Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 7. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa ahyehyɛ

      Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Onyankopɔn Ahenni no nso wɔ mmara a ɛsɛ sɛ ne manfo no di so. Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obiara de Onyankopɔn mmara reyɛ adwuma a, wohwɛ a, anka sɛn na wiase bɛyɛ?a

      • Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a Ahenni no bedi wɔn so no de ne mmara bɛyɛ adwuma. Wohwɛ a, ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

      • Wɔn a wɔmfa Onyankopɔn Ahenni no mmara nyɛ adwuma no, dɛn na ɛma yehu sɛ wobetumi asesa?—Hwɛ nkyekyɛm 11.

      Polisini bi agyina kar bi ama nkurɔfo bi retwam.

      Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa aban ahyehyɛ

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 41. Ɔbarima bi aso ɔbea bi nsam.

      ADESUA 41

      Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho?

      Nnipa pii wɔ hɔ a, ɛyɛ a wɔfɛre sɛ wɔbɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm. Bible de, sɛ ɛreka nna ho asɛm a, ɛmfa biribiara nsie, nanso wuhu sɛ nidi wom. Sɛ yetie nea Bible ka fa nna ho no a, ɛbɛboa yɛn, efisɛ Yehowa na ɔkyerɛw Bible no, na ɔno ara nso na ɔbɔɔ yɛn, enti onim nea eye ma yɛn. Wakyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra na yɛatumi asɔ n’ani. Afei nso, wama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi atena ase daa.

      1. Dɛn na Yehowa ka fa ɔbarima ne ɔbea nna ho?

      Nna yɛ akyɛde a Yehowa de ama ɔbarima ne ɔbea a wɔaware. Ɔde saa akyɛde yi ama wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye. Ɛsan boa ma wotumi wo mma. Ɛno da nkyɛn a, ɛyɛ ɔkwan baako a awarefo fa so de kyerɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho. Ɛno nti, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wo ne ɔbea a wowaree no wo mmeranteberem no ani nnye.” (Mmebusɛm 5:18, 19) Yehowa hwɛ kwan sɛ, Kristofo a wɔaware bedi wɔn kununom anaa wɔn yerenom nokware; ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe aware.—Kenkan Hebrifo 13:4.

      2. Dɛn ne aguamammɔ?

      Bible ma yehu sɛ, “aguamammɔfo . . . rennya Onyankopɔn Ahenni.” (1 Korintofo 6:9, 10) Wɔn a wɔkyerɛw Bible no wɔ Greek kasa mu no, wɔde asɛmfua por·neiʹa na ɛkyerɛkyerɛɛ aguamammɔ mu. Asɛmfua por·neiʹa no kyerɛ sɛn? Nea ɛkyerɛ no bi ne, (1) ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree a wonya nna mu nkitahodia, (2) ɔbarima ne ɔbarima a wɔne wɔn ho da anaa ɔbea ne ɔbea a wɔne wɔn ho da, ne (3) nnipa a wɔne mmoa da. Sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho’ a, ɛbɛma yɛasɔ Yehowa ani, na ɛbɛboa yɛn ankasa.—1 Tesalonikafo 4:3.

      SUA PII KA HO

      Wobɛyɛ dɛn atwe wo ho afi aguamammɔ ho? Sɛ woma w’abrabɔ ho tew a, mfaso bɛn na wubenya? Ɔfã yi bɛboa wo ama woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

      Yosef reguan Potifar yere no. Potifar yere no nso kura n’ataade mu.

      3. Guan fi aguamammɔ ho

      Bere bi, na ɔbea bi pɛ sɛ ɔne ɔbarima nokwafo bi a wɔfrɛ no Yosef da. Nanso, Yosef guanee. Monkenkan Genesis 39:1-12. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na Yosef guanee?—Hwɛ nkyekyɛm 9.

      • Wohwɛ a, Yosef sii gyinae pa? Adɛn nti na woreka saa?

      Ɛnnɛ, ɔkwan bɛn so na mmerante ne mmabaa betumi asuasua Yosef na wɔaguan afi aguamammɔ ho? Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Guan Ɔbrasɛe (5:06)

      Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa twe yɛn ho fi aguamammɔ ho. Monkenkan 1 Korintofo 6:18. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama obi abɔ aguaman?

      • Wobɛyɛ dɛn aguan afi aguamammɔ ho?

      4. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, wubetumi agyina ano

      Dɛn na ebetumi ama ayɛ den ama obi sɛ obeguan afi aguamammɔ ho? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Bible Akenkan Betumi Aboa Wo Ama Woako Atia Sɔhwɛ (3:02)

      • Bere a onua no hui sɛ nneɛma a odwen ho ne sɛnea ɔyɛ n’ade no betumi ama wasɛe aware no, dɛn na ɔyɛe?

      Obi a ɔyɛ Kristoni mapa mpo, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ obedwinnwen nneɛma pa ho. Enti sɛ aguamansɛm ba w’adwene mu a, dɛn na ɛbɛboa wo na woankɔ so annwinnwen ho? Monkenkan Filipifo 4:8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho?

      • Sɛ wokenkan Bible, na wode w’adwene nyinaa si Yehowa som so a, sɛn na ɛbɛboa wo na woanyɛ bɔne?

      5. Sɛ yɛde Yehowa mmara nsɛm bɔ yɛn bra a, yenya so mfaso

      Yehowa nim nea eye ma yɛn. Ɔma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn abrabɔ ho atew, ne mfaso a yebenya afi abrabɔ pa so. Monkenkan Mmebusɛm 7:7-27 anaa monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Aberante Bi a Onnim Nyansa (9:31)

      • Anammɔn bɛn na aberante no tui a ɛde no kɔɔ sɔhwɛ mu?—Hwɛ Mmebusɛm 7:8, 9.

      • Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 7:23, 26 no ma yehu sɛ, sɛ obi bɔ aguaman a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii abrɛ no. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho a, ɔhaw ahorow bɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ho?

      • Sɛ yɛma yɛn abrabɔ ho tew a, ɛbɛma yɛn ani agye, na yɛatena ase daa. Ɔkwan bɛn so?

      Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, nea Bible ka fa ɔbarima ne ɔbarima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no yɛ kyenkyen dodo. Nanso ɛnyɛ saa na asɛm no te. Nea ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ obiara ani gye na ɔtena ase daa. Nanso sɛ yebetumi atena ase daa a, gye sɛ yɛde ne mmara nsɛm bɔ yɛn bra. Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ ɔbarima bi nya akɔnnɔ sɛ ɔne ɔbarima foforo bɛda, anaa ɔbea bi nya akɔnnɔ sɛ ɔne ɔbea foforo bɛda a, Onyankopɔn kyi. Nanso ɛno nko ara na ɔkasa tia anaa?

      Sɛ yebetumi ayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn abrabɔ mu. Sɛ obi mia n’ani yɛ nsakrae a, mfaso bɛn na obenya? Monkenkan Dwom 19:8, 11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra no, wohwɛ a, ɛyɛ den dodo? Adɛn nti na woreka saa?

      Mfoni Ahorow: 1. Ababaa bi a n’anim ayɛ bosaa te ne mpena nkyɛn. Ɔne ne nnamfo renom nsã ne sigaret wɔ nightclub. 2. Ababaa koro no ara aba Ahenni Asa so, n’ani agye, na ɔne anuanom mmea bi rebɔ nkɔmmɔ.

      Yehowa aboa nnipa pii ama wɔde ne mmara reyɛ adwuma. Obetumi aboa wo nso

      EBINOM KA SƐ: “Sɛ nnipa mmienu bi da a, ɛnyɛ hwee. Nea ehia ara ne sɛ wɔdɔ wɔn ho.”

      • Obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

      NEA YƐASUA

      Nna yɛ akyɛde a Yehowa de ama ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ awarefo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye.

      Ntimu

      • Nneɛma bɛn na obi yɛ a, ɛyɛ aguamammɔ?

      • Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatwe yɛn ho afi aguamammɔ ho?

      • Sɛ yɛde Yehowa mmara bɔ yɛn bra a, mfaso bɛn na yebenya?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea bi ware ansa na wɔatena abom? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a.

      “Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?” (Ɛwɔ jw.org)

      Ɛwom, Bible no kasa tia mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da anaa mmea ne mmea a wɔne wɔn ho da. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtan wɔn a wɔyɛ saa no. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a yɛreka saa.

      “Sɛ Ɔbarima Ne Ɔbarima Bi Da Anaa Ɔbea Ne Ɔbea Bi Da a, Ɛyɛ Bɔne Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

      Sɛ yɛde Onyankopɔn mmara a ɛfa nna ho no bɔ yɛn bra a, sɛn na ɛbɔ yɛn ho ban?

      “Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

      Kenkan asɛm a yɛato din “Wɔde Nidi Maa Me” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea ɛboaa ɔbarima bi a na ɔne mmarima da ma ɔsesaa n’abrabɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔ Yehowa ani.

      “Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban)

      a Nna mu nkitahodi no bi ne sɛ ɔbarima ne ɔbea bi bɛda, obi bɛtaforo obi barima ho anaa ɔbea bi anan mu, obi bɛfa obi wɔ ne to, obi bɛgoro obi barima ho anaa ɔde ne nsa bɛhyehyɛ ɔbea bi ase a adwene no ne sɛ ɔde bɛkanyan nna ho akɔnnɔ.

  • Sɛ Woyɛ Bɔne Kɛse Bi a, Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Ɛwom, wodɔ Yehowa paa, na worebɔ mmɔden biara sɛ worenyɛ biribi a ɛbɛhaw no. Nanso ɛtɔ da a, wubedi mfomso anaa wobɛyɛ bɔne. Bɔne wɔ hɔ yi, ebi mu yɛ duru sen bi. (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ woyɛ bɔne bi a emu yɛ duru anaa bɔne kɛse a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo no atew kɔ anaa ɔnnɔ wo bio, mmom wayɛ krado sɛ ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo, na waboa wo.

      1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn?

      Sɛ obi a ɔdɔ Yehowa hu sɛ wayɛ bɔne kɛse bi a, ɛyɛ a ɛma ne werɛ how paa. Nanso Yehowa aka asɛm bi a ebetumi akyekye ne werɛ. Ose: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.” (Yesaia 1:18) Wei kyerɛ sɛ, sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho a, Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn korakora. Sɛ yɛka sɛ obi anu ne ho a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ obedi bɔne a wayɛ atia Yehowa no ho yaw, na ɔnsan nkɔyɛ saa bɔne no bio. Afei ɛsɛ sɛ ɔpa Yehowa kyɛw sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ɛno da nkyɛn a, adwemmɔne a onyae a ɛma ɔkɔyɛɛ bɔne anaa subammɔne a ɛkɔfaa bɔne no bae no, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho sesa fi ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde Yehowa mmara a ɛho tew no bɛbɔ ne bra.—Kenkan Yesaia 55:6, 7.

      2. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, ɔkwan bɛn so na Yehowa fa mpanyimfo no so boa yɛn?

      Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.’ (Kenkan Yakobo 5:14, 15.) Asafo mu mpanyimfo no dɔ Yehowa, na wɔdɔ Yehowa asomfo nso. Wobetumi aboa yɛn ama yɛasiesie yɛne Yehowa ntam.—Galatifo 6:1.

      Sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi a, dɛn na mpanyimfo no yɛ de boa no? Mpanyimfo mmienu anaa mmiɛnsa befi Kyerɛwnsɛm no mu aboa no anaa wateɛ ne so. Afei wobetu no fo, na wɔbɛkyerɛ no nneɛma bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkɔyɛ bɔne bio. Nanso sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho a, mpanyimfo no beyi no afi asafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ asafo no ho ban.

      SUA PII KA HO

      Ɔfã yi bɛma woahu sɛnea Yehowa boa yɛn bere a yɛayɛ bɔne kɛse bi. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea yɛbɛkyerɛ mmoa a ɔde ma yɛn no ho anisɔ kɛse.

      3. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi na yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa ne mpanyimfo no a, ɛbɛboa ama yɛne Yehowa ntam asan ayɛ kama

      Bɔne biara a yɛyɛ no, ɛyɛ a ɛhaw Yehowa, enti ɛyɛ papa sɛ yɛka yɛn bɔne no kyerɛ no. Monkenkan Dwom 32:1-5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yɛyɛ bɔne na yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa na yɛamfa ansie a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

      Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa wie, na yɛsan ka kyerɛ mpanyimfo no a, ɛbɛma yɛn ho adwo yɛn. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: “Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So” (3:01)

      • Dɛn na mpanyimfo no yɛ de boaa Canon ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn?

      Sɛ yɛreka yɛn bɔne akyerɛ mpanyimfo no a, ɛnsɛ sɛ yɛde biribiara sie, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn. Monkenkan Yakobo 5:16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yɛreka yɛn bɔne akyerɛ mpanyimfo no, na yɛamfa biribiara ansie a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛboa yɛn. Adɛn ntia?

      Mfoni Ahorow: 1. Onua bi werɛ ahow, na ɔde ne nsa aso ne ti. 2. Onua no rebɔ Yehowa mpae. 3. Onua no ne asafo mu panyin bi rekasa wɔ fon so. 4. Mpanyimfo mmiɛnsa bi ne no ahyia. 5. Onua no ani agye efisɛ ne tiboa mmu no fɔ bio.

      Sɛ woyɛ bɔne kɛse bi a, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa, na ka nea asi nyinaa kyerɛ mpanyimfo no. Afei mmoa biara a wɔde bɛma wo no, gye tom

      4. Yehowa hu abɔnefo mmɔbɔ

      Sɛ obi yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho amfa Yehowa mmara ammɔ ne bra a, wɔbeyi no afi asafo no mu. Ɛba saa a, yɛrentumi ne no mmɔ fekuw. Monkenkan 1 Korintofo 5:6, 11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wode mmɔkaw kakraa bi fra mmɔre a, mmɔre no nyinaa kaw. Sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu nso yɛ bɔne kɛse bi na wannu ne ho, na yɛne no bɔ a, ɔhaw bɛn na ebetumi de aba asafo no mu?

      Sɛnea Yehowa da mmɔborɔhunu adi kyerɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho no, asafo mu mpanyimfo suasua. Enti wɔkɔhwehwɛ wɔn a wɔayi wɔn afi asafo no mu no, na wɔboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam san yɛ papa. Wɔn a wɔayi wɔn afi asafo no mu no, wɔn mu pii asan aba bio. Ɛwom, nteɛso a wɔde maa wɔn no yɛ yaw, nanso aboa wɔn ama wɔn ani aba wɔn ho so.—Dwom 141:5.

      Sɛn na Yehowa ne abɔnefo di a ɛma yehu sɛ ɔte asɛm ase, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔwɔ ɔdɔ nso?

      5. Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, Yehowa de kyɛ yɛn

      Yesu maa mfatoho bi a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea Yehowa te nka bere a obi ayɛ bɔne na wanu ne ho. Monkenkan Luka 15:1-7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na saa asɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho?

      Monkenkan Hesekiel 33:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi yɛ bɔne bi na ɔka sɛ wanu ne ho a, dɛn paa na ɛbɛkyerɛ?

      Oguanhwɛfo bi rekyekyere ne guan kuru.

      Yehowa yɛ oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho paa

      EBINOM KA SƐ: “Misuro sɛ, sɛ meka me bɔne kyerɛ mpanyimfo no a, wɔbeyi me afi asafo no mu.”

      • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wubetumi aka akyerɛ no?

      NEA YƐASUA

      Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse anaa bɔne bi a emu yɛ duru, na yefi yɛn komam nu yɛn ho na yesi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ bio a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn.

      Ntimu

      • Sɛ yɛyɛ bɔne a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa?

      • Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

      • Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Yesaia 1:18 ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea papa bi nyaa Yehowa mmɔborɔhunu no so mfaso.

      Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo (5:02)

      Ɔkwan bɛn na mpanyimfo no fa so boa obi a wayɛ bɔne kɛse?

      “Sɛnea Mpanyimfo Da Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu Adi Kyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne” (Ɔwɛn-Aban, August 2024)

      Wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔannu wɔn ho no, hwɛ sɛnea yɛda ɔdɔ ne mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn.

      “Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔayi Wɔn Afi Asafo No Mu No” (Ɔwɛn-Aban, August 2024)

      Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Ɛsɛ sɛ Mesan ba Yehowa Nkyɛn” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu sɛnea Yehowa boaa ɔbarima bi a ofii asafo no mu ma ɔsan baa ne nkyɛn.

      “Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2012)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena