Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 8-13
  • Fa Wo Ho To Yehowa Nkwagye Basa No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho To Yehowa Nkwagye Basa No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nkwagye Basa No Di Dwuma
  • Mmoa wɔ Asafo no Mu
  • Mmoa wɔ Bere a Sɔhwɛ Ato Yɛn
  • Mmoa wɔ Obi Ankasa Nsɛm Mu
  • Fi Ahohia Nyinaa Mu
  • Nnipa Mmerɛwyɛ So Nkonim A Yebedi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wobɛyɛ Dɛn Adi Sɔhwɛ So?
    Nyan!—2014
  • “Na Moankɔ Sɔhwɛ Mu”
    Monkɔ So Nwɛn!
  • Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 8-13

Fa Wo Ho To Yehowa Nkwagye Basa No So

“O Yehowa, . . . yɛ yɛn basa daa adekye, yiw, yɛn nkwagye, ahohia bere mu.”​—ISAIAH 33:2.

1. Ntease bɛn mu na Yehowa wɔ basa a ɛyɛ den?

Yehowa wɔ basa a ɛyɛ den. Nokwarem no, esiane sɛ “Onyankopɔn yɛ Honhom” nti, ɛnyɛ ɔhonam basa. (Yohane 4:24) Bible mu no, sɛnkyerɛnne kwan so basa gyina hɔ ma sɛnea wotumi de tumi yɛ ade. Enti, Onyankopɔn de ne basa na egye ne nkurɔfo. Nokwarem no, ‘Onyankopɔn yɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo. Oturu nguammaa ne basa so, na ɔsoa wɔn ne kokom.’ (Yesaia 40:11; Dwom 23:1-4) Hwɛ sɛnea Yehowa nkurɔfo te ahobammɔ nka wɔ ne basa a ɔdɔ wom no mu!​—Fa toto Deuteronomium 3:24 ho.

2. Nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho wɔ ha?

2 Ɔkwan bɛn so na Yehowa basa no agye ne nkurɔfo wɔ mmere a atwam no mu ne nnɛ? Mmoa bɛn na Onyankopɔn de ma wɔn sɛ asafo? Na dɛn nti na ne nkurɔfo betumi de wɔn ho ato ne nkwagye basa no so wɔ wɔn ahohia nyinaa mu?

Onyankopɔn Nkwagye Basa No Di Dwuma

3. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ gye a wogyee Israel fii Misraim no fi dɛn?

3 Ansa na Onyankopɔn regye Israelfo no afi Misraim nkoasom mu mfe 3,500 a atwam ni no, ɔka kyerɛɛ ne diyifo Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene [Yehowa], na megye wo mafi Misraim nkoasom no ase na mayi mo mafi wɔn anyadimɔ no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo.” (Exodus 6:6) Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛe no, Onyankopɔn “de basa a wama so” na eyii Israelfo no fii Misraim. (Asomafo no Nnwuma 13:17, NW) Kora mma no kyerɛe sɛ Bɔhyɛ Asase no so nkonimdi no fi Onyankopɔn bere a wɔkae sɛ: “Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn.​—Dwom 44:3.

4. Ɔkwan bɛn so na wonyaa Yehowa nkwagye basa mu ahotoso so akatua wɔ Asiriafo ntua no mu?

4 Yehowa basa no di mmere a Asiriafo bɛtoaa wɔn no nso mu. Saa bere no na odiyifo Yesaia bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo. Wo na yɛ yɛn basa daa adekyee, yiw, yɛn nkwagye, ahohia bere mu.”(Yesaia 33:2, NW) Wobuaa saa mpaebɔ no bere a Onyankopɔn bɔfo kunkum Asiriafo no nsra mu nnipa 185,000, ma Ɔhene Sanaherib de “aniwu” fii Yerusalem kɔe no. (2 Beresosɛm 32:21; Yesaia 37:33-37) Yehowa nkwagye basa no mu ahotoso so wɔ akatua bere nyinaa.

5. Dɛn na Onyakopɔn basa a ɛyɛ den no yɛ maa Kristofo a wɔtaa wɔn wɔ Wiase Ko I awiei no?

5 Onyankopɔn basa a ɛyɛ den no gyee Kristofo a wɔasra wɔn a wɔtaa wɔn no wɔ Wiase Ko I awiei. Wɔ 1918 mu no, wɔn atamfo bɛtow hyɛɛ Sodikuw no adwumayɛbea ti so, na wɔde anuanom a wonim wɔn yiye koguu afiase. Wiase atumfo no ho hu nti, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no gyaee wɔn adansedi adwuma no. Nanso wɔbɔɔ mpae na wɔatumi asan afi adwuma no yɛ ase na wɔatew wɔn ho afi bɔne a ɛne adwuma no a wogyaee yɛ ne ehu a eguu wɔn ho fĩ no ho. Onyakopɔn tiei denam anuanom a wogu afiase no a ɔma wogyaa wɔn, na wobuu wɔn bem wɔ nsɛm a wɔde too wɔn so no ho ɛno akyi bere tiaa bi no so. Nea efii nokware ahorow a wɔkaa ho asɛm wɔ nhyiam a wɔyɛɛ no 1919 mu no ase ne Onyankopɔn honhom a ɛkanyan wɔn a wɔde guu wɔn so no mu bae ne sɛ ɛkanyan wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔde akokoduru som Yehowa de maa Yoel 2:28-32 nyaa ne mmamu a etwa to.​—Adiyisɛm 11:7-12.

Mmoa wɔ Asafo no Mu

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wobegyina sɔhwɛ tebea bi ano wɔ asafo bi mu?

6 Bere a Onyankopɔn wowaw n’ahyehyɛde mũ no nyinaa no, ne basa no kura ankorankoro a wɔwom no mu. Ɛwom sɛ esiane sɛ nnipa nyinaa tɔ sin nti, asafo biara nni hɔ a emu nsɛm tebea nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ. (Romafo 5:12) Enti ɛtɔ mmere bi a, Yehowa asomfo binom betumi aba sɔhwɛ tebea mu wɔ asafo bi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ Gaio yɛɛ ‘adwuma pa’ wɔ sɛnea ogyee anuanom a wɔbɛsraa wɔn no wɔ ahɔhoyɛ kwan so no mu de, nanso Diotrefe annye wɔn na ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ obetu wɔn a wɔda ahɔhoyɛ su adi afi asafo no mu. (3 Yohane 5, 9, 10) Nanso, Yehowa boaa Gaio ne afoforo ma wɔkɔɔ so daa ahɔhoyɛ adi de boaa Ahenni asɛnka adwuma no. Ɛsɛ sɛ mpaebɔ mu a yefi de yɛn ho to Onyankopɔn so no boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ nnwuma pa bere a yɛhwɛ no kwan sɛ obesiesie tebea bi a ebia ɛresɔ yɛn gyidi ahwɛ no.

7. Kristofo anokwafo a wɔwɔ Korinto no dii wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho dwuma wɔ tebea bɛn a na ɛwɔ hɔnom asafo no mu nyinaa akyi?

7 Fa no sɛ na wowɔ afeha a edi kan Korinto asafo no mu. Bere bi mu no, mpaapaemu de wɔn biakoyɛ too asiane mu, na ɔbrasɛe a wɔanyɛ ho hwee no de emu honhom too asiane mu. (1 Korintofo 1:10, 11; 5:1-5) Gyidifo de wɔn ho wɔn ho kɔɔ wiasefo nsennibea, na ebinom dii nsɛm ahorow ho anobaabae. (1 Korintofo 6:1-8; 8:1-13) Kunsunkunsun, ahoɔyaw, abufuw, ne sakasakayɛ maa asetra mu yɛɛ den. Ebinom gyee tumi a Paulo wɔ no mpo ho akyinnye na wobuu ne kasa animtiaa. (2 Korintofo 10:10) Nanso, anokwafo a na wɔwɔ saa asafo no mu no dii wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho dwuma wɔ saa ɔhaw bere no mu.

8, 9. Sɛ yehyia sɔhwɛ tebea bi wɔ asafo bi mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Sɛ sɔhwɛ tebea bi sɔre a, ɛho hia sɛ yɛbata Onyankopɔn nkurɔfo ho. (Fa toto Yohane 6:66-69 ho.) Momma yɛn ntɔ yɛn bo ase mma yɛn ho yɛn ho, na yenhu sɛ egye ebinom bere tenten sen afoforo na wɔahyɛ “nipasu foforo” no na wɔahyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre. Esiane sɛ ɛsono Onyankopɔn asomfo mu biara nsɛm tebea horow nti, ehia sɛ yɛn nyinaa da ɔdɔ ne fafiri adi.​—Kolosefo 3:10-14.

9 Onua bi a ɔde mfe pii asom Yehowa kae sɛ: “Ade biako a ayɛ m’asɛnhia sen biara ne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no a mɛbata ho pɛɛ no. Osuahu a minyae mfiase no akyerɛ me sɛ nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa nsusuwii so. Bere a mitumi bɔɔ ɛno ho pɔw wɔ me tirim no, misii me bo sɛ megyina ahyehyɛde a edi nokware no afã. Ɔkwan foforo bɛn bio na obi nam so benya Yehowa dom ne ne nhyira?” So hokwan a wowɔ sɛ wo ne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ anigye no bɛsom no no som bo ma wo saa ara? (Dwom 100:2) Sɛ saa a, woremma biribiara ntwetwe wo mfi Onyankopɔn ahyehyɛde no ho anaasɛ ɛnsɛe wo ne Onii a ne basa gye wɔn a wɔdɔ no nyinaa no ntam abusuabɔ no.

Mmoa wɔ Bere a Sɔhwɛ Ato Yɛn

10. (a) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa Onyankopɔn nkoa ma wogyina sɔhwɛ ano? (b) Awerɛhyɛm bɛn na Paulo de mae wɔ 1 Korintofo 10:13?

10 Sɛ́ nnipa anokwafo a wɔne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ no, yenya ne hɔ mmoa wɔ sɔhwɛ bere mu. Sɛ nhwɛso no, ɔboa yɛn ma yekura yɛn mudi mu ma no bere a sɔhwɛ ato yɛn. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma ɛne Yesu nsɛm yi hyia: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, [na gye yɛn fi ɔbɔne no nsam],” a ɔne Satan Ɔbonsam. (Mateo 6:9-13) Nea yɛresrɛ Onyankopɔn ankasa ne sɛ ɔmmma yennni nkogu bere a wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ asoɔden ntia no no. Obua yɛn mpae a yɛbɔ sɛ ɔmma yɛn nyansa a yɛde bedi sɔhwɛ so nkonim no nso. (Yakobo 1:5-8) Na Yehowa nkoa betumi anya ne mmoa mu awerɛhyem, efisɛ Paulo kae sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” (1 Korintofo 10:13) Sɔhwɛ a ɛte saa no fi he, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ma ɔkwan a wɔde fi mu bɛda ho?

11, 12. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Israelfo no gyaa wɔn ho mu mae, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya wɔn osuahu ahorow no mu mfaso?

11 Tebea horow a ebetumi ama yɛrenni Onyankopɔn nokware no na ɛde sɔhwɛ ba. Paulo kae sɛ: “Wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea [Israelfo] kɔn dɔe no. Nso monnyɛ abosonsomfo sɛ wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no traa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui. Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛ wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no. Nso mommma yɛnnsɔ [Yehowa] nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no. Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no.”​—1 Korintofo 10:6-10.

12 Israelfo no kɔn dɔɔ bɔne bere a wɔmaa kwan maa anibere ho sɔhwɛ dii wɔn so nkonim wɔ mmoko a Onyankopɔn de maa wɔn anwonwa kwan so no anoboaboa ne ne di mu no. (Numeri 11:19, 20, 31-35) Ansa na eyi reba no, wɔyɛɛ abosonsomfo bere a esiane sɛ na Mose nni hɔ nti, wohyiaa nantwi ba som a wɔde wɔn ho behyem ho sɔhwɛ no. (Exodus 32:1-6) Mpempem pii wuwui esiane sɛ wogyaa wɔn ho mu maa sɔhwɛ na wɔne Moabfo mmea bɔɔ aguaman nti. (Numeri 25:1-9) Bere a Israelfo no gyaa wɔn ho mu maa sɔhwɛ na wonwiinwii wɔ Kora, Datan, ne Abiram, ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛe ho no, ɔhaw a efi soro bae no kunkum wɔn mu 14,700. (Numeri 16:41-49) Yebetumi anya osuahu ahorow yi mu mfaso sɛ yehu sɛ na sɔhwɛ yi mu biako mpo nni hɔ a ɛso sen nea Israelfo no betumi agyina ano a. Sɛ wonyaa gyidi, kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn no ho anisɔ, na wɔn ani sɔɔ sɛnea ne Mmara teɛ no a, anka wobetumi ayɛ saa. Ɛno na anka Yehowa basa betumi agye wɔn nkwa, sɛnea ebetumi agye yɛn nkwa no ara pɛ.

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma ne nkoa nya kwan fi mu bere a wohyia sɔhwɛ?

13 Sɛ Kristofo no, yehyia sɔhwɛ ahorow a ɛno ara na ɛto adesamma nyinaa. Nanso, yebetumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware denam mpae a yɛbɛbɔ asrɛ ne mmoa na yɛayere yɛn ho ako atia sɔhwɛ no so. Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi agyina ano. Sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde da. Ɔma ɔkwan a wɔde fi sɔhwɛ mu bɛda ho denam denhyɛ a ɔde ma yɛn ma yetumi ko tia sɔhwɛ no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔtaa yɛn a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yennyaa mu nsiesie na ama yɛakwati ayayade a wɔbɛyɛ yɛn anaa owu. Nanso sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa basa a ɛyɛ den no so a, sɔhwɛ nnu faako a ɔrentumi nhyɛ yɛn gyidi den na wama yɛn ahoɔden a ɛdɔɔso na yɛde akura yɛn mudi mu. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔhwe yɛn, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.”​—2 Korintofo 4:8, 9.

14 Yehowa wowaw ne nkurɔfo nso denam ne honhom a ɔde di dwuma sɛ ɔkaakaefo ne ɔkyerɛkyerɛfo no so. Ɛma yɛkae Kyerɛwnsɛm mu nsɛntitiriw na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yɛde bedi dwuma na yɛatumi ako atia sɔhwɛ. (Yohane 14:26) Yehowa nkoa anokwafo te sɔhwɛ mu nsɛmpɔw ahorow ase na obiara rentumi nnaadaa wɔn mma wɔmmfa ɔkwammɔne so. Onyankopɔn ama ɔkwan a wɔde fi sɔhwɛ mu abɛda ho denam sɛnea ɔma wotumi gyina kosi owu mu a wonnyaa wɔn ho mu mma sɔhwɛ no so. (Adiyisɛm 2:10) Mmoa a Yehowa nam ne honhom so de ma ne nkoa akyi no, ɔde n’abɔfo no di dwuma ma n’ahyehyɛde no.​—Hebrifo 1:14.

Mmoa wɔ Obi Ankasa Nsɛm Mu

15. Mmoa bɛn na ebia yɛn ankasa betumi anya afi Salomo Nnwom mu Dwom no mu?

15 Wɔn a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no nya ne mmoa wɔ wɔn ankasa nsɛm mu. Sɛ nhwɛso no, ebia na ebinom hwehwɛ Kristoni ɔhokafo. (1 Korintofo 7:39) Sɛ obi di no huammɔ a, ebia Israel hene Salomo ho a obesusuw no bɛboa no. Sulamit abeawa bi ampene so sɛ ɔbɛware no, esiane ɔdɔ a na ɔwɔ ma oguanhwɛfo bi a ɔba fam nti. Wobetumi afrɛ asɛm yi ho kyerɛwtohɔ a ɔhene no yɛe no sɛ Salomo Ɔdɔ a Edii Nkogu Dwom. Sɛ mmɔden a yɛn ankasa bɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ ɔhokafo bi no ankosi baabiara a, ebia yebesu, nanso Salomo tumi gyinaa huammɔ a odii no ano, na yɛn nso yebetumi ayɛ saa. Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛada ahosodi ne su pa afoforo adi. N’Asɛm no boa yɛn ma yetumi gye nokwasɛm a ɛyɛ yaw mpɛn pii yi tom sɛ obi rentumi nnya aware ho dɔ mma obiara kɛkɛ. (Nnwom mu Dwom 2:7; 3:5) Nanso, Salomo Nnwom mu Dwom no kyerɛ sɛ yebetumi anya ɔyɔnko gyidini bi a ɔdɔ yɛn yiye. Nea ɛho hia sen saa no, saa “dwom a ɛkyɛn so” yi nya ne mmamu wɔ ɔdɔ a Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, wɔ ma ‘n’ayeforo’ a wɔyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn 144,000 no mu.​—Nnwom mu Dwom 1:1; Adiyisɛm 14:1-4; 21:2, 9; Yohane 10:14.

16. Dɛn na ebetumi aka ‘ɔhonam mu ahohia’ a Kristofo awarefo hyia no ho?

16 Wɔn a wɔware gyidifo no mpo ‘ho hia wɔn ɔhonam mu.’ (1 Korintofo 7:28) Okunu ne ɔyere ne wɔn mma ho dadwen ne ɔhaw ahorow bɛba. (1 Korintofo 7:32-35) Ɔyare betumi de ɔhaw ne nhyɛso aba. Ɔtaa anaa sikasɛm mu ahokyere betumi ama ayɛ den ama agya a ɔyɛ Kristoni sɛ ɔbɛma n’abusua anya asetra mu ahiade ahorow. Afiasenna betumi atetew awofo ne wɔn mma ntam, na wɔbɛyɛ ebinom ayayade anaa wɔakunkum wɔn mpo. Nanso wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ nyinaa mu no, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkwagye basa no so ampa a, yebetumi ako atia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛapa yɛn gyidi no.​—Dwom 145:14.

17. Abusua mu asɛnnennen bɛn na Onyankopɔn maa Isak ne Rebeka tumi gyinaa ano?

17 Ebia ɛho behia sɛ yegyina sɔhwɛ binom ano bere tenten. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbabarima bi bɛhyɛ n’awofo a wosuro Onyankopɔn no awerɛhow denam obi a ɔnyɛ ogyidini a ɔbɛware no no so. Ɛno sii wɔ agyapanyin Isak ne ne yere Rebeka abusua mu. Wɔn babarima Esau a na wadi mfe 40 no kɔwaree Hetifo mmea baanu a “wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow.” Nokwarem no, “Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmabea nti m’asetra afono me. Sɛ Yakob [wɔn babarima foforo no] kɔware yere Het mmabea mu, sɛ eyinom, wɔ asase yi so mmabea mu a, nkwa yɛ dɛn na ɛma me?” (Genesis 26:34, 35; 27:46) Ɛda adi sɛ ɔhaw a ɛtraa hɔ kyɛe yi yɛɛ Rebeka kra trenee no ayayade. (Fa toto 2 Petro 2:7, 8 ho.) Nanso, Yehowa basa no soo Isak ne Rebeka mu, na ɛma wotumi gyinaa sɔhwɛ yi ano na wɔkɔɔ so kuraa wɔne No ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu bere koro no ara.

18. Sɔhwɛ bɛn na C. T. Russell nam Onyankopɔn mmoa so gyinaa ano?

18 Sɛ obusuani bi a wɔabɔ no asu gow ne ho wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu a, ɛhaw adwene. (Fa toto 2 Timoteo 2:15 ho.) Nanso, ebinom atumi agyina ɔhokafo a wɔhwere no wɔ honhom mu no ano, te sɛ Charles T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no. Ne yere tew ne ho fii Asafo no ho korakora na ogyaw no wɔ 1897 mu, bere a wɔaware bɛyɛ mfe 18 akyi. Ɔbea no kɔhwehwɛɛ mmara kwan so ntetewmu wɔ 1903 mu, na wɔmaa ho kwan wɔ 1908 mu. N’awerɛhow no daa adi pefee bere a ɔka kyerɛɛ no wɔ krataa bi a na wadi kan akyerɛw no no mu sɛ: “Mabɔ Awurade mpae denneennen ama wo. . . . Meremfa m’awerɛhodi ho nsɛm nhaw wo, na saara na meremmɔ mmɔden sɛ menam me nkate ahorow a mɛka ho asɛm fefeefe so akanyan w’ayamhyehye, mmere a bere ne bere mu no, mihu wo ntade ne nneɛma afoforo a ɛma mekae sɛnea na anka wote pefee no​—ɔdɔ ne ayamhyehye ne mmoa a ayɛ wo ma​—a ɛda Kristo honhom no adi. . . . O, fa mpaebɔ susuw nea merebɛka no ho. Na nya awerɛhyem sɛ nea ɛhyɛ me awerɛhow sen biara, sɛnea ɛma mete yaw kɛse nka no, nyɛ ankonam a mɛyɛ wɔ me nkwa nna a aka no mu no, na mmom w’asehwe no, me dɔfo, ade a wobɛhwere afebɔɔ no, sɛnea mitumi hu no.” Komam yaw a ɛte sɛɛ yi nyinaa akyi no, Onyankopɔn di boaa Russell kosii n’asase so asetra awiei. (Dwom 116:12-15) Yehowa so ne nkoa anokwafo nyinaa mu mmere nyinaa.

Fi Ahohia Nyinaa Mu

19. Sɛ nsɛnnennen kɔ so haw yɛn adwene a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

19 Yehowa nkurɔfo nim no sɛ ɔyɛ ‘Onyankopɔn a ɔyɛ nkwagye nnwuma,’ Nea “ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa.” (Dwom 68:19, 20) Enti, sɛ́ nnipa a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ n’asase so ahyehyɛde no mu no, sɛ nsɛnnennen kɔ so haw yɛn adwene a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu. Monkae sɛ “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dwom 46:1) Yenya yɛn ho a yɛde to ne so no so akatua bere nyinaa. Dawid kae sɛ: “Mahwehwɛ [Yehowa], na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. . . . Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa] tiee no, na Ogyee no n’ahohia nyinaa mu.”​—Dwom 34:4-6.

20. Nsemmisa bɛn na aka a yebesusuw ho?

20 Yiw, yɛn soro Agya no gye ne nkurɔfo fi ahohia nyinaa mu. Ɔwowaw n’asase so ahyehyɛde no, na ɔboa wɔn wɔ asafo mu nsɛm ne wɔn ankasa nsɛm mu. Nokwarem no, “[Yehowa] rentow ne man nkyene.” (Dwom 94:14) Nanso afei momma yensusuw akwan afoforo a Yehowa nam so boa ne nkurɔfo sɛ ankorankoro no ho. Ɔkwan bɛn so na yɛn soro Agya no wowaw ne nkoa a wɔyare, wɔanya adwenemhaw, wodi awerɛhow esiane sɛ wɔn dɔfo bi awu, anaa wodi wɔn ankasa mfomso ahorow ho yaw? Sɛnea yebehu no, wɔ nsɛm yi nso mu no, yɛwɔ nea yebetumi agyina so de yɛn ho ato Yehowa basa a ɛyɛ den no so.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa basa no gyee nkwa wɔ tete mmere mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa ne nkurɔfo wɔ asafo no mu nnɛ?

◻ Mmoa bɛn na Onyankopɔn de ma wɔ ankorankoro nsɛm mu?

◻ Sɛ nsɛnnennen kɔ so haw yɛn adwene a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Onyankopɔn “de basa a wama so” yii Israelfo no fii Misraim

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena