Ti 26
Nea Ɛteɛ A Yɛbɛyɛ Ho Akodi
1. Nneɛma abien bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia?
BERE TENTEN a Satan wiase yi wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne nkɛntɛnso bɔne no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.” (Efesofo 6:11-18) Nanso, yɛn akodi no nyɛ nea etia Satan Ɔbonsam ne ne wiase no nkutoo. Etia akɔnnɔ a yɛn ankasa wɔ sɛ yɛbɛyɛ bɔne no. Bible se: “Onipa koma mu adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.”—Genesis 8:21; Romafo 5:12.
2. (a) Dɛn nti na yɛtaa nya akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ bɔne? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia akɔnnɔ bɔne?
2 Esiane bɔne a yenya fii onipa a odi kan Adam nkyɛn nti, ebia yɛn koma kɔn bɛdɔ sɛ ɛbɛyɛ ade bɔne. Sɛ yɛma saa akɔnnɔ no kwan a, yɛrennya daa nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. Enti ɛho hia sɛ yɛko sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔsomafo Paulo mpo hyiaa akodi a ɛte saa, sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no: “Mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ.” (Romafo 7:21-23) Ebia wo nso wubehu sɛ saa akodi yi ano yɛ den. Ɛtɔ da bi a apereperedi kɛse bɛkɔ so wɔ wo mu. Dɛn na wubesi gyinae sɛ wobɛyɛ?
3. (a) Apereperedi bɛn na ɛkɔ so wɔ nnipa pii mu? (b) Bible mu nokware bɛn na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa pii yɛ bɔne bere a wɔpɛ sɛ wɔyɛ papa no da no adi?
3 Woabehu Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛfa daa nkwa wɔ tebea horow a ɛyɛ pɛ mu wɔ asase so ho no. Wugye bɔhyɛ ahorow yi di, na wopɛ sɛ wunya saa nneɛma pa yi. Enti wunim sɛ ɛho bɛba wo mfaso a enni awiei sɛ wobɛsom Onyankopɔn. Nanso wo komam no ebia wo kɔn bɛdɔ nneɛma a wunim sɛ ɛyɛ bɔne. Ɛtɔ da bi a wubenya nkate denneennen sɛ wobɛbɔ aguaman, sɛ wubewia ade, anaa sɛ wode wo ho bɛhyɛ adeyɛ bi a ɛnteɛ mu. Ebia nnipa bi a wɔresua saa nhoma yi yɛ nneɛma bɔne a ɛtete saa, ɛwom sɛ wonim sɛ Onyankopɔn kasa tia saa nneɛma yi de. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔyɛ nea ɛnteɛ bere a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ no ma Bible mu nokwasɛm yi da adi: “Koma wɔ hɔ yi ɛyɛ nkontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.”—Yeremia 17:9.
WUBETUMI ADI ƆKO NO MU NKONIM
4. (a) Sɛ́ wubedi ɔko no mu nkonim anaa nkogu no gyina hena so? (b) Dɛn na ɛho hia na woadi nea ɛteɛ a wobɛyɛ ho akodi no mu nkonim?
4 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ onipa ntumi nhyɛ n’akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ ɔbɛyɛ bɔne no so. Sɛ wopɛ ankasa a, wubetumi ahyɛ wo koma den ma akyerɛ wo kwan wɔ ɔkwan pa so. Nanso wo na ɛsɛ sɛ woyɛ eyi. (Dwom 26:1, 11) Obi foforo biara ntumi nni ɔko no mu nkonim mma wo. Enti, nea edi kan no, kɔ so nya Bible mu nimdeɛ a ɛma nkwa no. (Yohane 17:3) Nanso pii ho hia sen saa nimdeɛ no ara kwa a wubenya wɔ wo tirim. Ɛsɛ sɛ esian kɔ wo komam nso. Ɛsɛ sɛ wunya nkate a emu yɛ den wɔ nea woresua no ho na woanya ɔpɛ ankasa sɛ wubedi ho dwuma.
5. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so anya Onyankopɔn mmara ho anisɔ?
5 Nanso wobɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn mmara ho anisɔ? Ɛho hia sɛ wususuw ho yiye. Sɛ nhwɛso no, bisa wo ho sɛ: Mfaso bɛn na Onyankopɔn a yetie no no de ba ankasa? Afei hwɛ wɔn a wobu ani gu ne mmara horow so no asetra, te sɛ abeawa a wadi mfe 19 a ɔkyerɛwee sɛ: “Manya babaso mprɛnsa. Nea etwa to no ɛma mehweree hokwan a mewɔ sɛ mɛwo efisɛ na ɛsɛ sɛ woyi m’awode.” Ɛyɛ awerɛhow ampa sɛ yebesusuw ɔhaw ahorow a ɛba bere a nkurɔfo yɛ Onyankopɔn mmara horow ho asoɔden no ho. (2 Samuel 13:1-19) Ɔbea bi a na wabɔ aguaman de awerɛhow kae sɛ: “Ɛyaw ne awerɛhow a ɛde ba no ma asoɔdenyɛ yɛ nea mfaso nni so koraa. Merehu ɛho amane mprempren.”
6. (a) Dɛn nti na anigye a ebia ebefi bɔneyɛ mu aba no mfata? (b) Asetra bɛn na anka Mose betumi anya mu anigye wɔ Misraim?
6 Nanso wobɛte sɛ nkurɔfo ka sɛ aguamammɔ, asabow ne nnubɔne te sɛ wii a wɔnom yɛ nea anigye wom. Nanso saa anigye no yɛ nea ɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ. Mma wɔnnaadaa wo na nkɔyɛ biribi a ɛbɛma nokware anigye a ɛtra hɔ daa abɔ wo. Susuw Mose a wɔtetee no sɛ “Farao babea ba” no ho. Ɔtraa ahemfie hɔ ahonyade pii no mu wɔ tete Misraim. Nanso, Bible se, onyinii no, ɔpawee “sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom sen sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.” (Hebrifo 11:24, 25) Enti ebetumi aba sɛ na anigye bi wɔ ahuhubra a ɛda adi sɛ ɛkɔɔ so wɔ tete Misraim ahemfie hɔ no mu. Ɛnde, dɛn nti na Mose twee ne ho fii ne nyinaa ho?
7. Dɛn nti na Mose twee ne ho fii ‘bɔne mu dɛw a ɔbɛte nna tiaa bi’ wɔ Misraim ahemfie hɔ no ho?
7 Efisɛ na Mose wɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi. Na onim biribi a eye sen bɔne mu anigye tiaa a obenya wɔ Misraim ahemfie hɔ no. Bible se: “Ɔhwɛɛ akatua no.” Mose susuw nneɛma a na Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho yiye. Na ɔwɔ gyidi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛbɔ trenee nhyehyɛe foforo no mu. Ɔdɔ kɛse ne ayamhyehye a Yehowa wɔ ma adesamma no kaa ne koma. Ɛnyɛ sɛ ebia na Mose ate anaasɛ wakenkan Yehowa ho asɛm ara kwa. Bible no se “omiaa n’ani traa mu [te sɛ nea] ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:26, 27) Ná Yehowa yɛ ɔteasefo ankasa ma Mose, na saa pɛpɛɛpɛ na na ne daa nkwa ho bɔhyɛ ahorow no te ma no.
8. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛadi nkonim wɔ nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho akodi no mu no, dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ? (b) Sɛnea aberante bi kae no, adwene bɛn na nyansa wom sɛ yenya?
8 So ɛte saa ara wɔ wo fam? So wubu Yehowa sɛ Ɔteasefo ankasa, sɛ Agya a ɔdɔ wo? Sɛ wokenkan ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa daa nkwa a ɔde bɛma wɔ Paradise asase so ho no a, so woyɛ ɛho mfonini sɛ wowɔ hɔ bi na worenya nhyira horow yi mu anigye? (Hwɛ nkratafa 156 besi 162.) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛadi nkonim wɔ ɔko a yɛko tia nneɛma pii a epiapia yɛn ma yɛkɔyɛ bɔne no mu no, ɛho hia sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. Na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani ‘si akatua no so yiye,’ sɛnea Mose yɛe no. Aberante bi a wadi mfe 20, a ohyiaa aguamammɔ ho sɔhwɛ, nyaa adwene te sɛ Mose. Ɔkae sɛ: “Ná daa nkwa ho anidaso a mewɔ no som bo dodo sɛ mɛma abɔ me esiane bere tiaa mu abrabɔ bɔne nti.” So ɛnyɛ eyi ne adwempa a ɛsɛ sɛ yenya?
ADE A YEBESUA AFI AFOFORO MFOMSO MU
9. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid dii nkogu wɔ nea ɛteɛ a ɔbɛyɛ ho akodi no mu?
9 Wurentumi ngow wo nsam da wɔ saa ɔko yi mu, sɛnea Ɔhene Dawid yɛe bere bi no. Ɛbae da koro sɛ, na ogyina ne dan atifi, na wɔ akyirikyiri no, ohuu Batseba a ne ho yɛ fɛ sɛ ɔreguare. Sɛ́ anka obeyi n’ani ansa na nkate a ɛmfata asɔre ne komam no, ɔkɔɔ so hwɛe. Akɔnnɔ a onyae sɛ ɔne Batseba bɛda no mu yɛɛ den na ɔma wɔde no baa n’ahemfie hɔ. Akyiri yi, esiane sɛ na wanyinsɛn na ontumi nkata wɔn awaresɛe no so nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wokum ne kunu wɔ ɔko mu.—2 Samuel 11:1-17.
10. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔtwee Dawid aso wɔ ne bɔne no ho? (b) Dɛn na anka ebetumi ama Dawid akwati awaresɛe?
10 Ná ɛno yɛ bɔne kɛse. Na Dawid huu ho amane ankasa. Ɛnyɛ sɛ nea ɔyɛe no haw no kɛse nko, na mmom Yehowa twee n’aso ma ɔhaw baa ne fi ne nkwa nna a aka nyinaa mu. (Dwom 51:3, 4; 2 Samuel 12:10-12) Ná Dawid koma yɛ okontomponi sen sɛnea na onim; n’akɔnnɔ bɔne no dii no so nkonim. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me nã nyinsɛn me.” (Dwom 51:5) Nanso na ɛho nhia sɛ ade bɔne a Dawid ne Batseba yɛe no ba. Nea ɛhaw no ne sɛ ɔkɔɔ so hwɛe; wankwati tebea a ɛmaa n’akɔnnɔ mu yɛɛ den maa ɔbarima foforo yere no.
11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi Dawid asɛm no mu? (b) Nneyɛe bɛn na wobɛka sɛ etumi kanyan akɔnnɔ? (d) Sɛnea abofra bi kae no, dɛn na onipa a ɔyɛ onyansafo kwati?
11 Ɛsɛ sɛ yesua biribi fi Dawid asɛm no mu na yɛhwɛ yiye wɔ tebea horow a ɛkanyan akɔnnɔ a ɛmfata ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokenkan nhoma horow na wohwɛ TV so dwumadi ne sini a esi ɔbarima ne ɔbea nna so dua a, dɛn na ɛbɛba? Ɛda adi sɛ ɛbɛkanyan w’akɔnnɔ. Enti kwati nneyɛe ne agodi ahorow a ɛkanyan “akɔnnɔ.” (Kolosefo 3:5; 1 Tesalonikafo 4:3-5; Efesofo 5:3-5) Wo ne onipa foforo mmfa mo ho nnkɔhyɛ tebea bi a ebetumi de aguamammɔ aba mu. Obi a wadi mfe 17 kaa no nyansa mu sɛ: “Obiara betumi aka sɛ, ‘yenim bere a ɛsɛ sɛ yegyae.’ Ampa, obi betumi ahu bere a ɛsɛ sɛ ogyae, nanso baahe na wotumi yɛ saa? Eye mmom sɛ yɛkwati tebea no.”
12. Yosef nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu?
12 Sɛ Dawid maa Yosef nhwɛso no traa n’adwene mu a, anka ɔrenyɛ saa bɔne kɛse no ntia Onyankopɔn. Wɔ Misraim no na wɔde Potifar fie ahyɛ Yosef nsa sɛ ɔnhwɛ so. Bere a Potifar nni hɔ no, ná ne yere a akɔnnɔ adonnɔn no no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef a ne ho yɛ fɛ no, sɛ: “Wo ne me mmɛda.” Nanso Yosef ampene. Afei, da koro, osoo no mu na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔne no ada. Nanso Yosef gyee ne ho na oguanee. Ɔmaa ne koma yɛɛ den denam nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so ho a osusuwii, na ɛnyɛ n’akɔnnɔ ano a obedwudwo ho, no so. Obisae sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”—Genesis 39:7-12.
MMOA A WUHIA NA WOADI NKONIM
13, 14. (a) Dɛn na ɛho hia na woadi ɔko yi mu nkonim? (b) Nsakrae bɛn na wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ Korinto no yɛe, na ɛdenam mmoa bɛn so? (d) Bere bi a atwam no na Paulo ne Tito yɛ nnipa bɛn?
13 Sɛnea ɛbɛyɛ na woadi ɔko no mu nkonim no, ma Bible mu nimdeɛ nsian nkɔ wo koma mu na akanyan wo ma woadi ho dwuma. Nanso ɛho hia nso sɛ wo ne Onyankopɔn nkurɔfo bɔ fekuw na wobɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no fã. Ɛdenam ne mmoa so no, sɛ na woakɔ akyiri wɔ nnebɔneyɛ mu dɛn ara a, wubetumi asakra. Ɛdefa nnipa a na wɔwɔ tete Korinto a wɔsakrae ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo.”—1 Korintofo 6:9-11.
14 Susuw ho hwɛ! Ná anka tete Kristofo no binom yɛ aguamammɔfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho da, awifo ne asabofo. Nanso ɛdenam Yehowa ahyehyɛde no mmoa so no wɔsakrae. Ná ɔsomafo Paulo ayɛ nneɛma bɔne bere bi a atwam. (1 Timoteo 1:15) Ɔkyerɛw kɔmaa ne yɔnko Kristoni Tito sɛ: “Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔfomfom, som akɔnnɔ ne anigyede horow.”—Tito 3:3.
15. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma Paulo sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Paulo nhwɛso no so mfaso?
15 Bere a Paulo bɛyɛɛ Kristoni no, so ɛbɛyɛɛ mmerɛw maa no afei sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ? Dabi! Paulo kɔɔ so ne akɔnnɔ ne anigyede ahorow a ɛmfata a bere bi a atwam no na anka ɔyɛ akoa ma no koe bere nyinaa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛmpa makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:27) Paulo hyɛɛ ne ho so. Ná ɔhyɛ ne ho so sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ, bere a na ne nipadua pɛ sɛ ɛyɛ bɔne. Na sɛ woyɛ sɛnea ɔyɛe no a, wo nso wubetumi adi ɔko yi mu nkonim.
16. Nnɛyi nhwɛso horow bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi nkonim wɔ nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho akodi no mu?
16 Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wubedi subammɔne bi so nkonim a, kɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse a edi hɔ no. Akyinnye biara nni ho sɛ suban pa ne anigye a wɔn a wɔahyiam no wɔ no bɛkanyan w’adwene. Nanso bere bi a atwam no na eyinom mu binom yɛ wiase a aguamammɔ, awaresɛe, asabow, mmarima a wɔne wɔn ho da, tawanom, nnubɔne a wɔnom, awi, odwotwa, atorodi ne kyakyatow abu so wɔ mu no fã. Bere bi a atwam no na wɔn mu pii yɛ saa nneɛma yi. (1 Petro 4:3, 4) Afei nso, bere a wo ne Yehowa Adansefo bɔ wɔ asafo nhyiam nketewa ase, a ɛsɛ sɛ woyɛ no ntɛm no, wobɛka nnipa a wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi nneyɛe ne akɔnnɔ bɔne a ɛte saa ara a ebia woreko atia mprempren no ho. Enti nya akokoduru! Wɔredi nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ ho akodi no mu nkonim. Na wubetumi ayɛ saa ara denam Onyankopɔn mmoa so.
17. (a) Sɛ yebedi ɔko no mu nkonim a, fekubɔ bɛn na ɛho hia? (b) Henanom nkyɛn na wubetumi anya nsɛm a emu yɛ den ho mmoa?
17 Sɛ wo ne Yehowa Adansefo asua Bible no bere tenten bi a, akyinnye biara nni ho sɛ woakɔ nhyiam horow wɔ wɔn Ahenni Asa so. Ma nhyiamkɔ a ɛte saa nyɛ wo suban. Yɛn nyinaa hia honhom mu nkuranhyɛ a nsa ka wɔ Kristofo fekubɔ a ɛte sɛɛ mu no. (Hebrifo 10:24, 25) Hu “mpanyimfo” a wɔwɔ asafo no mu no. Wɔn asɛyɛde ne sɛ ‘wɔbɛwɛn Onyankopɔn nguankuw no.’ (1 Petro 5:1-3; Asomafo no Nnwuma 20:28) Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn, sɛ wuhia mmoa na woatumi adi suban bi a ɛne Onyankopɔn mmara nhyia so a. Wubehu sɛ wɔwɔ ɔdɔ, ayamye ne mmɔborohunu.—1 Tesalonikafo 2:7, 8.
18. Daakye ho anidaso bɛn na ɛma obi nya ahoɔden de kɔ so wɔ akodi no mu?
18 Bɔne a yɛbɛyɛ ho nhyɛso wɔ yɛn so daa, ɛnyɛ nea efi Satan wiase no mu nko, na mmom nea efi yɛn ankasa nipasu bɔne no mu. Enti sɛ́ yebedi Onyankopɔn nokware no yɛ daa akodi. Nanso hwɛ oye ara a eye sɛ akodi no renkɔ so daapem! Ɛrenkyɛ wobeyi Satan afi hɔ na wɔasɛe ne wiase bɔne no nyinaa. Afei, wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a abɛn no mu no, trenee tebea horow bɛwɔ hɔ a ɛbɛma ɔkwan a yɛnam so no ayɛ mmerɛw kɛse. Awiei koraa no, bɔne ho nkekae nyinaa befi hɔ, na nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ ho akodi denneennen yi ho renhia bio.
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara de asɔ Yehowa ani?
19 Susuw saa nhyehyɛe foforo no mu nhyira horow no ho daa. Yiw, hyɛ “nkwagye anidaso [no] sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8) Ma w’adwene nyɛ te sɛ abeawa yi de no, nea ɔkae sɛ: “Misusuw biribiara a Yehowa ayɛ ama me na wahyɛ me ho bɔ no ho. Onnyaw me. Wahyira me wɔ akwan horow pii so. Minim sɛ nea eye nkutoo na ɔhwehwɛ ama me, na mepɛ sɛ mesɔ n’ani. Daa nkwa ho mmɔdenbɔ biara fata.” Sɛ yɛde nokwaredi tiw trenee a, ‘bɔhyɛ ahorow a eye a Yehowa de ama’ wɔ wɔn a wɔdɔ no ho no bɛbam.—Yosua 21:45.
[Kratafa 219 mfoni]
Bere a na anigye wɔ tete Misraim asetra mu no, dɛn nti na Mose powee?
[Kratafa 220, 221 mfoni]
Dawid kɔɔ so hwɛe; wankwati tebea a ɛma okobuu bra bɔne no
[Kratafa 222 mfoni]
Yosef guan fii mmɔden a Potifar yere bɔe sɛ ɔne no bɛyɛ bɔne no ho