Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/1 kr. 20-25
  • Bere A Aware Mu Asomdwoe Reyɛ Asɛe No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Aware Mu Asomdwoe Reyɛ Asɛe No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Paulo Afotu a Efi Honhom Mu
  • Nnyinaso ma Ntetewmu
  • So Ɛyɛ Adeyɛ a Nyansa Wom?
  • Mommɔ Mmɔden sɛ Mubedi Ɔhaw no ho Dwuma
  • Wɔ Afie a Emu Apaapae Mu
  • Munkura Asomdwoe Mu sɛ Abusua a Biakoyɛ Wom
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Asomdwoe Mu Na Onyankopɔn Afrɛ Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/1 kr. 20-25

Bere A Aware Mu Asomdwoe Reyɛ Asɛe No

‘Ɔbea’ nnnyaa ne kunu, . . . na okunu nso nnnyaa ne yere.​—1 KORINTOFO 7:10, 11.

1. Na Yehowa atirimpɔw wɔ aware ho ne dɛn?

YEHOWA NYANKOPƆN kaa nnipa baanu a wodi kan no boom wɔ aware mu na ɔhyehyɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔhonam biako abusuabɔ yi tra hɔ daa. Na ɛbɛyɛ nkabom a nhyira wom a ɛbɛma wɔanya anigye na wɔawo mma atreneefo ma ne nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.​—Genesis 1:27, 28; 2:24.

2. Dɛn ne ade biako a ema wogu aware?

2 Ahofadi adwene ne bɔne sɛee saa aware nhyehyɛe pa no. (Genesis 3:1-19; Romafo 5:12) Nokwarem no, ahofadi honhom yɛ nneɛma a egu aware nnɛ no mu biako. Enti, wɔ United States wɔ 1985 mu no, nnipa 1,000 mu 10.2 a wɔwaree no mu 5 gyaee aware. Wɔ 1986 mu no, amanneɛbɔ bi a efi Moscow no kyerɛe sɛ aware ahorow a ɛwɔ Rusia no mu ɔha biara mu 37 pɛ na ɛtra hɔ di mfe abiɛsa na emu ɔha biara mu 70 gu wɔ mfe du ntam.

3. (a) Dɛn na ebetumi de aware mu ntɔkwaw aba? (b) Ɛdefa aware ho no, hena ne asomdwoe sɛefo titiriw no?

3 Ahofadi honhom betumi de ntɔkwaw aba aware mu. Esiw honhom mu nkɔso nso ano, efisɛ “wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.” (Yakobo 3:18) Nanso hena ne asomdwoe sɛefo titiriw? Ɛyɛ Satan. Hwɛ awerɛhosɛm ara a ɛyɛ bere a Onyankopɔn akoa bi ‘ma Ɔbonsam kwan’ ma enti ontumi nnya ofi a ahotɔ ne asomdwoe wom!​—Efesofo 4:26, 27.

4. Sɛ Kristofo awarefo wɔ aware mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohu na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

4 Sɛ Kristofo awarefo bu ntetewmu sɛ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wɔn aware mu no ano aduru biako pɛ a, ɛnde na wɔwɔ asiane a ɛbɛma Satan nnɛɛdɛe ahorow anya wɔn mu, na na biribi atõtõ yiye wɔ honhom fam. (2 Korintofo 2:11) Obiako anaa wɔn baanu nyinaa mfa Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow nni dwuma nkosi ase. (Mmebusɛm 3:1-6) Enti ɛsɛ sɛ wofi mpaebɔ mu bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn adwene a enhyia no ho dwuma ntɛm ara. Sɛ ɛte sɛ nea eyi ntumi mma nkabom mma a, wobetumi akohu asafo mu mpanyimfo no. (Mateo 18:15-17) Ɛwom sɛ wɔmmaa saa mmarima yi tumi sɛ wɔnka nea ɛsɛ sɛ wɔn mfɛfo gyidifo yɛ wɔ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wɔn aware mu no ho pɛpɛɛpɛ nkyerɛ wɔn de, nanso wobetumi atwe adwene asi nea Kyerɛwnsɛm no ka so.​—Galatifo 6:5.

5. Dɛn na ebetumi ama obi agyae aware ma wasan aware obi foforo a Kyerɛwnsɛm no ma ho kwan?

5 Sɛ aware no asɛe araa ma enti Kristofo awarefo no resusuw awaregyae ho a, mpanyimfo no betumi ada no adi sɛ, sɛ obi hokafo abɔ “aguaman” nkutoo a, na Kyerɛwnsɛm no ma awaregyae ho kwan. Awaresɛe ne ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne ne aniwude afoforo ka eyi ho. (Mateo 19:9; Romafo 7:2, 3; hwɛ The Watchtower March 15, 1983, kratafa 31.) Na sɛ obiako mmɔɔ “aguaman” nanso aware mu asomdwoe reyɛ asɛe nso ɛ? Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ mmara kwan so ntetewmu ho?

Paulo Afotu a Efi Honhom Mu

6. (a) Ntease bɛn na ɛwɔ Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:10, 11 no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo di aware mu nsɛnnennen ho dwuma?

6 Sɛ mpanyimfo no rebɔ mmɔden aboa Kristofo awarefo a wɔn aware reyɛ asɛe no a, wobetumi atwe adwene asi ɔsomafo Paulo nsɛm no so: “Na wɔn a wɔaware no de, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbea nnnyaa ne kunu, na sɛ ogyaa no a, ɔnnware; anyɛ saa a, ɔnsan ne ne kunu nkɔbom, na okunu nso nnnyaa ne yere.” (1 Korintofo 7:10, 11) Ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo tumi di wɔn haw ahorow ho dwuma na wogye tom sɛ, sɛ nnipa no yɛnyɛ pɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhaw bi yɛ nea ɛso araa ma daa mpaebɔ, Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma ne Onyankopɔn honhom aba a ɛne ɔdɔ a wɔda no adi no ntumi nni ho dwuma.​—Galatifo 5:22; 1 Korintofo 13:4-8.

7. (a) Sɛ Kristofo awarefo tetew wɔn aware mu a, dɛn ne wɔn gyinabea wɔ Kyerɛwnsɛm mu? (b) Kristofo awarefo baanu ntetewmu betumi aka ɔsom mu hokwan ahorow dɛn?

7 Na sɛ Kristofo awarefo tetew wɔn aware mu nso ɛ? ‘Wɔnware, anyɛ saa a, wɔnkɔbom.’ Gye sɛ awaregyae no gyina “aguamammɔ” so, anyɛ saa a Kyerɛwnsɛm no mma wɔn mu biara kwan sɛ ɔnware. Esiane asɛm yi ne “aguamammɔ” nti, ɛbɛyɛ papa sɛ ‘wɔbɛsan akɔbom’ ntɛm ara. (1 Korintofo 7:1, 2) Ɛnyɛ mpanyimfo no adwuma ne sɛ wɔde ahyɛde bɛma sɛ ɔbarima ne ɔbea no nsan nkabom, na mmom wɔrentumi mfata mma hokwan ahorow bi esiane ɔhaw ahorow a ɛwɔ wɔn aware mu no nti. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima bi “nhu ne fi so di a,” ɛda adi sɛ ɔrentumi ‘nhwɛ Onyankopɔn asafo so.’​—1 Timoteo 3:1-5, 12.

8. Ntease bɛn na ɛwɔ Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:12-16 no mu?

8 Sɛ awarefo no mu biako nyɛ gyidini mpo a, wosi aware a wɔbɛma akɔ so atra hɔ no so dua. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no. Na sɛ ɔbea nso wɔ okunu a onnye nni, na ɔpene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no. . . . Na nea onnye nni no tew mu kɔ a, ma ɔnkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuawa ko no so akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn. Na, ɔbea, so wunim sɛ ebia wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ, ɔbarima, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo yere nkwa?” (1 Korintofo 7:12-16) Sɛ nea onnye nni no paw sɛ ɔbɛkɔ a, Kristoni no bɛma wakɔ. Nanso esiane sɛ gyidini no wɔ anidaso sɛ wobetumi ama nea onnye nni no abɛyɛ Kristoni nti, ɔrenni kan nka sɛ wɔntetew aware no mu. Ɛda adi sɛ na Timoteo maame, Eunike ne ne kunu a ɔnyɛ gyidini no trae nanso ɔde honhom mu nkyerɛkyerɛ maa ne ba no.

Nnyinaso ma Ntetewmu

9, 10. (a) Esiane asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:8 no nti, dɛn ne ade biako a awarefo betumi agyina so atetew wɔn aware mu? (b) Sɛ wɔbɔ Kristoni sobo sɛ ɔpow sɛ ɔbɛhwɛ ne yere ne ne mma a, dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no yɛ?

9 Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:10-16 no hyɛ awarefo nkuran sɛ wɔntra mmom. Nanso, bere a ebinom abɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛma aware no akɔ so atra hɔ no, awiei koraa no, wofi ahonim nyinaa mu asi gyinae sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ sɛ wɔbɛtetew aware no mu. Dɛn na ebetumi ayɛ adeyɛ a ɛte saa no nnyinaso?

10 Bere a wɔhyɛ da sɛ wɔnhwɛ abusua no yɛ ntetewmu nnyinaso biako. Sɛ wɔware a, okunu no gye asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ ɔyere no ne mmofra biara a ebia wobenya no to ne ho so. Ɔbarima a ɔnhwɛ ne fifo no ‘apa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.’ (1 Timoteo 5:8) Enti sɛ ɔhyɛ da sɛ ɔnhwɛ abusua no a, wobetumi atetew aware no mu. Ɛwom, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no susuw sobo a ɛkyerɛ sɛ Kristoni bi repow sɛ ɔbɛhwɛ ne yere ne n’abusua no ho yiye. Sɛ obi sen ne kɔn sɛ ɔnhwɛ n’abusua no a, ebia a ɛbɛma wɔatu no afi asafo no mu.

11. Dɛn ne nnyinasosɛm foforo ma ntetewmu, nanso dɛn na ebetumi ama wɔagyina tebea no ano?

11 Ɔhwe a ɛtra so yɛ ntetewmu nnyinaso foforo. Fa no sɛ ɔhokafo bi a ɔnyɛ gyidini taa bow nsa, ne bo fuw na opira gyidini no honam fam. (Mmebusɛm 23:29-35) Ebia gyidini no nam mpaebɔ ne Yehowa honhom no aba a ɔda no adi no so betumi asiw abufuw a ɛte saa ano na ama watumi agyina tebea no ano. Nanso sɛ edu baabi a ɔhokafo a wɔhwe no no akwahosan ne nkwa da asiane mu ankasa a, wɔbɛma ntetewmu ho kwan wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo hwehwɛ ɔhwe ho sobo no mu bere a Kristofo baanu na wɔyɛ awarefo a ɔhaw wɔ wɔn aware no mu no, na ebia wotu nea odi fɔ no.​—Fa toto Galatifo 5:19-21; Tito 1:7 ho.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na gyidini honhom mu onyin betumi ama wɔatetew aware mu? (b) Sɛ honhom mu tebea a enye wɔ Kristofo bi fi a, nyansahyɛ bɛn na wɔde ma?

12 Honhom mu nkɔso ano a wosiw koraa no nso ma wonya nnyinaso ma ntetewmu. Ɛsɛ sɛ gyidini a ɔwɔ ofi a emu apaapae wɔ nyamesom fam mu no yɛ nea obetumi biara de nya Onyankopɔn honhom mu nsiesiei ahorow mu mfaso. Nanso sɛ ɔhokafo a onnye nni no ɔsɔretia (ebia oso no mu anaa ɔto no pon mu hyɛ dan mu) mma gyidini no ntumi mfa ne ho nhyɛ nokware som mu na ɛma ne honhom mu onyin ho ba asɛm ankasa a, wobetumi ama ntetewmu ho kwan. Nanso, sɛ awarefo baanu no nyinaa honhom mu tebea asɛe bere a wɔyɛ gyidifo no nso? Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de mmoa ma nanso ɛsɛ sɛ okunu a wɔabɔ no asu no de nsi bɔ mmɔden sɛ obesiesie tebea no. Nokwarem no, sɛ ɔwarefo bi a wɔabɔ no asu yɛ n’ade te sɛ ɔwaefo na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma ne hokafo no nsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di nsɛm ho dwuma sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ. Sɛ wotu obi wɔ asɛm a ɛfa honhom mu onyin a wosiw ano koraa, bere a wɔhyɛ da sɛ wɔnhwɛ abusua no ne ɔhwe a ɛtra so ho mu a, Kristoni nokwafo a ɔhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu no remmu Paulo afotu a ɛfa gyidini a wɔde no kɔ asennibea ho no so.​—1 Korintofo 6:1-8. .

13. Wɔ tebea horow bɛn mu na ebia aware mu ntetewmu ho behia?

13 Sɛ tebea no ano yɛ den dodo a, ɛnde ebia ntetewmu ho behia. Nanso ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nsɛm a enni nnyinaso di dwuma de tetew aware mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo biara a wɔatetew wɔn aware mu no ankasa gye wɔn adeyɛ no ho asodi to wɔn ho so na wohu sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ Yehowa.​—Hebrifo 4:13.

So Ɛyɛ Adeyɛ a Nyansa Wom?

14. (a) Ɔhaw bɛn na ebia ntetewmu betumi de aba? (b) Ebia ntetewmu bɛka mmofra wɔ ɔkwan bɛn so?

14 Ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ susuw ɔhaw ahorow a ebia ntetewmu bɛma aba no ho. Sɛ nhwɛso no, abusua a ɔwofo no nni ɔhokafo ntaa mfa nea mmusua a awofo no yɛ baanu wom de ma wɔ ɔkwan ɛkari pɛ so ne nteɛso mu no mma. Ntetewmu betumi anya mmofra so tumi te sɛ awaregyae ara pɛ te sɛ nea India Today bɔɔ ho amanneɛ yi: “Sheena a ɛte sɛ nea wiase mũ no nyinaa bɛkɔ n’aniwa akɛseakɛse no mu no adi mfe asia. N’awofo gyaee aware mfe abien a atwam ni bere a wɔatwe manso denneennen wɔ asennibea akyi. Wɔ eyi akyi bere tiaa bi no, ne papa waree ɔbea foforo. Ntehyewa yɛɛ no afe biako na na ɔtaa num ne kokurobeti. Ɔne ne maame te South Delhi. Nea ne maame ka ni: ‘M’awerɛhowdi no asan Sheena. . . . N’ani gyina ne papa. . . . Ne ho akokwaw yiye sen mmofra pii a wɔne no yɛ tipɛn no. Nanso ɔtaa su pii te sɛ nea ebia ɔpɛ sɛ oyi biribi fi ne mu. Ná sukuu yɛ ɔhaw ma no. Mmofra betumi ayɛ atirimɔdenfo kɛse. Mpɛn pii, ɔde n’ani bu nneɛma bi a ɛnte saa ankasa: ɔka sɛ yɛn nyinaa abom afi adi ne ne nnamfo kɔyɛ biribi.’”

15. Nkɛntɛnso bɛn na ebia ntetewmu benya wɔ okunu anaa ɔyere Kristoni no so?

15 Ntetewmu ntaa nni mmoa okunu ne ɔyere Kristoni kɛse. Ɛnkyɛ biara wohu sɛ biribi atɔ sin yiye bere a wɔn ɔhokafo no anaa mmofra no nni wɔn nkyɛn no. Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne nhyɛso ahorow a ntetewmu de ba no. So wobetumi adi sikasɛm anaa nneɛma afoforo ho dwuma? Na sɛ ntetewmu ho haw no ma obi bu ɔbra bɔne nso ɛ? Yesu kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Ɛtɔ bere bi a, nea ntetewmu de ba no ma ɛda adi sɛ nyansa nnim koraa, ne titiriw bere a awarefo baanu no nyinaa yɛ Kristofo no.

Mommɔ Mmɔden sɛ Mubedi Ɔhaw no ho Dwuma

16. Ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo a wohu sɛ wɔn aware mu asomdwoe reyɛ asɛe no yɛ dɛn?

16 Ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo a wohu sɛ wɔn aware mu asomdwoe reyɛ asɛe no ka wɔn adwene a enhyia wɔ nneɛma ho no ho asɛm sɛnea ɛfata wɔn a wɔsom Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wɔte ase sɛ wɔnyɛ pɛ. (Filipifo 2:1-4) Nanso dɛn bio na wobetumi ayɛ?

17. Ɔkwan bɛn so na nyansa a wɔbɛda no adi wɔ honam fam nneɛma ho bɛboa ma wɔanya aware mu asomdwoe?

17 Nyansa a wɔbɛda no adi wɔ honam fam nneɛma ho no betumi aboa ma asomdwoe aba aware mu. Ma yɛnyɛ nhwɛso: Bere a ɔbarima bi asusuw adwene a ɛnteɛ a ne yere da no adi ho akyi no, ebia obesi gyinae sɛ nyansa wom sɛ n’abusua no betu akɔtra baabi foforo. Mfaso betumi aba eyi so wɔ sika fam de, nanso ebetumi ama abusua no atumi ama Ahenni nneɛma anya nkɔanim nso denam faako a wohia mmoa kɛse a wɔbɛsom wɔ hɔ no so. (Mateo 6:33) Ebia ne yere Kristoni no rempene efisɛ obegyaw n’awofo anaa beae a ɛhɔ tra akokwaw no no hɔ. Nanso ɔbɛda ne ho adi sɛ onyansafo sɛ ɔne ne kunu a ɔne abusua no ti a n’asɛyɛde ne sɛ ɔkyerɛ faako a abusua no bɛtra no bɛyɛ biako akosi ase a. Afei nso, n’ahobrɛase ne ɔdɔ mu a obefi ne no ayɛ biako no bɛboa ma asomdwoe aba fie hɔ.​—Efesofo 5:21-24.

18. Hokwan ahorow bɛn na Kristofo awarefo wɔ a ɛbɛma wɔabom ayɛ ade?

18 Sɛ awarefo bom yɛ ade a, wɔbɛkɔ so anya asomdwoe wɔ abusua no mu bere a ɔhaw ahorow no yɛ nea anibere nnim kɛse. Sɛ nhwɛso no, Kristofo awarefo wɔ hokwan ahorow a eye a ɛbɛma wɔabom ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ wɔyɛ eyi daa na wɔde wɔn mma ka wɔn ho a, abusua mũ no nyinaa benya mu mfaso. Wobetumi anya hokwan ahorow nso a ɛbɛhyɛ aware no mu den denam dwumadi afoforo a eye a wɔde wɔn ho bɛhyem no so, ne titiriw nea wɔn mu biako ani gye ho.

19. Tiyɛ bɛn na ɛbɛma abusua mu asomdwoe anya nkɔso?

19 Tiyɛ a wɔde di dwuma yiye no bɛhyɛ aware no mu den. Ɛwom, okunu Kristoni a ne ho akokwaw no renyɛ kankabi. Mmom no, ‘ɔbɛkɔ so adɔ ne yere na ne bo remfuw no denneennen.’ Yehowa hwɛ kwan sɛ ɔde ne tiyɛ no bedi dwuma wɔ ɔdɔ kwan so. (Kolosefo 3:18, 19) Tiyɛ a ɛte saa no nso bɛma abusua mu asomdwoe anya nkɔso.

Wɔ Afie a Emu Apaapae Mu

20, 21. Ɔkwan bɛn so na ntease a wɔde bedi dwuma ho betumi aba mfaso bere a ofi a nyamesom apaapae mu no mu asomdwoe reyɛ asɛe no?

20 Ntease a wɔda no adi boa ma Kristofo awarefo di wɔn ntam ɔhaw ho dwuma. (Filipifo 4:5) Nanso sɛ ofi a nyamesom apaapae mu mu asomdwoe reyɛ asɛe a, ntease a wɔde bedi dwuma nso hia. Sɛ okunu a ɔnyɛ gyidini bɔ mmɔden sɛ obesiw ne yere Kristoni kwan sɛ ɔremma ɔnsom Yehowa a, obetumi abɔ mmɔden sɛ ɔne no besusuw nneɛma ho na ɔde anifere da no adi kyerɛ no sɛ ɔma no ɔsom mu ahofadi na ntease wom sɛ ɔno nso bɛyɛ saa ama no. (Mateo 7:12) Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu a ɔnyɛ gyidini no wɔ ɔkwan a anohyeto wom so de, nanso ɛsɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ nneɛma a wɔn adwene nhyia wɔ ho no mu. (1 Korintofo 11:3; Asomafo no Nnwuma 5:29) Nokwarem no, Kristofo nhyiam a ɔkɔ no mprensa dapɛn biara no nyɛ nea ɛdɔɔso dodo. Nanso ɔyere gyidini no betumi ahu sɛ nyansa wom sɛ ɔbɛtra fie anwummere bere a ɔnkɔ nhyiam no na ɔyɛ n’asɛnka adwuma no mu fã kɛse ho nhyehyɛe bere a okunu no kɔ adwuma na mmofra no kɔ sukuu no. Ɛdenam ntease a ɔde bedi dwuma ne nhyehyɛe pa so no, ɛho renhia sɛ ‘ɔbrɛ papayɛ mu.’​—Galatifo 6:9.

21 Ɛsɛ sɛ wɔde ntease di dwuma wɔ nneɛma afoforo nso mu. Sɛ nhwɛso no, obi wɔ ho kwan sɛ ɔpaw ɔsom bi. Nanso ɛbɛyɛ nea ntease ne nyansa nnim sɛ ɔyere Kristoni de ne Bible ne Bible sua mmoa ahorow begu baabi a ne kunu a ɔsɔre tia no denneennen no rempene so. Sɛ ɔde nhoma a ɛte saa no gu n’ankasa nneɛma mu na osua wɔ kokoam a, ebia obetumi akwati ntawntawdi Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ ogyae nsɛm mu siesie wɔ trenee nnyinasosɛm ahorow ho.​—Mateo 10:16.

22. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma mmofra no na ɛsɛe ofi asomdwoe a?

22 Sɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma mmofra no na ɛsɛe fie hɔ asomdwoe a, ɔyere gyidini no betumi de anifere ayɛ nhyehyɛe ma mmofra no aka ne ho akɔ nhyiam ne asɛnka. Nanso sɛ okunu ne agya a ɔnyɛ gyidini no amma eyi ho kwan a, obetumi de Bible mu nnyinasosɛm akyerɛkyerɛ mmofra no sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wonyin na wofi fie a, ɛbɛda adi sɛ wobedi nokware som akyi. Sɛ abusua no ti no, sɛ okunu no yɛ gyidini a, ɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ ɔtete ne mma sɛ Kristofo. Enti ɛsɛ sɛ ɔne wɔn sua Bible no, ɔde wɔn kɔ nhyiam na ɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ asɛnka mu. (Efesofo 6:4) Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ ɔda ayamye, ɔdɔ, ne ntease adi bere a ɔne ne yere a ɔnyɛ gyidini redi no.

Munkura Asomdwoe Mu sɛ Abusua a Biakoyɛ Wom

23. Sɛ abusua mu asomdwoe reyɛ asɛe a, dɛn na ebetumi aboa?

23 Esiane sɛ awarefo yɛ “ɔhonam koro” nti, ɛsɛ sɛ wɔtra ase bom wɔ asomdwoe mu sɛnea Onyankopɔn nhyehyɛe ma awarefo kyerɛ, ne titiriw sɛ awarefo baanu no nyinaa yɛ Kristofo a. (Mateo 19:5; 1 Korintofo 7:3-5) Nanso wɔ mo fam no, sɛ mo aware mu asomdwoe reyɛ asɛe a, momfa mpaebɔ nhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛntitiriw a yɛadi kan aka ho asɛm no mu. Ebia ɛbɛboa nso sɛ mubesusuw mo nantew a na edi aware anim no ho. Monhwɛ sɛnea na mo baanu nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ nea ɛteɛ na moato nhyɛase ama aware a anigye wom! So mobɛbɔ mmɔden a ɛte saa ara na ama mo aware no akɔ so atra hɔ?

24. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ aware ho?

24 Kristofo awarefo wɔ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn hɔ​—wɔn aware! Sɛ mutumi di mo aware mu ntanka so na mukura mo mudi mu ma Yehowa a, trenee wiase foforo bi a ntetewmu ne awaregyae a ebubu koma renhaw adesamma bio da mo anim. Enti momfa aseda mma wɔ aware ho sɛ sɛnkyerɛnne kwan so “hama a ɛbɔ ho abiɛsa” a Yehowa yɛ ne fã titiriw. (Ɔsɛnkafo 4:12) Na ɛmmra sɛ mo abusua no mufo a moayɛ biako nyinaa no benya abusua mu anigye mu nhyira wɔ ofi a ahotɔ ne asomdwoe wom mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Wobɛka Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:10-16 ho asɛm tiawa dɛn?

◻ Nneɛma bɛn na awarefo betumi agyina so atetew wɔn aware mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi adi ɔhaw ahorow ho dwuma bere a aware mu asomdwoe reyɛ asɛe no?

◻ Wɔ afie a nyamesom apaapae mu mu no, ɔkwan bɛn so na ntease a wɔde di dwuma betumi aboa ma wɔanya asomdwoe

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo a wɔn aware mu asomdwoe reyɛ asɛe no susuw wɔn haw ahorow ho sɛnea ɛfata wɔn a wɔsom Yehowa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena