Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 7/8 kr. 19-22
  • Mmarima A Wɔne Wɔn Ho Da Asetra Kwan No—Ɛyɛ Anigye Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmarima A Wɔne Wɔn Ho Da Asetra Kwan No—Ɛyɛ Anigye Dɛn?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmarima a Wɔne Wɔn Ho Da Asetra Kwan Ho Dawurubɔ a Ɛrenya Nkɔanim
  • Mmarima a Wɔne Wɔn Ho Da “Dɔ”
  • Nea Afi Ɔbarima Ne Ɔbarima Nna Mu Aba
  • Asetra Kwan a Yehowa Mpene So
  • Asetra Kwan a Ɛyɛ Anigye a Enni Awiei
  • Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna—Ɛyɛ Bɔne Saa?
    Nyan!—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Afei De Wɔma Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Kwan?
    Nyan!—2012
  • Dɛn na Bible Ka Fa Ɔbarima ne Ɔbarima Anaa Ɔbaa ne Ɔbaa Nna Ho?
    Nyan!—2016
  • Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro a Wɔne Wɔn Ho Wɔn Ho Da—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ?
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 7/8 kr. 19-22

Mmarima A Wɔne Wɔn Ho Da Asetra Kwan No​—Ɛyɛ Anigye Dɛn?

Abɛyɛ baguam ade a wɔka ho asɛm kɛse. Ɛno ne nea ɛrekɔ so mprempren wɔ ɔbarima ne ɔbarima nna ho. Nhoma, agoru, sini, television so dwumadi ahorow ne nsɛm amanneɛbɔ bɔ ho dawuru sɛ asetra kwan a eye a wobetumi apaw mpɛn pii. Nanso eye wɔ ɔkwan bɛn so? Ɛfa dɛn ho? So ɛfata din a wɔde ama no sɛ “anigye” no? Na wɔn a wɔkasa tia no nso ɛ? So wɔn adwene mu nnɔ? So Onyankopɔn nso bu no sɛ eye? Dɛn na n’Asɛm a ɛne Bible no ka wɔ hɔ? Eyinom yɛ nsemmisa a ɛho hia esiane dawuru a wɔbɔ na ama nkurɔfo agye atom nti no.

WƆ UNITED STATES no, nhoma ne agoru ahorow a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da asetra ho yɛ nea wɔsan hwehwɛ mu wɔ nsɛm amanneɛbɔ mu. Nhoma bi a ɛfa mmea asɔfo a wɔne wɔn ho da ho dodow a wɔtɔn no du mpem ɔha na wɔsan hwehwɛ mu wɔ TV so dwumadi bi a agye din a wɔyɛ no awia no mu. New York City Asoɛe a ɛhwɛ nhomasua ho nsɛm so pene ntoaso sukuu a wɔbɛtew ama mmarima a wɔne wɔn ho da no so. Riverside Asɔre (a emufo yɛ 3,000) a ɛwɔ Manhattan, New York mpɔtam hɔ no tow aba de “pene nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wobegye mmarima a wɔne wɔn ho da ntam abusuabɔ atom sɛ ɛyɛ Kristofo abusua asetra no ho nnyinasosɛm no fã no so.”

Daily Mail a wotintim wɔ London no bɔɔ amanneɛ sɛ, “Britania rebɛyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da Olympics agumadi akansi a edi kan.” Britania sini a wɔakyekyem abiɛsa ka sɛ “na anka Yesu betumi ayɛ ɔbaninguaman.” Wɔ Toronto, Canada no, “wofii mmarima a wɔne wɔn ho da afahyɛ bi ase a na nnipa 2,000 retu aperenten wɔ kurow no kesee fam” na “wɔyɛɛ asɔre nso kaa ho.”

Mmarima a wɔne wɔn ho da aperententu, wɔn asɔre ahorow, wɔn nhomatɔnbea, wɔn nsatɔnbea, wɔn aguare ahorow, wɔn a wɔyɛ amansɛmdifo ne wɔn mmara hokwan ahorow a wɔwɔ​—saa asetra kwan a wɔn ankasa de asi hɔ yi renya nkɔso wɔ adesamma abusua no mu.

Mmarima a Wɔne Wɔn Ho Da Asetra Kwan Ho Dawurubɔ a Ɛrenya Nkɔanim

Wɔn a wɔsɔre tia wɔn ne wɔn a wɔka wɔn anim. Wɔ New York City no, wɔpaw ɔbaninguaman bi a ogye tom wɔ baguam no kaa asennibea a edi nsɛmmɔnedifo asɛm atemmufo ho. Bere a wɔpaw no no, “ɔkamfoo ne ho wɔ ‘n’akokoduru’ a ama wabɛyɛ sɛnea ɔte no ho,” na afei “ɔfew ne dɔfo a ɔyɛ ɔbarima no ano na wɔbɔ gyee no so kɛse.” Nkurɔfo bi sɔre tiaa nanso kurow no mu atesɛm krataa a dodow a wotintim dɔɔso sen biara a ɛne Daily News no kae sɛ obiara a ɔsɔre tiaa paw a wɔapaw ɔbaninguaman no sɛ ɔtemmufo no “yɛ katee.”

Wɔ ɛso dwumadi a na wɔyɛ no anadwo wɔ November 1985 mu no, TV dwumadibea abien bi a ɛwɔ New York City, WNBC ne WABC yɛɛ dwumadi titiriw bi a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da ho​—sɛnea sɛnkyerɛwfo biako kyerɛe no, sɛ wode wo ho bɛbɔ mmarima a wɔne wɔn ho da kuw no ho. Na WNBC dwumadi ahorow a wɔato din sɛ “Sɛ Wo Ba Yɛ Ɔbaninguaman A,” no fa sɛnea awofo yɛ wɔn ade wɔ mmofra a wɔyɛ mmaninguaman no ho titiriw. Adwenemyare ho abenfo a wɔwɔ dwumadi no mu no kyerɛe sɛ saa ɔbarima ne ɔbarima nna yi yɛ awosu mu ade a ase atim kɛse wɔ mmofra a wɔte sɛɛ no mu na ɛnsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra no. Wɔn mu biako kae sɛ, ‘Eye sɛ wobɛma wo ba anya anigye na wayɛ ɔbaninguaman sen sɛ ɔbɛyɛ obi a onni anigye a ɔpɛ ɔbarima ne ɔbea nna.’

Seventeen nsɛmma nhoma a wotintimii wɔ March 1985 mu no hyɛɛ nyansa sɛ, sɛ yɛ a obi yɛ ɔbaninguaman no haw wo a, ebia ɛho behia sɛ wukogye afotu “wɔ mmarima a wɔne wɔn ho da anigyebea a ɛwɔ kurow no mu no mu.” Ɛde asɛm a “Ɔsɔfo” Robert H. Lles kae no na ewiee asɛm no: “Awiei koraa no, sɛ ɛyɛ mmarima na wodɔ wɔn anaasɛ mmea no nyɛ nea ɛho hia titiriw na mmom nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wutumi dɔ afoforo no.” Ɔde ɔdɔ toto ɔbarima ne ɔbea nna ho na ɔka sɛ, Nya mu kyɛfa, sɛ ɛyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna anaasɛ ɔbarima ne ɔbea de no.

Britaniani ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ wɔ sukuu ahorow mu no, “ɔbarima ne ɔbea nna ho nkyerɛkyerɛ ho dwumadi ahorow nyinaa yɛ nea wɔayɛ ama wɔn a wɔpɛ ɔbarima ne ɔbea nna . . . emu biako nni hɔ a ayɛ nhyehyɛe bi ama sukuufo a wɔyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da.” Onwiinwii nso sɛ “sukuu ahorow nhomakorabea kora nhoma a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho nkutoo . . . a mmarima ne mmea akokodurufo a wɔpɛ ɔbarima ne ɔbea nna wowom​—wɔ ayɛsɛm nhoma a ɛfa mmarima a wɔne wɔn ho da ho a ɛredɔɔso no nyinaa akyi.” Ɔkyerɛɛ nea ɛde adwemmɔne a wɔanya wɔ mmarima a wɔne wɔn ho da ho ba no: “Adwene a ɛkyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ye sen no . . . ne su a ɛde adwemmɔne no ba no.”

Mmarima a Wɔne Wɔn Ho Da “Dɔ”

Nanso so ɔbarima ne ɔbea nna nye nsen ɔbarima ne ɔbarima de no? So sɛnea wɔyɛɛ nipadua no ne adwuma a n’akwaa ahorow yɛ no mma eyi nna adi sɛ ɛte saa? So ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna na ɛda adi sɛ wɔma ho kwan na ɛda adi sɛ ɔbarima ne ɔbarima nna yɛ akyide? Mmarima a wɔne wɔn ho da “dɔ” fa nneyɛe ahorow a na ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔkaa nneɛma a ‘ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din mpo wɔ mo mu’ ne “aniwude” ho asɛm no ho. (Efesofo 5:3, 12) Nanso, wɔ mmere horow bi mu no, ɔtee nka sɛ ɛho hia sɛ ɔtwe adwene sii aniwu nneyɛe ahorow a ɛwɔ Romafo 1:24-27 no so. Ɛte sɛ nea mprempren nso yɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Ɔbarima ne ɔbarima nna nyɛ kokoam ade bio. Esiane sɛ wɔasiesie wɔn ho sɛ wobenya afoforo ho abufuw nti, ɛrekɔ so sɛ asetra kwan a wɔagye atom. Nanso ɛte saa? Ɛfa dɛn ho?

Aduruyɛ ho nsɛmma nhoma Practical Gastroenterology kaa mmarima a wɔne wɔn ho da asetra no mu nneyɛe ahorow no bi ho asɛm kyerɛɛ nnuruyɛfo a wɔresa mmarima a wɔne wɔn ho da yare wɔ nea wotintimii wɔ July/August no mu no mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔtaa de wɔn ho hyɛ boasipem mu na wɔde wɔn awode hyehyɛ wɔn anom ne wɔn ho nso. Nneyɛe ahorow a ɛma obi ho dwiriw no a ɛyɛ den sɛ wobegye adi yɛ nea wɔaka ho asɛm kɛse wɔ asɛm no mu.

Ɛkyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbarima nna betumi adan ayɛ anigye a wonya fi pira a wopira afoforo mu, anigye a ɛne afoforo a wogu wɔn anim ase. Wɔ nokware Kristofo fam no, wɔrentumi nnye asetra kwan yi ntom koraa. Ɛsɛ sɛ wokwati ɛho dawurubɔ a ɛsɛe adwene a ɛrekɔ so mprempren no te sɛ ɔyarebɔne a ɛyɛ no.

Nea Afi Ɔbarima Ne Ɔbarima Nna Mu Aba

Nneɛma bɔne a ɛte saa a wɔyɛ no nyɛ nea wonnya ho asotwe. Nea nnipa gu no na wotwa. Practical Gastroenterology tintim nsɛm ahorow a ɛfa nyarewa ahorow a ɔbarima ne ɔbarima nna de ba no ho. Atiridiinini, mmerɛbo yare, mmaninyare, kekae ne AIDS a ɛyɛ hu no​—eyinom ne nyarewa ahorow kakraa bi a wɔkaa ho asɛm wɔ nea wotintimii wɔ July/ August ne September/October 1985 no mu.

Nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ AIDS sɛe amemene ne hon ntini kɛse no. Nyansahu afã a ɛwɔ The New York Times a wotintim October 15, 1985 mu no bɔ amanneɛ sɛ: “Ayarefo yi mu binom nneyɛe kyerɛ sɛ wɔanya adwenemyare a nneɛma a wontumi nkae, nhyehyɛe a wontumi nyɛ anaasɛ gyinae a wontumi nsi ne anibiannaso kɛse a wɔyɛ wɔ biribiara ho ka ho. Afoforo nso afã afã wu, wosinsen anaasɛ wonya nipadua mu yare a ɛsen saa . . . Wɔn a wɔyare AIDS no mu binom amemene yɛ ketewaa. Sɛ wobetumi anya ano aduru mpo na ama nipadua no atumi ako atia nyarewa mpo a, ɛda adi sɛ ka a amemene no ho ka no bɛkɔ so atra hɔ daa.”

Nnipa a mprempren AIDS a wontumi nsa yɛ wɔn no dodow bu bɔ ho afe biara, ekunkum wɔn bere nyinaa na ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa. Ɛka mmarima a wɔne wɔn ho da titiriw nanso etumi ka nnipa a wɔde nnuru fa wɔn ntini mu ne wɔn a wogye mogya nso. Ɛka nkokoaa a mmea a ɔyare no bi aka wɔn wo wɔn no nso. Ɛtrɛw denam nsu a efi nipadua no mu no so na wohu aboawa a ɔde ɔyare no ba no wɔ mogya, ahobae nsu, dwensɔ, ntasu ne nusu mu. Ɛtra nipadua no mu kyɛ ansa na ayi ne ho adi. Sɛ aboawa a ɔde ɔyare no ba kɔ obi mu a, ebia ebegye mfe pii ansa na wanya AIDS na ɛno mma wontumi nhu ɔyare no ntɛm.

Aboawa no tra nipadua no mu te sɛ ɔtopae a ɛretwɛn bere a ɛbɛtow​—nanso hena na onim bere no?

Mprempren ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa. Wɔabu akontaa sɛ nnipa bɛboro ɔpepem biako​—ebinom ka sɛ bɛyɛ ɔpepem abien​—a wɔwɔ United States no wɔwɔ mmoawa a wɔde AIDS ba no wɔ wɔn nipadua mu. Efi 1981 no, ɔyare no ayɛ nnipa bɛboro 14,500 na wɔn mu bɛboro 7,000 awuwu. Wɔn a wɔanya ɔyare no bi no dodow redɔɔso wɔ wiase nyinaa​—Europa, Asia, Australia, Carribean aman ahorow, Afrika aman bɛyɛ 20 ne Amerika aman 15 mu. Wɔ afe a etwaam no mu no, aman ahorow a nkurɔfo yare AIDS wom a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no wɔ Geneva no dodow fii 40 koduu 71 wɔ October mu a na nnipa a wɔanya ɔyare no bi saa bere no dodow reyɛ adu 17,000.

Asetra Kwan a Yehowa Mpene So

Mmarima a wɔne wɔn da asetra kwan nyɛ ade a obi paw a Yehowa Nyankopɔn pene so. Mpɛn pii mmarima a wɔne wɔn ho da ne asɛnkafo a wɔpene abrabɔ biara so kyinkyim kyerɛw nsɛm no wɔ mmɔden hunu a wɔbɔ sɛ wɔbɛma ayɛ te sɛ nea ɛte saa no mu. (2 Petro 3:16) Wɔ mfe mpempem a atwam no mu no, Yehowa sɛee Sodom esiane sɛ na mmarima no mu pii a na wɔwɔ saa kurow no mu no ne wɔn ho wɔn ho da nti. (Genesis 19:4-25) Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Petro de mmarima a wosuasuaa saa Sodomfo no totoo “mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyerɛ wɔn nsɛe wɔn” no ho.​—2 Petro 2:6-13.

Wɔ kasa a emu da hɔ mu no, ɔsomafo Paulo a wɔde honhom kaa no no kasa tiaa mmarima ne mmea a wɔne wɔn ho da nyinaa: “Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwa akɔnnɔ; na wɔn mmea de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu​—na mmarima ne mmarima yɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔ wɔn ankasa mu.”​—Romafo 1:26, 27.

Paulo kyerɛw nso sɛ: “Mommma wɔnnaadaa mo, nguaman ne abosonsonfo, ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn Ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Bible nkyerɛase ahorow kyerɛ asɛm a ɛne “mmarima a wɔne wɔn ho da” no ase wɔ akwan horow so te sɛ nea edidi so yi: sodomfo, wɔn a wɔbara asɛe, mmaninguaman ne mmarima a wɔne wɔn ho da.

Asetra Kwan a Ɛyɛ Anigye a Enni Awiei

Biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye wɔ aba a mmarima a wɔne wɔn ho da atwa no ho. Yebetumi akwati denam Yehowa a yebetie no no so: “Me [Yehowa] Nyankopɔn, me ne nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”​—Yesaia 48:17, 18.

Nanso, adwenemyare ho abenfo bi ne afoforo ka sɛ wɔrentumi mma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna mu no “nnyae” nea wɔyɛ no na asɔre a wobɛkɔ mpo rentumi mma wɔn nyɛ saa. Ebia ɛyɛ den kɛse de, nanso ɛnyɛ nea wɔrentumi nyɛ. Ɔsomafo Paulo daa eyi adi bere a ɔkaa bio sɛ: Sɛnea na kan mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo.” (1 Korintofo 6:11) Enti tete Kristofo no tumi yɛɛ saa. Na nnɛ wɔayɛ saa. Afoforo a wɔbɛdan aba Yehowa nkyɛn abɛhwehwɛ mmoa nso bɛyɛ saa. “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Enti, “munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”​—Kolosefo 3:9, 10.

Yehowa kyi bɔne nanso wayɛ krado sɛ obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ nnipa a wonu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho no. Yehowa Adansefo nso kyi bɔne a wɔn ankasa honam mu sintɔ ahorow nso ka ho nanso wɔntan wɔn ankasa ho anaasɛ afoforo a wɔyɛ bɔne no. Kyi bɔne na ɛnyɛ ɔbɔnefo no ne adwene a Yehowa ne n’asomfo kura. Bible kyerɛwfo Yuda ka sɛ: “Ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan atade a ɔhonam nkekae akeka mu nso.”​—Yuda 23; hwɛ Dwom 97:10, Mateo 5:43-48, ne Romafo 7:15-25 nso.

Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ Romafo 3:23 no: “Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” Nanso abɔnefo nyinaa a mmarima a wɔne wɔn ho da ka ho a wonya Bible mu nimdeɛ a edi mu na wɔde di dwuma no benya mfaso mprempren na wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so.​—Dwom 37:10, 11, 29; Yohane 17:3; Adiyisɛm 21:3-5.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Ɔbarima ne ɔbarima nna nyɛ kokoam ade bio. Wɔn a wɔkasa tia no ne wɔn a wɔaka wɔn anim

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

“Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ . . . mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade.”​—Romafo 1:26, 27.

[Box on page 22]

“Na wo ne ɔbarima nnna ɔbea nna; ɛyɛ akyide. Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fĩ; na ɔbea bi nnnyina aboa bi anim nnnan ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.”​—Leviticus 18:22, 23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena