Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 6/15 kr. 28-31
  • Sigyadi Wɔ Sikasɛm mu Ahokyere Bere Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sigyadi Wɔ Sikasɛm mu Ahokyere Bere Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Nea Ɛsen Biara Fi Wo Tebea No Mu
  • Susuw Nneɛma a Eye no Ho
  • Wubetumi Atrɛw Wo Som Mu?
  • Daakye Ahobammɔ
  • Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 6/15 kr. 28-31

Sigyadi Wɔ Sikasɛm mu Ahokyere Bere Mu

CHUKS a ɔte Afrika Atɔe Fam kae sɛ: “Bere a midii mfe 25 no, mepɛe sɛ meware. Ná mahu ababaa bi a n’ani gye me ho. Ná sika ne asɛm no. Ná me papa ne me nuabarima panyin nyɛ adwuma, na na me nuanom mmarima ne mmea nkumaa no kɔ sukuu. Obiara de n’ani too me so sɛ me na mɛhwɛ abusua no. Afei nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, m’awofo bɛyaree, na ɛno hwehwɛe sɛ mepɛ sika foforo de hwɛ wɔn yare.”

Chuks a ɔyɛ Yehowa Dansefo no ampɛ sɛ ɔware bere a ontumi nhwɛ ɔyere no. Ná onim Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:8 no: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”

Chuks toaa so sɛ: “Meyeree me ho yɛɛ adwuma, nanso sika no anso da. Ɛno nti, yetuu yɛn aware no hyɛɛ da mpɛn pii. Awiei koraa minyaa krataa bi fii ababaa no hɔ sɛ onipa foforo abehu ne papa sɛ ɔbɛware no. Ne papa penee so. Me nsa kaa ne krataa no akyi nna kakraa bi no, abusua no too pon de no maa aware.”

Te sɛ Chuks no, Kristofo mmarima bebree aware nhyehyɛe agu anaa wɔatwentwɛn no ase esiane sikasɛm mu ahokyere nti. Asetra mu ayɛ den mmoroso wɔ aman pii mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika mfinimfini fam man bi mu no, nneɛma bo kɔɔ soro ɔha biara mu 8,319 kaa ho wɔ afe biako mu! Adwuma ho yɛ na wɔ aman bi mu. Mpɛn pii nso akatua no sua araa ma ɛyɛ den sɛ ɔbarima bi bɛhwɛ ne ho, na kampɛsɛ wahwɛ ɔyere ne mma. Aberante bi a ɔwɔ Nigeria bɔɔ abubuw sɛ akatua a ogyee no ɔsram biara wɔ adwuma a ɔde ne bere nyinaa yɛe wɔ adwinnan bi mu no yɛ $17—esua sen bɔs a ɔde kɔ adwuma de ba no ho ka!

Sikasɛm mu ahokyere resɛe Kristofo mmea asigyafo pii nso aware nhyehyɛe. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma hwɛ wɔn abusuafo. Mmarima asigyafo bi hu sɛnea tebea no te a, wɔtwe san, efisɛ wohu sɛ ɛho behia sɛ ɔbarima a ɔware wɔ tebea a ɛtete saa mu no nya sika pii sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnhwɛ ɔyere no nkutoo na mmom ɔbɛhwɛ ɔbea no abusuafo nso aka ho. Ayo a wawie sukuupɔn bɔ mmɔden hwɛ ne ho, ne maame, ne ne nuanom mmarima ne mmea nkumaa no. Ɔbɔ abubuw sɛ: “Mepɛ sɛ meware, nanso sɛ mmarima no behu nea edi m’akyi [sikasɛm mu asɛyɛde] no a, wɔtwe san.”

Ɛmfa ho sikasɛm mu ahokyere no, Kristofo a wɔnwaree pii abusuafo ne afoforo hyɛ wɔn sɛ wɔnware nwo. Ɛtɔ da bi a saa nhyɛso yi nam fɛwdi so na ɛba. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika mmeae bi no, sɛ wokyia obi a wanyin a, wɔtaa bisa no sɛnea ne hokafo ne ne mma ho te. Ɛtɔ da bi a wɔde saa nkyia no di wɔn a wɔnwaree ho fɛw. John a aka kakra ma wadi mfe 50 ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo di me ho fɛw ka sɛ, ‘Wo yere ho te dɛn?’ a, meka sɛ, ‘Ɔreba.’ Nokwasɛm no ne sɛ, mɛyɛ dɛn atumi anya yere bere a mintumi nhwɛ no?”

John ne afoforo pii a wɔte sɛ no tebea yɛ nea wɔde Yoruba bɛ bi bɔ no mua: “Aware ntɛm nyɛ ahohoahoa; nea ɛyɛ den ne akɔnhamabɔ.”

Nya Nea Ɛsen Biara Fi Wo Tebea No Mu

Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ basaa bere a biribi a yɛhwɛ kwan ntumi mma mu no. Mmebusɛm 13:12 ka sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” Sɛ wo kɔn dɔ aware na sɛ wunni sika a wubetumi de ayɛ saa a, ebia saa na wote nka. Sɛ woka wɔn a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔn ho yeraw wɔn’ no ho a, ebia eyi bɛyɛ nokware paa wɔ wo fam.—1 Korintofo 7:9.

Ebia ɛho dwumadi renyɛ mmerɛw, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de agyina ano, na woanya anigye mpo wɔ wo tebea no mu. Yesu Kristo a na ɔyɛ ɔbarima a ɔnwaree, de Bible nnyinasosɛm bi a ɛso wɔ mfaso a ebetumi aboa wo ma woadi abasamtu a efi akwanhwɛ a ɛkyɛ muba so mae. Ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Wubetumi de eyi adi dwuma denam nneɛma pa a wobɛyɛ ama w’abusuafo ne asafo no mufo afoforo so. Ebi nso a wubetumi atrɛw wo Kristofo som adwuma no mu. Sɛ woma nneɛma a wobɛyɛ ama afoforo a pɛsɛmenkominya nnim yɛ ade titiriw wɔ w’asetra mu a, ebia wubehu sɛ ‘woagyina pintinn wo komam, a wowɔ w’ankasa wo pɛ so tumi.’—1 Korintofo 7:37.

Ɔbarima foforo a na ɔnwaree, ɔsomafo Paulo, kyerɛw afotu pa yi: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Kristofo a wɔnwaree pii anya ‘ɔhome ama wɔn kra’ denam wɔn bere a wɔde adi dwuma ma wɔabɛn Yehowa kɛse wɔ mpaebɔ mu, asua Onyankopɔn Asɛm, na wɔanya Kristofo nhyiam horow mu kyɛfa so. (Mateo 11:28-30) Sɛ woyɛ eyi a, wubetumi agyina sikasɛm mu ahokyere ano yiye. Ɛbɛboa wo nso ma woada honhom mu nkɔso kɛse adi, na ama woayɛ okunu anaa ɔyere pa, sɛ awiei koraa woware a.

Ɛmma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa dwen wɔn a wɔsom no nyinaa ho. Onim ɔhaw ne nsɛnnennen a worehyia nyinaa. Afei nso yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no nim nea eye sen biara ma yɛn daakye honhom fam ne nkate fam yiyedi. Sɛ wufi boasetɔ mu de n’Asɛm no mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ wo da biara da asetra mu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛma wo ho atɔ wo wɔ bere a ɛfata mu, na wadi w’ahiade ne w’apɛde horow ho dwuma ama wo wɔ ɔkwan a ɛbɛma woanya daa mfaso so. Bible ma awerɛhyem sɛ: “[Yehowa mfa] papa nkame wɔn a wɔnam tee no.”—Dwom 84:11.

Susuw Nneɛma a Eye no Ho

Ma ɛntra w’adwene mu nso sɛ mfaso horow bi wɔ sigyadi mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea . . . ɔde ne baabunyɛ ma wɔ aware mu no yɛ no yiye, nanso nea ɔmfa mma wɔ aware mu no yɛ no yiye sen no.”—1 Korintofo 7:38, NW.

Dɛn nti na sigyadi ‘ye sen’ aware? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔhokwafo da dwen Awurade de ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene yɛ nta. Ɔbea hokwafo anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani.”—1 Korintofo 7:32-34.

Yɛbɛka no kwan foforo so a, Kristofo awarefo dwen wɔn ahokafo ahiade, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ ho ma ɛfata. Nanso Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi de wɔn adwene asi Yehowa som so kɛse. Sɛ wɔde wɔn toto awarefo ho a, Kristofo asigyafo na wobetumi akwati sɛ ‘biribi begye wɔn asabawmu wɔ Awurade fam’ kɛse.—1 Korintofo 7:35.

Ɛnyɛ sɛ Paulo reka sɛ biribiara nnye Kristofo asigyafo asabawmu. Sɛ sikasɛm mu ahokyere hyɛ wo so a, wubetumi ate nka sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi agye wo asabawmu afi asɛnka adwuma no mu. Nanso, mpɛn pii no, mmarima anaa mmea a wɔnwaree na wonya ahofadi kɛse de som Onyankopɔn.

Bere a ɔsomafo Paulo rekamfo sigyadi sɛ ɛyɛ asetra kwan pa no, wanka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛware. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne ɛ.” Nanso, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Saafo [a wɔware] no ho behia wɔn ɔhonam mu.”—1 Korintofo 7:28.

Saa a ɔkae no kyerɛ dɛn? Aware de dadwen ahorow bi ba. Wɔ sikasɛm mu ahokyere bere mu no, ahohia a ɛte saa no betumi ayɛ adwennwen ama agya bi wɔ sɛnea ɔbɛhwɛ ne yere ne ne mma ho. Ɔyare nso betumi de sikasɛm ne nkate fam dadwen no bi aka abusua no ho.

Enti bere a ebia w’ani nnye wo tebea no ho no, ebetumi aba sɛ wowɔ tebea pa mu sen sɛ anka woaware a ɛsɛ sɛ wohwɛ mmofra. Ɔhaw ahorow a wuhyia no seesei no yɛ bere tiaa mu de; wobeyi afi hɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu—na ebi mpo befi hɔ ansa na saa bere no adu.—Fa toto Dwom 145:16 ho.

