Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 26-27
  • Nea Enti a Tu a Wotu Obi Yɛ Nhyehyɛe a Ɔdɔ Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Tu a Wotu Obi Yɛ Nhyehyɛe a Ɔdɔ Wom
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛma Onyankopɔn Din So
  • Ɛbɔ Asafo no Ho Ban
  • Ɛyɛ Ahobammɔ ma Ankorankoro
  • Onyankopɔn Nkyɛn a Wɔsan Ba
  • Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Tu A Wotu Obi—Ɛyɛ Nsiesiei a Ɔdɔ Wom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

Nea Enti a Tu a Wotu Obi Yɛ Nhyehyɛe a Ɔdɔ Wom

ƆSOM mu fekubɔ a wɔne obi gyae—ɛho adwene ankasa ma nyamesomfo pii nya atenka bɔne.a Nnipa dodow no ara gye tom sɛ nteɛso bi ho hia wɔ ɔsom ahorow mu. Nanso nnipa pii bu ɔsom mu fekubɔ a wɔne obi gyae sɛ atetesɛm a ne bere apa ho—nteɛso a ɛtra so a ɛma wɔkae abayifo a wɔkyere wɔn ne atirimɔden asɛnni.

Nea ɛde ɔhaw no bi abɛka ho ne wiase nkɛntɛnso a atrɛw no. Enti, Kristoman mu ɔsom ahorow no mu dodow no ara mmu bɔne aniberesɛm biara. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Episkopal sɔfo bi kae sɛ: “Ɔsom mu fekubɔ a wɔne obi gyae ka yɛn amanne ho, nanso misusuw sɛ yɛmfa nni dwuma wɔ afeha yi mu.”

Nanso, ɛbɛyɛ nnipa bebree nwonwa sɛ wubehu sɛ wotu nkurɔfo (ɔsom mu fekubɔ a wɔne obi gyae nsusuwso) wɔ Yehowa Adansefo mu, na wobu no aniberesɛm. Nokwarem no, ɛnyɛ adeyɛ a ɛda fam, nanso ɛyɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom. Ɔkwan bɛn so?

Ɛma Onyankopɔn Din So

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron. Onni wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom no na wɔhyɛ da yɛ bɔne no ho koma. Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:15, 16) Enti abɔnefo a wonnu wɔn ho a wotu wɔn no ma Onyankopɔn din kronkron no so; ɛkyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma saa din no.—Fa toto Hebrifo 6:10 ho.

So eyi kyerɛ sɛ sɛ mmerɛwyɛ ma Kristoni bi gyae ne ho mu anaasɛ ɔkɔyɛ bɔne bi a anibere wom a, wotu no fi asafo no mu ɔkwan biara so? Dabida! Yehowa nyɛ katabaakofo a onni tema. Ɔyɛ mmɔborohunufo na ɔwɔ ntease. Ɔkae sɛ yɛnyɛ pɛ. (Dwom 103:14) Yehowa nim sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Onyankopɔn ayɛ honhom fam mmoa ho nhyehyɛe wɔ asafo no mu, na sɛ ɛba sɛ Kristoni bi ‘fom’ kwan anaasɛ ɔyɛ bɔne a anibere wom mpo a, wɔatumi afi ɔdɔ mu ‘ateɛ ne so’ wɔ odwo honhom mu. (Galatifo 6:1) Sɛ obi a waman afi trenee kwan so no gye Onyankopɔn Asɛm mu afotu tom, na odi komam awerɛhow da nokware ahonu adi a, obetumi anya honhom fam ‘ayaresa.’—Yakobo 5:13-16.

Na sɛ Kristoni bi a wɔabɔ no asu yɛ bɔne a anibere wom na mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wasesa n’akwan no anyɛ yiye nso ɛ? Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔde mpiyɛ pow sɛ ɔbɛsesa n’akwammɔne no nso ɛ?

Ɛbɔ Asafo no Ho Ban

Bible hyɛ Kristofo sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnidi mpo.”—1 Korintofo 5:11.

So Bible mmara yi yɛ katee a ɛbrɛ nnipa ase? Wode susuw eyi ho hwɛ: Sɛ wɔde omumɔyɛfo bi kɔto afiase wɔ mmara so bu ho a, so wobu ɛno sɛ ɛyɛ katee anaa atirimɔdensɛm? Dabi, efisɛ ɔmanfo no wɔ hokwan sɛ wɔbɔ wɔn man asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho ban. Saayɛ so no, wotu ɔbɔnefo no fi nnipa a wodi mmara so no mu bere a ɔda afiase no.

Saa ara na ɛyɛ ne kwan so sɛ Kristofo asafo no betu nnebɔneyɛfo a wonnu wɔn ho afi wɔn mu. Dɛn ntia? Efisɛ ɛsɛ sɛ asafo no yɛ baabi a ɔbrasɛefo ne afoforo a wɔhyɛ da yɛ bɔne nni.

Esiane sɛ na ɔsomafo Paulo nim sɛ “ɔdebɔneyɛfo biako sɛe papa bebree” nti, ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!” (Ɔsɛnkafo 9:18; 1 Korintofo 5:13) Eyi siw ɔdebɔneyɛfo no kwan na wamfa ɔporɔw amma asafo no mu, na ɛbɔ din pa a asafo no wɔ ho ban.—Fa toto 1 Timoteo 3:15 ho.

Ɛyɛ Ahobammɔ ma Ankorankoro

Tu a wotu obi no bɔ asafo no mufo ho ban nso. Ma yɛnyɛ mfatoho: Fa no sɛ kar bi a n’abɛn ano yɛ den anyan wo afi nna mu. Ɛyɛ den sɛ wubebu w’ani agu nnyigyei a ano yɛ den no so; nokwarem no, ɛma wobɔ birim! Saa ara na sɛ wotu obi fi asafo no mu a, wɔhwɛ kwan sɛ adeyɛ a ɛte saa no bɛka nguankuw no muni biara. Ɛhaw wɔn adwene. Wontumi mmu wɔn ani ngu so. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ ahobammɔ?

Ɔdansefo bi ka sɛ: “Bere a edi kan a metee sɛ wɔatu obi wɔ Ahenni Asa so no, mfiase no me ho dwiriw me. Afei ɛbrɛɛ me ase. Ɛmaa mihui sɛ me nso metumi ahwe ase.” Sɛnea ne nsɛm no kyerɛ no, tu a wotu obi no betumi aka afoforo ma wɔahwehwɛ wɔn abrabɔ mu.—1 Korintofo 10:12.

Ɛdenam nsɛmmisa te sɛ ‘So mewɔ honhom fam mmerɛwyɛ bi wɔ m’asetra mu?’ a yebebisa yɛn ho so no, ebetumi aboa yɛn ma yɛn ankasa ahwehwɛ gyinabea a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no mu yiye. Wɔ saa kwan yi so no, yebetumi akɔ de ‘osuro ne ahopopo ayɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’—Filipifo 2:12.

Onyankopɔn Nkyɛn a Wɔsan Ba

Kristoni bi a wotuu no bere bi kae sɛ: “Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso na nteɛso no fata, na na ɛho hia kɛse, na egyee me nkwa.” Eyi si tu a wotu obi ho ade foforo a ɛho hia so dua. Etumi ka nnebɔneyɛfo bi a na wonnu wɔn ho ma wotu anammɔn san ba Onyankopɔn nkyɛn.

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Nea Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso.” (Hebrifo 12:6) Na ɛyɛ nokware sɛ “asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.”—Hebrifo 12:11.

Saa na ɛtoo Richard. Bere a wotuu no akyi bɛyɛ mfe abien no, onuu ne ho, na ɔsesaa n’abrabɔ a egu Onyankopɔn ho fi̇̃ no, na wɔsan gyee no baa Kristofo asafo no mu. Obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka ne suahu no ho asɛm sɛ: “Mihu sɛ na ɛsɛ sɛ wotu me, na mefata nea wɔde yɛɛ me no. Ná ɛho hia ankasa, na ɛboaa me ma mihuu sɛnea na m’asetra te ankasa, ne hia a na ehia sɛ mehwehwɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri.”

Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wubegye asotwe atom. Egye ahobrɛase na obi agye atom, nanso wɔn a wosua biribi fi mu no sow aba pii.

Enti, tu a wotu obi yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom efisɛ ɛma Onyankopɔn din kronkron no so, na ɛbɔ asafo no ho ban na bɔne nkɛntɛnso a ɛde ɔporɔw ba amma mu. Afei nso, ɛkyerɛ ɔdɔ ma ɔdebɔneyɛfo no denam hyɛ a ɛhyɛ no nkuran ma onu ne ho na ‘ɔdan ne ho ma wɔpopa ne bɔne, na onya ahodwo nna fi Awurade anim.’—Asomafo no Nnwuma 3:19.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɔsom mu fekubɔ a wɔne obi gyae yɛ nteɛso a ɛma woyi obi fi ɔsom bi mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

The New Testament: Pictorial Archive from Nineteenth-Century Sources, a Don Rice/Dover Publications, Inc. yɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena