Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/15 kr. 16-21
  • Yehowa Ani Nsɔ W’akontaabu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ani Nsɔ W’akontaabu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ Ma Ɛyɛ Nea Ɛfata sɛ Yebu Akontaa
  • Yɛn Som Adwuma Ho Akontaabu
  • Akontaa Pa a Yebebu sɛ́ Mmusua
  • Mpanyimfo Bu Akontaa—Ɔkwan Bɛn So?
  • Monkɔ so Mmu Akontaa Pa
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛn Nyinaa Bu Akontaa Kyerɛ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yerusalem—So ‘Ɛkyɛn W’anigye Nyinaa’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/15 kr. 16-21

Yehowa Ani Nsɔ W’akontaabu

“Eyi ho . . . kae me, me Nyankopɔn . . . Kae me, me Nyankopɔn, ma ensi yiye.”—NEHEMIA 13:22, 31.

1. Dɛn na ɛboa wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no ma wobu akontaa pa kyerɛ Yehowa?

YEHOWA asomfo nya mmoa biara a wohia a ɛbɛma wɔatumi abu akontaa pa akyerɛ no. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ́ n’asase so ahyehyɛde no mufo no, wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Wayi n’atirimpɔw ahorow adi akyerɛ wɔn, na ɔnam ne honhom kronkron no so ayɛ wɔn mmoa na wama wɔn honhom fam nhumu. (Dwom 51:11; 119:105; 1 Korintofo 2:10-13) Esiane tebea horow a ɛda nsow yi nti, Yehowa fi ɔdɔ mu hwehwɛ sɛ n’asase so asomfo bu akontaa kyerɛ no wɔ sɛnea wɔte ne nea wɔnam n’ahoɔden ne ne honhom kronkron no mmoa so tumi yɛ ho.

2. (a) Akwan bɛn so na Nehemia buu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn? (b) Adesrɛ bɛn na Nehemia de wiee Bible mu nhoma a ne din da so no?

2 Ɔbarima biako a obuu akontaa pa kyerɛɛ Onyankopɔn ne Nehemia, Persia Hene Artasasta (Longimanus), nsahyɛfo no. (Nehemia 2:1) Nehemia bɛyɛɛ Yudafo amrado, na ɔsan too Yerusalem afasu no wɔ atamfo anim ne asiane mu. Esiane sɛ na ɔwɔ nokware som ho mmɔdenbɔ nti, ɔhwɛ ma Onyankopɔn Mmara yɛɛ adwuma, na odwenee wɔn a wɔhyɛɛ wɔn so ho. (Nehemia 5:14-19) Nehemia hyɛɛ Lewifo nkuran sɛ wɔntew wɔn ho bere nyinaa, nhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ Homeda kronkron. Enti otumi bɔɔ mpae sɛ: “Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.” Ɛfata nso sɛ, Nehemia de adesrɛ yi wiee ne nhoma a efi Onyankopɔn home mu no: “Kae me, me Nyankopɔn, ma ensi yiye.”—Nehemia 13:22, 31.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na wobɛka onipa a ɔyɛ papa ho asɛm? (b) Nsɛm bɛn na Nehemia asetra kwan ho a yebesusuw no bɛma yɛabisa yɛn ho?

3 Onipa a ɔyɛ nneɛma pa no yɛ onipa pa, na ɔyɛ nneɛma pa a ɛso ba afoforo mfaso. Na Nehemia yɛ onipa a ɔte saa. Na ɔwɔ suro pa ma Onyankopɔn ne nsi kɛse ma nokware som. Afei nso, na ɔkyerɛ anisɔ wɔ hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som mu no ho, na obuu akontaa pa kyerɛɛ Yehowa. Ebia n’asetra kwan ho a yebesusuw no bɛma yɛabisa yɛn ho sɛ, ‘Mibu hokwan ne asɛyɛde ahorow a Onyankopɔn de ama me no dɛn? Akontaa bɛn na merebu akyerɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo?’

Nimdeɛ Ma Ɛyɛ Nea Ɛfata sɛ Yebu Akontaa

4. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo, na dɛn na wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” no yɛe?

4 Yesu de ahyɛde yi maa n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Na nkyerɛkyerɛ so na wɔnam bɛyɛ asuafo. Ná wɔn a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn saa, na “wɔpɛ daa nkwa” no bɛma wɔabɔ wɔn asu, sɛnea Yesu yɛe no. (Asomafo no Nnwuma 13:48, NW; Marko 1:9-11) Ná ɔpɛ a wobenya sɛ wobedi nneɛma a wahyɛ nyinaa so no befi komam. Ná wɔnam Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a wobenya na wɔde adi dwuma so bedu baabi a wobehyira wɔn ho so.—Yohane 17:3.

5, 6. Ɛsɛ sɛ yɛte Yakobo 4:17 ase dɛn? Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde di dwuma no mu.

5 Dodow a yenya Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ no, dodow no ara na yɛn gyidi nnyinaso yɛ papa. Bere koro no ara no, akontaabu a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no bɛyɛ pii. Yakobo 4:17 ka sɛ: “Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” Ɛda adi sɛ saa asɛm yi yɛ nea osuani Yakobo de wiee asɛm a na ɔka faa nkurɔfo a wɔhoahoa wɔn ho sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so koraa ho no nkyɛe. Sɛ obi nim sɛ ontumi nyɛ biribi a ɛtra hɔ daa a Yehowa mmoa nka ho, nanso ɔnyɛ n’ade ma ɛnne saa adwene yi nhyia a, eyi yɛ bɔne. Nanso Yakobo nsɛm no betumi afa anibiannaso bɔne ho nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no mu no, ɛnyɛ nneyɛe bɔne ho na wobu mpapo no fɔ, na mmom sɛ wɔmmoa Kristo nuanom no ho.—Mateo 25:41-46.

6 Ná ɔbarima bi a Yehowa Adansefo ne no yɛ Bible adesua nnya honhom fam nkɔso ahe biara, a ɛda adi sɛ sigaret a na onnyae nom ntia, ɛwom sɛ na onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa de. Ɔpanyin bi ma ɔkenkanee Yakobo 4:17. Bere a ɔpanyin no kaa hia a kyerɛwsɛm yi ho hia ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ wunnya mmɔɔ asu de, nanso wowɔ akontaabu, na wo gyinaesi ho asɛyɛde nyinaa da wo so.” Nea ɛyɛ anigye no, ɔbarima no yɛɛ ho biribi, gyaee sigaretnom, na ankyɛ na ɔfata maa asubɔ de yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne.

Yɛn Som Adwuma Ho Akontaabu

7. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma “Onyankopɔn ho nimdeɛ”?

7 Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a efi komam sɛ yɛbɛsɔ yɛn Bɔfo no ani. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ne sɛ yebedi ahyɛde a ɛne sɛ yɛmma nkurɔfo nyɛ ne Ba, Yesu Kristo, asuafo no so. Eyi nso yɛ ɔkwan a yɛnam so da yɛn dɔ adi kyerɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko. (Mmebusɛm 2:1-5; Mateo 22:35-40) Yiw, Onyankopɔn ho nimdeɛ a yɛwɔ no ma ɛyɛ nea ɛfata sɛ yebu akontaa kyerɛ no, na ɛho hia sɛ yebu yɛn mfɛfo nnipa sɛ wobetumi abɛyɛ asuafo.

8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Paulo tee nka sɛ obebu ne som adwuma ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn?

8 Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ koma nyinaa mu a wofi gye asɛmpa no na wɔyɛ ho osetie no de nkwagye ba, bere a pow a wɔpow no betumi de ɔsɛe aba. (2 Tesalonikafo 1:6-8) Enti ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ obu ne som adwuma ho akontaa kyerɛ Yehowa. Nokwarem no, Paulo ne n’ahokafo ani sɔɔ wɔn som adwuma araa ma wɔhwɛɛ yiye sɛ wɔmma ɛnyɛ te sɛ nea wɔde repɛ sika fam mfaso mpo. Afei nso, Paulo koma kaa no ma ɔkae sɛ: “Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!”—1 Korintofo 9:11-16.

9. Ɛka titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa tua?

9 Sɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, ‘etwa sɛ yɛka asɛmpa no.’ Ɛyɛ yɛn ahyɛde sɛ yɛka Ahenni asɛm no. Yegyee saa asɛyɛde no toom bere a yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn no. (Fa toto Luka 9:23, 24 ho.) Afei nso, yɛwɔ ɛka bi a ɛsɛ sɛ yetua. Paulo kae sɛ: “Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wonnim nyansa no ka; ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.” (Romafo 1:14, 15) Ná Paulo de ka efisɛ na onim sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no na ama nkurɔfo atumi ate ma wɔagye wɔn nkwa. (1 Timoteo 1:12-16; 2:3, 4) Enti ɔyɛɛ adwuma de dii n’ahyɛde no ho dwuma, na otuaa ɛka a ɔde ne mfɛfo nnipa no. Sɛ́ Kristofo no, yɛn nso yɛde ka a ɛte saa a ɛsɛ sɛ yetua. Ahenni asɛmpaka no nso yɛ ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ada ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn, ne Ba no, ne yɛn afipamfo adi.—Luka 10:25-28.

10. Dɛn na ebinom ayɛ de atrɛw wɔn som adwuma mu?

10 Ɔkwan koro a yɛbɛfa so abu akontaa a ɛfata akyerɛ Onyankopɔn ne sɛ yɛde nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden bɛtrɛw yɛn som adwuma mu. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Nnipa pii a wofi aman horow mu aba Britain nnansa yi mfe mu. Akwampaefo (wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ka Ahenni ho asɛm) bɛboro 800, ne Adansefo foforo ɔhaha pii resua kasa horow na ama wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔte saa no. Eyi akanyan ɔsom adwuma no wɔ ɔkwampa so. Ɔkwampaefo bi a ɔkyerɛ adesuakuw bi China kasa kae sɛ: “Mansusuw da sɛ mɛkyerɛ Adansefo foforo me kasa, na ama wɔatumi aka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ saa kwan yi so. Ɛyɛ anigye kɛse!” Wubetumi atrɛw wo som adwuma mu wɔ saa kwan yi so?

11. Dɛn na efii adanse a Kristoni bi dii wɔ bɔnnɔ so no mu bae?

11 Ɛda adi sɛ yɛn mu biara bɛyɛ nea yebetumi biara de agye onipa bi a nsu refa no. Yehowa asomfo ani gye ho saa ara sɛ wɔde nneɛma a wɔbɔ mu mmɔden bedi dwuma de adi adanse bere biara a hokwan no bɛba. Ɔdansefo bi traa ɔbea bi nkyɛn wɔ bɔs mu nnansa yi, na ɔkaa Kyerɛwnsɛm no ho asɛm kyerɛɛ no. Esiane sɛ ɔbea no ani gyee nea ɔtee no ho nti, obisaa nsɛm pii. Bere a Ɔdansefo no refi bɔs no mu asi no, ɔbea no srɛɛ no sɛ ɔmmɛsra no wɔ ne fie mmom, efisɛ na ɔda so ara wɔ nsɛmmisa pii. Ɔdansefo no penee so. Dɛn na efii mu bae? Wofii Bible adesua ase, na asram asia akyi no ɔbea no bɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Ankyɛ, na ɔno ankasa reyɛ ofie Bible adesua ahorow asia. Nneɛma a obi bɔ mu mmɔden a ɔde di dwuma wɔ Ahenni som adwuma mu so akatua a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden sɛ asomfo no adi dwuma ɔkwampa so wɔ asɛnka mu?

12 Yebetumi de nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden sɛ asomafo no adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu denam nhoma ahorow te sɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a ekura nkratafa 192 no a yɛde bɛyɛ adwuma no so. Ebeduu April 1996 no, na Yehowa Adansefo Sodikuw no Akyerɛw Boayikuw no apene so sɛ wontintim Nimdeɛ nhoma no nkɔ kasa horow bɛboro 140 mu, na ebeduu saa bere no na wɔatintim mfuamfua 30,500,000 wɔ kasa horow 111 mu dedaw. Botae a wɔde kyerɛw saa nhoma yi ne sɛ wɔde bɛboa Bible asuafo ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow a ɛbɛma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔabɔ wɔn asu, ho nneɛma pii. Esiane sɛ Ahenni adawurubɔfo ne osuani koro no ara nyɛ ofie Bible adesua mfe pii nti, wobetumi ne nnipa pii asua ade anaasɛ wɔama wɔn afie afie adwuma no ne ɔsom adwuma no afã foforo anya nkɔanim. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20, 21) Esiane sɛ wonim sɛ wɔwɔ akontaabu wɔ Onyankopɔn anim nti, wɔtwe adwene si ɔsoro kɔkɔbɔ ahorow so. (Hesekiel 33:7-9) Nanso wɔn atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam na wɔaboa nnipa pii sɛnea wobetumi biara ma wɔasua asɛmpa no ho ade wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bere tiaa a aka no mu.

Akontaa Pa a Yebebu sɛ́ Mmusua

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua a wosuro Onyankopɔn yɛ abusua Bible adesua daa?

13 Ankorankoro ne abusua biara a wogye nokware Kristosom tom no bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn, ma enti ɛsɛ sɛ ‘wɔpere kɔ onyin mu’ na ‘wɔde gyidi gyina pintinn.’ (Hebrifo 6:1-3; 1 Petro 5:8, 9) Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no na wɔabɔ wɔn asu no ma wɔn Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ di mũ denam asafo nhyiam horow a wɔbɛkɔ daa ne Bible ne Kristofo nhoma foforo a wɔbɛkenkan so. Ɛsɛ sɛ mmusua a wosuro Onyankopɔn yɛ abusua adesua daa nso, efisɛ ɛno yɛ ɔkwan titiriw a wɔbɛfa so awɛn, agyina pintinn wɔ gyidi mu, ayɛ mmarima, na wɔn ho ayɛ den.’ (1 Korintofo 16:13) Sɛ woyɛ abusua ti a, wowɔ akontaabu kɛse wɔ Onyankopɔn anim sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ w’abusua no nya honhom fam aduan yiye. Sɛnea honam fam aduan a ahoɔden wom ma yenya honam fam ahoɔden no, saa ara na honhom fam aduan a ɛdɔɔso a wodi no daa ho hia, ansa na wo ne w’abusua ho akɔ so ‘ayɛ den gyidi mu.’—Tito 1:13.

14. Dɛn na efii adanse a Israelni abeawa bi a wɔakyerɛkyerɛ no yiye dii no mu bae?

14 Sɛ mma wɔ wo abusua mu a, Onyankopɔn ani bɛsɔ w’akontaabu sɛ womaa wɔn honhom fam ɔkyerɛkyerɛ pa. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no so bɛba wɔn mfaso, sɛnea ɛyɛɛ Israelni abeawa bi a Siriafo faa no dommum wɔ Onyankopɔn diyifo Elisa nna no mu no. Ɔbɛyɛɛ Naaman, Siriafo sahene a na ɔyare kwata no yere abaawa. Ɛwom sɛ na abeawa no sua de, nanso ɔka kyerɛɛ n’awuraa no sɛ: “A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnde anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.” Esiane n’adanse no nti, Naaman kɔɔ Israel, ma awiei koraa no ɔpenee Elisa akwankyerɛ no so koguaree mpɛn ason wɔ Yordan Asubɔnten no mu, na kwata no fii ne ho. Afei nso, Naaman bɛyɛɛ Yehowa somfo. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi maa abeawa kumaa no ani gyei!—2 Ahene 5:1-3, 13-19.

15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo ma wɔn mma honhom fam ntetee pa? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Ɛnna fam sɛ wobɛtete mma a wosuro Onyankopɔn wɔ wiase a ɔbrasɛe ayɛ mu ma a ɛda Satan tumi mu yi mu. (1 Yohane 5:19) Nanso, Timoteo nena Lois, ne ne maame Eunike, kyerɛkyerɛɛ no Kyerɛwnsɛm no yiye fii ne mmofraase. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Bible no a wone wo mma besua, de wɔn akɔ Kristofo nhyiam horow daa, na bere bi akyi no wode wɔn aka wo ho akɔ asɛnka no nyinaa yɛ akwan a wɔfa so de ntetee ma a ɛsɛ sɛ wubu ho akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Kristoni bi a ɔwɔ Wales, a mprempren ɔwɔ ne mfe 80 mfinimfini mu kae sɛ, 1920 mfe no mfiase mu no, ne papa de no kaa ne ho bere a na ɔnantew twa kwan kilomita 10 foro bepɔw (a ne kɔ ne ne ba yɛ kilomita 20) kɔkyekyɛɛ Bible ho nkratawa maa nkuraasefo a na wɔwɔ obon a ɛwɔ bepɔw no akyi pɛɛ no. Ɔde anisɔ ka sɛ: “Ɛyɛ saa akwantwa no mu na me papa de nokware no duaa me komam.”

Mpanyimfo Bu Akontaa—Ɔkwan Bɛn So?

16, 17. (a) Hokwan ahorow bɛn na mpanyimfo a na wɔn ho akokwaw honhom fam nyae wɔ tete Israel? (b) Sɛ yɛde toto tebea a na ɛwɔ tete Israel no ho a, dɛn nti na wɔhwehwɛ pii fi Kristofo mpanyimfo hɔ nnɛ?

16 Onyansafo Salomo kae sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Nanso ɛnyɛ honam fam onyin kɛkɛ na ɛma ɔbarima bi fata ma asɛyɛde wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asafo mu. Mpanyimfo a na wɔn ho akokwaw honhom fam wɔ tete Israel somee sɛ atemmufo ne mpanyimfo a wobuu atɛntrenee, na wɔhwɛ maa asomdwoe, nhyehyɛe pa, ne honhom fam akwahosan traa hɔ. (Deuteronomium 16:18-20) Ɛwom sɛ ɛte saa ara wɔ Kristofo asafo no mu de, nanso wɔhwehwɛ pii fi mpanyimfo hɔ bere a nneɛma nhyehyɛe yi awiei bɛn no. Dɛn ntia?

17 Ná Israelfo no yɛ ‘nkurɔfo a wɔapaw wɔn,’ a Onyankopɔn gyee wɔn fii tete Misraim. Esiane sɛ wɔn nsa kaa Mmara no fii wɔn ntamgyinafo Mose hɔ nti, wɔwoo wɔn asefo guu ɔman a wɔahyira so mu, na na wonim Yehowa ahyɛde horow mu. (Deuteronomium 7:6, 11) Nanso, wɔnwo obiara nto ɔman bi a wɔahyira so mu nnɛ, na sɛ yɛde toto ho a, nnipa kakraa bi na wɔtete wɔn wɔ mmusua a wosuro Onyankopɔn mu a wonim Kyerɛwnsɛm mu nokware no mu yiye. Wɔn a wɔafi ase ‘renantew nokware no mu’ nnansa yi ara no titiriw na wobehia sɛnea wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bɛtra ase no ho akwankyerɛ. (3 Yohane 4) Enti hwɛ asɛyɛde ara a ɛda mpanyimfo anokwafo no mmati bere a ‘woso nsɛm pa a eye’ no mu na wɔboa Yehowa nkurɔfo no!—2 Timoteo 1:13, 14.

18. Mmoa bɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo siesie wɔn ho sɛ wɔde bɛma, na dɛn ntia?

18 Akokoaa a ɔresua nantew betumi asunti ahwe ase. Onni ahotoso, na ohia awofo mmoa ne awerɛhyem. Saa ara na obi a wahyira ne ho so ama Yehowa betumi asunti anaa wahwe ase wɔ honhom fam. Ɔsomafo Paulo mpo hui sɛ na ɛho hia sɛ ɔpere na watumi ayɛ nea ɛteɛ anaa nea ɛyɛ papa wɔ Onyankopɔn ani so. (Romafo 7:21-25) Ehia sɛ Onyankopɔn nguankuw no so ahwɛfo fi ɔdɔ mu boa Kristofo a wɔayɛ bɔne na wɔanu wɔn ho nokwarem no. Bere a mpanyimfo kɔsraa ɔbea bi a wahyira ne so na wayɛ bɔne bi a anibere wom no, ɔkae wɔ ne kunu a wahyira ne ho so anim sɛ: “Minim sɛ mubetu me!” Nanso nusu guu no bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wohu mmoa a ɛho hia na ama wɔatumi asan apagyaw abusua no wɔ honhom fam no. Esiane sɛ na mpanyimfo no nim sɛ ɛsɛ sɛ wobu akontaa nti, wɔn ani gyei sɛ wotumi boaa ɔyɔnko gyidi a wanu ne ho.—Hebrifo 13:17.

Monkɔ so Mmu Akontaa Pa

19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so abu akontaa pa akyerɛ Onyankopɔn?

19 Ɛho hia sɛ asafo mu mpanyimfo ne Onyankopɔn asomfo a aka nyinaa kɔ so bu akontaa pa kyerɛ Yehowa. Yebetumi ayɛ eyi, sɛ yɛbata Onyankopɔn Asɛm ho na yɛyɛ n’apɛde a. (Mmebusɛm 3:5, 6; Romafo 12:1, 2, 9) Wɔn a yɛne wɔn wɔ gyidi no mu titiriw na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn papa. (Galatifo 6:10) Nanso, otwa adwuma no da so ara so, na adwumayɛfo no da so ara sua. (Mateo 9:37, 38) Enti momma yɛnyɛ afoforo papa denam Ahenni asɛm no a yɛde nsi bɛka akyerɛ no so. Yehowa ani bɛsɔ yɛn akontaabu, sɛ yedi yɛn ahosohyira no ho dwuma, yɛ n’apɛde, na yɛka asɛmpa no kyerɛ a.

20. Dɛn na yesua fi Nehemia asetra kwan ho a yɛasusuw no mu?

20 Enti momma yɛnkɔ so nyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu. (1 Korintofo 15:58) Na mfaso wɔ so sɛ yebesusuw Nehemia a ɔsan too Yerusalem ɔfasu, hwɛ maa Onyankopɔn Mmara yɛɛ adwuma, na ɔde mmɔdenbɔ hyɛɛ nokware som ho nkuran no ho. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa Nyankopɔn nkae no wɔ papa a wayɛ no ho. Ɛmmra sɛ wode wo ho bɛma Yehowa saa ara, na ɛmmra sɛ n’ani bɛsɔ w’akontaabu.

Wo Mmuae Ne Dɛn?

◻ Nhwɛso bɛn na Nehemia yɛe?

◻ Dɛn nti na nimdeɛ ma yebu akontaa kyerɛ Onyankopɔn?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi abu akontaa a ɛsɔ ani akyerɛ Yehowa wɔ yɛn som adwuma no mu?

◻ Dɛn na mmusua betumi ayɛ de abu akontaa pa akyerɛ Onyankopɔn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo bu akontaa?

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

Te sɛ Paulo no, yebetumi abu akontaa pa akyerɛ Onyankopɔn sɛ Ahenni adawurubɔfo

[Kratafa 19 mfonini]

Are your children strong in faith like the little Israelite girl in Naaman’s home?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena