Boa Wɔn Ma Wɔmpaw Ɔhokafo Nyansam
SO WO mma nim nea ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ wɔ ɔhokafo ho, ne sɛnea wɔpaw no nyansam? Ɛho hia sɛ wususuw asɛm no ho na woboa wɔn ma wɔpaw nea eye esiane sɛ eyi ho behia ama wɔn daakye anigye nti.
Wɔ nsase a ɔbea ne ɔbarima nhyehyɛe a wɔyɛ de pue yɛ wɔn amammerɛ so no, wɔde nhyɛso a emu kɔ so yɛ den ba mmofra so sɛ wompue bere a wonnyinii pii ɛ. Oduruyɛfo Ronald W. Taffel a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo wɔ New York no kae sɛ: “Awofo a wɔn mma adi mfe 10 ka kyerɛ me sɛ wɔrehyɛ wɔn kɛse sɛ wɔmma wɔn mma ne afoforo a ɛsono wɔn bɔbeasu nyɛ nhyehyɛe mpue. Mpofirim ara no, awofo hu sɛ wɔredi nsɛm a wɔanhwɛ kwan sɛ wobedi ho dwuma kosi sɛ [wɔn mma] benyin adu mpanyin mfe so ho dwuma.”
Sɛ woma wo mma kwan ma wɔne afoforo a ɛsono wɔn bɔbeasu yɛ nhyehyɛe pue bere a wonnyinii a, dɛn na ebetumi afi mu aba? The Journal of the American Medical Association kae sɛ: “Nhyehyɛe a ɔbea ne ɔbarima yɛ de pue a wofi ase ntɛm, na wɔtaa yɛ no ne [ɔbarima ne ɔbea nna] asefi na ɛnam.” Yiw, ebia woakan “mmeawa a wɔadi mfe 10 kosi 14 a wɔwowo no dodow a ɛrenya nkɔanim no” ho asɛm.
Enti, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma nkumaa no?
Fi Wɔn Mmofraase Kyerɛkyerɛ Wɔn
Ehia sɛ awofo de Kristofo su pa horow dua wɔn mma mu na wɔboa wɔn na wɔama atu mpɔn pii. Na ehia sɛ wɔboa wɔn ma wotumi hu saa su horow yi wɔ obi a obetumi ayɛ wɔn hokafo ho nso. Sɛ wo ba de nhyehyɛe a ɔbea ne ɔbarima yɛ de pue ho asɛm ba a, kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobu adeyɛ no sɛ biribi a mmofra betumi de agye wɔn ani. Mmom no, ma wonhu pefee sɛ wɔn a wɔanyin adu nea wobetumi de anibere ahwehwɛ obi aware no no na ɛfata sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ne obi a ɛsono ne bɔbeasu pue.
Sɛnea ɛsɛ sɛ mmofra gye tom ntɛm no, wonni osuahu a ɛbɛma wɔatumi ahu obi suban yiye. Indiani ababaa bi ka kyerɛɛ aware ho ɔfotufo bi bere bi sɛ: “Yɛn awofo anyinyin na wɔwɔ nyansa sen yɛn, na wontumi nnaadaa wɔn ntɛm sɛnea wobetumi ayɛ yɛn no. . . . Ehia yiye sɛ ɔbarima a mɛware no no yɛ nea ɔfata. Sɛ me ara na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ no a, ɛrenyɛ den sɛ mɛyɛ mfomso.” Nokwarem no, mmofra betumi anya mpanyimfo mmoa so mfaso!
Mmofra taa gyina gyinapɛn ahorow a ɛne sɛ ebia obi bɛyɛ okunu anaa ɔyere pa nni hwee yɛ so na ɛpaw wɔn a wobetumi ayɛ wɔn aware mu ahokafo. Animdua ne nipadua a ɛyɛ fɛ betumi atwetwe mmerante anigye—nanso akyiri yi nso ɛ? Nipadua ne animdua sakra, na akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi aberante no bɛhwehwɛ ɔbea a wanyin su pa ahorow, a nyansa ne sɛnea wotumi di asɛyɛde ahorow ho dwuma ka ho. Mmabaa ani taa gye mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wosiesie wɔn ho yiye, na wɔn adwene tumi kyere ade ntɛm ho sen sɛ anka wɔde wɔn adwene bɛkɔ su horow a ehia kɛse te sɛ ayamye a ɔwɔ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko nnipa no so.
Enti, dɛn na wubetumi ayɛ? Dɛn nti na wontwe wo mma adwene nkɔ nnipa a wonim wɔn na wɔwɔ aware pa no so. Wubetumi ama wɔahu sɛ nnipa yi mu bi ampaw wɔn a wɔn ho yɛ fɛ sen biara ara kwa, na mmom wɔn a wɔwɔ su pa ahorow na wɔne wɔn adwene hyia wɔ nneɛma a wɔpɛ, nneɛma a wɔn ani gye ho, ne botae ahorow mu.
Adɛn nti na wone wo mma mmɔ saa nneɛma yi ho nkɔmmɔ? Bere a Ann dii mfe 13 no, ne maame bisaa no su ko a ɔhwehwɛ wɔ okunu ho. Wɔbɔɔ eyi ho nkɔmmɔ na ɔkyerɛw su horow a ɔbɛtwɛn kosi sɛ obenya obi a ɔwɔ bi. Ná nea ɔkyerɛw no nyɛ nea ntease nnim. Nea na ɛka ho ne sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a obetumi abu no, na ɛsɛ sɛ nneɛma a ɔpɛ na n’ani gye ho no ne ne de hyia. Mprempren, sɛ nanabea a ɔwɔ anigye no, Ann da so kamfo kyerɛ sɛ afoforo nni nhwɛso yi akyi.
Kristofo fam no, Bible ahyɛde a ese wɔnware “Awurade mu nko” no yɛ ade a ehia sɛ wosusuw ho yiye. (1 Korintofo 7:39) Obi a ɔwɔ “Awurade mu” no yɛ obi a wahyira ne ho so abɔ asu, na ɔde ne ho hyɛ adwuma a Yesu yɛe no mu bi. Wɔn a wobu wɔn ani gu ahyɛde a ese wɔnware Awurade mu nko so no taa hu sɛ nea efi mu ba no yɛ awerehow. Enti bɔ mmɔden kyerɛ wo mma hia a ehia sɛ wosusuw obi a ɔne wɔn di abrabɔ ne honhom fam nnyinasosɛm koro no ara so ma enti obetumi aboa wɔn ma wɔde atete wɔn mma a ebia wobenya no nkutoo ho sɛ nea obetumi abɛyɛ wɔn hokafo.
Siesie Wɔn ma Nsɛnnennen ho Dwumadi
Sɛ wuhu sɛ wo mma anyinyin adu nea wobetumi ayɛ nhyehyɛe ne obi a ɛsono ne bɔbeasu apue a, ma wonhu nyansa a ɛwom sɛ wobehu wɔn yɔnko no yiye wɔ mmeae a nnipa wɔ, na wɔde wɔn ho ahyɛ nneɛma bi te sɛ adidibea, tete nneɛma akorae, mmoa yɛmmea, anaa adwinne korabea a wɔbɛkɔ mu, faako a wobetumi abɔ nkɔmmɔ na wɔahu wɔn ho yiye a enhia sɛ wɔtew wɔn ho fi nnipa afoforo ho. Boa wɔn ma wɔnte nea enti a nyansa wɔ eyi yɛ mu koraa sen sɛ wɔbɛtew wɔn ho akɔhyɛ kar bi a esi hɔ mu anaa beae foforo bi a obiara nni hɔ no ase. Ɛho hia nso sɛ wobɛkyerɛ wɔn sɛ, sɛ wopue na wɔsan ba fie a, ehia sɛ wɔne wɔn ho di nkra wɔ ɔpon ano na ɛnsɛ sɛ wɔma onii ko ba mu gye sɛ wonnae na wowɔ hɔ.
Bɔ wo mma kɔkɔ wɔ nea ebetumi aba ho. Sɛ nhwɛso no, atesɛm amanneɛbɔ bi ka osuani bi a ɔtoo nsa frɛɛ obi a ɔne no fii adi kɔɔ ne dan mu bere a wɔadidi awie sɛ wɔmmɛsaw na wɔmmɔ nkɔmmɔ ho asɛm. Ɛwom sɛ aberante no yɛɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no da de, nanso wanhyɛ no sɛ omfi hɔ nkɔ. Mmom no, bere a ɔkasa tiaa nea ɔreyɛ no, ɔpaa ho kyɛw, nanso ɔbɔɔ mmɔden bio sɛ ne nsa bɛka no. Amanneɛbɔ no se: “Awiei koraa no, ɛde rekɔ ahemadakye no, ne nsa kaa nea ɔhwehwɛ no” denam to a ɔtoo no mmonnaa so. Awerɛhosɛm bɛn ni!
Enti hwɛ sɛ wobɛma wo mma ahu sɛnea wodi nsɛm ho dwuma ntɛm ara sɛ ɛba sɛ obi ka mpo sɛ wommu ɔbra bɔne a. Ɛsɛ sɛ woguan fi tebea no mu sɛnea aberante Yosef guanee Potifar yere nhyɛsofo no. (Genesis 39:7-12) Ɛsɛ sɛ wohu sɛ asɛm a wɔtaa ka sɛ, “Sɛ wodɔ me a, anka wobɛpene,” no yɛ nea mpɛn pii no adaadaafo de di dwuma. Obiara a ɔka bi no yɛ obi a ɔtaa de di dwuma, na afei ogyaw nea wanya no no kɔhwehwɛ obi foforo a obenya no adaadaa no. Ɛsɛ sɛ wo babarima anaa ɔbabea no hu sɛ dabi a wɔka no pintinn ne anibere so no ne ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so bua ɔbra bɔne ho adwene a obi de bɛba no.
Hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo babea no na wakwati tebea horow a ebetumi ama wɔato no mmonnaa no. Si hia a ehia sɛ ohu ɔbarima biara a ɔne no bɛyɛ nhyehyɛe apue no yiye, na wo, ɔwofo no nso hu onii a ɔte saa no yiye. Sɛ wo mma nte beae a ɛbɛn wo bio a, ɛnde hwɛ hu sɛ wobebisa nea wɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔn hokafo no ho asɛm afi Kristoni ɔhwɛfo bi nkyɛn. Kae sɛ, nnaadaafo bi wɔ hɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo na wowiawia wɔn ho bɛhyɛ asafo no mu, sɛnea na ɛwɔ afeha a edi kan no mu no ara pɛ.—2 Petro 2:13-15, 17, 18.
Bio nso, ehia sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma mmarima no sɛ mmarima pa nhyɛ da mpira nnipa afoforo. Wɔbɔ wɔn ho ban. Mmarima pa hyɛ wɔn nkate ahorow so, wɔmmma ennni wɔn so. Ɛsɛ sɛ wɔne mmea di ɔkwan pa so sɛnea wɔbɛyɛ ama wɔn nanom anaa wɔn nuanom mmea no, wɔ nidi ne obu mu.—1 Timoteo 5:1, 2.
Mma wo mma werɛ mfi Bible mu nnyinasosɛm titiriw yi: “Fekubɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, Revised Standard Version) Enti, ɛsɛ sɛ wo mma hu sɛnea ehia sɛ wɔne wɔn a wɔn bra asɛe remmɔ. Ma wɔnte ase mfi wɔn mmofraase sɛ, bere a afoforo nhu nea wɔreyɛ no, Onyankopɔn hu bere nyinaa, na obetua yɛn mu biara ka sɛnea yɛn nnwuma te.—Romafo 2:6.
Abrabɔ Pa Wɔde Tra Ase wɔ Ɔbrasɛe Wiase Mu
Ɛwom sɛ wiase atumfo aka sɛ “wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so asiw mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔnwaree a wofi ase de wɔn ho hyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu ano yiye” de, nanso Kristofo awofo nim sɛ wobetumi ayɛ. Ɛdenam Onyankopɔn dɔ ne nokware obu ma ne mmara a wɔde dua wɔn mma mu so no, awofo siesie wɔn mma na wɔatumi agyina wiase a ne bra asɛe yi mu sɔhwɛ ahorow ano, na wɔde abrabɔ pa a ɛteɛ atra ase. Yehowa Adansefo asafo kɛse a nnipa ɔpepem pii wom no da nsow yiye wɔ Onyankopɔn Asɛm mu abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a wodi so no ho. New Catholic Encyclopedia no mpo ka sɛ saa kuw yi “aware ne ɔbarima ne ɔbea nna fam abrabɔ pa yɛ katee yiye.”—Po 7, kratafa 864.
Mmofra a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu a wobu bra pa no nim sɛ ɛnyɛ wɔn awofo nko na wɔn ho hia wɔn na wɔkyerɛ wɔn ho anigye, na mmom wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no. Wɔn ani gye, wonya afã horow wɔ asafo nhyiam ahorow mu, wosua akwan horow a wɔfa so kyerɛkyerɛ, na wɔde wɔn ho hyɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ mu. Wɔda abrabɔ pa adi, nya hia a wɔn ho hia no mu anigye, na wɔwɔ daakye pa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu ho anidaso.—1 Yohane 2:17; Adiyisɛm 21:3, 4.
[Kratafa 27 adaka]
Hena na Wobɛware No?
Nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work de nyansahyɛ ahorow a eye sen biara ma wɔ sɛnea mmerante ne mmabaa betumi ahu obi a ebia wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛware no yiye no ho.aƐkyerɛ hia a ehia sɛ wohu nea onipa no bɔ mu mmɔden yiye ne nea ɔtɔ mu sin, sɛnea ɔte ankasa. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
Nea edi kan no, wubetumi ahwɛ onii no. Ɔyɛ n’ade dɛn? Ɔne afoforo di nsɛm dɛn? Ɔkwan bɛn so na ɔne n’awofo anaa abusua no mufo afoforo kasa? Nneɛma yi ho hia, efisɛ ɛkyerɛ sɛnea awiei koraa no, ɔbɛyɛ wo nso.
Ɛdenam nkɔmmɔbɔ ara kɛkɛ so no, wubetumi ahu sɛ ebia nneɛma a n’ani gye ho ne ne botae ahorow ne wo de hyia anaa. Wubetumi abisa afoforo nea wosusuw wɔ saa onii yi ho.
Wobɛpɛ sɛ wuhu onii a ɔyɛ, n’adwene, ne nsusuwii, ne sɛnea ɔte wɔ ne mu. Ɔyɛ n’ade dɛn wɔ nhyɛso ase? Henanom ne ne nnamfo? N’abusua te dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔne wɔn ho wɔn ho di nsɛm?
Adwuma a wone onii no bɛbom ayɛ no bɛma woatumi ahu ne su horow no yiye. Ma bere a ɛdɔɔso ntwam na ne su horow bi a enye ada adi. Afei, sɛnea nhoma a eye kyɛn so yi ka wɔ mmerante ne mmabaa a wɔadi saa afotu pa yi akyi no ho no: “Wobetumi de ani a ɛda hɔ ahyɛn aware mu a wɔwɔ ahotoso sɛ wobetumi adi nsɛnnennen a ɛbɛsɔre ho dwuma. Nantew a edi aware anim papa asiesie wɔn ama aware pa a anigye wom.”—Atiri 29-32.
[Ase hɔ nsɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi na wotintim saa nhoma yi.
[Kratafa 25 mfonini]
Ɔhonam fam ahoɔfɛ betumi ayɛ anigye, nanso suban pa ho hia kɛse
[Kratafa 26 mfonini]
Nyansa wom sɛ wobehu wɔn ho yiye wɔ mmeae a nnipa wɔ sen sɛ wɔbɛtew wɔn ho akɔhyɛ faako a obiara nni hɔ