Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
‘Ɛkyerɛ tra a mobɛtra Awurade fam yiye na biribi annye mo asabawmu.’—1 KORINTOFO 7:35.
1. Kristofo a wɔwɔ Korinto no ho nsɛm a ɛhaw adwene bɛn na Paulo nsa kae?
NÁ ƆSOMAFO Paulo dwen ne nuanom Kristofo a wɔwɔ Korinto, Hela, no ho. Bɛyɛ mfe anum a na atwam no, na wahyehyɛ asafo wɔ saa kurow a edi yiye a agye din wɔ ɔbrasɛe mu no mu. Afei, bɛyɛ afe 55 Y.B. mu, bere a na ɔwɔ Efeso, wɔ Asia Kumaa no, ne nsa kaa amanneɛbɔ bi a na ɛhaw adwene a ɛfa mpaapaemu a na ɛrekɔ so, ne ɔbrasɛe bi a emu yɛ den a na wɔama ho kwan fii Korinto. Afei nso, na Paulo nsa aka krataa bi afi Korinto Kristofo no hɔ a na wɔde repɛ nna mu nkitahodi, sigyadi, aware, ntetewmu, ne ware a wɔsan ware foforo ho akwankyerɛ.
2. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ na ɔbrasɛe a abu so wɔ Korinto no renya Kristofo a na wɔwɔ kurow no mu so nkɛntɛnso?
2 Ɛte sɛ nea na ɔbrasɛe a na abu so wɔ Korinto no anya ɛhɔnom asafo no so nkɛntɛnso wɔ akwan abien so. Na Kristofo binom agyae wɔn ho mu ama bra bɔne a na ɛrekɔ so no, na na wɔrema ɔbrasɛe ho kwan. (1 Korintofo 5:1; 6:15-17) Ɛda adi sɛ bere a na afoforo reyɛ ade wɔ nna mu anigye a na abu so wɔ kurow no mu baabiara ho no, wɔyɛɛ ade ma ɛtraa so kamfo kyerɛe sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nna mu nkitahodi biara ho, a awarefo mpo ka ho.—1 Korintofo 7:5.
3. Nneɛma bɛn na Paulo dii kan kaa ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no mu?
3 Wɔ krataa tenten a Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no, odii kan kaa mpaapaemu a na aba wɔn mu no ho asɛm. (1 Korintofo, atiri 1-4) Otuu wɔn fo sɛ wɔnkwati nnipa akyidi a mpaapaemu a ɛsɛe ade nkutoo na ɛde ba no. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biako sɛ Onyankopɔn “adwumayɛboafo.” Afei ɔmaa wɔn akwankyerɛ ahorow pɔtee a ɛbɛma asafo no ho atew wɔ abrabɔ fam. (Atiri 5, 6) Nea edi hɔ no, ɔsomafo no danee adwene kɔɔ wɔn krataa no so.
Ɔhyɛ Sigyadi Ho Nkuran
4. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ “eye ma onipa sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbea” no?
4 Ofii ase sɛ: “Nea mokyerɛwee no ho de, eye ma onipa sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbea.” (1 Korintofo 7:1) Nea asɛm “ɔmfa ne ho nka ɔbea” kyerɛ wɔ ha ne sɛ obi mfa ne ho nka ɔbea mfa nnwudwo nna ho akɔnnɔ. Esiane sɛ na Paulo adi kan akasa atia aguamammɔ nti, na ɛyɛ aware mu nna ho asɛm na na ɔreka wɔ ha. Enti, sigyadi ho nkuran na na Paulo rehyɛ wɔ ha. (1 Korintofo 6:9, 16, 18; fa toto Genesis 20:6; Mmebusɛm 6:29 ho.) Ɔkɔɔ anim kakra no, ɔkyerɛwee sɛ: “Meka mekyerɛ asigyafo ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔtra hɔ sɛ me.” (1 Korintofo 7:8) Na Paulo nwaree, ebia na ne yere awu.—1 Korintofo 9:5.
5, 6. (a) Dɛn nti na emu da hɔ sɛ na ɛnyɛ nkokorafo asetra ho nkuran na na Paulo rehyɛ? (b) Dɛn nti na Paulo hyɛɛ sigyadi ho nkuran?
5 Ɛda adi sɛ na Korinto Kristofo no abehu Helafo nyansapɛ, a akuw horow no bi hyɛɛ twe a obi betwe ne ho afi anigyede ho koraa ne kame a obi bɛkame ne ho nneɛma bi ho nkuran no. So ebetumi aba sɛ ɛno nti na Korintofo no bisaa Paulo sɛ ebia “eye” sɛ Kristofo bɛkwati nna mu nkitahodi biara no? Na Paulo mmuae no nnyina Helafo nyansapɛ so. (Kolosefo 2:8) Nea ɛnte sɛ Katolekfo nyamekyerɛfo no, wankamfo nkokorafie ahorow mu sigyadi katee no ankyerɛ te sɛ nea asigyafo yɛ kronkron titiriw, na wɔnam wɔn asetra kwan ne wɔn mpaebɔ so betumi agye wɔn ho nkwa.
6 Esiane “mprempren ahohia yi nti” na Paulo hyɛɛ sigyadi ho nkuran. (1 Korintofo 7:26) Ebetumi aba sɛ mmere a emu yɛ den a na Kristofo wom a na aware betumi ama ayɛ kɛse no ho asɛm na na ɔreka. (1 Korintofo 7:28) Afotu a ɔde maa Kristofo asigyafo ne sɛ: “Eye ma wɔn sɛ wɔtra hɔ sɛ me.” Ɔka kyerɛɛ mmarima akunafo sɛ: “Woasan wo ho afi ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ ɔyere!” Ɔkyerɛw faa Kristoni bea kunafo ho sɛ: “Ɔtra hɔ saa ara a, sɛnea misusuw no, eye mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.”—1 Korintofo 7:8, 27, 40.
Wɔnhyɛ Obi sɛ Ɔnkɔ so Nni Sigya
7, 8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Paulo renhyɛ Kristoni biara sɛ onni sigya?
7 Bere a Paulo de afotu yi mae no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ Yehowa honhom na ɛrekyerɛ no kwan. Asɛm a ɔka faa sigyadi ne aware ho no nyinaa kari pɛ, na anohyeto wom. Wamma anyɛ nokware a wodi ne nokware a wonni ho asɛm. Mmom no, ɛyɛ paw a obi tumi paw nea ɔpɛ ho asɛm na na ɔreka, na ɔhyɛɛ sigyadi ho nkuran titiriw maa wɔn a wobetumi atra saa tebea no mu wɔ ahotew mu no.
8 Bere a Paulo kae sɛ “eye ma onipa sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbea” no ara pɛ, na ɔde kaa ho sɛ: “Na aguamammɔ nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa ne yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa ne kunu.” (1 Korintofo 7:1, 2) Bere a otuu asigyafo ne akunafo fo sɛ “wɔntra hɔ sɛ me” no, ɔde kaa ho ntɛm ara sɛ: “Na sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na aware ye sen ɔhyew.” (1 Korintofo 7:8, 9) Otuu mmarima akunafo fo bio sɛ: “Nhwehwɛ ɔyere! Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne ɛ.” (1 Korintofo 7:27, 28) Afotu a ɛkari pɛ yi kyerɛ paw a obi tumi paw nea ɔpɛ.
9. Sɛnea Yesu ne Paulo kyerɛe no, ɔkwan bɛn so na aware ne sigyadi nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ?
9 Paulo kyerɛe sɛ aware ne sigyadi nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. “Mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa te sɛ mete yi; nanso obiara wɔ n’ankasa ne dom akyɛde a efi Nyankopɔn, obi wɔ no sɛɛ, na obi wɔ no sɛɛ.” (1 Korintofo 7:7) Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu asɛm a ɔkae no wɔ n’adwenem. Bere a Yesu kae sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware no, ɔkyerɛe sɛ sigya a obi fi ne pɛ mu di esiane Ahenni nneɛma nti no yɛ akyɛde titiriw: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn [wɔwɔ akyɛde no, NW]. Na ayitotofo bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa fi wɔn na yam, na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye no, ma onnye!”—Mateo 19:4-6, 11, 12.
Sigyadi Akyɛde no a Wogye
10. Ɔkwan bɛn so na obi betumi “agye” sigyadi akyɛde no?
10 Bere a Yesu ne Paulo nyinaa kaa sigyadi ho asɛm sɛ “akyɛde” no, wɔn mu biara anka sɛ ɛyɛ akyɛde nwonwaso bi a nnipa bi pɛ na wonya. Yesu kae sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye” saa akyɛde no, na otuu wɔn a wobetumi ayɛ saa no fo sɛ ‘wonnye,’ na Yesu ne Paulo yɛɛ saa. Nokwarem no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Aware ye sen ɔhyew,” nanso na ɛyɛ wɔn a “wontumi nhyɛ wɔn ho so” ho asɛm na na ɔreka. (1 Korintofo 7:9) Wɔ nkrataa a na Paulo adi kan akyerɛw mu no, ɔdaa no adi sɛ Kristofo betumi akwati ɔhyew. (Galatifo 5:16, 22-24) Sɛ́ yɛbɛnantew honhom mu no kyerɛ sɛ yɛbɛma Yehowa honhom akyerɛ anammɔn biara a yetu kwan. So Kristofo nkumaa betumi ayɛ eyi? Yiw, sɛ wodi Yehowa Asɛm no akyi pɛɛ a. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ɛdɛn na aberante [anaa ababaa] de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.”—Dwom 119:9.
11. Sɛ́ obi ‘bɛnantew honhom mu’ no kyerɛ dɛn?
11 Eyi gye ahwɛyiye a wɔbɛyɛ wɔ nneɛma ho kwan a wɔma a wɔnam TV so dwumadi, sini, nsɛmma nhoma mu nsɛm, nhoma ahorow ne nnwom mu nsɛm pii so ma ɛtrɛw no ho. Adwenhorow a ɛte saa no yɛ ɔhonam adwene. Ɛnsɛ sɛ Kristoni aberante anaa ababaa a ɔpɛ sɛ odi sigya no ‘nantew ɔhonam fam, na mmom ɛsɛ sɛ ɔnantew honhom mu. Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen [wɔde wɔn adwene si] honhom de so.’ (Romafo 8:4, 5) Honhom ade ne nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, ɔbra pa. Ɛyɛ papa sɛ Kristofo nyinaa, mmofra ne mpanyin ‘kɔ so dwen saa nneɛma yi ho.’—Filipifo 4:8, 9.
12. Egye dɛn titiriw na obi atumi agye sigyadi akyɛde no?
12 Nea sigyadi akyɛde no a obi begye atom no gye titiriw ne ne koma a ɔde besi saa botae no so na wabɔ Yehowa mpae de ahwehwɛ mmoa a ɔde bedu ho. (Filipifo 4:6, 7) Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ogyina pintinn, ne komam, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ n’ankasa ne pɛ so tumi, na wahyɛ ne komam sɛ ɔbɛma ne baabun atra hɔ no, wayɛ no yiye. Enti nea ɔde ne baabun ma aware no yɛ no yiye, na nea ɔmfa mma aware no yɛ no yiye sen no.”—1 Korintofo 7:37, 38, NW.
Sigyadi a Ɛwɔ Atirimpɔw
13, 14. (a) Ntotoho bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ Kristofo ahokwafo ne awarefo ho? (b) Ɔkwan bɛn so nkutoo na Kristoni a ɔyɛ sigyani betumi ‘ayɛ no yiye’ asen wɔn a wɔaware no?
13 Ɛnyɛ sigyadi ankasa na ɛfata nkamfo. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ‘ɛyɛ nea ɔyɛ no yiye’? Ne nyinaa gyina sɛnea onipa no de ahofadi a ɛde ba no di dwuma no so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ anka munni nkɔmmɔ. Ɔhokwafo da dwen Awurade de ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene yɛ nta. Ɔbea hokwafo anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani. Mo ankasa yiyedi nti na meka eyi; ɛnyɛ sɛ mehyɛ mo so, na mmom fɛ a ɛbɛyɛ ne ɔtra a mobɛtra Awurade fam yiye, na biribi annye mo asabawmu ntia.”—1 Korintofo 7:32-35.
14 Kristoni sigyani a ɔde ne sigyadi no di pɛsɛmenkominya botae horow akyi ‘nyɛ no yiye’ nsen Kristofo a wɔaware no. Ɛnyɛ “ahenni nti” na ɔredi sigya, na mmom n’ankasa nneɛma nti. (Mateo 19:12) Ɛsɛ sɛ osigyani barima anaa ɔbea “da dwen Awurade de ho,” na ɔda dwen sɛ “ɔbɛsɔ Awurade ani,” na ‘ɔtra Awurade fam yiye a biribi nnye no asabawmu.’ Eyi kyerɛ sɛ ɔde n’adwene nyinaa besi Yehowa ne Kristo Yesu som so. Sɛ Kristofo mmarima ne mmea asigyafo yɛ saa nkutoo a na ‘wɔyɛ no yiye’ sen Kristofo awarefo.
Biribi Nnye Wɔn Asabawmu
15. Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo ti 7 no mu nnyinasosɛm ne dɛn?
15 Nea na Paulo repɛ akyerɛ wɔ saa ti yi mu nyinaa ne eyi: Bere a aware yɛ ade pa, na wɔ tebea horow bi mu eye ma ebinom no, akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ sigyadi so ma Kristoni barima anaa ɔbea a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa, a biribi nnye no asabawmu ahe biara. Bere a ɔwarefo ‘adwene yɛ nta’ no, Kristoni a ɔyɛ ɔhokwafo nya hokwan de n’adwene si “Awurade de” so.
16, 17. Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔhokwafo betumi de n’adwene asi “Awurade de” so yiye?
16 Dɛn ne Awurade nneɛma a Kristoni sigyani betumi de n’adwene asi so kɛse asen nkurɔfo a wɔaware no? Wɔ asɛm foforo mu no, Yesu kaa “Onyankopɔn de” ho asɛm—nneɛma a Kristoni ntumi mfa mma Kaesare ho asɛm. (Mateo 22:21) Saa nneɛma yi fa Kristoni asetra, ne som, ne ne som adwuma ho titiriw.—Mateo 4:10; Romafo 14:8; 2 Korintofo 2:17; 3:5, 6; 4:1.
17 Mpɛn pii no, asigyafo wɔ hokwan kɛse a ɛbɛma wɔanya bere ama Yehowa som adwuma, na ebetumi ama wɔadi yiye wɔ honhom fam, ma wɔn som adwuma anya nkɔanim. Wobetumi de bere pii ayɛ kokoam adesua asusuw nsɛm ho. Ɛtaa yɛ mmerɛw ma Kristofo a wɔyɛ asigyafo sɛ wobedi wɔn Bible akenkan nhyehyɛe so sen wɔn a wɔaware no. Wotumi siesie wɔn ho yiye ma asafo nhyiam horow ne asɛnka. Eyinom nyinaa yɛ wɔn “ankasa yiyedi.”—1 Korintofo 7:35.
18. Ɔkwan bɛn so na anuanom mmarima asigyafo pii akyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa a ‘biribi nnye wɔn asabawmu’?
18 Anuanom mmarima asigyafo pii a wɔresom dedaw sɛ asafo mu asomfo no wɔ hokwan sɛ wɔbɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Wobetumi abisa hokwan no akɔ Asomfo Ntetee Sukuu a asafo mu asomfo ne mpanyimfo a wɔyɛ asigyafo a wɔwɔ hokwan sɛ wobetumi akɔsom baabi a mmoa ho hia kɛse nkutoo na wɔkɔ bi no. Anuanom a wonni hokwan sɛ wobetumi afi wɔn asafo mu mpo no betumi atu wɔn ho asi hɔ asom wɔn nuanom sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo.—Filipifo 2:20-23.
19. Ɔkwan bɛn so na anuanom mmea asigyafo pii nya nhyira, na ɔkwan biako bɛn so na wobetumi ayɛ nhyira ama asafo ahorow no?
19 Anuanom mmea a wonni ɔdesani ti a wɔne wɔn besusuw nsɛm ho aka wɔn nsɛm akyerɛ wɔn no ‘bɛdan wɔn nnesoa agu Yehowa so’ kɛse. (Dwom 55:22; 1 Korintofo 11:3) Eyi ho hia titiriw ma anuanom mmea a esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa nti wɔyɛ asigyafo no. Sɛ akyiri yi wɔware a, wɔbɛware “Awurade mu nko,” kyerɛ sɛ, obi a wahyira ne ho so ama Yehowa nkutoo. (1 Korintofo 7:39) Mpanyimfo ani gye sɛ wɔwɔ anuanom mmea ahokwafo wɔ wɔn asafo ahorow mu; saafo yi taa kɔsra ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim kɔboa wɔn. Eyi ma wɔn a wɔn ho wom nyinaa ani gye.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo pii rekyerɛ sɛ ‘wɔte ase Awurade fam yiye a biribi nnye wɔn asabawmu’?
20 Kristofo nkumaa pii ayɛ wɔn nhyehyɛe na ama wɔatumi ‘atra Awurade fam yiye a biribiara nnye wɔn asabawmu.’ (1 Korintofo 7:35) Wɔresom Yehowa sɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo, asɛmpatrɛwfo, anaa wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no biako mu. Na hwɛ sɛnea saafo no wɔ anigye! Hwɛ sɛnea wɔn fekubɔ ma abotɔyam! Wɔ Yehowa ne Yesu ani so no, ‘wɔte sɛ obosu.’—Dwom 110:3.
Wɔnka Daa Sigyadi Ho Ntam Biara
21. (a) Dɛn nti na ɛda adi pefee sɛ Paulo anhyɛ sigyadi ho ntanka ho nkuran? (b) Dɛn na na ɔkyerɛ bere a ɔkae sɛ “baabun a waso aware” no?
21 Asɛntitiriw a ɛwɔ Paulo afotu no mu ne sɛ “eye” sɛ Kristofo begye sigyadi atom wɔ wɔn asetra mu. (1 Korintofo 7:1, 8, 26, 37) Nanso, wanka sɛ wɔnka sigyadi ho ntam ɔkwan biara so. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi susuw sɛ enye mma ne baabun a waso aware sɛ ɔware, nanso ehia sɛ ɔware a, ɔnyɛ nea ɔpɛ, ɔnyɛɛ bɔne ɛ, wɔnware.” (1 Korintofo 7:36) Nea Hela asɛmfua biako (hy·peʹra·kmos) a wɔkyerɛɛ ase “baabun a waso aware” no kyerɛ ankasa ne “watra mpɔmpɔn so,” na ɛno kyerɛ bere a nna ho akɔnnɔ mu yɛ den sen biara a obi tra. Enti ebinom a wɔadi sigya mfe pii na bere bi akyi no wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔware no wɔ hokwan koraa sɛ wɔware wɔn yɔnko gyidini.—2 Korintofo 6:14.
22. Dɛn nti na mfaso wɔ so ɔkwan biara so sɛ Kristoni bi renware ntɛm dodo?
22 Mfe a Kristoni kumaa de som Yehowa a biribi nye no asabawmu no nyɛ bere sɛe. Ɛma ohu nyansa, na onya osuahu ne nhumu. (Mmebusɛm 1:3, 4) Sɛ obi a esiane Ahenni no nti wadi sigya no si gyinae akyiri yi sɛ ɔbɛware a otumi di aware ne ebia abawo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye pii.
23. Adwene bɛn na ebinom a wɔresusuw aware ho betumi anya, nanso asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ nsɛm a edidi so no mu?
23 Kristofo binom a wɔde wɔn bere nyinaa asom Yehowa mfe pii sɛ asigyafo no de ahwɛyiye paw wɔn daakye ahokafo na ama wɔatumi atoa so ayɛ bere nyinaa som adwuma bi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi fata nkamfo kɛse. Ebinom susuw aware ho a wɔn adwene ne sɛ wɔremma wɔn aware no ntwitware wɔn som adwuma mu ɔkwan biara so. Nanso, so ɛsɛ sɛ Kristoni warefo te nka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔde n’adwene si Yehowa som adwuma a ɔyɛ no so te sɛ nea na ɔyɛ bere a na ɔyɛ sigyani no? Yebesusuw asɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edidi so no mu.
Ntimu
◻ Dɛn nti na ɔsomafo Paulo tee nka sɛ ɛho hia sɛ ɔkyerɛw Korinto asafo no?
◻ Dɛn nti na yenim sɛ na ɛnyɛ nkokorafo asetra ho nkuran na na Paulo rehyɛ?
◻ Obi bɛyɛ dɛn atumi “agye” sigyadi atom?
◻ Ɔkwan bɛn so na anuanom mmea a wɔnwaree betumi anya wɔn sigyadi no mu mfaso?
◻ Akwan bɛn so na anuanom mmarima asigyafo betumi de wɔn ahofadi no asom Yehowa a ‘biribi nnye wɔn asabawmu’?