho, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegyaw asase so biribiara, a desani asetra ka ho hɔ. Ɛwom sɛ asase so Paradise asetra no bɛyɛ anigye de, nanso wonni saa anidaso no. (Luka 23:43) Wɔfata sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsã no bi, efisɛ wɔwɔ nokware anidaso bi a ɛnsakra na ennyina atoro nyamesom gyidi so.

Sɛ obi kyerɛ sɛ woafrɛ no sɛ ɔsoro hene ne ɔsɔfo bere a onni ɔfrɛ a ɛte saa biara a, Yehowa ani rennye ho. (Romafo 9:16; Adiyisɛm 22:5) Onyankopɔn twaa Kora twenee esiane sɛ ofi ahomaso mu hwehwɛɛ asɔfodi no nti. (Exodus 28:1; Numeri 16: 4-11, 31-35) Na sɛ nkate horow a emu yɛ den anaa nyamesom adwene ahorow a na obi wɔ kan no ma odii Nkaedi abodoo no na ɔnom nsã no bi ɔkwammɔne so nso ɛ? Ɛnde ɛsɛ sɛ onnii no gyae saa yɛ na ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn hɔ fafiri.​—Dwom 19:13.

Sɛnea Ɛka Wo

Ɛho nhia sɛ obi di Nkaedi abodoo no na ɔnom nsã no bi ansa na wanya Yesu agyede afɔrebɔ no so mfaso, na ama wanya daa nkwa wɔ asase so. Sɛ́ nhwɛso no, Bible no nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ wɔn a ná wosuro Onyankopɔn te sɛ Abraham, Sara, Isak, Rebeka, Boas, Rut, ne Dawid bedi abodoo no na wɔanom nsã yi bi da. Nanso ɛsɛ sɛ wɔne afoforo a wɔpɛ asetra a enni awiei wɔ asase yi so nyinaa kyerɛ Onyankopɔn ne Kristo, ne Yesu agyede afɔrebɔ no ho nsiesiei a Yehowa de ama no mu gyidi. (Yohane 3:36; 14:1) Afe afe Kristo wu ho afahyɛ no ma yɛkae saa afɔrebɔ kɛse no.

Sɛnea Yesu afɔrebɔ no ho hia yi daa adi bere a ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Kristofo a wɔasra wɔn no betumi aka sɛ Yesu ‘ne wɔn bɔne ho mpata.’ Nanso ɔyɛ wiase nyinaa nso bɔne ho afɔrebɔ, a ɛde daa nkwa bɛma adesamma a wɔyɛ osetie wɔ Paradise asase a mpremprem abɛn yiye no so!

Sɛ wokɔ Kristo wu nkaedi no ase a, wubenya mfaso afi Bible mu ɔkasa a ɛkanyan adwene bi mu. Wɔbɛkae wo nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn. Sɛ wo ne wɔn a wɔwɔ obu a emu dɔ ma Onyankopɔn ne Kristo, ne Yesu agyede afɔrebɔ no hyiam a, wubenya mfaso honhom mu. Adeyɛ no betumi ahyɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wubenya Onyankopɔn dom a ɛde kɔ daa nkwa mu no mu den. Yefi komam to nsa frɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo mmom nkae Yesu Kristo wu no wɔ April 6, 1993, bere a owia akɔtɔ no, efisɛ Awurade Anwummeduan no betumi akyerɛ biribi kɛse ama wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena