Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w18 December kr. 10-14
  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐMAA NSAKRAE BAA AWARE MU BERE TIAA BI
  • ADE BAAKO PƐ A OBI BETUMI AGYINA SO AGYAE AWARE
  • NSƐNNENNEN WƆ W’AWARE MU MPO A, DI NO NI
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Aware Ni?
    Nyan!—2004
  • Aware—Nea Ɔhyehyɛe ne N’atirimpɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
w18 December kr. 10-14
Yesu rekyerɛkyerɛ nnipakuw bi a wɔatwa ne ho ahyia

Di “Nea Onyankopɔn Aka Abom No” Ni

“Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”​—MAR. 10:9.

NNWOM: 131, 132

WUBEBUA SƐN?

  • Yehowa ne Yesu bu aware sɛn?

  • Dɛn ne ade baako pɛ a obi betumi agyina so agyae aware, nanso adɛn nti na ebia ebinom besi gyinae sɛ wɔrennyae aware?

  • Afotu bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔne ne kunu anaa ne yere tetew mu susuw ho?

1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Hebrifo 13:4 ka yɛn ma yɛyɛ?

W’ANI gye ho sɛ wubedi Yehowa ni anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani gye ho sɛ wobɛyɛ saa! Yehowa fata sɛ wudi no ni, na wahyɛ bɔ sɛ, sɛ wudi no ni a, ɔno nso bedi wo ni. (1 Sam. 2:30; Mmeb. 3:9; Adi. 4:11) Afei nso, Yehowa pɛ sɛ wudi nnipa ni; ebi ne aban mpanyimfo. (Rom. 12:10; 13:7) Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia pa ara sɛ wudi no ni. Ɛno ne aware.

2 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ.” (Heb. 13:4) Ɛnyɛ aware ho asɛm biara kɛkɛ na na Paulo reka. Mmom, na ɔreka akyerɛ Kristofo sɛ ɛsɛ sɛ wodi aware ni, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wobu aware sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo. Saa na wubu aware? Ne titiriw no, sɛ woaware a, saa na wubu w’aware?

3. Afotu a ɛho hia bɛn na Yesu de mae wɔ aware ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Sɛ wubu aware sɛ ɛsom bo a, ɛnde na woresuasua nhwɛso pa. Yesu dii aware ni. Bere a Farisifo no bisaa Yesu awaregyae ho asɛm no, ɔtwee wɔn adwene sii asɛm a Onyankopɔn kae bere a ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no so. Yesu kaa sɛ: “Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.” Yesu de kaa ho sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Kenkan Marko 10:2-12; Gen. 2:24.

4. Dɛn nti na Yehowa hyehyɛɛ aware?

4 Yesu gye toom sɛ, Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, na osii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ awarefo tetew wɔn aware mu. Onyankopɔn anka ankyerɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi agyae aware. Bere a Yehowa hyehyɛɛ aware wɔ Eden no, na n’atirimpɔw ne sɛ ɔbarima bɛware ɔbea baako, na “wɔn baanu” abom atena sɛ awarefo daa.

NEA ƐMAA NSAKRAE BAA AWARE MU BERE TIAA BI

5. Sɛn na owu kaa aware?

5 Nanso, sɛnea wunim no, bɔne a Adam yɛe no de nsakrae pii bae. Emu baako ne owu; owu kaa aware. Bere bi, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Kristofo sɛ wonni Mose Mmara no ase bio. Saa asɛm a Paulo kae no, ɛno na ɛma yehu sɛ owu kaa aware ampa. Ɔkaa sɛ owu na egu aware, na ɛno akyi no, ɔhokafo a ɔte ase no betumi asan aware bio.—Rom. 7:1-3.

6. Sɛn na Mose Mmara no ma yehu sɛnea Onyankopɔn bu aware?

6 Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no kyerɛkyerɛɛ aware mu. Ɛmaa kwan maa Israelfo no waree pii; ansa na Onyankopɔn de saa Mmara no rema Israelfo no mpo, na nkurɔfo ware pii. Nanso, Mose Mmara no bɔɔ mmea ne mmofra ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ wɔn basabasa. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ Israelni bi ware afenaa na sɛ akyiri yi ɔware ɔbea foforo ka ne ho a, na ɛnsɛ sɛ ɔtew ne yere a odi kan no aduan ne ne ntama so. Afei, na ɛsɛ sɛ ɔma no nea ɛsɛ wɔ aware mu. Ná Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ okunu no bɛbɔ ɔbea no ho ban na wahwɛ no. (Ex. 21:9, 10) Yenni Mose Mmara no ase de, nanso ɛma yehu sɛ Yehowa bu aware sɛ ade a ɛsom bo. Wei mmoa wo mma wunni w’aware ni anaa?

7, 8. (a) Sɛnea Deuteronomium 24:1 kyerɛ no, awaregyae ho asɛm bɛn na na ɛwɔ Mose Mmara no mu? (b) Yehowa adwene ne sɛn wɔ awaregyae ho?

7 Dɛn na Mose Mmara no ka fa awaregyae ho? Onyankopɔn kɔɔ so buu aware sɛ ɛsom bo pa ara, nanso ɔmaa Israelfo no kwan sɛ wobetumi agyae aware. (Kenkan Deuteronomium 24:1.) Sɛ Israelni barima bi ware na “ohu sɛ ɔbea no ayɛ biribi a enye” a, na obetumi agyae ne yere no aware. Biribi a “enye” no, Mose Mmara no ankyerɛkyerɛ mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ biribi a ɛyɛ aniwu anaa aniberesɛm, na ɛnyɛ asɛm ketewa bi kɛkɛ. (Deut. 23:14) Awerɛhosɛm ne sɛ, Yesu bere so no, na Yudafo no pii gyina “asɛm biara” so gyae wɔn yerenom. (Mat. 19:3) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ osuasua wɔn suban no.

8 Odiyifo Malaki ma yehuu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ awaregyae ho. Saa bere no, na mmarima taa twa nkontompo gyae wɔn ‘mmeranteberem yerenom,’ na ebia wɔakɔware mmabaa a wɔsom abosom. Adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no, Malaki kaa ho asɛm sɛ: “Okyi awaregyae.” (Mal. 2:14-16) Saa asɛm yi ne asɛm a Bible ka faa aware a edi kan ho no hyia sɛ: ‘Ɔbarima de ne ho bɛfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.’ (Gen. 2:24) Ná Yesu nso wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ aware ho no bi. Enti ɔkaa sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Mat. 19:6.

Nea Onyankopɔn Yɛe Wɔ Israel Awaresɛe Ho

Israel ne Yuda nyinaa ankɔ so anni Yehowa nokware. Wɔde wɔn ho kɔbɔɔ aman a wɔsom abosom, na wɔsom atoro anyame. Onyankopɔn kasa tiaa wɔn sɛ ‘wɔne abo ne nnua sɛee aware.’ (Yer. 2:13, 20; 3:1-3, 9; fa toto Hesekiel 16:28; Yakobo 4:4 ho.) Bere a wɔansakra wɔn adwene na wɔkɔɔ so bɔɔ wɔn bra sɛ “ɔbea guamanfo” no, Onyankopɔn sii gyinae bi. Ɔkaa sɛ: “Mihuu saa no, mmaratoni Israel awaresɛe nti migyaa no aware, na memaa no awaregyae krataa.”—Yer. 3:6-8.

ADE BAAKO PƐ A OBI BETUMI AGYINA SO AGYAE AWARE

9. Yesu asɛm a ɛwɔ Marko 10:11, 12 no kyerɛ sɛn?

9 Ebia obi bebisa sɛ, ‘Biribi wɔ hɔ a Kristoni bi betumi agyina so agyae aware na wasan aware bio anaa?’ Yesu kyerɛɛ n’adwene wɔ awaregyae ho. Ɔkaa sɛ: “Obiara a obegyaa ne yere asan aware foforo no asɛe aware, na sɛ ɔbea bi gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.” (Mar. 10:11, 12; Luka 16:18) Enti, Yesu dii aware ni, na na ɔpɛ sɛ afoforo nso yɛ saa. Sɛ ɔbarima bi gyina asɛm biara so gyae ne yere a odi no nokware (anaa ɔbea bi gyina asɛm biara so gyae ne kunu a odi no nokware) aware, na ɔsan kɔware onipa foforo a, wasɛe aware. Saa asɛm yi yɛ nokware, efisɛ sɛ obi gyae ne hokafo a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ aware no agu. Onyankopɔn ani so de, wɔn mmienu da so ara yɛ “ɔhonam koro.” Afei nso, Yesu kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi gyae ne yere a ɔnyɛɛ bɔne biara aware a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Saa bere no, ɔbea a wɔagyae no aware no betumi ate nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔsan ware sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ɔbarima bi ahwɛ no. Sɛ ɔbea no san ware a, wasɛe aware.

Ade Baako Pɛ a Bible Ka Sɛ Obi betumi Agyina So Agyae Aware

Yesu kaa no mprenu sɛ, ade baako pɛ a ɔhokafo a ne ho nni asɛm betumi agyina so agyae aware na wanya hokwan asan aware bio ne por·neiʹa. Saa Hela asɛmfua no kyerɛ sɛn? Por·neiʹa yɛ nna mu nkitahodi a nnipa mmienu a wonnyinaa Kyerɛwnsɛm so nwaree de wɔn ho hyem. Ebi ne awaresɛe, tuutuusi, nnipa mmienu a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da, ɔbarima dua ho anaa ɔbea ase a wɔn a wɔnyɛ awarefo taforo, ne obi to a wɔfa, ne afei nnipa mmienu a wɔnyɛ awarefo a wogoru wɔn awode ho.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 2006, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ.”

10. Dɛn ne ade baako pɛ a Kristoni bi betumi agyina so agyae aware na wanya hokwan asan aware bio?

10 Yesu kyerɛɛ ade baako pɛ a obi betumi agyina so agyae aware. Ɔkaa sɛ: “Mise mo sɛ sɛ ɛnyɛ aguamammɔ [Hela, por·neiʹa] nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Mat. 19:9) Ná Yesu aka saa asɛm koro no ara wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mat. 5:31, 32) Saa mmere mmienu no nyinaa, Yesu kaa “aguamammɔ” ho asɛm. Sɛ yɛka sɛ obi abɔ aguaman a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ nkutoo ne sɛ obi afi ne kunu anaa ne yere akyi. Aguamammɔ kyerɛ awaresɛe, tuutuusi, nnipa mmienu a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da, ɔbarima a ɔne ɔbarima da, anaa ɔbea a ɔne ɔbea da, ne afei onipa a ɔne aboa da. Sɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔwarefo bɔ aguaman a, ne yere betumi agyina so agyae no aware anaasɛ ɔrenyɛ saa. Sɛ ɔbea no gyina saa asɛm no so gyae ne kunu a, Onyankopɔn ani so no, wɔnyɛ awarefo bio.

11. Sɛ Kristoni bi wɔ nea obegyina so agyae aware mpo a, adɛn nti na obetumi asi gyinae sɛ ɔrenyɛ saa?

11 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, Yesu anka sɛ, sɛ obi hokafo bɔ aguaman (por·neiʹa) a, sɛnea ɛte biara ɛsɛ sɛ wogu aware no. Sɛ nhwɛso no, ɔyere no betumi ayɛ n’adwene sɛ ɛmfa ho sɛ ne kunu abɔ aguaman no, ɔrennyae aware. Ebia na ɔbea no da so ara dɔ ne kunu; ebia na ɔpɛ sɛ ɔde ne kunu bɔne kyɛ no na ɔboa ne kunu no ma wɔn aware no yɛ yiye. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ ogyae aware na wanware bio a, obehyia nsɛnnennen. Ɔbɛyɛ dɛn anya honam fam nneɛma a ohia? Na nna mu nkitahodi nso ɛ? Ɔbɛyɛ ankonam anaa? Sɛ mmofra wɔ aware no mu a, awaregyae no bɛka wɔn sɛn? Sɛ ogyae aware a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛtete ne mma wɔ nokware no mu anaa? (1 Kor. 7:14) Ɛda adi pefee sɛ, ɔhokafo a ne ho nni asɛm a wagyae aware no behyia nsɛnnennen.

12, 13. (a) Dɛn na esii wɔ Hosea aware mu? (b) Adɛn nti na Hosea san kɔfaa Gomer, na dɛn na yebetumi asua afi saa aware no mu nnɛ?

