“Ɛdɛn Na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?”
1. Onipa bɛn na wɔsomaa Filipo kɔɔ ne nkyɛn no?
ƆBARIMA ɔdefɛrefo bi a na ɔwɔ ɔdɔ ma Onyankopɔn dedaw, a afei na na wɔakyerɛ no “Yesu ho asɛmpa no” mu na obisaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no. Ná ɔne Etiopiani piani a na “waba Yerusalem abɛsɔre” sɛ obi a wasakra abɛyɛ Yudani no. Na ɔresan akɔ Etiopia akɔtoa ne dibea kɛse a okura wɔ Etiopia hemmaa adwuma mu no so bere a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ ɔsɛmpakafo Filipo kwan sɛ ontwiw mmɛn no no.
2. Ɔkwan bɛn so na Filipo boaa opiani no ma ɔtee nkɔmhyɛ no ase?
2 Filipo retu mmirika wɔ teaseɛnam no nkyɛn no, ɔtee sɛ ɔbarima no rekan Yesaia nhoma no. Obisae sɛ ebia ɔte nea Kyerɛwsɛm a ɔrekan, a ɛfa oguammaa a wayɛ komm a wɔrekokum no no kyerɛ ase no, na ɛsɛ sɛ Etiopia piani no pae mu ka sɛ, sɛ́ odiyifo no reka n’ankasa anaa onipa foforo ho asɛm no yɛ nea onnim. Hokwan fɛfɛ bɛn na ná abue ama Filipo sɛɛ yi! “Ofii kyerɛw asɛm no ara so kaa no Yesu ho asɛmpa no.” Yiw, na Yesaia nkɔmhyɛ no fa “Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne kɔ” no ho!—Asomafo no Nnwuma 8:26-35; Yesaia 53:7, 8; Yohane 1:29.
3. Ɔkwan bɛn so na ntease foforo yi kaa no?
3 Ɔkwan bɛn so na ade a na ɔnhwɛ kwan koma nanso ɛyɛ nwonwa a esii wɔ n’asetra mu yi kaa opiani no? “Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi so, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Ɛda ɛdi sɛ Filipo anhu biribiara wɔ ɔbarima yi abrabɔ ne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow asete ho, titiriw sɛnea mprempren ɛfa Yesu ho sɛ Mesia ne Ogyefo, no ho a na ebetumi asiw n’asubɔ ho kwan no. Wɔmaa teaseɛnam no gyinae; wosian kɔɔ nsu no mu na Filipo bɔɔ no asu esiane sɛ na wagye Yesu afɔrebɔ a ɛde bɔne fafiri ba no atom nti—Asomafo no Nnwuma 8:36-39.
Na Wo Nso Ɛ?
4. Wɔn a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo no baahe na agye asubɔ?
4 Nnipa bebree na wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo nnɛ wɔ wiase nyinaa a wonnya mfaa asubɔ nyɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Nnipa dodow a ɛkɔ soro sen biara a wonyaa “asɛmpa” no ka mu kyɛfa wiase nyinaa wɔ 1981 mu no yɛ 2,361,896 (a wɔn mu ɔha biara mu bɛyɛ 25 nnyee asubɔ) . Nanso wɔ Awurade Anwummeduan no ase wɔ 1981 mu no, wɔn a wɔbaa ase wɔ wiase nyinaa no dodow nkabom yɛ 5,987,893. Eyi kyerɛ sɛ bɛboro wɔn a wɔba Yehowa Adansefo nhyiam horow ase no fã nnya mmɔɔ asu. So eyi yɛ nwonwa? Dabi, na mmom ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu susuw ho. Eyinom mu bi de wɔn ho abɔ asafo no bɛboro asram kakraa
5. Ɔkwan bɛn so na Etiopiani piani no yɛ nhwɛso pa ma wɔn a wonnya mmɔɔ wɔn asu no?
5 Ebia wɔn a wonnya mmɔɔ asu yi mu biako ne wo, ɔkenkanfo pa. Ebia nea enti a wunnya mmɔɔ asu no yɛ nea ntease wom, na sɛ ɛnte saa a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran sɛ susuw Etiopiani piani a wantwentwɛn ne nanase wɔ asu a ɔbɛbɔ ho no nhwɛso fɛfɛ no ho yiye wɔ mpaebɔ mu. Ɔno ankasa hwehwɛɛ n’adwene ne ne koma mu hwɛe, na obisaa Filipo sɛ ebia biribi wɔ hɔ a esiw n’asubɔ ho kwan. Onhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase no, ogyee asubɔ wɔ hɔ ara.
6. Dɛn ade na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte nka sɛ wohia bere foforo no yɛ?
6 Ebia wɔmmɔɔ wo asu esiane gyinae a wo ankasa woasi, a egyina ntease pa bi so sɛ, wunnya nyaa Onyankopɔn Asɛm mu ntease a ɛdɔɔso a ɛbɛka wo koma ma woayɛ ahosohyira ama Yehowa. Sɛnea wobɛyɛ eyi a ɛnka hwee no, wopɛ sɛ wuhu Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow yiye. Ɛno yɛ adwempa, na yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔ w’anim wɔ adesua no mu, bere a wokae sɛ bere retwam da biara no. Ma ɛnyɛ wo botae titiriw sɛ wubesua Bible no kokoam ne ɛdenam Yehowa Adansefo mmoa so. (2 Timoteo 3:16, 17) Ma ɛnyɛ wo su daa sɛ wobɛkɔ Kristofo nhyiam horow ase, faako a wubenya afotu pa ne hia a ehia sɛ wo ne mfɛfo Kristofo bɔ na woanya nkuranhyɛ afi wɔ nkyɛn wɔ no. (Hebrifo 10:24, 25) Bere a wufi mmɔdenbɔ mu di nhyehyɛe fɛfɛ yi akyi no, ɛda adi sɛ bɛyɛ asram kakraa bi akyi no na woasiesie wo ho a wode nsu mu asubɔ rebɛyɛ w’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Yɛn soro agya no to nsa frɛ wo ba abusuabɔ titiriw yi mu!
7. (a) Dɛn na ebetumi ayɛ wɔn a woretwentwɛn wɔn nan ase wɔ asubɔ mu no bi nsusuwii? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ sɛ asiane wɔ eyi mu?
7 Ebia woyɛ obi a wakɔ so aba Yehowa Adansefo nhyiam horow ase mfe pii nanso wunnya nyɛɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woanya ahosohyira ne asubɔ. Sɛ wohwehwɛ koma no nsusuwii a ahintaw mu a, so ebetumi aba sɛ woretwentwɛn wo nan ase, efisɛ wuhu sɛ, sɛ́ wobɛtra ase sɛ Kristoni no de anohyeto ahorow bɛba abɛto wo so nti anaa? So wususuw sɛ bere dodow a wommɔɔ asu no de, saa anohyeto ahorow no ntumi nkyekyere wo, na wubenya “ahofadi” bi de ayɛ nneɛma horow bi a ɛho ntew bere fa nhyehyɛe dedaw no da so wɔ hɔ yi, a wowɔ anidaso sɛ wobɛtwɛn akosi bere a aka kakraa bi no ansa na woasi gyinae ama nokware som? Nsusuwii a ɛte sɛɛ betumi ayɛ nea asiane wom, nea ɛyɛ hu ankasa! Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.”—Luka 21:34, 35; 1 Korintofo 15:33, 34; Romafo 13:11-14.
8. Ɛsɛ sɛ yebu nsa a Yehowa fi ɔdɔ mu to frɛ yɛn sɛ yenhyira yɛn ho so mma no no dɛn?
8 Sɛ wotwentwɛn wo nan ase sɛnea ɛmfata wɔ gye a wubegye nsa a Yehowa fi ɔdɔ mu to frɛ wo sɛ bra ne dom ase no atom denam wo nkwa a wubehyira so ama no no so a, bere a eye a wɔde to nsa frɛ no bɛsa wɔ wo fam. (2 Korintofo 6:1, 2; Hebrifo 12:25) Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubeso nkwa akyɛde no mu, na ma ɛmmɛn wo na da ho ase. Nhwɛ w’akyi bio a wo kɔn dɔ nneɛma a ɛwɔ nhyehyɛe a ɛrenkyɛ na asɛe yi mu no. Gye Onyankopɔn dɔ no so bere a wowɔ hokwan yi. Bere a ɔpaw nnipa a ɔpɛ sɛ ɔne wɔn nya abusuabɔ ankasa na ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no, dodow a woba behu Yehowa no, dodow no ara na wubehu sɛ nea ɔyɛ ne nea ɔhwehwɛ wɔ wo ho no yɛ wo yiyedi bere nyinaa. Ɛnyɛ ne pɛ ne sɛ ɔde biribi a eye ankasa anaasɛ ɛbɛma woanya daa anigye bɛkame wo. (Dwom 145:16, 19) Ɔba fa ɔwɔ obu na ɔyɛ osetie bu sɛ ɛyɛ awosu sɛ ɔbɛkɔ n’asase so agya anim na wakogye afotu afi ne hɔ. Saa ara na ɛsɛ sɛ eyi yɛ wo su wɔ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho.—Yohane 14:23.
9. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi yɛn ankasa nsɛm a emu yɛ den ho dwuma?
9 Ɛwom, sɛ wowɔ honam akɔnnɔ bi a ɛsɛ sɛ woko tia ankasa, na sɛ worebɔ mmɔden ankasa fi wo koma ne w’ahoɔden nyinaa mu sɛ wubedi eyi so a, ɛnde wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa wo ma woadi nkonim—ɛnyɛ ɔhaw no a obeyi afi hɔ anwonwa kwan so, na mmom denam ne honhom a ɔde bɛboa wo ma wode asow honhom aba a wuhia wɔ w’asetra mu no so. Afei nso, wubenya ntease ne mmoa wɔ asafo no mu denam mpanyimfo no a wobɛkɔ wɔn nkyɛn no so. Wɔwɔ hɔ sɛ nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ ma aboa wo.—Galatifo 5:22-24; Efesofo 4:11-15.
10, 11. (a) Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Filipini ofiasehwɛfo no ne ne fifo yɛe? (b) So sɛ́ ‘wobegye obi nkwa’ no hwehwe pii sen gyidi ara kwa a obenya wɔ Yesu mu anaa?
10 Enti ntwentwɛn wo nan ase wɔ nea wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ de sɔ Onyankopɔn ani no ho. Di nhwɛso fɛfɛ a Filipini ofiasehwɛfo a obisaa Paulo ne Silas sɛ: “Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?” no yɛe no akyi. Bere fa wɔka kyerɛɛ no sɛ “gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa” no, amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ “ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara.”
11 Bere a asasewosow a efi Onyankopɔn hɔ maa ofiasehwɛfo no nyaa osuro pa mfiase no, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nkanyan a ɛyɛ nwonwa a ɛte saa kwan nnɛ na ama yɛn adwene aba yɛn ho so na yɛagyae anibiannasoyɛ. Wɔ ɔbarima yi ne ne fifo fam no, na ɛnyɛ nnipa nyinaa gyidi ara kwa a wɔkyerɛ wɔ Yesu mu no na ɛde wɔn baa tebea a nkwagye wom mu. Saa ara na ná ɛnyɛ ho a wɔde hyɛ Kristofo asetra kwan no mu da biara da no so ara kwa. Dabi, efisɛ amanneɛbɔ no ka sɛ Paulo ne Silas ‘kaa [Yehowa] asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa.’ Nea ɛka eyi ho ne sɛ wobehu Yehowa yiye ma nea edi kan no wɔanya bɔne a wɔyɛe fa atwam no ho fafiri denam ogye afɔre no a wobegye atom no so. Nokwarem, wɔ wɔn fam no, eyi sii wɔ bere tiaa mu, da koro pɛ. Nea edii eyi akyi ne sɛ wofi koma a aka wɔn mu hyiraa wɔn ho so maa Amansan Hene, Yehowa Nyankopɔn, na wɔbɔɔ wɔn asu de yɛɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Yiw, ofiasehwɛfo no, “sɛ́ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn.”—Asomafo no Nnwuma 16:25-34.
12. So ɛsɛ sɛ nsɛm bi mu ntease yiye a obi nnya no ma ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ asu a ɔbɛbɔ ho?
12 Ebia woyɛ obi a watwe asan esiane w’adwene a ehinhim wɔ nneɛma, anaasɛ asemmisa bi ho nti. Nanso sɛ nkyerɛkyerɛ bi ho asɛm da so ara kyere w’adwene a, nyansa wom sɛ wobɛhwehwɛ mmuae wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu, na woakɔ so abɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma wo nhumu. Ɔbɛyɛ saa, bere a wunya ahotoso a edi mu wɔ ne mu no. Ɔremfa “ɔbo” anaa “ɔwɔ” nto wo nsa a woatrɛw mu no mu. (Mateo 7:7-11) Ɛnsɛ sɛ wuyi wo ho ano wɔ wo nkwa so a wubehyira ama no no ho esiane nneɛma nketenkete bi a ebia, worente ase yiye nti. Kristoni kɔ so nyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ne N’atirimpɔw ahorow mu.—Filipifo 1:9-11; Hebrifo 6:1-3.
13. (a) Dɛn na yehu wɔ mmofra nketewaa a wɔwɔ yɛn mu no ho? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ne mfe nkɔɔ anim no bo asu?
13 Na nea etwa to no, ebia wobɛte nka sɛ wosua dodow sɛ wubetumi afi ntease mu ayɛ ahosohyira. Wɔ pii fam no, ebia eyi bɛyɛ nokware, esiane sɛ mmofra nkumaa mpempem wɔ hɔ a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo —a wɔ yɛn fam no ɛyɛ biribi a ɛma yɛn ani gye. (Mateo 19:13-15) Bere a wɔrenyin abɛyɛ mpanyimfo sɛnea ɛsɛ wɔ adwene ne nipadua mu, ma wɔagye ahosohyira ne asubɔ ho asɛyɛde no nyinaa ato wɔn ho so no, yebetumi anya ahotoso Sɛ Onyankopɔn ‘hyɛ’ saa mmofra yi ‘agyirae’ sɛ ‘wɔn ho tew,’ bere dodow a wogye nokware no tom na wɔyɛ osetie ma wɔn awofo gyidifo no. (1 Korintofo 7:14) Nanso ɛbere nnyina faako. Sɛ woagye ɔyɛn a w’awofo de maa wo wɔ “Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no atom, na wode wo ho ahyɛ ade a wubesua mu wɔ fie ne asafo no mu a, so afei bere adu sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa? Sɛ saa a, bere a wo ne w’awofo ne mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo no mu asusuw ho akyi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔ so wo gyinae a woasi sɛ wubehyira wo nkwa so ama Yehowa no mu na gye asubɔ.—Efesofo 6:1-4; 2 Timoteo 1:5-7.
Som A Wobɛsom Wɔ Baabi A Yehowa De Wo Agyina
14. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ wɔn a wɔasra wɔn no ‘anoboaboa’ ho?
14 Afei a woabɔ asu yi, so anidaso wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn bɛfrɛ wo ma woakɔka Kristo ayeforo no ho? Ɛwom, Onyankopɔn na ɔyɛ ɔtemmufo na ɛnyɛ onipa. Ɛnsɛ sɛ obi nkate horow ne adwene a ɛnteɛ, te sɛ nea ebia wɔde hyɛɛ ne mu bere a ɔwɔ Kristoman kuw ahorow bi mu no nya ne so tumi. (Romafo 8:28-30; 9:16) Ɛho hia sɛ wokae sɛ wɔn fa wɔasra wɔn no ‘anoboaboa’ no rebɛn n’awiei ntɛmntɛm. (Fa toto Mateo 13:36-43 ho) Wɔ mfeha 19 mu no, na ɔfrɛ no yɛ biako pɛ, ɔsoro de, a na Yehowa repaw wɔn a ɛsɛ sɛ wɔbɛka ne Ba no ho som na wɔabɛyɛ Ahenni nniso no. Wɔbɛto nsa afrɛ pii, nanso kakraa bi a wɔsom bo na wɔpaw. (Mateo 22:2, 14) Wɔ bere a ɛsɛ mu no, nnipa a wɔaka a wɔato wɔn ano hye a woyɛ 144,000 no dodow bedu. Eyi akyi no honhom kronkron rensra obiara nni ne ho adanse sɛ wanya ɔsoro anidaso, gye sɛ, ebia da koro bi, esiane nokware a ‘wɔn a wɔapaw wɔn’ no nkaefo muni bi renni nti ɛho behia sɛ wɔde obi si n’ananmu.—Romafo 8:16; 11:19; Adiyisɛm 7:1-8; 14:1-5.
15, 16. (a) Dɛn na ɛte sɛ nea ɛda adi wɔ ɔsoro frɛ no awiei ne “nnipakuw kɛse” no anoboaboa ho? (b) Wɔ bere a etwa to yi mu no, dɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom wɔ ebinom ananmu a wɔde afoforo bɛhyɛ ho? (d) Nanso, ɛsɛ sɛ wobu ka a obi bɛka sɛ wanya ɔsoro frɛ no dɛn?
15 Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo adi wɔ ‘anoboaboa bere’ yi mu ho a, ɛte sɛ nea ɛda adi sɛ ɔsoro frɛ ankasa no baa awiei bɛyɛ afe 1935 mu, bere a wɔtee “nnipakuw kɛse” a Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm no anidaso no ase yiye sɛ ɛyɛ asase so de no. Eyi adi dwuma sɛnea na Yehowa nim dedaw sɛ ɛbɛyɛ no. Sɛnea Adiyisɛm 7:3, 4 kyerɛ no, ‘wɔbɛsɔw’ honhom mu Israelfo a wɔaka no ‘ano’ koraa. Nanso, wɔ saa bere yi mu ansa na “‘ahohiahia kɛse” no aba no, “nnipakuw kɛse” a wɔntoo wɔn dodow ano hye bɛda wɔn ho adi. Wobekura wɔn anidaso ankasa sɛ wɔbɛtra asase so mu, na ɛnyɛ ‘wo a wɔwo wɔn foforo’ a wɔhwɛ ɔsoro asetra kwan.—Dwom 115:16; Yohane 3:1-8.
16 Sɛ́ ebetumi aba sɛ ‘wɔbɛwo obi foforo’ de no asi obi ananmu wɔ bere a etwa to yi mu ho no, ntease wom sɛ wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo kakraa bi na ebia wɔbɛhwere wɔn ɔsoro frɛ no esiane nokware a wɔrenni nti. Owu ama wɔn dodow so ahuan ma aka mpem kakraa bi pɛ. Sɛ ɛho behia sɛ wɔde obi si wɔn mu bi ananmu a, hena na Yehowa bɛfrɛ no? Yesu kae wɔ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔbɛyɛɛ n’asomfo no ho sɛ: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu.” (Luka 22:28) Nyansa mu no, Yehowa bɛpaw obi a ɔde ne ho abɔ asafo no mfe pii na wada boasetɔ ne nokwaredi adi wɔ sɔhwɛ mu, mmom sen obi a nnansa yi ara na wabɛyɛ Yesu suani a wabɔ asu na ebia wɔnsɔɔ no nhwɛe wɔ nneɛma pii mu. Eyi nyɛ nea wofi kateeyɛ mu na ɛreka anaasɛ nea wɔde rema agyina so abu obi ankasa nsusuwii atɛn, na mmom nea wɔde boa wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no foforo no ma wɔakwati ahantan a wɔbɛyɛ, na wɔabu ɔkwan a Yehowa fa so ne wɔn di no yiye.
17. Ahosohyira ne asubɔ fi abusuabɔ bɛn ase, ekowie akatua bɛn mu?
17 Sɛ́ obi yɛ Ahenni adedifo “kuw ketewa” no muni anaasɛ ɔwɔ anidaso fɛfɛ a ɛne sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ pɛyɛ ne anigye mu wɔ asase so ba no, saa abusuabɔ yi fi ase fi ba a yɛbɛba abenya yɛn Agya Yehowa anim dom no mu. (Luka 12:32) Na ɔkwan bɛn so na yenya gyinabea a wɔpene so wɔ Onyankopɔn anim? Ɛdenam nimdeɛ a yebenya, Kristo afɔrebɔ no mu gyidi a yebenya, ahonu a yebenya wɔ yɛn kan abrabɔ wɔ wiase no ho, na yɛadan akɔ Onyankopɔn apɛde ankasa a yɛbɛyɛ so, ahyira yɛn nkwa so ama Yehowa na yɛde asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne no so. Afei, sɛ yɛkora yɛne Onyankopɔn abusuabɔ a ɛsom bo no so a, ɔyɛ ɔnokwafo a ɔde daa nkwa betua yɛn ka, agyapade a enni ano, sɛ́ ɛyɛ nea ɛwɔ soro anaasɛ Ahenni no nniso ase wɔ asase so ha.—Hebrifo 11:6; Romafo 6:23.
18. Ɔkwan bɛn so na ‘agyiraehyɛ’ adwuma rekɔ so mprempren, na ɔkwan bɛn so na ankorankoro kyerɛ sɛ ‘wɔahyɛ wɔn agyirae’ ama nkwagye?
18 Ɛrenkyɛ, “nguanten” ne “mpapo” a wɔpaapae wɔn mu no bɛba awiei. Obiara renka, a ogyina mfinimfini gyinabea bere a Onyankopɔn de “ahohiahia kɛse” no sɛe “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no.” (Mateo 25:31-46; 2 Tesalonikafo 1:6-9) Wɔn a ‘wɔahyɛ wɔn agyirae’ ama nkwagye no nkutoo na, wobenya nkwa akɔ ne nhyehyɛe foforo no mu. (Adiyisɛm 7:3, 4, 9, 14; Hesekiel 9:2-6) Hwɛ anigye ara a wɔn a wɔde wɔn ho maa saa ‘agyiraehyɛ’ a ɛma nkwa yi benya, esiane sɛ wɔagye wɔn aba wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a wɔahyira so mu na wɔade nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne, ɛna wɔakɔ so akura wɔn mudi mu wɔ ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so nti!—Mateo 7 :13, 14.
NTIMU MU NO, SO WUBETUMI AMA NSEMMISA YI HO MMUAE?
□ Ɔkwan bɛn so na Etiopiani piani no yɛɛ nhwɛso wɔ asubɔ ho?
□ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi twentwɛn ne nan ase sɛ obegyae nhyehyɛe yi mu anigyede akyidi na wagye nsa a Yehowa fi ɔdɔ mu to frɛ no no so?
□ Ɔkwan bɛn so na ahotoso wɔ Yehowa mu betumi aboa obi bere a n’adwene hinhim wɔ biribi anaasɛ asemmisa bi ho no?
□ Ɛsɛ sɛ mmofra bu ahosohyira ne asubɔ dɛn?
□ Nyansa mu no, hena na ebia Yehowa bɛpaw no, sɛ ɛho behia sɛ wɔde obi si honhom mu Israelni bi ananmu a?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
“Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn ho? Dabida! . . . Nea mihu no mmɔbɔ no ara na mehu no mmɔbɔ, na nea me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no. Ɛnde na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no. . . . Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.—Romafo 9:14-17.