Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/1 kr. 28-31
  • Dɛn Na W’adwuma Bɛma Woahwere?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na W’adwuma Bɛma Woahwere?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Sika Ntra N’afã
  • Di W’asɛm So
  • Di Nokware
  • Ɛne Wo Mfɛfo Gyidifo Nni no Ɔkwampa So
  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nokwaredi Bɛma Woadi Yiye Ankasa
    Nyan!—2012
  • Nneɛma a Ɛma Nokwaredi Yɛ Den
    Nyan!—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/1 kr. 28-31

Dɛn Na W’adwuma Bɛma Woahwere?

WƆBƆƆ Amerika Kesee Fam ɔmampanyin bi yere sobo sɛ wapia sika dɔla ɔpehaha pii agu nnwumakuw bi a n’abusuafo ahyehyɛ no sum ase mu. Wɔkyeree konkosifo bi a wadi mfe 38 a ɔwɔ India, na wotuu no fii ne fie fɛfɛ mu gyee ne kar 29 esiane sɛ wɔkyerɛe sɛ ne ho wɔ sikakorabea ne konkosi mu aniwusɛm bi a ɛfa dɔla ɔpepepem 1.6 a wɔayɛ no basabasa no mu nti. Wɔ Philippines no, nnipa mpempem pii a wɔte nsupɔw no biako so yɛ atuo a mmara mma ho kwan na wɔde hwɛ wɔn ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ so ayɛ adwuma a sika wom yi no, wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔtaa tua adanmude ma aban mpanyimfo na wɔantwitware wɔn akwan mu.

Yiw, nnwuma mu atorodi ne amimdi abu so wɔ wiase nyinaa. Na ɛtaa ma nnipa a wɔn ho wɔ mu no hwere dibea ne nidi, ɛna sika nso.

Wo nso ɛ? Woreyɛ adwuma bi? Anaasɛ woredwennwen ho sɛ wubefi adwuma bi ase? Dɛn na ɛbɛma woahwere? Akyinnye biara nni ho sɛ, adwuma a wobɛyɛ bɛma woahwere biribi. Eyi nkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne ankasa. Nanso, nyansa wom sɛ wubesusuw nea ɛbɛma woahwere ho ansa na wode wo ho akɔhyɛ adwuma bi mu anaasɛ woasisi nea woahyehyɛ dedaw ho gyinae. (Luka 14:28) Adaka a ɛwɔ kratafa 31 no kyerɛ nneɛma bi a wubetumi ahwere a ebia wobɛpɛ sɛ wususuw ho.

Ɛda adi pefee sɛ adwuma mu a wode wo ho bɛhyɛ nna fam. Wɔ Kristoni fam no, honhom fam ne abrabɔ fam asɛyɛde ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho. Wubetumi agyina nea wobɛhwere no ano na woakari pɛ wɔ honhom fam? Adehwere bi wɔ mu a ɛsen nea wubetumi agye atom wɔ abrabɔ fam? Dɛn ne nnyinasosɛm ahorow bi a ɛbɛboa wo ma woatumi ahu nea wobɛhwere a wubetumi agye atom ne nea wuntumi?

Ma Sika Ntra N’afã

Sika ho hia na ama obi atumi ayɛ adwuma bi, na yenim sɛ adwuma bɛma obi anya sika a ɛsɛ de ahwɛ n’abusua. Nanso, sika ho botae ahorow betumi asɛe ntɛm. Adifudepɛ betumi aba asɛm no mu. Wɔ nnipa pii fam no, sɛ wɔreka sikasɛm a wɔde biribi foforo biara to nkyɛn. Nanso, Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no akyerɛwfo no biako, Agur, daa adwene a ɛkari pɛ adi bere a ɔkae sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni.” (Mmebusɛm 30:8) Ohuu mfaso a ɛwɔ so sɛ obi benya nea obedi amee—wampɛ sɛ “onya ne ho ntɛmntɛm,” sɛnea ebinom ka no aguadi mu no.

Nanso, adifudepɛ betumi ama obi werɛ afi nnyinasosɛm yi bere a nea wɔfrɛ no yiyedi hokwan bue no. Yehowa Adansefo ɔsomfo kwantufo bi a ɔwɔ ɔman bi a ennyaa nkɔso pii mu bɔɔ asɛm bi a ɛte saa ho amanneɛ. Adwumayɛkuw bi a na ehia dwetiri maa wɔn a wɔbɛbɔ wɔn dwetiri no hui sɛ wɔn sika no bebu abɔ ho ntɛmntɛm, ebia wɔ asram kakraa bi pɛ mu. Sika a wɔmmrɛ ho na wɔanya yi maa nnipa bebree de wɔn sika kɔhyɛɛ mu. Ɔsomfo kwantufo no ka sɛ: “Ebinom peree wɔn ho de wɔn ho hyɛɛ mu ntɛm dodo. Wɔammisa mu yiye na wɔbobɔɔ bosea [de kɔhyɛɛ mu].”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa baanu bi kɔɔ adwumayɛkuw yi adwumayɛbea hɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu ansa na wɔde wɔn ho rehyɛ mu. Wɔampene so amma wɔankɔhwɛ baabi a wɔyɛ wɔn aguade no bere a wobisae no. Eyi maa wɔn adwenem yɛɛ wɔn nãã wɔ di a adwumayɛkuw no di mũ ho. Ɛyɛɛ ahobammɔ maa wɔn, efisɛ adapɛn kakraa bi mu no, amimdi nhyehyɛe bi daa adi ma wɔkyeree nkurɔfo. Wo de susuw nea eyi maa wɔn a wɔanni kan anyɛ nhwehwɛmu no hweree ho hwɛ. Ɛnyɛ sika nko na wɔhweree, na mmom ebia nnamfo a wɔbɔɔ wɔn bosea a na wontumi ntua wɔn ka bere a nhyehyɛe no sɛee no nso. Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 22:3 no bedi dwuma wɔ sikasɛm mu: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”!

Di W’asɛm So

Sɛ mfaso amma adwuma no mu sɛnea wohwɛɛ kwan no nso ɛ? Dwom 15:4 kamfo obi a odi ne nhyehyɛe ahorow so bere a nneɛma ankɔ yiye amma no mpo no: “Ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.” Ɛyɛ mmerɛw sɛ obi bedi n’asɛm so bere a nneɛma rekɔ yiye no. Nanso ɛbɛyɛ nokwaredi ho sɔhwɛ ama obi bere a nneɛma nkɔ yiye mma no wɔ sikasɛm mu no.

Kae Bible mu nhwɛso bi a esii wɔ Yosua bere so no. Gibeonfo no yɛɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a Israel mmapɔmma no ne wɔn bɛyɛ apam na wɔansɛe wɔn. Nokwarem no, na wɔyɛ ɔman bi a na wobu no sɛ wɔyɛ asiane ma Israel no mufo. Bere a nnaadaasɛm no daa adi no, ‘Israelfo no ankum wɔn, efisɛ na asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn Yehowa ntam.’ (Yosua 9:18) Ɛwom sɛ na saa kuw yi fi atamfo asase so de, nanso mmapɔmma no tee nka sɛ ɛho hia sɛ wodi wɔn asɛm so. Na nsɛm a edii akyiri bae da no adi sɛ eyi sɔɔ Yehowa ani.—Yosua 10:6-11.

Wo nso wubedi w’adwuma nhyehyɛe ne apam ahorow so, sɛ ɛba sɛ nneɛma ankɔ yiye sɛnea wohwɛɛ kwan mpo a?a Saa a wobɛyɛ no bɛma woasɛ Yehowa a odi n’asɛm so bere nyinaa no kɛse.—Yesaia 55:11.

Di Nokware

Nokwaredi yɛ ade a ɛreyɛ asa, sɛ ase ntɔree wɔ nnɛyi aguadi wiase yi mu mpo a. Ebia afoforo a wɔyɛ nnwuma te sɛ wo de no bedi atoro de ama wɔn mfaso adɔɔso. Ebetumi aba sɛ wobedi atoro wɔ nneɛma ho dawuru a wɔbɔ mu. Wobetumi awia adwumayɛkuw foforo bi din de ato wɔn nneɛma so. Anaasɛ ebia wɔbɛyɛ nneɛma a enni mũ na wɔama ayɛ te sɛ nea eye kyɛn so. Eyinom nyinaa yɛ atorodi. Wɔn a wɔyɛ saa no te sɛ “abɔnefo” a sɛnea Asaf kyerɛ no, “wɔama wɔn ade adɔɔso,” ebia denam amimdi so.—Dwom 73:12.

Sɛ́ Kristoni no, wobɛfa akwan a etia mmara so? Anaasɛ nea wobɛma akyerɛ wo kwan mmom ne Bible nnyinasosɛm ahorow te sɛ: “Yɛnyɛɛ obiara bɔne ɛ, yɛnsɛee obiara ɛ, yennii obiara kusum ɛ”; “yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu”; “[Yehowa] akyide ne abrammo ahorow, na nsisi nsenia nso nye”? (2 Korintofo 4:2; 7:2; Mmebusɛm 20:23) Kae sɛ atorodi farebae nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam, “atoro agya” no.—Yohane 8:44.

Ebia ebinom begye kyim aka sɛ: ‘Ɛyɛ den sɛ obi adwuma betumi akɔ so yiye a onni atoro sɛnea afoforo yɛ no.’ Ɛha yi na Kristoni betumi ada ne gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no adi. Wɔsɔ obi nokwaredi hwɛ bere a saa a ɔbɛyɛ no bɛma no ahwere biribi no. Ka a obi bɛka sɛ onipa ntumi nhwɛ ne ho bere a onni atoro no te sɛ nea ɔreka sɛ Onyankopɔn nnwen wɔn a wɔdɔ no no ho. Obi a ɔwɔ Yehowa mu nokware gyidi nim sɛ Onyankopɔn betumi ahwɛ n’asomfo a wɔwɔ ɔman biara ne tebea biara mu. (Hebrifo 13:5) Ampa, ebia obi rennya mfaso pii sɛnea wɔn a wodi atoro no benya, nanso eyi nyɛ ade a ɛfata sɛ obi hwere na ama wanya Onyankopɔn nhyira?

Kae sɛ atorodi te sɛ bɔɔl a sɛ obi tow bɔ ade a ɛsan ba ne so. Sɛ wohu adwumawura bi sɛ onni nokware a, ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔtɔ ne hɔ ade ne wɔn a wɔma no nneɛma begyae n’akyi di. Obetumi adaadaa wɔn pɛnkoro, nanso ebia ɛno bɛyɛ nea etwa to. Ɔkwan foforo so no, afoforo taa bu adwumawura bi a odi nokware. Hwɛ yiye na woamma adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ, ‘Obiara yɛ bi, enti ɛnyɛ hwee’ no annaadaa wo. Bible nnyinasosɛm no ne sɛ, “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne.”—Exodus 23:2.

Fa no sɛ obi a wo ne no ayɛ adwuma akyɛ nyɛ ɔyɔnko Kristoni ma enti ɛnyɛ bere nyinaa na ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode eyi beyi wo ho ano agyina so abu w’ani agu w’ankasa w’asɛyɛde so bere a ɔyɛ nneɛma bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no? Kae nhwɛso ahorow te sɛ Adam ne Saul de no. Sɛ́ anka wɔbɛkwati bɔne no, wɔmaa afoforo nyaa wɔn so nkɛntɛnso na wɔde ɛho asodi too wɔn mfɛfo so. Hwɛ sɛnea wɔhweree ade kɛse!—Genesis 3:12, 17-19; 1 Samuel 15:20-26.

Ɛne Wo Mfɛfo Gyidifo Nni no Ɔkwampa So

Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho bere a wo ne wo mfɛfo Yehowa asomfo de mo ho rehyɛ adwuma bi mu no? Bere a odiyifo Yeremia tɔɔ afuw bi wɔ ne kurom Anatot fii n’ankasa ne nua hɔ no, wamfa ɛho sika no amma no ankyia ne nsam ara kwa. Mmom no, ɔkae sɛ: “Mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu, na mesɔw ano, na mefrɛɛ adansefo, na mede nsenia mekarii dwetɛ no.” (Yeremia 32:10) Nhyehyɛe ho kyerɛwtohɔ a ɛtete saa a mobɛyɛ no betumi asiw akasakasa a sɛ nsɛm tebea sesa akyiri a ebetumi asɔre ano.

Nanso sɛ ɛte sɛ nea wo nua Kristoni bi asisi wo wɔ adwumayɛ mu nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wode no kɔ asennibea? Bible no ka eyi ho asɛm pefee. Paulo bisae sɛ: “So mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, osi ne bo de no kɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim?” Na sɛ wɔanni asɛm bi ho dwuma ntɛm so wɔ abodwo mu nso ɛ? Paulo de kaa ho sɛ: “Mfomso anya aba mo mu dedaw sɛ mowowɔ mo ho nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?” Wo de susuw dimmɔne a eyi de bɛba Kristofo ahyehyɛde no so ho hwɛ, sɛ wɔn a wɔwɔ ban no akyi te sɛ nokware Kristofo redi wɔn ntam asɛm wɔ asennibea a! Ebetumi aba sɛ sika ho dɔ na emu ayɛ den asen ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wonya ma onua wɔ nsɛm a ɛtete saa mu? Anaasɛ ebia wɔagu obi anim ase, na awerɛtɔ ne nea ɛho abehia asen biara? Paulo afotu no kyerɛ sɛ wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ wubehu amane mmom sen sɛ wode bɛkɔ asennibea.—1 Korintofo 6:1, 7; Romafo 12:17-21.

Nanso, wobetumi afa Kyerɛwnsɛm mu kwan bi so asiesie akasakasa a ɛtete saa wɔ asafo no mu. (Mateo 5:37; 18:15-17) Kristofo ahwɛfo betumi de afotu bi a mfaso wɔ so ama anuanom a wɔn ho wɔ asɛm no mu nyinaa na aboa wɔn ma wɔadi akwan horow a wɔahyɛ ho nyansa no akyi. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegye Bible mu nnyinasosɛm ahorow atom bere a wɔreka asɛm no, nanso ɛno akyi no wonam dwuma a wode afotu a wɔde ama no bedi so bɛkyerɛ sɛ woatie ampa? Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo Kristofo bɛka yɛn ma yɛayɛ saa.

Akyinnye biara nni ho sɛ w’ankasa adwuma a wobɛyɛ no bɛma woahwere biribi. Yɛhwɛ kwan sɛ, worenhwere nneɛma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae ahorow, anaa wuhyia tebea bi a asɛm wɔ ho a, ma ɛntra w’adwenem sɛ nneɛma pii wɔ asetra mu a ɛsom bo sen sika koraa. Sɛ yɛma sika tra n’afã, di yɛn asɛm so, di nokware, na yɛne wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma di no Kristofo kwan so a, yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛremma adwuma nsɛe yɛn bere ne sika sɛnea ɛnsɛ, na bere koro no ara yebetumi akora yɛn nnamfofa, ahonim pa, ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa so.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ obi asɛm so a odi wɔ adwuma mu ho nnɛyi nhwɛso a, hwɛ asɛm a ɛne “M’Asɛm Yɛ M’Apam” a ɛwɔ May 8, 1988, Engiresi Nyan! nkratafa 11-13.

[Kratafa 31 adaka]

Nneɛma a W’adwuma Betumi Ama Woahwere

Ɛbere: Ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa obi ankasa adwuma a ɔbɛyɛ gye bere pii sen sɛ ɔbɛyɛ adwuma ama adwumayɛkuw bi. Eyi betwitware wo bere nhyehyɛe mu, a ɛmma wunnya bere pii mfa nni honhom fam nneɛma a ɛho hia ho dwuma? Wɔ ɔkwan a eye so no, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de bere pii ayɛ Onyankopɔn apɛde? Sɛ ɛte saa a, eye. Nanso hwɛ yiye! Eyi ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ.

Sika: Yɛde sika na ɛpɛ sika. Dwetiri ahe na wuhia de ayɛ w’adwuma no? Wowɔ sika no bi dedaw? Anaasɛ ɛsɛ sɛ wobɔ bosea? Wobɔ ka a ɛrenhaw wo? Anaasɛ sɛ nneɛma anni ammoa wo sɛnea wohwɛ kwan a, ɛbɛyɛ nea wuntumi nnyina nea wobɛhwere no ano?

Nnamfo: Adwumawuranom pii adwuma ama wɔahwere wɔn nnamfo, esiane nsɛnnennen a ɛsɔre wɔ adwumam da biara da nti. Ɛwom sɛ hokwan wɔ hɔ a ebetumi ama no anya nnamfo de, nanso nneɛma a ebetumi asɛe abusuabɔ betumi aba ankasa. Na sɛ saa nnamfo yi yɛ yɛn nuanom Kristofo nso ɛ?

Ahonim Pa: Ɔkwan a nnipa dodow no ara fa so yɛ adwuma wɔ nnɛ wiase yi mu ne “Twa me ma mintwa wo” anaa “Dɛn na menya wom?” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Europa daa no adi sɛ na adesuafo no mu bɛboro ɔha biara mu 70 kura adwene a ɛne sɛ abrabɔ pa ne adwuma nkɔ papa anaa ɛne no nkɔ koraa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ amimdi, atorodi, ne adwumam nneyɛe a asɛm wɔ ho abu so no. Ebenya wo so nkɛntɛnso ma woafa saa akwan yi so?

Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ: Adwumam nneyɛe biara a etia Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow no, sɛ abu so wɔ adwumam mpo a, ɛbɛsɛe obi ne ne Yɛfo ntam abusuabɔ. Eyi betumi ama no ahwere daa nkwa ho anidaso a ɔwɔ no. Ɛnna adi pefee sɛ eyi yɛ adehwere a ɛso dodo sɛ ɛbɛto Kristoni nokwafo bi, a honam fam mfaso biara a obenya mfa ho?

[Kratafa 31 mfonini ahorow]

Dɛn ade na ɛbɛboa asiw akasakasa a ɛbɛba akyiri yi ano? Nhyehyɛe a wɔde ano yɛ anaa apam a wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena