Yɛ Ade Nyinaa Asɛmpa No Nti
“Eyi nyinaa asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.”—1 KORINTOFO 9:23.
1. Su bɛn na yɛn nyinaa wɔ, nanso dɛn na Onyankopɔn ama yɛanya ne nnyinaso?
ƐWOM sɛ ɛsono yɛn nyinaa akwan horow so de, nanso yɛn nyinaa wɔ su biako bi. Ɛdenam nea yenya fii Adam hɔ no so no, wɔwoo yɛn sɛ abɔnefo a wɔatew wɔn afi Ɔsorosoroni Nyankopɔn Yehowa no ho. (Romafo 5:12; Kolosefo 1:21) Sɛnea Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Enti, sɛ wobegye nnipa a wofi mmusua ne aman nyinaa mu nkwa a, ɛho hia sɛ wɔpata wɔne Onyankopɔn ntam. Na aseda bɛn ara na yebetumi de ama sɛɛ yi sɛ Yehowa nam ɔdɔ ne mmɔborohunu a ebiara ne no nsɛ so ama yɛanya nea wobegyina so apata yɛne no ntam!
2. (a) Ɔsom adwuma bɛn na wɔde hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn nsa? (b) Hena nhwɛso na yebetumi asua biribi afi mu, na dɛn ntia? (1 Korintofo 11:1)
2 Mfeha dunkron a atwam ni no, wɔde “mpata asɛm” hyɛɛ Yehowa adansefo nsa. Paulo kae sɛ: “Yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: momma wɔmfa mpata nka mo mmɔ Onyankopɔn ho.” (2 Korintofo 5:18-20) Su bɛn na ɔsomafo no de yɛɛ saa ɔsom adwuma yi? Ɔkae sɛ: “Mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa ama nnipa nyinaa, na manya pii.” (1 Korintofo 9:19) Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo fi ahonim mu bɔɔ mmɔden de ne nkrasɛm no mae ɔkwan a etu mpɔn so, efisɛ ɔkae nso sɛ: “Eyi nyinaa asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.” (1 Korintofo 9:23) Enti, dɛn na yebetumi asua afi Paulo nhwɛso no mu?
Yudafo Ahobrɛasefo a Ɔboaa Wɔn
3. Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ a na Paulo wɔ sɛ ɔbɛyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti no daa adi wɔ Timoteo ne Yudafo asɛm no mu?
3 Yudani a na Paulo yɛ ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti no siesiee no ma ɔboaa Yudafo ahobrɛasefo ma wogyee Yesu sɛ Mesia no. Sɛ nhwɛso no, susuw nea ɔsomafo no yɛe bere a ɔpaw Timoteo sɛ n’akwantu mu ɔhokafo no ho. Na wontwaa Timoteo a na n’agya yɛ Helani no twetia te sɛ Yudafo mmarimaa no. (Leviticus 12:2, 3) Na Paulo nim sɛ sɛ abarimaa a wontwaa no twetia bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa Yudafo ma wɔapata wɔne Onyankopɔn ntam a, ebia ɛbɛto wɔn hintidua. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ a ebia wɔrensiw Yudafo komapafo kwan wɔ gye a wobegye Yesu atom mu nti no, dɛn na Paulo yɛe? “Yudafo . . . no nti, ɔfaa [Timoteo] twaa no twetia.” Wɔyɛɛ eyi, ɛwom sɛ na twetiatwa nyɛ Kristofo ahwehwɛde de.—Asomafo no Nnwuma 16:1-3.
4. Sɛnea 1 Korintofo 9:20 kyerɛ no, na dɛn ne Paulo botae?
4 Saa kwan no so na Paulo yɛɛ ade nyinaa asɛmpa no nti bere a osusuw ne mfɛfo Yudafo ho ɔdɔ mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, menhyɛ mmara ase de, nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase.” (1 Korintofo 9:20) Yiw, sɛnea Timoteo asɛm no yɛ ho nhwɛso no, Paulo yɛɛ nea obetumi de nyaa Yudafo, na ɔboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Kristofo. Nanso so ɔne Amanaman mufo dii nsɛm saa ara?
Amanaman Mufo a Ɔhwehwɛe sɛ Obenya Wɔn
5. Henanom na Paulo kaa asɛm kyerɛɛ wɔn wɔ Korinto, na dɛn na efii mu bae?
5 Paulo koduu Korinto kurow mu bɛyɛ 50 Y.B. ahohuru bere mu akyi no, ɔkasa kyerɛɛ Yudafo ne Helafo a wɔabegye Yudafo gyidi no atom no dapɛn biara wɔ hyiadan mu. Nanso n’asɛnka a efi mmɔdenbɔ mu no kanyan ɔsɔretia kɛse araa ma ɔka kyerɛɛ n’atamfo no sɛ: “Mo mogya ngu mo ankasa atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.” Yehowa hyiraa saa adeyɛ yi so efisɛ “Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu” sɛ Kristofo. Nokwarem no, Awurade tuu Paulo fo wɔ anisoadehu mu sɛ ɔmmata saa dwumadi no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu.”—Asomafo no Nnwuma 18:1-10.
6. Dɛn na ɛkanyan Paulo anigye wɔ wɔn a na wɔn nsɛm tebea yɛ soronko wɔ ne de ho no mu?
6 Nokware ɔpɛ a na Paulo wɔ sɛ obenya Amanaman mufo ma wɔadan aba Kristosom mu no kaa no ma onyaa nnipa a wɔn nsɛm tebea yɛ soronko koraa fi n’ankasa de ho no ho anigye nso. “[Amanaman mufo] a wonni mmara no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ nea onni mmara, ɛnyɛ sɛ minni mmara Onyankopɔn anim, na mmom mewɔ Kristo mmara mu, na manya wɔn a wonni mmara no.” (1 Korintofo 9:21) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo no hwehwɛe sɛ obenya Amanaman mufo no?
7. Ɛdefa twetiatwa ho no, dɛn nti na na Tito tebea no yɛ soronko wɔ Timoteo de ho?
7 Bere a Paulo kɔɔ Yerusalem bɛyɛ 49 Y.B. mu sɛ ɔrekɔ Kristofo asafo no sodikuw no nhyiam bi a ɛho hia no, na Helani osuani Tito ka ne ho. Paulo de n’asɛnka adwuma wɔ amanaman mufo mu amanneɛ bɔɔ anuanom a na wɔahyiam no, na akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no po, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia.” (Galatifo 2:1-3) Nea ɛnte sɛ Timoteo no, Tito yɛɛ ne som adwuma no wɔ amanaman mufo a wontwaa wɔn twetia mu titiriw. Enti, twetiatwa ho asɛm ansɔre wɔ ne fam.—2 Korintofo 8:6, 16-18, 23; 12:18; Tito 1:4, 5.
8. Ɔkwan bɛn so na Paulo dii adanse wɔ Atene?
8 Paulo redi adanse wɔ Atene no, ɔdaa no adi bio sɛ ɔyɛɛ ade nyinaa asɛmpa no nti. Bere a saa Helafo kurow no mufo nsusuwii wɔ n’adwene mu no, ɔkaa wɔn Onyankopɔn a wonnim no no ho asɛm na ɔfaa wɔn anwensɛm akyerɛwfo Aratus ne Cleanthes a na wɔaka eyi no nsɛm kae: “Efisɛ n’abusua nso ne yɛn.” Saa kwan no so no, ɔsomafo no hwehwɛe sɛ ɔbɛboa n’atiefo no ma wɔate ase sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wosusuw sɛ Ɔsoroni no tebea te sɛ . . . adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi.’ Bio nso, Paulo kyerɛe sɛ: “Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so, na afei de, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.” Ɔdan adwene kɔɔ “ɔsoro ne asase wura” Yehowa so wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Na dɛn na efii mu bae? “Nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wogye dii.” (Asomafo no nnwuma 17:22-34) Yiw, Paulo akwan a ɔfaa so no sow aba!
9. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ ‘mmerɛw maa mmerɛwfo,’ na dɛn ntia?
9 Paulo kae sɛ: “Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛ nea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya mmerɛwfo.” (1 Korintofo 9:22a) Ɛwom sɛ na ɔsomafo no kasa mu yɛ hyew de, nanso osusuw Yudafo binom ne Amanaman mufo a wɔwɔ asafo no mu no ahonim a ɛyɛ mmerɛw no ho. Ɔhyɛɛ Romafo Kristofo no sɛ: “Nea ɔyɛ mmerɛw gyidi mu no, munnye no, na mummmu adwene atɛn!” Sɛ anka wobebu atɛn mmom no, Paulo kae sɛ: “Momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” (Romafo 14:1, 13, 19) Otuu fo sɛ: “Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnsɔ yɛn ankasa ani.” (Romafo 15:1) Esiane sɛ na onim sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ ne kasa ne n’adeyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa afoforo no nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa.”—1 Korintofo 9:22b; Galatifo 3:28.
Ma Ɔkwan a Wofa so Kyerɛkyerɛ Nnya Nkɔanim
10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo nnɛ?
10 Ɛnnɛ, ɛho hia sɛ Yehowa Adansefo suasua Paulo sɛnea osuaa Kristo no. (1 Korintofo 11:1.) Na ɔsomafo no yɛ ɔsɛnkafo a waben a na ɔwɔ asɛmpatrɛw honhom no. Ɛno ara betumi ayɛ nokware wɔ yɛn fam, ɛwom sɛ ebia yɛn nsɛm tebea remma yentumi nkɔsom wɔ amannɔne de. Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti na yɛanya emu kyɛfa.’ (1 Korintofo 9:23) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn nnamyɛ sɛ Ahenni asɛnkafo ne asuafoyɛfo no anya nkɔanim?—Mateo 28:19, 20.
11. Sɛ́ ɔsomfo no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma sɛnea wutumi hyɛ ade nsow no nya nkɔanim?
11 Bɔ mmɔden sɛ wubetumi ahyɛ nneɛma nsow. Ɛdenam nneɛma a wobɛhyɛ no nsow so no, wubetumi asua pii a ɛbɛboa wo ma woadan sɛnea woka asɛmpa no ma ɛne afiewuranom ankorankoro biara tebea ahyia. Sɛ nhwɛso no, sɛ woredi wɔn a wɔte kurow kɛse mu adanse a, hyɛ krado a wɔde atoto apon ano, nyamesom mfonini ahorow, ne nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw agu mfɛnsere ano no nsow. Saa nneɛma yi betumi aboa wo ma woadi adanse a ebetumi aka nnipa a wɔtete afi a ɛte saa mu no koma. Ɛda adi yiye sɛ na Paulo hyɛ nneɛma nsow. Wɔ Atene no, ɔde afɔremuka a na wɔakyerɛw so sɛ “Onyame a Wonnim no Dea” no dii dwuma sɛ n’adanse fɛfɛ a ɛfa “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no ho no mu ade biako. (Asomafo no Nnwuma 17:22-25) Wubetumi ayɛ nneɛma a ɛtete saa ara wɔ wo som adwuma no mu.
12. Afã bɛn na nhumu wɔ wɔ yɛn som adwuma no mu?
12 Fa nhumu di dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu. Mma twentwɛn a obi twentwɛn ne nan ase sɛ obebue pon na ɔne wo akasa mfiase no mmu w’abaw mu. Sɛ́ anka wobɛma obi anim a ɔbɛka asi no apam wo mmom no, yi ayamye adi na fa nhumu di dwuma. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma w’adansedi no ne tebea no ahyia. Ebia sɛ wode mpaebɔ susuw ho bere tiaa bi mpo a, wubetumi aka biribi a ɛbɛka onii no koma ma watie wo.—Fa toto Nehemia 2:4-6 ho.
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yesusuw wɔn a yedi wɔn adanse no ho?
13 Susuw afoforo ho. Eyi mu no, wubetumi ayɛ nneɛma pii asɛmpa no nti. Sɛ nhwɛso no, afoforo ho a wususuw no remma womma wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare nnyina ɔpon ano nkyɛ pii. Wubetumi ahyɛ nyansa sɛ monkɔtra ase wɔ ofi no mu, faako a ebia ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama wɔn. Anaasɛ wubetumi asi gyinae sɛ wɔ tebea horow no mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma wo nsrahwɛ no ayɛ tiawa. Nsɛm no biara mu no, susuw afoforo ho. Kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho!—Mateo 9:35, 36.
14. Sɛ yɛredi adanse a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama atiefo ho adwo wɔn?
14 Kasa wɔ ɔkwan a ɛma w’atiefo ho dwo wɔn so. Fa adamfofa kwan so nkyia a wogye tom mo mpɔtam hɔ fi w’adansedi ase. (Mateo 10:12) Ma ehu ne adwenkyea a wobetumi anya no ntra w’adwene mu. Kasa anifere mu ne nokware adamfofa kwan so. Eyi bɛboa ama afiewuranom ahu sɛ woaba sɛ worebɛboa wɔn na wunni adwemmɔne.
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka wo ho nsɛm a ɛfata ne nea enti a woakɔ ofi bi mu no kyerɛ?
15 Ɛho hia sɛ afiewuranom hu onii a wabɛsra wɔn ne nea enti a waba. Enti, ka wo ho nsɛm a ɛfata kyerɛ wɔn. Wɔ mmeae bi, titiriw Afrika ne Asia no, nkurɔfo ani gye nsrahwɛfo ho araa ma wɔde ahopere bisabisa nsɛm te sɛ: Wone hena? Ɛhe na wote? So woaware? Wowɔ abusua? Sɛ nea ɛbɛma nsrahwɛ no ayɛ anigye no, amammerɛ hwehwɛ sɛ wubua saa nsemmisa yi ansa na wɔakyerɛkyerɛ atirimpɔw a wode bae no mu. Mmu nkyia a ɛte sɛɛ no sɛ ɛho nhia, na mmom fa bere no hu onipa no yiye na ma wo ne n’ani nhyia ɔkwan a obu wom so.
16. Ɔkwan bɛn so na nsemmisa a eye betumi aboa ama woakura wo ne ofiewura bi nkɔmmɔbɔ mu?
16 Fa nsemmisa a eye di dwuma fa kura wo ne ofiewura no nkɔmmɔbɔ mu. Ɛwom sɛ ebia obi anim hwɛbea bɛda biribi adi de, nanso ɛho hia sɛ wote ne nsusuwii ne ne nkate ase. Eyi nti, wubetumi de nsemmisa adi dwuma nnam so de akanyan ofiewura no ma wakyerɛ n’adwene ne sɛnea ɔte nka. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a: Ɔbea bi a onni ba a ɔde n’adwene nyinaa akɔ mmoa so kaa Ɔdansefo bi nsrahwɛ ho asɛm sɛ: “Nea mekae wɔ n’anim sereserew no ho yɛ asomdwoe. Ɛkaa me kɛse. Ɔbea yi bisaa me asase so tebea horow no mu nea ɛho asɛm haw me sen biara. Mekae sɛ ɔkwan a onipa de mmoa fa so no haw me, na ɔkyerɛɛ me Yesaia 11:6-9 a ɛfa mmoa a wɔbɛtra ase wɔ nokware asomdwoe mu ho no. Mepɛe sɛ mihu pii.”
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ wɔ nea ebia ofiewura bɛka afa ne nsɛm tebea ho no ho?
17 Ma w’ani nna hɔ wɔ nea ebia ofiewura no bɛka afa ne nsɛm tebea ho, titiriw wɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma mu no ho. Saa kwan yi so, wɔ nkɔmmɔbɔ tiawa mu mpo no, ebetumi aba sɛ wubehu onii no ho biribi a ɛfata sɛ wohyɛ no nsow. Sɛ wufi ɔpon no ano a, kyerɛkyerɛw nsɛm a ɛte saa no tiawa wɔ afie afie kyerɛwtohɔ no so. Na sɛ ofiewura no bisa asɛm bi a worentumi mmua nso ɛ? Ɛnde yɛ nhwehwɛmu wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu fa hu ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so de aka asɛmpa no akyerɛ onii no bere foforo a wobɛkɔ hɔ no.
Nhwɛso ma Asɛmpatrɛwfo
18. Dɛn na asɛmpatrɛwfo ne afoforo betumi asua afi Paulo nkyɛn?
18 Wɔn a wɔka wɔn a wɔyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti no ho ne asɛmpatrɛwfo a wɔtete wɔn wɔ Watchtower Bible School of Gilead no. Wobetumi asua biribi afi Paulo a na ɔwɔ asɛmpatrɛw honhom fɛfɛ no nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, wampɛ sɛ ɔde akwanside ahorow besisi Yudafo ne Amanaman mufo anim na amma wɔannye nokware no. Enti, ɔsomafo no hwɛɛ n’adidi yiye na otuu Korintofo Kristofo fo sɛ wɔnhwɛ sɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wodi nnuan bi no rento afoforo hintidua. (1 Korintofo 8:8, 9) Ɔbenfo F. F. Bruce kyerɛe wɔ New Century Bible mu sɛ: “Nneɛma a ɛho nhia kɛse nyinaa mu (te sɛ aduan a na wɔreka ho asɛm wɔ [1 Korintofo] ti 8) no, [Paulo] yɛ ade ma ɛne wɔn a ɔne wɔn wɔ hɔ saa bere no amammerɛ hyia, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfa akwanside biara nsi ‘nya a obenya’ wɔn ama asɛmpa no kwan mu.” (Romafo 14:21) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nkurɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ wɔn mu no amammerɛ, ɛwom sɛ wɔde honhom fam mmoa ma afoforofo ma wɔyɛ nsakrae a ɛho hia na wɔasɔ Onyankopɔn ani de.—Romafo 12:1, 2.
19. Wɔ asuafoyɛ mu no, nsakrae horow bɛn na ebia ɛho behia ama (a) wɔn a wɔwɔ asɛm trɛw adwuma no mu? (b) Ahenni adawurubɔfo nyinaa?
19 Ɛho hia sɛ wɔn a wɔrefi asɛmpatrɛw adwuma ase no sua nkurɔfo akwan ne wɔn amammerɛ ahorow. Eyi yɛ osuahu a mfaso wɔ so na ebetumi aboa asɛmpatrɛwfo ma wɔayɛ nnam kɛse wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Nokwarem no, sɛ wobekwati afoforo a wɔbɛto wɔn hintidua a, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ nneɛma te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie mu. Sɛ nhwɛso no, bere a onuawa ɔsɛmpatrɛwfo bi kɔɔ West Africa no, ohui sɛ ɔkwan a ɔfa so de nnuru keka ne ho no betumi ama wɔabu no sɛ mmea a wɔn bra asɛe wɔ hɔ no mu bi. Enti, nea ɛbɛyɛ na wɔannye n’adwene a ɔwɔ no ho akyinnye no, ɔsakraa ne kwan a ɔfa so keka ne ho no ntɛm ara. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo de atɛmpa di dwuma wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa afoforo honhom mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a wotu wɔn fo sɛ ‘wɔmmfa hintidua bi nnto hɔ mma wɔn nua’ na wonni nneɛma a ɛma wɔn nkɔso akyi no mpɛ sɛ wɔbɛto obi foforo biara hintidua.—Romafo 14:13, 19.
20. (a) Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛayɛ ade nyinaa asɛmpa no nti’? (b) Nsemmisa bɛn na aka a ɛsɛ sɛ yebua?
20 Yiye a yebedi sɛ Ahenni adawurubɔfo no gyina Yehowa nhyira so titiriw. (1 Korintofo 3:6, 7) Nanso, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden. Enti, hyɛ nneɛma nsow, sɛnea na Paulo yɛ wɔ ne som adwuma mu no. Fa nhumu di dwuma, susuw afoforo ho, ma afiewuranom ho nnwo wɔn, na fa nsemmisa a eye di dwuma fa kura wo ne wɔn nkɔmmɔbɔ mu. Yɛ nsakrae ma ɛne amammerɛ ahorow a ebia ɛyɛ foforo nanso ɛnyɛ nea ennyina kyerɛw nsɛm so no nhyia. Yiw, momma ‘yɛnyɛ ade nyinaa asɛmpa no nti, na yɛanya mu kyɛfa.’ (1 Korintofo 9:23) Nanso sɛ ebinom wɔ yɛn Kristofo onuayɛ no mu dedaw nso ɛ? Yɛne wɔn di nsɛm dɛn?
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ ade de boaa Yudafo ma wɔbɛyɛɛ Kristofo?
◻ Ɔkwan bɛn so na Paulo hwehwɛe sɛ obenya Amanaman mufo?
◻ Akwan ahorow a yebetumi afa so ama akwan a yɛfa so ka asɛm anya nkɔanim no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Nhwɛso bɛn na Paulo yɛ maa asɛmpatrɛwfo ne Ahenni adawurubɔfo afoforo?