Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan
“Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.”—MARKO 13:10.
1, 2. Dɛn ade na ɛhyɛ Adansefo no agyirae, na dɛn ntia?
DƐN nti na Yehowa Adansefo ka asɛm no a wonnyae? Nokwarem no, yɛn baguam ɔsom adwuma no na wɔde nim yɛn wɔ wiase nyinaa, sɛ́ ɛyɛ afie afie, mmɔnten so, anaa bɔnnɔ so adansedi. Yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Adansefo wɔ bere biara a ɛfata mu, na yɛbɔ mmɔden fa anifere kwan so ka asɛmpa a ɛsom bo ma yɛn no kyerɛ. Nokwarem no, yebetumi aka sɛ saa ɔsom adwuma yi yɛ yɛn agyiraehyɛde!—Kolosefo 4:6.
2 Wode susuw ho hwɛ—bere biara a nkurɔfo behu mmarima, mmea, ne mmofra a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ, wokurakura bag wɔ wɔn mpɔtam no, dɛn na ɛtaa ba wɔn adwenem kan? So adwene a wonya ne sɛ, ‘Oo Katolekfo (anaa Ortodɔksfo) no asan aba ha bio!’ anaa, ‘Pentekostfo (anaa Baptistfo) no asan aba ha bio!’ Dabi. Nkurɔfo nim sɛ ɔsom a ɛtete saa no nni mmusua a emufo nyinaa yɛ afie afie som adwuma. Ebia nyamesom akuw bi soma “asɛmpatrɛwfo” bi ma wɔde mfe abien pɛ kɔyɛ adwuma kakraa bi wɔ mmeae horow bi, nanso wɔn asɔremma no nyinaa mfa wɔn ho nhyɛ ɔsom adwuma a ɛte saa biara mu. Yehowa Adansefo nkutoo na wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ wɔde nsi ka wɔn asɛm no kyerɛ afoforo wɔ bere biara a ɛfata mu. Na wɔde wɔn nsɛmma nhoma, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no nim wɔn.—Yesaia 43:10-12; Asomafo no Nnwuma 1:8.
Wɔne Kristoman mu Asɔfo Ntam Abirabɔ
3, 4. Nsɛm ho amanneɛbɔ taa ka Kristoman asɔfo ho asɛm dɛn?
3 Nea ɛyɛ abirabɔ koraa no, nsɛm ho amanneɛbɔ ada no adi mpɛn pii sɛ aman bi mu asɔfo pii to mmofra mmonnaa, wɔyɛ adwowtwafo a wɔn bra asɛe, ne amimfo. Wɔn honam nnwuma ne wɔn taamudi asetra kwan no da adi ma obiara tumi hu. Nnwonkyerɛwfo bi a wagye din kaa no yiye wɔ ne dwom a ɔtoo din “So Anka Yesu Bɛbɔ Rolex [sika kɔkɔɔ wɔɔkye bi a ne bo yɛn den] wɔ Ne Television so Dwumadi bi Mu?” no mu. Asɛm a obisa ne sɛ: “Sɛ Yesu san ba asase so a, so anka ɔde ne ho bɛhyɛ amammuisɛm mu? Asi ne fie a ɛto so abien wɔ Palm Springs [adefo atrae bi a ɛwɔ California] na wabɔ mmɔden de N’agyapade ahintaw?” Hwɛ sɛnea Yakobo nsɛm yi fata: “Mode asetra fɛfɛ atra asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma [sɛ] okum da.”—Yakobo 5:5; Galatifo 5:19-21.
4 Asɔfo no nam fekuw a wɔne amammuifo bɔ ne gyina a wogyina hɔ mpo ma wɔtow aba ma wɔn no so da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnɛyi akyerɛwfo ne Farisifo. Bere koro no ara mu no, nyamesom akuw sika resa wɔ aman te sɛ United States ne Canada mu esiane ɛka kɛse a wɔbɔ wɔ mansotwe ne asɔfo a wɔde wɔn kɔ asennibea kodi wɔn asɛm wɔ ahohwibra a wɔne mmofra ne mpanyin bɔ ho no nti.—Mateo 23:1-3.
5. Dɛn nti na Kristoman mu asɔfo nnaa wɔn ho adi sɛ wɔne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?
5 Ɛfata sɛ Yesu tumi ka kyerɛɛ ne bere so asɔfo no sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. Saa ara nso na mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ no ma.” Enti, Onyankopɔn nhyɛɛ Kristoman mu asɔfo, sɛ́ wɔyɛ Katolekfo, Protestantfo, Ortodɔksfo, anaa nnipakuw bi a wonni asɔre biako mu sɛ wɔnka asɛmpa no. Ɛnyɛ wɔn ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a wɔkaa ne ho asɛm siei no.—Mateo 23:27, 28; 24:45-47.
Dɛn Nti na Etwa sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan?
6. Nsɛm bɛn na ebesisi nnansa yi ara?
6 Marko nkutoo na ɔde asɛmfua “kan” di dwuma wɔ Yesu ahyɛde a ɔde mae sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ amanaman no ho kyerɛwtohɔ tiawa no mu. (Marko 13:10; fa toto Mateo 24:14 ho.) J. B. Phillips nkyerɛase no kenkan sɛ: “Efisɛ ansa na awiei no bɛba no, ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa.” “Kan” a ɔde di dwuma sɛ bere kyerɛfo no kyerɛ sɛ nsɛm afoforo bedi wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no akyi aba. Ahohiahia kɛse no ne Kristo trenee nniso a ebedi wiase foforo no so no ka nsɛm a ebesisi no ho.—Mateo 24:21-31; Adiyisɛm 16:14-16; 21:1-4.
7. Dɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔka asɛmpa no kan?
7 Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔka asɛmpa no kan? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ, obu atɛntrenee, ɔwɔ nyansa, ne tumi. Yetumi hu sɛnea Yehowa su horow yi da adi kɛse wɔ Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:14 ne Marko 13:10 no mmamu mu. Momma yɛnhwehwɛ mu mmiako mmiako kakra na yɛnhwɛ sɛnea ɛfa asɛmpaka no ho.
Asɛmpa no ne Yehowa Dɔ
8. Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no a wɔka no da Onyankopɔn dɔ adi? (1 Yohane 4:7-16)
8 Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no a wɔka no da Onyankopɔn dɔ adi? Nea edi kan koraa nti a ɛte saa ne sɛ, wɔnka asɛm no nkyerɛ abusuakuw anaa nnipakuw biako bi nkutoo. Ɛyɛ asɛmpa ma “amanaman nyinaa.” Onyankopɔn dɔ adesamma abusua no kɛse araa ma ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so ma ɔbɛbɔɔ agyede afɔre maa adesamma nyinaa bɔne, na ɛnyɛ abusuakuw biako pɛ. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.” (Yohane 3:16, 17) Nokwarem no, asɛmpa no a ɛyɛ asɛm a ɛhyɛ wiase foforo a asomdwoe, biakoyɛ, ne atɛntrenee wom ho bɔ no yɛ Onyankopɔn dɔ ho adanse.—2 Petro 3:13.
Asɛmpa no ne Yehowa Tumi
9. Dɛn nti na Yehowa mfaa Kristoman asɔre ahorow a ɛwɔ tumi no nnii dwuma mmaa wɔnkaa asɛmpa no?
9 Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no a wɔka da Yehowa tumi adi? Susuw nea edi so yi ho, henanom na ɔde wɔn adi dwuma ma wɔayɛ saa adwuma yi? So ɛyɛ Kristoman mu nyamesom ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ tumi te sɛ Roma Katolek Asɔre no anaa Protestant asɔre ahorow a agye din no? Dabi, wɔn ho a wɔde hyehyɛ amammuisɛm mu no mma wɔmfata sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no. (Yohane 15:19; 17:14; Yakobo 4:4) Yehowa Nyankopɔn ani nnyee wɔn ahonya, wɔne sodifo a wɔyɛ akunini abusuabɔ ne nkɛntɛnso a wɔanya wɔ wɔn so no ho, na saa ara na n’ani nnyee wɔn nyamekyerɛ a wɔde atetesɛm abata ho denneennen no nso ho. Onipa tumi ho nhia na Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ.—Sakaria 4:6.
10. Henanom na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔnka asɛm no?
10 Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korinto asafo no mu no: “Anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii [na wɔafrɛ wɔn], na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.”—1 Korintofo 1:26-29.
11. Adansefo no ho nokwasɛm bɛn na ama wɔda nsow?
11 Adefo kakraa bi pɛ na wɔwɔ Yehowa Adansefo mu, na nokwarem no, amammuifo a wɔwɔ tumi biara nni wɔn mu. Afã biara a wonni koraa wɔ amammuisɛm mu no kyerɛ sɛ wontumi nnya amammuisɛm mu tumi biara. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔahyia ɔtaa a emu yɛ den pii, a mpɛn pii no, nyamesom ne amammui mu akannifo na wɔde ba wɔn so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Nanso, ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den a Nasifo, Fasistfo, Komunistfo, wɔn a wɔwɔ ɔmampɛ honhom ne atoro som de aba wɔn so nyinaa kyi no, ɛnyɛ asɛmpa no nko na Adansefo no reka wɔ wiase nyinaa, na mmom wɔn dodow nso anya nkɔanim a ɛyɛ nwonwa.—Yesaia 60:22.
12. Dɛn nti na Adansefo no anya nkɔso?
12 Dɛn na Adansefo no kyerɛ sɛ aboa wɔn ma wɔanya nkɔso? Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ: “Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” Enti, dɛn ankasa na na ɛde wɔn nkɔso no bɛba? Yesu kae sɛ: “Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden.” Saa ara na ɛte nnɛ, ɛnyɛ onipa ahoɔden, na mmom ɛyɛ tumi a efi Onyankopɔn hɔ na aboa Adansefo no ma wɔanya nkɔso wɔ wɔn wiase nyinaa som adwuma no mu. Bere a Onyankopɔn de nnipa a wɔte sɛ nea wɔyɛ mmerɛw sen biara redi dwuma no, ɔredi nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛso sen biara wɔ abakɔsɛm mu ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Yesaia 54:13.
Asɛmpa no ne Yehowa Nyansa
13. (a) Dɛn nti na Adansefo no fi wɔn pɛ mu som na wonnye akatua biara? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa abua Satan mpoatwa no?
13 Ɛyɛ nnipa a wɔatu wɔn ho ama na wɔka asɛmpa no. Yesu kae sɛ: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!” (Mateo 10:8) Enti, wontua Yehowa Adansefo no mu biara ka wɔ Onyankopɔn a wɔsom no no mu, na saa ara na wɔn nso wɔnhwehwɛ akatua biara. Nokwarem no, wonnyigye kɔlɛhyen wɔ wɔn nhyiam horow ase mpo. Wɔn ani gye sɛ wɔnam wɔn som a pɛsɛmenkominya nnim no so ma Onyankopɔn nya asɛm bua nea ɔtoto n’ano, a ɔne Satan Ɔbonsam no. Saa honhom yi a ɔsɔre tia Onyankopɔn no aka sɛ pɛsɛmenkominya adwene na nnipa de som Onyankopɔn. Yehowa fi ne nyansa mu ama Satan mpoatwa no ho mmuae a asɛm biara nni ho—denam Kristofo Adansefo anokwafo ɔpepem pii a wɔreka asɛmpa no afie afie mu, mmɔnten so, ne bɔnnɔ so so.—Hiob 1:8-11; 2:3-5; Mmebusɛm 27:11.
14. Dɛn ne “nyansa a wɔde siei” a Paulo ka ho asɛm no?
14 Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ asɛm no a Onyankopɔn ma wɔka no da ne nyansa adi ne sɛ Ahenni ho bɔhyɛ no ankasa yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔda no adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyin honhom fam, ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wi yi ase de, na ɛnyɛ wi yi ase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de, na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei, na Onyankopɔn hyɛ too hɔ ansa na wɔrehyɛ wiase ase sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam.” Saa “nyansa a wɔde siei” no ne nyansa kwan a Onyankopɔn nam so de atuatew a efii ase wɔ Eden no bɛba awiei. Nyansa a ɛwɔ saa ahintasɛm no mu daa adi wɔ Yesu Kristo a Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no gyina no so no mu.a—1 Korintofo 2:6, 7; Kolosefo 1:26-28.
Asɛmpa no ne Onyankopɔn Atɛntrenee
15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn? (Deuteronomium 32:4; Dwom 33:5)
15 Atɛntrenee ho titiriw na yehu hia a asɛmfua “kan” a ɛwɔ Marko 13:10 no ho hia. Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn a ɔyɛ adɔe nso. Ɔnam ne diyifo Yeremia so ka sɛ: “Na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene [Yehowa] a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, [Yehowa] asɛm ni.”—Yeremia 9:24.
16. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akyerɛkyerɛ mu sɛ atɛntrenee hwehwɛ sɛ wɔde biribi ho kɔkɔbɔ ma kan?
16 Ɔkwan bɛn so na Yehowa atɛntrenee da adi wɔ asɛmpa no ka mu? Momma yɛmfa ɛnã bi a ɔyɛ ɔfam dɛdɛ bi a sɛ ahɔho bɛsra wɔn akyiri yi a na wobedi nyɛ mfatoho. Sɛ ogya to gyaade pon no so saa ara a ɔnka bere a wobedi ho asɛm biara nkyerɛ ne mma a, dɛn na mmofra no fi awosu mu bɛyɛ? Yɛn nyinaa yɛayɛ mmofra pɛn! Abofra bi nsateaa bɛpɛ sɛ ɛka ɔfam no! Sɛ maame no amfa kɔkɔbɔ a ɛfata amma a, ɛnde na onni biribiara a obegyina so de asotwe ama. Nanso, sɛ ɔkyerɛkyerɛ mu pefee sɛ wobedi ɔfam no akyiri yi bere a ahɔho no aba, ma enti ɛnsɛ sɛ obiara de ne nsa ka a, ɛnde na ɔde kɔkɔbɔ ankasa ama. Sɛ obi yɛ asoɔden a, ɛnde na ɔwɔ hokwan sɛ ɔde nteɛso a emu yɛ den na ɛfata ma.—Mmebusɛm 29:15.
17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada atɛntrenee adi wɔ ɔkwan soronko so fi 1919?
17 Yehowa atɛntrenee nti ɔmfa atemmu mma nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so bere a onnii kan mfaa kɔkɔbɔ a ɛfata mmae. Enti, efi 1919 titiriw, bere a wiase ko a edi kan de “awoko yaw mfiase” no bae akyi no, Yehowa ama n’Adansefo akɔ asase nyinaa so de nsi aka asɛmpa no. (Mateo 24:7, 8, 14) Amanaman no ntumi nka sɛ wɔntee kɔkɔbɔ soronko yi.
Wiase Mmeae Bɛn na Wɔaka Asɛmpa no Akodu?
18. (a) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no yɛ adwuma wɔ mmeae a atew ne ho? (b) Nhwɛso afoforo bɛn na wunim?
18 Wotumi hu sɛnea wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma no anya nkɔanim no wɔ nhoma a wɔato din Last Places—A Journey in the North no mu. Ɔkyerɛwfo no ka sɛ bere a ɔhwehwɛɛ supɔw a atew ne ho, Foula, a ɛyɛ Shetland Nsupɔw a ɛwɔ Scotland kusuu fam no wɔ po so nsase ho nhoma mu no, nhoma no kyerɛe sɛ “nneɛma a atwa supɔw no ho ahyia ne WKS (ahyɛn a agu asu), RKS (abotan), LDGS (abosam), ne OBS (akwanside ahorow).” Ná eyinom “bɔ obiara a ɔpɛ sɛ ɔde po so hyɛn kɔ hɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan n’akyi. Ná po a atwa Foula supɔw no ho ahyia no ase yɛ hu, na ama supɔw no ayɛ baabi a wɔn a wɔka nhyɛmma, wɔn a wɔnenam po so awia, ne Engiresi aburokyire hemmaa adwumayɛfo ntumi nkɔsrasra hɔ, nanso—sɛnea mihui wɔ nna kakraa bi mu no—na ɛnyɛ akwanside mma Yehowa Adansefo.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛnea wɔahwehwɛ nkurow akɛse mu adangow ne aman a wonnyaa nkɔso kɛse mu agyidifo no, saa ara na wɔsakraa nkurɔfo kɔɔ wɔn som mu wɔ Foula a atew ne ho no nso.” Ogye toom sɛ na obi agyaw Ɔwɛn-Aban ato ɛhɔni bi a wɔfrɛ no Andrew pon ano asram bi a atwam. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Dapɛn biako akyi no, mihuu [Nyan! a wɔde Denmark kasa na akyerɛw] biako wɔ Faeroes [Kusuu Fam Po no nsupɔw] no so, na asram abien akyi no mihuu [Ɔwɛn-Aban a wɔde Denmark kasa na akyerɛw] wɔ Nuuq, Greenland.” Yehowa Adansefo adwuma a wɔde nsi yɛ wɔ saa kusuu fam nsase no so ho adanse a emu yɛ den bɛn ara ni!
Dɛn na Ɛkanyan Adansefo no ma Wɔkɔ so Ka Asɛm No?
19, 20. (a) Dɛn na ɛkanyan Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so ka asɛm no? (b) Nsemmisa bɛn na edidi hɔ a yebebua?
19 Nokwarem no, asɛm no a wɔka no afie afie kyerɛ nkurɔfo a wonnim wɔn no nyɛ mmerɛw, ɛmfa ho mfe dodow a obi de ayɛ Ɔdansefo no. Ɛnde na dɛn na ɛkanyan Adansefo yi ma wɔkɔ so ka asɛm no? Ɛyɛ wɔn Kristofo ahosohyira ne wɔn ani a wɔma ekũ wɔn asɛyɛde no ho no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” Nokware Kristofo wɔ asɛm a ɛma nkwa, enti ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akora so a wɔnka nkyerɛ afoforo? Nnyinasosɛm a ɛne sɛ sɛ wɔammɔ kɔkɔ bere a asiane reba a wobedi mogya ho fɔ no yɛ ade biako a ɛkanyan wɔn ma wɔka asɛmpa no.—1 Korintofo 9:16; Hesekiel 3:17-21.
20 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔka asɛmpa no? Dɛn ne ade a ama Adansefo no anya nkɔso? Wɔn som no ne wɔn ahyehyɛde no afã bɛn na ɛboa ma wohu wɔn sɛ wɔn som no ne nokware som? Yɛn asɛm a edi hɔ no bebua saa nsemmisa yi.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya Onyankopɔn nyansa ne “ahintasɛm” no ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no, Po II, kratafa 1190.
So Wokae?
◻ Dɛn na ɛma Yehowa Adansefo da nsow wɔ asɔfo no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na asɛnka no da Onyankopɔn dɔ, ne tumi, ne ne nyansa adi?
◻ Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no a wɔka da Onyankopɔn atɛntrenee adi?
◻ Dɛn na ɛkanyan Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so yɛ wɔn som adwuma no?
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Ɛmfa ho sɛnea nkurɔfo atew wɔn ho no, Yehowa Adansefo pɛ sɛ wodu wɔn nkyɛn