Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 9/1 kr. 17
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Apɔnkɔ Sotefo No Ho Ahintasɛm No A Wohu Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Adiyisɛm No Mu Apɔnkɔ Sotefo A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 9/1 kr. 17

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

“Akatua” bɛn na ɔsomafo Paulo nyaa mu anigye esiane sɛ ofi ne pɛ mu kaa “asɛmpa” no nti?

Ɔsomafo no kae sɛ: “Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.” (1 Kor. 9:17) Nea wɔakyerɛw afa ho no nyinaa mu mpɛɛpɛɛmu ma nea na ɛwɔ Paulo adwene mu no da adi pefee.

Ɔsomafo no sii so dua wɔ 1 Korintofo ti 9 no nyinaa sɛ wamfa hokwan a ɔwɔ sɛ ogyae honam fam adwuma a ɔyɛ no na ‘odidi asɛmpa no ho’ no anni dwuma. (1 Ko 9 Nky. 14.) Ogyinaa da biara da asetra mu nsɛm ne Mose mmara no ne nea Yesu Kristo ankasa de too ho no so maa emu daa hɔ pefee sɛ ɛfata sɛ wɔde honam fam mmoa ma wɔn a wɔka “asɛmpa” no.

Esiane sɛ Paulo fi n’ankasa ne pɛ mu na wamfa saa hokwan yi anni dwuma na mmom ɔkae sɛ n’ankasa bɛyɛ adwuma de aboa ne ho nti, n’akatua ne anigye ne akomatɔyam a ɛba fi ɔkwan ɛte saa a odi akyi no mu no. Obetumi afi ahonim a emu tew mu atwe adwene aba nhwɛso a ɔde too hɔ a pɛsɛmenkominya nnim a ɔde dii honhom fam nneɛma a ɛbɛyɛ mfaso ama afoforo akyi no so. Obiara nni hɔ a ɔbɛkasa atia no sɛ ɔfaa “asɛmpa” no ka so nyaa honam fam nneɛma. Wamfa tumi a wɔde ahyɛ ne nsa ne adwuma a ɛka ho a ɛne ofiehwɛ adwuma no anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ɛno nti na obetumi aka sɛ: “Afei m’akatua ne nea ɛwɔ he? Ɛne sɛ meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho, na mamfa me kwan a mewɔ no asɛmpa no ho no manyɛ biribi.”​—1 Kor. 9:18.

So ‘Adiyisɛm apɔnkɔsotefo no yɛ baanan? Anaasɛ wɔyɛ baanum?

Ɔkasasin, ‘Adiyisɛm apɔnkɔsotefo baanan’ a Spaniani, ɔkyerɛwfo Vicente Blasco Ibanez kyerɛw faa Wiase Nyinaa Ko I ho de gyee din no yɛ nea ogyina nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Adiyisɛm anaasɛ Apocalypse ti asia no so kyerɛwee.

Ɛhɔ na ɔsomafo Yohane huu anisoadehu bi a ‘ɔpɔnkɔ fitaa bi ne nea ɔte no so wom,’ na ɔtee ase sɛ egyina hɔ ma Yesu Kristo a ɔte ɔpɔnkɔ so sɛ ɔsoro hene. Nea odii hɔ bae ne obi a ɔte “ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ” so. Na ɛno nso gyina hɔ ma ɔko a efii ase fi 1914 Y.B. no. Ɔpɔnkɔ tuntum bi a obi te no so ne nea ɔto so abiɛsa, na egyina hɔ ma aduankɔm kɛse. Nkyerɛkyerɛmu no de kaa ho sɛ: “Na mihui, na hwɛ ɔpɔnkɔ nsonso bi ni, na nea ɔte so no din de Owu, na asaman di n’akyi.”​—Adi. 6:1-8.a

Nanso Asaman (Hades) di Owu akyi dɛn? So na Asaman (Hades) te n’ankasa ne pɔnkɔ a wɔankyerɛkyerɛ mu so anaasɛ na Asaman (Hades) te Owu akyi wɔ ɔpɔnkɔ nsonso no so? Anaasɛ na Asaman (Hades) nte ɔpɔnkɔ biara koraa so, na mmom na odi wɔn akyi ara kwa? Wɔ nokwarem no eyi mu biara ntumi nkyerɛ nsemmisa yi mu nea ɛyɛ nokware, efisɛ Yohane ankasa ankyerɛkyerɛ mu. Enti, nea yebetumi aka wɔ asɛm no ho ara ne sɛ Yohane huu apɔnkɔsotefo baanan​—apɔnkɔsotefo baanan a wɔtete apɔnkɔ fitaa, kɔkɔɔ, tuntum ne nsonso so. Ɛho nhia sɛ yɛbɛyɛ katee wɔ sɛ́ Asaman (Hades) te ɔpɔnkɔ a ɔto so anum so anaasɛ ɛnte saa.

Yohane nkyerɛkyerɛmu no boa yɛn ma yehu nea osusuw sɛ ɛho hia titiriw no, kyɛn sɛnea Asaman anaa Hades di akyi kwa no. Na ɛno ne sɛ, wɔn a mpofirim wu to wɔn​—te sɛ, denam ɔko, ɔkɔm ne ɔyaredɔm mu no yɛ wɔn a wɔboaboa wɔn ano kɔ Asaman anaa Hades, adesamma nyinaa ɔdamoa no mu.​—Adi. 20:13.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ate nkyekyem biara a wɔde ama wɔ eyi mu no ase no, hwɛ nhoma “Then Is Finished the Mystery of God,” nkrat. 37-60.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena