Kɔ So ‘Yi Wo Ho Fi Wiase Nkekae Mu’
“Onyamesom a ɛho tew no ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn onim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne okunafo wɔn ahohia mu, no oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”YAKOBO 1:27.
1, 2. Dɛn ne nneɛma ahorow bi a wɔhwehwɛ wɔ ɔsom a ɛho tew mu?
YEHOWA hwehwɛ ɔsom a ɛho tew. (Yohane 4:23, 24) Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, nyamesom a ɛho nni fĩ ma wofi ɔdɔ mu susuw ahiafo ho kɛse. (Galatifo 2:10) Ɛhwehwɛ nso sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase, a ɛne adesamma adebɔneyɛfo abusua a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho na ‘ɛda ɔbɔne,’ Satan Ɔbonsam, mu no nkekae ho.—1 Yohane 5:19.
2 Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.” Nkyerɛase foforo ka no sɛɛ se: “Ɔsom kronn a wɔnsɛee no wɔ yɛn Agya Nyankopɔn anim ne eyi: sɛ wobɛboa nyisaa ne akunafo bere a ahia wɔn, na woamma wiase no angu wo ho fi.”—Yakobo 1:27, The Jerusalem Bible.
3. Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho afei?
3 Nanso ɔkwan bɛn so na yɛn sɛ Yehowa nkoa no ‘yɛremma wiase no ngu yɛn ho fĩ? Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nneɛma te sɛ wiase no asetra mu nsɛm, nhomasua nhyehyɛe ahorow, adwumayɛ mu nkitahodi ne anigyede ahorow ho?
‘Wiase No A Woremma Engu Wo Ho Fi’
4. Dɛn na Yohane 17:14 ne Yesaia 2:2-4 kyerɛ wɔ abusuabɔ a yɛne wiase yi benya ho?
4 Esiane sɛ yɛyɛ adansefo ma Yehowa na yɛnnyɛ “wiase no fã” nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko wɔ adesamma adebɔneyɛfo abusua no ho. (Yohane 17:14) Ne fã bi mu no, eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nnipa a wonni afã biara wɔ wiase no amammuisɛm mu. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho a wɔde hyɛ ne basabasayɛ mu no ho na yedi asomdwoe akyi sɛ wɔn a ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw.’—Yesaia 2:2-4.
5. Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ wɔn a wiase yi nguu wɔn ho fi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea wɔakyerɛ wɔ (a) 1 Korintofo 6:9-11 no? (b) Efesofo 5:3-5 no?
5 Sɛ́ nnipa a yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ wɔn a wiase yi nguu wɔn ho fĩ no, ɛsɛ sɛ yekwati ɔkasa, nneyɛe ne su horow a abu so kɛse wɔ wiasefo mu nanso ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia no. Sɛ nhwɛso no, nitan, adifudepɛ, aniwude ne asereseresɛm a ɛnsɛ nni afã a eye biara wɔ yɛn asetra mu. (1 Korintofo 6:9-11; Efesofo 5:3-5) Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn nneyɛe ne yɛn su yɛ soronko wɔ wiasefo no de ho, efisɛ wonni yɛn Kristofo anidaso no bi.
Bere Ayɛ Tiaa Ama Wiase Nhyehyɛe Yi
6. Esiane nea ɛwɔ 1 Korintofo 7:29-31 no nti, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo bu aware, ahonyade anaa asase so nneɛma afoforo dɛn?
6 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere no reyɛ tiaa. Efi nnɛ rekɔ momma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛ nea wonni bi, na wɔn a wosu nyɛ sɛ nea wonsu, na wɔn a wɔn ani agye nyɛ sɛ nea wɔn ani nnyei; na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛ nea wonni hwee, na wɔn a wodi wiase’ no nyɛ sɛ nea wonni, efisɛ mprempren wiase nhyehyɛe no retwam.” (1 Korintofo 7:29-31, Modern Language Bible) Eyi kyerɛ sɛ ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo okununom di wɔn aware mu asɛyɛde ahorow ho dwuma de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔma aware yɛ wɔn asetra mu ade nyinaa. Wɔ owu mu no, Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no begyaw asase so abusuabɔ, anigye, awerehow ne nea wɔwɔ nyinaa wɔ ha akosi daa. Ɛdɛn, mprempren mpo, Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anaa asase so anidaso betumi ahwere ɔyere anaa honam fam nneɛma! Bio nso, wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no, nkwa na wɔbɛkora so, ɛnyɛ honam fam nneɛma. (Mateo 24:21; Ɔsɛnkafo 9:11) Enti ɛnsɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu biara de aware, ahonyade anaa asase so nneɛma afoforo di kan wɔ asetra mu. Mmom no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ma wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ pa yɛ asɛm a ɛho hia wɔn titiriw. Eyi te saa ankasa efisɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu na “mprempren wiase nhyehyɛe no retwam.”—2 Timoteo 3:1.
7. Sɛnea sikasɛm nhyehyɛe ho ɔbenfo biako kyerɛ no, dɛn na aka nkɔso a aba wɔ nhomasua, sika a wonya, ne nea ɛkeka ho mu no ho aba?
7 Nnipa pii dwen “mprempren wiase nhyehyɛe” no daakye ho. Sɛ nhwɛso no, nsɛnkyerɛwfo Nancy Brown kyerɛe sɛ sikasɛm nhyehyɛe ho ɔbenfo Ezra Misham ka faa nkɔso a aba wɔ nhomasua ne sika a wonya mu no ho sɛ: “Amfa asetra mu yiyedi amma. Nea ɛka nkɔso a aba wɔ nyansahu, nhomasua ne honam fam nneɛma mu ho no, adesamma ahu nya a basabasayɛ, asoɔden, nsɛmmɔnedi, adesɛe, awudi, nnipa a wokum wɔn, kasafĩ ne kasa a ɛnteɛ anya nkɔanim.” Nea na ɛkyerɛ biribi ankasa ne asɛm a wɔde fii atesɛm krataa yi mu asɛm ase no: “Gye sɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho begye mu nkutoo na ɛremma wiase yi nsɛe ne ho.”—Times-Colonist, Victoria, British Columbia, March 25, 1982.
8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya nea yebetumi nyinaa fi wiase yi mu?
8 Ampa, Yehowa ammɔ asase sɛ adesamma adebɔneyɛfo abusua na ɛntra so na mmom nnipa atreneefo a wɔyɛ pɛ. (Yesaia 45:18; Dwom 37:29, 38) Enti Onyankopɔn remma kwan mma adesamma nsɛe wɔn ho. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenkyɛ wiase nhyehyɛe dedaw yi befi ha koraa. Enti, ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo a woahyira wɔn ho so di wiase no “kosi ase.” Anaa sɛnea nkyerɛase biako ka no no: “Bere a wudi wiase no, mmɔ mmɔden sɛ wubenya nea wubetumi nyinaa wo mu, efisɛ sɛnea wiase yi su te mprempren no retwam.”—1 Korintofo 7:31, The New Testament in the Language of Today, a William F. Beck yɛe.
So Ɛsɛ Sɛ Yedi Wiase No Mpo?
9. (a) Yehowa nkurɔfo betumi adi wiase yi wɔ ɔkwan a ɛsɛ so akodu he? (b) Esiane nea ɛwɔ Mateo 6:31-33 ne 1 Timoteo 6:7, 8 no nti, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ honam fam nneɛma ho?
9 Ɛnde sɛ́ adansefo ma Yehowa a yɛahyira yɛn ho so no, so eye sɛ yebenya biribi afi wiase yi mu? Yiw, Paulo kyerɛe sɛ yebetumi de wiase no adi dwuma nanso ɛnyɛ kosi ase. Enti, yebetumi de wiase no nsiesiei ahorow a ɛteɛ no adi dwuma de adi yɛn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho dwuma na yɛaka Ahenni ho asɛm no. (1 Timoteo 5:8; 6:17-19) Nanso, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so ‘yi yɛn ho fi wiase nkekae mu’ nti, yɛrentumi mfa yɛn ho nhyɛ ne ntawntawdi, ɔsɔretia santen ahorow a woto, ɔko nwininwini ne ɔko ankasa anaa nsɛm a ɛtete saa no mu mma ɛnyɛ yiye. Ɛnsɛ sɛ yegyina afã biako akyi tia ɔfoforo wɔ kokoam mpo. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yedwen yɛn asetra ne honam fam yiyedi ho sɛnea ɛnsɛ, efisɛ Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wode eyinom nyinaa bɛka mo ho.” Yesu de nea ɔkyerɛkyerɛe no dii dwuma, efisɛ ɛwom sɛ sakraman wo atu na nnomaa wɔ mmerebuw de, nanso na onni baabi a ɔde ne ti to. Enti momma yɛmpene nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a yɛwɔ no so bere a—‘yɛhwehwɛ ahenni no kan’ no.—Mateo 6:31-33; Luka 9:58; 1 Timoteo 6:7, 8.
10. Ɛdefa nhomasua ho no. nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ susuw ho, na wubebua dɛn?
10 Ɛnde, wiase adwuma nso ɛ“.? Wiɛ, esiane sɛ wiase yi betwam wo yɛn bere yi mu nti,.so ɛbɛyɛ nea eye sɛ yɛbɛyɛ asetra a ɛwɔ hɔ ma wiase adwuma mu nkɔso ho nhyehyɛe? (Mateo 24:34) Dabida! Na ampa saa adwene yi bɛka yɛn su wɔ wiase nhomasua ho, so ɛnte saa? Ɛwom sɛ akenkan ne akyerɛw ho hia de, nanso wɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri mu no, ɛkame ayɛ sɛ entumi nyɛ yiye sɛ wubeguan afi wiase adwene a abu so no ho a ɛntwe wo nkɔ. Ɛwom, ɛsɛ sɛ ankorankoro si gyinae wɔ nhomasua ho. (Galatifo 6:5) Nanso nsemmisa te sɛ nea edidi so yi yɛ nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho wo mpaebɔ mu: Wɔ mfe a wode akɔ sukuupɔn ahorow no mu no, so sukuufo nso atumi ‘akɔ so ahwehwɛ Ahenni no ne Yehowa’ trenee kan’? So nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ahorow a ɛsɛe nokware gyidi no nkã wɔn koraa? (Kolosefo 2:8) So wiasefo a wɔne wɔn bɔ no anya wɔn so nkɛntɛnso pa, anaasɛ ayɛ nea ɛsɛe ade honhom mu? (1 Korintofo 15:33) Na so nnipa a wɔasua ade adu akyiri no mu pii kɔ so kura ahobrɛase su mu ankasa?—Filipifo 2:2, 3.
11. Ɛmfa ho sɛnea obi nhomasua te no, nsemmisa bɛn na wɔde ama wɔ ha a wɔde sɔ adwene a wɔwɔ hwɛ?
11 Ebinom nso a wɔkɔ sukuu kosua nsaanodwuma no tumi de wɔn ho hyɛ adwuma bi mu araa ma wonnya bere pii mfa nyɛ Yehowa adwuma bio. Enti, sɛnea obi nhomasua te biara no, pii gyina onipa no adwene so. So ahofadi ne ahonyade ne ade titiriw a wɔpɛ? So nea nhomasua no de bɛba ne Yehowa som a ɛso bɛtew kɛse anaa so ɛbɛboa wo wɔ ɔsom kronn mu? Sɛ́ Kristoni a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yɛ obi a wiase no nkekae nkaa no no, so worebɔ mmɔden mmom sɛ wobɛpɛ biribi ama wo ho wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu anaa w’ani abere ankasa wɔ Ahenni nneɛma a wɔde di kan wɔ asetra mu no mu?
12. Dɛn na akã nnipa a wɔasua ade adu akyiri no binom ma wɔagye Ahenni nokware no atom?
12 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nnipa a wɔasua ade adu akyiri no bi agye Ahenni nokware no atom. Nanso ɛnyɛ wɔn nhomasua a ɛkɔ akyiri nti na wɔyɛɛ saa. Mmom no, wɔba behui sɛ ɛmfa ho sɛ woasua ade adu akyiri no, asetra yɛ nea enni atirimpɔw efisɛ wonni Onyankopɔn ne anidaso ankasa biara. Mprempren wɔahu sɛ ‘ɛnyɛ anyansafo pii, ɛnyɛ atumfoɔ ne adehye pii’ na wonya ɔsoro dom. (1 Korintofo 1:26-31) Nanso ɛyɛ wɔn anigye sɛ awiei koraa no wɔanya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu sɛ́ adansefo ma Yehowa.
“Asetra Mu Aguadisɛm”
13. Nyansahyɛ bɛn na 2 Timoteo 2:3, 4 de ma wɔ adwuma akyi a wodi ne Kristoni a wahyira ne ho so ho?
13 Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ wiase yi begu yɛn ho fĩ nti, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ n’adwuma akyi a wodi ho? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Sɛ́ Kristo Yesu sraani pa no, mia w’ani hu amane. Obiara nni hɔ a ɔsom sɛ ɔsraani a ɔde ne ho hyehyɛ asetra mu aguadisɛm mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔ nea ɔfaa no sɛ ɔsraani no ani.’” (2 Timoteo 2:3, 4, NW) Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ adwuma na wɔde nokwaredi yɛ nsiesiei pa ma wɔn ho ne wɔn mmusua. Nanso so ɛrenyɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ sɛ́ anka wɔbɛka Kristoni a wahyira ne ho so ho asɛm sɛ ɔsomfo mmom no wɔka ne ho asɛm kɛse sɛ adwumawura? So ɛnsɛ sɛ nea edi kan koraa no, wohu no sɛ Ahenni dawurubɔfo ne “Kristo Yesu ɔsraani pa”?
14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Hebrifo 13:18 adi dwuma wɔ yɛn adwuma ho nsɛm mu?
14 Ɛnde wɔ adwuma ho nsɛm tebea horow mu no, obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ ho hia wɔ akwan horow pii so. Ade biako ne sɛ, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebia yebedi wiasefo a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ho dwuma no nyɛ anoyi a ɛbɛma yɛasuasua wɔn nneyɛe horow a nokwaredi nnim ne wɔn kasa bɔne no. Mmom no, ɛsɛ sɛ “yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Ampa, ebia yɛrennya ayeyi mfi nnwumawuranom a wɔn koma yɛ den a wɔwɔ wiase yi mu no hɔ de. Nanso yebetumi agye adi sɛ Yehowa behyira yɛn wɔ nokware kwan a yɛafa so no ho, na eyi yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so ‘ahyɛ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ’ no.—Tito 2:9, 10.
15. Kyerɛwsɛm mu afotu bɛn na wɔde ama wɔ obi adwuma nhyehyɛe horow ho?
15 Sɛ́ wɔn a wɔmpɛ sɛ wiase yi begu wɔn ho fĩ no, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.’ (Galatifo 6:10) Nanso yɛrenyɛ eyi, sɛ yefi pɛsɛmenkominya mu ma yɛn adwuma nhyehyɛe bi nya nkɔso denam Yehowa nkurɔfo a yenim wɔn no ho mfaso a yɛpɛ so a. Ampa, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘nantew sɛ anyansafo.’ (Efesofo 5:15) Ɛnsɛ sɛ nokware a ɛyɛ sɛ obi a wɔfrɛ no onua de nhyehyɛe bi a ɛma obi nya ne ho ntɛm ba yɛn nkyɛn no yɛ biribi a enti ɛma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebeyi yɛn sika ama. Ntease pa nti na efi bere kɔ bere mu no Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ yɛn honhom mu nuanom nanso wɔhwehwɛ sɛ wobenya Yehowa “nguan” no ho mfaso a ɛnsɛ no ho no.
Yɛnnyɛ Wiase No Fã Wɔ Ɔkwan Biara So
16. Akwan horow a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛkɔ so ‘yi yɛn ho fi wiase nkekae mu’ no bi ne nea ɛwɔ he?
16 Ɛda adi sɛ yɛrentumi nka akwan horow nyinaa a Yehowa Adansefo da no adi sɛ wɔkɔ so ara ‘yi wɔn ho fi wiase nkekae mu’ no ho asɛm. Nanso ɛyɛ nokware sɛ nsa a wɔnom ma ɛtra so, agumadi mu akansi anaa basabasayɛ a ano yɛ den, nnɔnhwerew pii a wɔde hwɛ sini anaa television so dwumadi ahorow a ɛfa nsɛmmɔnedifo kuw, awudifo ne nnipa afoforo a wɔn bra asɛe ho, nhoma ahorow a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne ho a wɔkenkan ne video agoru ahorow a basabasayɛ wom a wodi nyɛ akwan a wɔfa so tra ase a wiase nkekae no nka obi. (1 Korintofo 6:9, 10; 15:33; Galatifo 5:19-26; l Petro 4:3) Yehowa hwehwɛ sɛ n’adansefo bɛtwe wɔn ho afi nneɛma a wɔyɛ ma ɛtra so, abrabɔ bɔne ne basabasayɛ a ɛwɔ wiase yi mu no ho. Enti ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yebenya wiase no nsɛmmɔnedi no ho nimdeɛ anaa osuahu, mmom no ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘bɔneyɛ mu mmofra’ a wonnim hwee.—1 Korintofo 14:20; fa toto 1 Yohane 3:2, 3 ho.
17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ma a yɛremma wiase no nkekae nka yɛn no ka yɛne afoforo ntam abusuabɔ?
17 Sɛ́ yɛremma wiase yi nkekae nka yɛn no fa yɛn asetra fã biara ho na ɛyɛ nea ɛfa yɛne afoforo abusuabɔ nso ho. Bere a su horow te sɛ nitammɔne, atutuw, ahohoahoa ne atorodi abu so kɛse wɔ wiase yi mu no, enni afã biara wɔ yɛn mu, efisɛ Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu. Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnde monnhoahoa mo ho, na munnni atoro nntia nokware. Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de. Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.” (Yakobo 3:13-16) Hwɛ hia a ɛho hia sɛ yebeyi “odwo a nyansa wɔ mu” adi na ‘yɛadi yɛne nnipa nyinaa ntam asomdwoe akyi’! (Hebrifo 12:14) Ampa, sɛ́ Yehowa nokware adansefo no, yɛrentumi mma yɛn adwene a enhyia wɔ nneɛma ho ara kwa nsɛe abusuabɔ a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi no mu wɔ no. Mmom no, ɛsɛ sɛ ‘yehuhu ma yɛn ho na yɛde kyekyɛ yɛn ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ yɛn no.’ (Kolosefo 3:13) Ɛno nyɛ ɔkwan a wiasefo taa fa so ne afoforo di, nanso ɛyɛ Onyankopɔn kwan.
18. Yɛn ho a yɛtwe fi wiase no ho no da adi titiriw bere a yɛyɛ dɛn?
18 Yɛne nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ne akyi ntam asomdwoe akyi a yebedi yɛ ɔkwan kɛse a yɛnam so kyerɛ sɛ wiase yi nkekae no nkãa yɛn. Nanso yɛn ho a yɛtwe fi ho no da adi titiriw bere a yekura yɛn gyinabea sɛ Yesu Kristo asraafo a wɔyɛ nnɔmmarima no mu na yɛhyɛ honhom mu akode a efi Onyankopɔn hɔ no nyinaa na yɛde ‘asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso hyehyɛ yɛn anan’ no. (Efesofo 6:11-18) Ahenni ho asɛm a ɛma nkwa no ho kɔm da so ara de nnipa pii. Enti momma yɛmfa yɛn ahonyade, yɛn adwene ne yɛn ahoɔden nni dwuma wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nni mu so wɔ adwuma kɛse a ɛne “asɛmpa” no a wɔbɛka wɔ bere tiaa a aka ansa na nhyehyɛe yi aba awiei no mu.—Mateo 24:14.
19. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Satan bɛyɛ wɔ nna a edi akyiri a ɛretwam ntɛm yi mu, nanso dɛn na yebetumi ayɛ denam ɔsoro mmoa so?
19 Wɔ nna a edi akyiri a ɛretwam ntɛm yi mu no, Satan, wiase yi nyame no, bɛsɔre ahyɛ yɛn kɛse sɛ Yehowa nokware adansefo. Wɔ ntua a etwa to mu no, Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan yɛn afi ɔsom kronn a yɛde ma yɛn Nyankopɔn no ho na yɛde wiase no honam fam ahonyade, nneɛma ahorow a ɛtwetwe adwene, nhomasua a ɛkɔ akyiri ne pii a ɛkeka ho no ahoahoa yɛn ho. Nanso ɛdenam ɔsoro mmoa a enni huammɔ so no, yebetumi akɔ so ‘ayi yɛn ho afi wiase nkekae mu’ de ayi yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron, Yehowa, no ayɛ.
Wubebua Dɛn?
◻ Sɛnea Yakobo 1:27 kyerɛ no, dɛn ne nneɛma bi a wɔhwehwɛ wɔ nokware som mu?
◻ Akwan horow a yɛbɛfa so a ɛremma wiase yi ngu yɛn ho fĩ no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase yi retwam no betumi anya tumi bɛn wɔ yɛn adwene so wɔ nhomasua a ɛkɔ akyiri ho?
◻ Wɔ adwuma ho nsɛm mu no, obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ ho hia wɔ akwan horow bɛn so?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo betumi akyerɛ sɛ ‘woyi wɔn ho fi wiase nkekae mu’ wɔ wɔn abrabɔ ne wɔne afoforo ntam abusuabɔ mu?
[Kratafa 19 adaka]
“Borɔdoma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan, nguan to twa fi ban mu, na nantwi bi nni adan mu. Nanso [Yehowa] mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.”—Habakuk 3:17, 18.
[Kratafa 15 mfoni]
Sɛ́ Kristofo a wonni afã biara no, Yehowa Adansefo pow wiase no mu basabasayɛ
[Kratafa 16 mfoni]
Ɛnyɛ nkɔso wɔ wiase no mu na ɛde Onyankopɔn dom ba
[Kratafa 17 mfoni]
Yehowa hwɛ kwan sɛ n’adansefo bɛkɔ so ayɛ wɔn a wiase yi nneɛma a wɔyɛ tra so, abrabɔ bɔne ne basabasayɛ nkekae no nkaa wɔn