12 Odiyifo Hosea asɛm no ma yehu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho pa ara. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ ɔnkɔware ɔbea (Gomer) a akyiri yi na ɔbɛdan ‘aguaman na wawo aguaman mma’ no. Gomer ‘nyinsɛn woo ɔbabarima maa’ Hosea. (Hos. 1:2, 3) Akyiri yi, Gomer woo ɔbabea ne ɔbabarima; ɛbɛyɛ sɛ ɔne ɔbarima foforo na ɛwoo wɔn. Ɛmfa ho sɛ Gomer sɛee aware mpɛn pii no, Hosea annyae no aware. Ewiee ase no, Gomer gyaa Hosea aware kɔyɛɛ afenaa. Ne nyinaa akyi no, Hosea san kɔtɔɔ no. (Hos. 3:1, 2) Ná Israel agyae Yehowa akyi di akɔsom abosom. Enti na Yehowa de Hosea reyɛ nhwɛso de akyerɛ sɛnea ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn mpɛn pii. Dɛn na yebetumi asua afi Hosea aware no mu?

13 Sɛ Kristoni bi hokafo bɔ aguaman a, ebehia sɛ nea ne ho nni asɛm no si gyinae. Yesu kaa sɛ nea ne ho nni asɛm no benya biribi agyina so agyae aware, na afei wanya hokwan asan aware bio. Nanso, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de ne kunu anaa ne yere bɔne akyɛ no. Sɛ ɔyɛ saa a, onnii mfomso. Hosea san kɔfaa Gomer. Bere a Gomer san baa Hosea nkyɛn no, Hosea ka kyerɛɛ no sɛ mma ɔne ɔbarima foforo biara nkɔda bio. Hosea ne Gomer “anna” kosii bere bi. (Hos. 3:3, nwt-E, ase hɔ asɛm) Nanso, bere bi akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Hosea fii ase ne no san dae. Wei kyerɛ sɛnea na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi ne yam san gye ne nkurɔfo na ɔne wɔn nya abusuabɔ bio. (Hos. 1:11; 3:3-5) Wei fa aware ho sɛn nnɛ? Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm san fi ase ne ne kunu anaa ne yere da a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. (1 Kor. 7:3, 5) Sɛ onya yɛ saa pɛ a, onni biribiara a obetumi agyina so agyae ne hokafo no aware. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara boa ne yɔnko ma onya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho no bi.

NSƐNNENNEN WƆ W’AWARE MU MPO A, DI NO NI

14. Sɛnea 1 Korintofo 7:10, 11 kyerɛ no, dɛn na ebetumi asi wɔ aware mu?

14 Sɛnea Yehowa ne Yesu di aware ni no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ mmɔden yɛ saa. Nanso, esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, ebinom nni aware ni. (Rom. 7:18-23) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ na nsɛnnennen wɔ Kristofo a wɔwɔ asomafo no bere so no bi aware mu. Paulo kaa sɛ “ɔyere ne ne kunu nntetew mu”; nanso ɛtɔ da a na ebinom tetew wɔn aware mu.—Kenkan 1 Korintofo 7:10, 11.

Mpanyimfo mmienu de Kyerɛwnsɛm mu afotu rema awarefo bi

Aware a nsɛnnennen wom mpo, dɛn na awarefo no betumi ayɛ ama agyina? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15, 16. (a) Sɛ awarefo bi rehyia nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn botae, na adɛn ntia? (b) Sɛ obi hokafo nni asafo no mu a, saa asɛm yi fa ne ho sɛn?

15 Paulo ankyerɛ nea ɛkɔfaa saa ntetewmu no bae. Nanso yenim sɛ, ɛnyɛ sɛ na ɔbarima no abɔ aguaman nti na wɔtetew mu. Sɛ ɛyɛ saa a, anka ɔbea no benya biribi agyina so agyae aware na wasan akɔware bio. Paulo kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbea a ɔne ne kunu atetew wɔn aware mu no ‘ware, anyɛ saa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu no kɔbom bio.’ Enti Onyankopɔn ani so no, na nnipa mmienu no da so ara yɛ awarefo. Paulo tuu awarefo fo sɛ, nea akɔfa ɔhaw no aba biara no, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ a, ɛnde nea ɛsɛ sɛ awarefo no yɛ araa ne sɛ wɔbɛsan aka abom. Wɔn mmienu no betumi ahwehwɛ Bible mu afotu afi asafo mu mpanyimfo hɔ. Ɛwom sɛ asafo mu mpanyimfo no renkɔ awarefo no mu biara afã de, nanso wobetumi de Kyerɛwnsɛm no mu afotu ama wɔn.

16 Aware mu no, sɛ awarefo no mu baako na ɔyɛ Kristoni a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde Onyankopɔn mmara bɛyɛ adwuma a, nsɛnnennen pii betumi asɔre wɔ wɔn aware no mu. Sɛ nsɛnnennen ba wɔn aware no mu a, eye sɛ wɔbɛtetew mu anaa? Sɛnea yɛahu dedaw no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ aguamammɔ ne ade a obi betumi agyina so agyae aware, nanso ɛnka nneɛma a obi betumi agyina so atetew n’aware mu. Paulo kaa sɛ: “Sɛ ɔbea bi nso wɔ kunu a onnye nni, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ogyaa ne kunu no.” (1 Kor. 7:12, 13) Saa asɛm yi fa yɛn nso yɛn ho nnɛ.

17, 18. Kristofo binom akɔ so atena wɔn aware ho ɛmfa ho sɛ wohyia nsɛnnennen. Adɛn ntia?

17 Ɛwom, ɛtɔ da a ‘okunu a onnye nni’ yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ‘ɔmpene so sɛ ɔne ɔbea no bɛtena.’ Ebia ɔhwe ɔbea no anaa ɔyɛ no ayakayakade, enti ɔbea no te nka sɛ n’apɔwmuden anaa ne nkwa mpo da asiane mu. Ebia ɔmpɛ sɛ ɔhwɛ ɔbea no ne ne mma, anaasɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛremma ne yere no ntumi nkɔ so nsom Onyankopɔn yiye na onni no nokware. Nsɛm a ɛte saa mu no, Kristoni bea bi betumi asi gyinae sɛ, ɛmfa ho nea ne kunu bɛka biara no, ne kunu no suban kyerɛ sɛ ‘ɔmpene so sɛ ɔne no bɛtena,’ enti ehia sɛ wɔtetew mu. Nanso, Kristofo foforo a wɔwɔ tebea a emu yɛ den saa mu ntetewee wɔn aware mu; wɔatena aware no ho, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ama aware no ayɛ yiye. Adɛn ntia?

18 Sɛ nnipa mmienu no tetew mu a, wɔda so ara yɛ awarefo. Sɛ wɔn mu biara tew ne ho kɔtena baabi a, sɛnea yɛadi kan aka no, wobehyia nsɛnnennen. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ade foforo nti a ɛsɛ sɛ awarefo bom tena. Ɔkaa sɛ: “Okunu a onnye nni no ho atew ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew onuabarima no mu; anyɛ saa a mo mma ho begu fĩ ankasa, na seesei de, wɔyɛ kronn.” (1 Kor. 7:14) Ɛmfa ho sɛ Kristofo anokwafo pii hyiaa nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu no, wɔkɔɔ so ne wɔn ahokafo a wonnye nni no tenae. Bere a wɔn ahokafo no baa nokware no mu no, wɔn ani gyei pa ara sɛ wɔde nneɛma bɔɔ afɔre saa.—Kenkan 1 Korintofo 7:16; 1 Pet. 3:1, 2.

19. Adɛn nti na awarefo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no pii aware asɔ?

19 Yesu kaa awaregyae ho asɛm, ɛnna ɔsomafo Paulo nso de ntetewmu ho afotu mae. Ná wɔn mmienu nyinaa pɛ sɛ Onyankopɔn asomfo di aware ni. Ɛnnɛ, Kristofo a wɔn aware asɔ ahyɛ asafo no mu mã wɔ wiase nyinaa. Ebia wubetumi ahu awarefo pii a wɔwɔ anigye wɔ w’asafo mu. Wɔyɛ Kristofo mmarima anokwafo a wɔdɔ wɔn yerenom, ne Kristofo mmea anokwafo a wobu wɔn kununom. Wɔn nyinaa de wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ yebetumi adi aware ni. Yɛn ani betumi agye sɛ yɛwɔ anuanom ɔpepem pii a wɔde wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ Onyankopɔn asɛm a edi hɔ yi yɛ nokware: “Eyi nti na onipa begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam koro.”—Efe. 5:31, 33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena