Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Munguan Aguamammɔ!
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    • 3. Pɔw a Balaam bɔe no dii dwuma koduu he?

      3 So afiri a osumii no yɛɛ adwuma? Yiw, ɛyɛɛ adwuma. Israelfo mmarima mpempem na wɔtɔɔ saa afiri no mu ne “Moab mmabaa bɔɔ aguaman.” Wofii ase mpo som Moab abosom a Baal-Peor a ɔyɛ awo anaa ɔbea ne ɔbarima nna nyame no ka ho. Ná eyi yɛ abofonode. Nea efii mu bae ne sɛ Israelfo 24,000 wuwui bere a na aka kakraa bi ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no. Awerɛhosɛm kɛse bɛn ara ni!—Numeri 25:1-9.

  • “Munguan Aguamammɔ!
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    • 4. Dɛn na ɛmaa Israelfo mpempem pii de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu?

      4 Dɛn so na ɛnam maa saa ɔhaw kɛse yi bae? Ná wɔn mu pii anya koma bɔne, efisɛ na wɔatwe wɔn ho afi Yehowa, Onyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt maa wɔn aduan wɔ sare so na ɔbɔɔ wɔn ho ban kɔɔ bɔhyɛ asase so no ho. (Hebrifo 3:12) Bere a eyi wɔ ɔsomafo Paulo adwenem no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ aguamammɔ mu sɛnea wɔn mu binom bɔɔ aguaman na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no.”a—1 Korintofo 10:8.

  • “Munguan Aguamammɔ!
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    • a Ɛda adi sɛ na “ɔman no mu atitiriw” a atemmufo no kunkum wɔn, a wɔn dodow bɛyɛ mmarima 1,000 no, ne wɔn a Yehowa ankasa kunkum wɔn no ka nnipa dodow a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Numeri nhoma no mu no ho.—Numeri 25:4, 5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena