Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 24-27
  • “Na Moankɔ Sɔhwɛ Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Na Moankɔ Sɔhwɛ Mu”
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ho Sɔhwɛ?
  • ‘Kɔ So Bɔ Mpae’
  • Nya Adwempa wɔ Nneɛma a Wohwɛ Kwan no Ho
  • Kae Nsɛmpɔw No
  • “Bɛn Onyankopɔn”
  • Nnipa Mmerɛwyɛ So Nkonim A Yebedi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wobɛyɛ Dɛn Adi Sɔhwɛ So?
    Nyan!—2014
  • ‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ne Abasamtu Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 24-27

“Na Moankɔ Sɔhwɛ Mu”

‘Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.’—MATEO 26:41.

NÁ NHYƐSO no ano yɛ den sen nea wahu pɛn. Ná Onyankopɔn Ba Yesu Kristo asase so asetra reba awiei. Yesu hui sɛ ɛrenkyɛ na wɔakyere no abu no kumfɔ na wɔabɔ no asɛndua mu. Ná onim sɛ nea ɔbɛyɛ anaa gyinae biara a obesi no betumi aka N’agya din. Ná Yesu nim nso sɛ nkwa a adesamma benya no nsii pɔw. Ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ ahokyere a ohyiae no nyinaa ho?

2 Yesu ne n’akyidifo no kɔɔ Getsemane turo mu. Na Yesu ani gye saa beae hɔ. Bere a wɔwɔ hɔ no, ɔtew ne ho fii n’akyidifo no ho. Ɛkaa ne nkutoo no, ofi koma mu bɔɔ mpae denneennen mpɛn abiɛsa de hwehwɛɛ mmoa fii ne soro Agya no nkyɛn. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso na onim sɛ ne nkutoo ntumi nnyina nhyɛso no ano.—Mateo 26:36-44.

3 Yɛn nso yɛwɔ nhyɛso ase nnɛ. Wɔ nhomawa yi mfiase no, yesusuw adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu no ho. Kɔ ara na sɔhwɛ ne nhyɛso a ɛwɔ Satan wiase yi mu no kɔ so yɛ den. Obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔsom nokware Nyankopɔn no gyinaesi ne ne nneyɛe ka Onyankopɔn din na enya hokwan a obenya de atra wiase foforo no mu no so tumi kɛse. Yɛdɔ Yehowa. Yɛpɛ sɛ ‘yegyina mu kodu awiei’—sɛ ɛyɛ yɛn nkwa anaa nhyehyɛe yi awiei no, nea ebedi kan aba no mfa ho. (Mateo 24:13) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ na yɛakɔ so awɛn?

4 Esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’akyidifo a na wɔwɔ ne bere so ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ behyia nhyɛso nti, ɔhyɛe sɛ: ‘Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.’ (Mateo 26:41) Saa nsɛm no kyerɛ dɛn ma yɛn nnɛ? Sɔhwɛ bɛn na wuhyia? Na wobɛyɛ dɛn ‘akɔ so awɛn’?

Dɛn Ho Sɔhwɛ?

5 Yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛatɔ “Ɔbonsam . . . afiri mu” da biara da. (2 Timoteo 2:26) Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ Satan atu n’ani asi Yehowa asomfo so titiriw. (1 Petro 5:8; Adiyisɛm 12:12, 17) Dɛn nti na ɔyɛ saa? Ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ obekum yɛn. Sɛ yedi nokware na yewu ma Onyankopɔn a, Satan renya so mfaso biara. Satan nim sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa nam owusɔre so beyi owu afi hɔ.—Luka 20:37, 38.

6 Satan pɛ sɛ ɔsɛe biribi a ɛsom bo yiye sen nkwa a nnɛ yɛwɔ no—yɛn mudi mu a yebekura ama Onyankopɔn no. Satan ani abere, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ obetumi atwe yɛn afi Yehowa ho. Ne saa nti, sɛ ɔdaadaa yɛn na yɛanni nokware—yegyae asɛmpa no ka anaa yɛpo Kristofo gyinapɛn ahorow—a, ɛno bɛkyerɛ sɛ Satan adi nkonim! (Efesofo 6:11-13) Enti na “Ɔsɔhwɛfo no” sɔ yɛn hwɛ.—Mateo 4:3.

7 Satan “nnɛɛdɛe” no gu ahorow pii. (Efesofo 6:11) Obetumi de adedodowpɛ, ehu, adwenem naayɛ anaa anigyede akyidi asɔ yɛn ahwɛ. Nanso ade a ɔtaa de di dwuma ne abasamtu. Sɛ́ odifudepɛfo a n’ani atew no, onim sɛ abasamtu betumi ama yɛayɛ mmerɛw honhom mu, na ɛba saa a ɛrenyɛ den sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ. (Mmebusɛm 24:10) Ne titiriw no, sɛ ‘yɛbotow koraa’ a, ɔsɔ yɛn hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛpa abaw.—Dwom 38:8.

8 Bere a nna a edi akyiri no rebɛn n’awiei no, dɔ ara na nneɛma a ɛma obi abam bu no ɛredɔɔso, na yɛnnee yɛn ho mfii eyinom ho. (Hwɛ adaka “Nneɛma Bi a Ɛde Abasamtu Ba.”) Nea ɛde abasamtu ba biara no betumi ama yɛayɛ hodwoo. Sɛ ɛba sɛ woabrɛ wɔ honam, adwene ne nkate mu a, “adagyew” a wubenya ama ɔsom mu dwumadi ahorow—Bible a wubesua, Kristofo nhyiam a wobɛkɔ, ne asɛnka adwuma a wobɛyɛ—ho betumi ayɛ den. (Efesofo 5:15,16) Kae sɛ Ɔsɔhwɛfo no pɛ sɛ wugyae eyinom yɛ. Nanso ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ wogow wo nsam anaa woma w’ani pa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ mmere a yɛte mu no so! (Luka 21:34-36) Wobɛyɛ dɛn atumi ako atia sɔhwɛ na woakɔ so awɛn? Susuw nyansahyɛ anan a ebetumi aboa wo yi ho hwɛ.

‘Kɔ So Bɔ Mpae’

9 Fa wo ho to Yehowa so denam mpaebɔ so. Kae nhwɛso a Yesu yɛe wɔ Getsemane turo mu no. Dɛn na ɔyɛe bere a na ɔwɔ ahoyeraw kɛse mu no? Ɔbɔɔ mpae a emu yɛ den ma “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam” de hwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ. (Luka 22:44) Susuw ho hwɛ. Ná Yesu nim Satan yiye. Bere a na Yesu wɔ soro no, ohuu sɔhwɛ ahorow a na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde besum Onyankopɔn nkoa afiri no. Nanso Yesu ante nka sɛ obetumi adi sɔhwɛ biara a Ɔsɔhwɛfo no de bɛba no so no ho dwuma. Sɛ na ehia sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no mpo bɔ mpae de hwehwɛ ɔsoro mmoa ne ahoɔden a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ saa!—1 Petro 2:21.

10 Kae nso sɛ, bere a Yesu hyɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnkɔ so mmɔ mpae’ no, ɔkae sɛ: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.” (Mateo 26:41) Hena honam na na Yesu reka ho asɛm no? Nokwarem no na ɛnyɛ ne honam; na onni nipadua mu mmerɛwyɛ biara, efisɛ na ɔyɛ pɛ. (1 Petro 2:22) Nanso na n’asuafo no nyɛ pɛ. Esiane sintɔ ne bɔne su ahorow a wonya fii awo mu nti, na wobehia mmoa a wɔde bɛko atia sɔhwɛ. (Romafo 7:21-24) Ɛno nti na ɔhyɛɛ wɔn—ne nokware Kristofo nyinaa a wɔbɛba akyiri yi—sɛ wɔmmɔ mpae mfa nhwehwɛ mmoa a wɔde begyina sɔhwɛ a wohyia no ano. (Mateo 6:13) Yehowa bua mpaebɔ a ɛte saa. (Dwom 65:2) Ɔyɛ saa wɔ kwan bɛn so? Anyɛ yiye koraa wɔ akwan abien so.

11 Nea edi kan no, Onyankopɔn boa yɛn ma yehu sɔhwɛ ahorow no. Satan sɔhwɛ ahorow no te sɛ mfiri bi a wɔasunsum no baabi a esum wɔ. Sɛ woanhu a, ebetumi ayi wo. Yehowa nam Bible no ne Bible ho nhoma ahorow so ma yehu Satan mfiri no, na ɛboa yɛn ma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Mfe a abɛsen kɔ mu no, wɔakɔ so asi asiane a ɛwɔ nnipa ho suro, nna mu ɔbrasɛe, adedodowpɛ ne sɔhwɛ afoforo a efi Satan hɔ no so dua wɔ nhoma ahorow a wɔatintim mu, ɔmantam ne ɔmansin nhyiam dwumadi ahorow ase. (Mmebusɛm 29:25; 1 Korintofo 10:8-11; 1 Timoteo 6:9, 10) So ɛnyɛ wo anigye sɛ Yehowa ama yɛahu Satan akwan? (2 Korintofo 2:11) Kɔkɔbɔ a ɛte saa nyinaa yɛ wo mpaebɔ ho mmuae a ɛbɛma woatumi ako atia sɔhwɛ.

12 Nea ɛto so abien no, Yehowa bua yɛn mpaebɔ denam ahoɔden a ɔde ma yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ano no so. N’asɛm ka sɛ: ‘Onyankopɔn remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a yɛde befi sɔhwɛ no mu abɛda ho.’ (1 Korintofo 10:13) Onyankopɔn mma kwan mma sɔhwɛ mmunkam yɛn so a ɔmma yɛn honhom mu ahoɔden a yɛde bɛko atia bere a yɛkɔ so de yɛn ho to no so no. Ɔkwan bɛn so na ‘ɔma kwan bɛda ho’ ma yɛn? ‘Ɔde honhom kronkron ma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:13) Saa honhom no betumi aboa yɛn ma yɛakae Bible nnyinasosɛm a ebetumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den na ama yɛasi gyinae a nyansa wom. (Yohane 14:26; Yakobo 1:5, 6) Ebetumi aboa yɛn ama yɛada su ahorow a yehia na yɛatumi adi akɔnnɔ bɔne so adi. (Galatifo 5:22, 23) Onyankopɔn honhom betumi aka mfɛfo gyidifo ma ‘wɔahyɛ yɛn den.’ (Kolosefo 4:11) So w’ani nnye sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu tie mpae a wobɔ de hwehwɛ mmoa no?

Nya Adwempa wɔ Nneɛma a Wohwɛ Kwan no Ho

13 Sɛ yɛbɛkɔ so awɛn a, ehia sɛ yenya adwempa wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan no ho. Ɛtɔ mmere bi a, yɛn abam tumi bu esiane asetram nhyɛso nti. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Onyankopɔn nhyɛɛ yɛn bɔ biara sɛ yebenya asetra a ɛyɛ dwoodwoo wɔ saa nhyehyɛe dedaw yi mu. Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mpo mu no huu amane te sɛ ɔtaa, ohia, adwenemhaw ne yare.—Asomafo no Nnwuma 8:1; 2 Korintofo 8:1, 2; 1 Tesalonika 5:14; 1 Timoteo 5:23.

14 Ɛnnɛ, yɛn nso yehyia ɔhaw ahorow. Ebia yebehyia ɔtaa, sikasɛm mu dadwen, adwenemhaw, ɔyare anaa amanehunu wɔ akwan foforo so. Sɛ Yehowa nam anwonwakwan so bɔ yɛn ho ban fi ɔhaw biara ho a, so ɛno mma Satan nnya nea obegyina so abɔ Yehowa ahohora? (Mmebusɛm 27:11) Enti Yehowa ma kwan ma wɔsɔ ne nkoa hwɛ wɔ tebea ahorow bi mu, na mpo obi betumi awu ɔpatuwu wɔ atamfo nsam—Yohane 16:2.

15 Ɛnde, dɛn na Yehowa ahyɛ ho bɔ? Sɛnea yedii kan hui no, wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛatumi ako atia sɔhwɛ biara a yebehyia bere tenten a yɛde yɛn ho to no so no. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ɔbɔ yɛn ho ban wɔ honhom mu denam N’asɛm, ne honhom kronkron, ne n’ahyehyɛde no so, na ɔbɔ abusuabɔ a ɛda yɛ ne no ntam no ho ban. Sɛ yɛma saa abusuabɔ no mu yɛ den na yewu mpo a, yɛadi nkonim. Biribiara nni hɔ—owu mpo—a ebetumi asiw akatua a Onyankopɔn de bɛma n’asomfo anokwafo no kwan. (Hebrifo 11:6) Wɔ Yehowa wiase foforo a abɛn pɛɛ no mu no, ɔbɛma ne nhyira ahorow a ɛyɛ anigye a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no nyinaa abam.—Dwom 145:16.

Kae Nsɛmpɔw No

16 Sɛ yebegyina akodu awiei a, ɛsɛ sɛ yɛkae nsɛmpɔw a ɛho hia a ɛfa nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no. Sɛ ɛtɔ mmere bi na ɔhaw ahorow bi hyɛ yɛn so na yɛpɛ sɛ yegyae Yehowa som a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan atwa fata a Yehowa tumidi fata no mpoa. Ɔdaadaafo no ama Onyankopɔn asomfo ahofama ne wɔn nokwaredi ho aba asɛm. (Hiob 1:8-11; 2:3, 4) Ɔkwan a Yehowa afa so redi nsɛmpɔw no ho dwuma no ho hia sen nkwa a yɛn mu biara wɔ no. Ɛte saa wɔ ɔkwan bɛn so?

17 Bere tiaa a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no ama nnipa afoforo abehu nokware no. Susuw eyi ho hwɛ: Yesu huu amane sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa. (Yohane 3:16) So yɛn ani nsɔ eyi? Yɛn nso befi yɛn pɛ mu de bere kakra agyina amanehunu ano sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo benya nkwa? Sɛ yebegyina akodu awiei a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa nyansa boro yɛn de so koraa. (Yesaia 55:9) Yɛn ankasa yiyedi nti, ɔde abɔnefosɛm bɛba awiei wɔ bere a ɛsɛ mu de asiesie nsɛmpɔw no koraa. Sɛ anyɛ saa a, ɔkwan foforo bɛn bio na obetumi afa so adi nsɛmpɔw yi ho dwuma? Onyankopɔn renyɛ ade a ɛnteɛ biara!—Romafo 9:14-24.

“Bɛn Onyankopɔn”

18 Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no, ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa. Mma wo werɛ mfi da sɛ Satan reyɛ nea obetumi biara de asɛe abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ no. Satan pɛ sɛ yegye di sɛ awiei no remma da, ɛne sɛ mfaso biara nni asɛmpa a yɛreka anaa Bible gyinapɛn a yɛde bɛtra ase no so. Nanso “ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo de ‘siw Ɔbonsam kwan.’ Ɛnsɛ sɛ yɛtoto abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ase da. Bible hyɛ yɛn nkuran ɔdɔ mu sɛ: ‘Yɛmmɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn yɛn.’ (Yakobo 4:7, 8) Wobɛyɛ dɛn atumi abɛn Yehowa kɛse?

19 Mpaebɔ a wɔde susuw ade ho hia. Sɛ ɛte sɛ nea asetram nsɛm ahyɛ wo so a, ka wo komam asɛm kyerɛ Yehowa. Bere a woka nsɛm pɔtee kyerɛ no no, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya w’adesrɛde no ho mmuae. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wo nsa bɛka mmuae no pɛpɛɛpɛ, nanso sɛ wopɛ sɛ wudi no ni na wukura wo mudi mu ma no a, ɔde mmoa a ehia bɛma wo na ama woatumi agyina. (1 Yohane 5:14) Sɛ wode n’akwankyerɛ di dwuma wɔ w’asetram a, wobɛbɛn no kɛse. Yehowa su ne n’akwan horow a wada no adi wɔ Bible mu a wobɛkenkan na woasusuw ho no nso ho hia. Nsusuwho a ɛte saa no bɛboa wo ma woahu no yiye; efisɛ ɛka koma no na ɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no yɛ kɛse. (Dwom 19:14) Na saa dɔ no bɛboa wo asen biribiara ma woako atia sɔhwɛ, na woakɔ so awɛn.—1 Yohane 5:3.

20 Sɛ yɛbɛbɛn Yehowa a, ɛho hia nso sɛ yɛbɛn yɛn mfɛfo gyidifo kɛse. Yebesusuw eyi ho wɔ ɔfã a etwa to wɔ nhomawa yi mu no.

ADESUA NO HO NSƐMMISA

• Dɛn na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ nhyɛso a emu yɛ den ase wɔ n’asase so asetra awiei no, na dɛn na ɔhyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ? (Nky. 1-4)

• Dɛn nti na Satan atu n’ani asi Yehowa asomfo so saa, na akwan bɛn so na ɔfa sɔ yɛn hwɛ? (Nky. 5-8)

• Sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa (Nky. 9-12), yenya adwempa wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho (Nky. 13-15), yɛkae nsɛmpɔw no (Nky. 16-17), na ‘yɛbɛn Onyankopɔn’ (Nky. 18-20)?

[Adaka wɔ kratafa 25]

Nneɛma Bi a Ɛde Abasamtu Ba

Akwahosan/mpanyinyɛ. Sɛ yare a enni sabea bɔ yɛn anaa onyin mma yentumi nyɛ nneɛma bi a, ebia ɛbɛhaw yɛn sɛ yentumi nyɛ pii mfa nsom Onyankopɔn.—Hebrifo 6:10.

Huammɔdi. Sɛ nnipa ntie Onyankopɔn Asɛm a yɛrebɔ mmɔden aka akyerɛ wɔn no a, ebia ɛno betumi ama yɛn abam abu.—Mmebusɛm 13:12.

Te a yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee. Sɛ wɔteetee obi kyɛ a, ebia onipa no begye adi sɛ Yehowa mpo nnɔ no.—1 Yohane 3:19, 20.

Ɛyawdi. Sɛ yɔnko gyidini bi fom obi paa a, ebetumi ama n’adwene atu afra, na wagyae Kristofo nhyiam anaa asɛnka kɔ.—Luka 17:1

Ɔtaa. Ebia afoforo a wɔne wo nni gyidi biako mu no bɛsɔre atia wo, ataa wo, anaa wɔadi wo ho fɛw.—2 Timoteo 3:12; 2 Petro 3:3, 4.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yesu hyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛmmɔ mpae daa’ mfa nhwehwɛ mmoa a yɛde bɛko atia sɔhwɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena