-
Ebesi wo Dɛn wɔ Atemmu Agua no Anim?Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
-
-
12 Enti, na hu a Daniel hui sɛ Onyankopɔn ‘traa ahengua so’ no kyerɛ ba a Ɔreba abebu atɛn. Ná Dawid adi kan ato dwom sɛ: “[Yehowa,] woabu atɛn ama me adi m’asɛm, woatra atemmu agua so sɛ ɔtemmufo trenee.” (Dwom 9:4, 7) Yoel nso kyerɛwee sɛ: “Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bon no mu; na ɛhɔ na [me, Yehowa] mɛtra ase mabu amanaman a wofi afa nyinaa atɛn.” (Yoel 3:12; fa toto Yesaia 16:5 ho.) Yesu ne Paulo nyinaa kɔɔ asenni bagua anim maa onipa bi traa ase dii wɔn asɛm buu wɔn atɛn.b—Yohane 19:12-16; Asomafo no Nnwuma 23:3; 25:6.
-
-
Ebesi wo Dɛn wɔ Atemmu Agua no Anim?Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
-
-
b Ɛdefa Kristofo a wɔde wɔn ho kɔ asennibea ho no, Paulo bisae sɛ: “Wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo [nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “mode wɔn tra agua so”]?”—1 Korintofo 6:4.
-