Wubetumi Atrɛw Wo Som Mu?

Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ saa de, nanso ebinom atumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu ɛmfa ho sikasɛm mu ahokyere. Ná Chuks a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, totɔ nhoma ne nkrataa tɔn de hwɛ n’abusua. Bere a n’aware nhyehyɛe no gui mu hɔ ara na ne nsa kaa krataa bi a wɔde too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ bere tiaa mu adansi adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ ne man mu no. Esiane sɛ na ne nuabarima panyin redwen sikasɛm ho nti, obuu n’abam sɛ ɔnnkɔ. Nanso, Chuks susuw ho sɛ Yehowa na ɔboaa no ma ɔhyehyɛɛ ne nkrataa ne nhoma adwuma no, enti ɛsɛ sɛ ɔde Ahenni ho nneɛma di kan, na ɔde ne ho to Onyankopɔn so sɛ obetumi ama no nea ohia. (Mateo 6:25-34) Bio nso, na onim sɛ ebedi asram abiɛsa pɛ.

Chuks penee nsa a wɔto frɛɛ no no so, na ɔde adwuma no hyɛɛ ne nua no nsa. Mfe asia akyi no, Chuks da so wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu, na ɔwɔ sika a obetumi aware. Odi awerɛhow wɔ sɛnea nneɛma akɔ so wɔ n’asetra mu no ho anaa? Chuks ka sɛ: “Bere a na mepɛ sɛ meware a anyɛ yiye no, ɛhaw me, nanso sɛnea nneɛma akɔ so no ye sen biara ankasa. Manya anigye ne ɔsom hokwan pii a sɛ mewaree saa bere no nyaa abusua a, ebia anka merennya.”

Daakye Ahobammɔ

Wɔ mmere a emu yɛ den mu no, nnipa pii hwehwɛ ahobammɔ wɔ aware mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati sikasɛm mu ahokyere daakye. Aman bi a wɔn aka dɔɔso dodo mmoa wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Enti awofo taa de wɔn ho to wɔn mmusua ne wɔn mma so titiriw, sɛ wɔbɛhwɛ wɔn bere a wɔn mfe akɔ anim. Enti wɔtaa hyɛ mmarima ne mmea asigyafo sɛ wɔnware nwo, ɛmfa ho mpo sɛ wɔwɔ sikasɛm mu ahokyere mu.

Nanso aware ne abawo mfa ahobammɔ mma. Mmofra bi a wɔyɛ wiasefo mpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin, ebinom nso ntumi, na afoforo nso wuwu gya wɔn awofo. Kristofo taa hwehwɛ ahobammɔ fi baabi foforo, efisɛ wonim Onyankopɔn bɔhyɛ yi: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Hebrifo 13:5.

Wɔmpaa wɔn a wɔatwe aware akɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere nyinaa bɛsom Yehowa no. Christiana yɛ sigyani a wadi mfe 32. Wasom sɛ daa kwampaefo wɔ Nigeria mfe akron a atwam ni. Ɔka sɛ: “Mede me ho to Yehowa, a ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ɔrennyaw n’asomfo da no so. Ne bɔhyɛ ne m’ahotoso. Yehowa hwɛ me wɔ honhom fam ne sika fam nyinaa. Wada ne ho adi sɛ Agya a ne yam ye. Sɛ nhwɛso no, mitu kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ beae bi a wohia Adansefo pii wɔ hɔ. Ɛwom sɛ ahiade pii nni hɔ de, nanso masua sɛ mɛyɛ nneɛma a mewɔ no nkakrankakra. Bere a minyaa yare bi a wɔfrɛ no typhus ma wogyee me too ayaresabea no, anuanom a wɔwɔ asafo a kan na mewɔ mu no yɛɛ nhyehyɛe bɛboaa me.

“Manya abotɔyam kɛse afi bere nyinaa som adwuma no mu. Mibu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a manya sɛ me ne amansan Bɔfo no ne anuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ wiase nyinaa bɛbom ayɛ adwuma. Mihu mmerante ne mmabaa pii a nneɛma a ɛrekɔ so a wohu nti, wɔn aba mu abu na wonni anidaso. Me de, mewɔ asetra mu atirimpɔw; mewɔ daakye mu ahotoso. Minim sɛ Yehowa a yɛbɛbɛn no ne nsɛnnennen a yehyia no nnɛ no ano aduru a eye sen biara.”

Sɛ wopɛ sɛ woware na sɛ sikasɛm mu ahokyere nti ɛnyɛ yiye a, twa wo koma to wo yam! Ɛnkaa wo nko. Nnipa pii na, Yehowa mmoa so, wɔregyina sɔhwɛ a ɛtete saa ano. Nya nea ɛsen biara fi wo tebea no mu denam mmɔden a wobɛbɔ ayɛ nneɛma pa ama afoforo ne wo honhom fam yiyedi a wobɛma anya nkɔso so. Twe bɛn Onyankopɔn; ɔbɛboa wo efisɛ odwen wo ho ankasa.—1 Petro 5:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena