Mmofra Bisa Sɛ. . .
Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
Abeawa Lorraine kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Sɛ wunnyinii a, nna ho anigye a wowɔ no hia wo paa. Nna ho asɛm kɔ so gye w’adwene pii.”
SO WODE bere a womfa nyɛ hwee no pii—sɛ ɛnyɛ emu fã kɛse a—dwennwen wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, ka wɔn ho nsɛm, anaa wode hwɛ wɔn? So ɛyɛ a wotra ase sɛ woreyɛ wo sukuu nnwuma a woyɛ wɔ fie no ma nea efi mu ba ara ne sɛ w’adwene kyinkyin ma wususuw aberante fɛfɛ anaa ababaa hoɔfɛfo bi a wuhuu no awiabere ho? Sɛ worebɔ nkɔmmɔ a, so wugyae wia w’ani hwɛ nnipa a wɔretwam a wɔn ho yɛ fɛ? So ɛyɛ wo den sɛ wobɛkenkan ade, wubesua ade, anaa wode w’adwene bedi nsɛm a wɔka wɔ Kristofo nhyiam horow ne nhyiam akɛse ase akyi—esiane sɛ wuntumi nyi w’adwene mfi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so ara nti?
Sɛ ɛte saa a, ebia wubesuro sɛ gyama biribi reyɛ wo! Abofra bi kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ gyama nna ho adwennwen abɔ me dam anaa biribi saa. Mekyerɛ sɛ, metaa dwennwen mmeawa ho, sõsõ wɔn ho adae . . . Wususuw sɛ biribiara nhaw me?” Sɛnea ɔkyerɛwfo Lynda Madaras kyerɛ no, sɛ woyɛ abofra a, “ɔdɔ anaa nna ho nkate mu betumi ayɛ den kɛse. Ɛtɔ da bi a, ebetumi ayɛ wo sɛnea ɔdɔ ne nna ho nkate nkutoo ne ade a wutumi dwennwen ho mpo!”a
Nna ho nkate ankasa nyɛ bɔne. Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ wonnya wɔn ho anigye kɛse. Ná eyi ne n’atirimpɔw a ɛne sɛ wɔnware nwo atreneefo nhyɛ “asase so ma” no hyia. (Genesis 1:28) Bible no ka nsɛm pefee de kyerɛ sɛ nna betumi de anigye kɛse abrɛ awarefo.—Mmebusɛm 5:19.
Asɛm no ne sɛ, sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no, ɛtaa yɛ yɛn den sɛ yebedi yɛn nkate horow so. (Fa toto Genesis 6:5 ho.) “Honam akɔnnɔ” betumi ayɛ te sɛ nea emu yɛ den mmoroso! (1 Yohane 2:16) Na esiane sɛ woyɛ abofra nti, ebetumi ayɛ den kɛse sɛ wubeyi w’adwene afi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so. Dɛn ntia?
Mpanyin Afe Mu Nhyɛso
Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ worebɛn “ɔbaabun bere”—ɛbere a nna ho akɔnnɔ mu yɛ den sen biara. (1 Korintofo 7:36, New World Translation.) Dɔkta Bettie B. Youngs kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ mpanyin afe so no, nkwammoaa mu ade bi a wɔfrɛ no hormone no dodow kɔ soro kɛse. Eyinom na ɛma honam fam nsakrae a ɛma abofra nipadua nyin bɛyɛ ɔpanyin de nyinaa ba. Nkwammoaa mu aduru a ɛkɔ soro wɔ mpanyin afe so no de nkate ne nneyɛe fam nsakrae pii ba.”
Ɛyɛ nsakrae bɛn? Nsakrae akɛse a ɛtaa ba ne nkate a obi nya wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho. Ɔkyerɛwfo Ruth Bell ka sɛ: “Nipadua mu nsakrae a ɛba wɔ mpanyin afe so no taa de nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den ba. Ebia wubehu sɛ wususuw nna ho pii, wunya nna ho akɔnnɔ ntɛmntɛm, na ɛtɔ da bi mpo a nna gye w’adwene nyinaa. Mmofra pii [a yebisabisaa wɔn nsɛm] kae sɛ wotumi te nka te sɛ nea nna ho nkate ne anigye akɛntɛn wɔn nipadua nyinaa so bere a wɔnam abɔnten anaa wɔte bɔs mu no.” Adwene a wɔde si wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so saa no yɛ “mmerante bere mu akɔnnɔ” pii a ɛsɛ sɛ mmofra gyina ano no biako.—2 Timoteo 2:22.
Nsɛm ho Amanneɛbɔfo ne Nnamfo Nkɛntɛnso
Nanso mpɛn pii no, nkɛntɛnso a atwa yɛn ho ahyia na ɛkanyan saa nkate yi. Yɛte wiase bi a ɛkame ayɛ sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkanyan nna mu nneyɛe denam television so dwumadi, nneɛma ho dawurubɔ, nhoma, nsɛmma nhoma, nnwom, ne sini ahorow so mu. Kristoni abofra bi a ɔde ne ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbrasɛe nhoma abu so kɛse wɔ sukuu mu, na eyi kanyan nna ho akɔnnɔ ankasa. Ná minim nea eye, nanso na nna ho nkate a manya no mu yɛ den.”
Enti nhoma bi a wɔkyerɛw maa awofo ka sɛ: “Nsɛm ho amanneɛbɔfo [wɔ] nkɛntɛnso kɛse. Yɛn mmofra no hu mmofra a wɔne wɔn bɔ tipɛn nhwɛso ahorow, sɛ wɔyeyɛ nneɛma a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ na wɔtɔn ntade a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ; wohu sɛ wɔkamfo nna a wɔn a wɔadu mpanyin afe so de wɔn ho behyem wɔ sini ahorow mu ne television so.” Nokwarem no, television so dwumadi a efi akyirikyiri, ne video ahorow ama ayɛ mmerɛw sɛ mmofra pii bɛhwɛ ɔbrasɛe ho nneyɛe pefee. Abofra biako gye tom sɛ, “Nsɛm ho amanneɛbɔfo no kanyan abofra anigye ne n’akɔnnɔ.”
Nanso, ɛho nhia sɛ nhoma bi nkratafa nyinaa ka ɔbrasɛe ho nsɛm ansa na ayɛ nea ɛmfata. Susuw Kristoni abeawa bi suahu ho. Ɔka sɛ: “Mekenkanee nhoma bi a ɛho tew a nkyekyem biako anaa abien pɛ na na ɛfa nna ho. Mifii ase bobɔ traa saa nkyekyem no, nanso biribi maa mesan m’akyi kɔkenkanee. Hwɛ mfomso ara a na ɛyɛ! Ɛmaa mesõsõõ adae basaa.”
Wo nnamfo ne wo mfɛfo nso betumi anya wo nsusuwii so nkɛntɛnso kɛse. Nhoma bi a ɛfa mmofra nyin ho ka sɛ: “Mmeawa ne mmarimaa a wɔhwɛ wɔn wɔ mmɔnten ntwea so, sukuu asa so, adididan mu, ne adetɔnbea ahorow yɛ anigyede a abu so.” Na sɛ ɛnyɛ sɛ mmofra rehwɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a, mpɛn pii no na wɔreka wɔn ho asɛm. Robert a wadi mfe 18 no gye tom sɛ, “Bere a na minnyinii pii no, mihyiaa nkɛntɛnso kɛse paa a na ɛbɛma mede me ho ahyɛ nna mu . . . Wɔ dan a yɛhyɛ yɛn ntade wom mu no, na ɛno ho asɛm nko ara na wɔka.” Abofra foforo nso gye tom sɛ: “Nna ne ade titiriw a na mfɛfo sukuufo bɔ ho nkɔmmɔ, enti na wɔtaa de hyɛ w’adwene mu.”
Ɛyɛ den sɛ wobɛda wo ho adi sɛ woyɛ soronko. Sɛ w’atipɛnfo ka wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho asɛm bere nyinaa—ebia wɔ ɔkwan a ɛmfra na ɛkanyan ɔbrasɛe ho adwene so—a, ebetumi adaadaa wo ma wode wo ho abɔ wɔn. Nanso Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.
Hia a Ehia sɛ Wɔkari Pɛ
So eyi nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ w’adwene bɛkɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so anaa wubenya ɔpɛ sɛ wobɛka wɔn ho asɛm? Dabi, Bible akyerɛwfo mpo kaa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na mmarima ne mmea bi ho yɛ fɛ. (Fa toto 1 Samuel 9:2; Ester 2:7 ho.) Enti Yesu ammu obi a ohu sɛ ɔbea bi ho yɛ fɛ kɛkɛ no atɛn. Nanso otuu Kristofo fo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔkɔ so hwɛ ɔbea na wonya ne ho akɔnnɔ bi.’ (Mateo 5:28) Saa ara na wuntumi mma akɔnnɔ bɔne nnya wo so nkɛntɛnso. Wɔ 1 Tesalonikafo 4:4, 5 no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo mu biara nsua sɛ obedi n’ankasa ne nipadua so ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ wiasefo a wonnim Nyankopɔn no.”—New International Version.
Bere a nna ho akɔnnɔ betumi aba obi tirim bere ne bere mu no, sɛ odwennwen ho a, ebetumi ahyɛ n’adwene so, na afei ɛde ɔhaw akɛse aba. Ɔsɛnkafo 5:3 ka sɛ: “Na adaeso nam ɔbrɛdwen mu na ɛba.” Yiw, obi a ɔde n’adwene nyinaa si n’ankasa akɔnnɔ so no taa fi ase nya nsusuwii hunu a ɛmfata, na ɔsõsõ adae.b
Bere a mfomso nni ho sɛ obi benya nna ho adwene bere ne bere mu no, gye a ebegye n’adwene nyinaa no yɛ ade foforo. Ɔkyerɛwfo Ruth Bell ka sɛ “ɛtɔ da bi a obi behu sɛ wanya nsusuwii hunu awia ne anadwo nyinaa. Ebetumi ayɛ sɛ asetram ade bi akyɛn biribi a ɛwɔ hɔ ankasa.” Susuw abeawa ketewa bi a onyaa obi ho akɔnnɔ a ɛmfata ho. Ɔka sɛ: “Madi mfe 12 1/2, na manya abarimaa bi a me ne no kɔ Ahenni Asa koro so ho anigye kɛse. Minim sɛ minyinii sɛ me ne no befi adi, nanso ɛyɛ me den yiye sɛ medi ne ho nkate a manya no so.” Wɔ akwan a ɛte saa ara so no, ɛyɛ mmofra binom den sɛ wɔbɛkenkan ade, wobesua ade, wɔde wɔn adwene besi nea ɛkɔ so wɔ adesua dan mu so, anaa wobesiesie wɔn ho ama Kristofo nhyiam horow, bere a nsusuwii a ɛkanyan ɔdɔ ne nna ho akɔnnɔ ayɛ wɔn adwene mu ma no.
Ɔhaw akɛse nso betumi afi mu aba bere a abofra bi bɔ mmɔden sɛ ɔnam boasipem so bedwudwo akɔnnɔ a ɛte saa ano no. Bible no hyɛ Kristofo sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere.” (Kolosefo 3:5) Boasipem yɛ suban a ɛho ntew a ɛsɛ sɛ Kristofo kwati, na ɛne ‘akɔnnɔ nhyɛso a wokum no’ bɔ abira koraa. Mmom no, ɛkanyan no na ɛma no yɛ kɛse. Mpɛn pii no, akɔnnɔ a ɛte saa no kowie adeyɛ no ankasa mu. Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.”—Yakobo 1:14, 15.
Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ de ayi w’adwene afi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so? Yɛsrɛ wo, kenkan saa ɔfã yi asɛm a ebedi hɔ aba no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɔkwan foforo so no, ɔkyerɛwfo Alvin Rosenbaum kae mmofra sɛ: “Nna ho nkate ne nneyɛe gu ahorow. Ɛkame ayɛ sɛ ebinom ntumi nnyae nna ho adwennwen, bere a afoforo nso nni nna ho akɔnnɔ koraa. . . . Mfomso nni nkate abien yi mu biara ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛsono bere tenten a obiara de nyin.”
b Hwɛ nsɛm a ɛfa nsusuwii hunu ho a epuei wɔ nsɛmma nhoma yi mu wɔ July 8 ne July 22, 1993 de a ɛbae wɔ Engiresi kasa mu no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
“Ɔdɔ anaa nna ho nkate mu betumi ayɛ den kɛse”
[Kratafa 19 mfonini]
TV so dwumadi ahorow ne nsɛmma nhoma mu amanneɛbɔ taa kanyan anigye a ɛmfata a wonya wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho