-
Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae PaWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
5. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no
Obiara ne n’ahonim, enti ɛsono sɛnea obiara besi gyinae bi. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no? Wo de, hwɛ nhwɛso mmienu a edidi so yi:
Nhwɛso 1: Sɛ onuawa bi resiesie ne ho akɔ adesua a, ɛyɛ a n’ani gye ho sɛ obetwiw n’anim. Nanso asafo foforo a wakɔ mu no, sɛ anuanom mmea a wɔwɔ hɔ no mu pii hu a, ɛyɛ a ɛhaw wɔn.
Monkenkan Romafo 15:1 ne 1 Korintofo 10:23, 24. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onuawa no betumi asi? Sɛ w’ahonim ma wo kwan sɛ wobɛyɛ biribi, na sɛ obi foforo ahonim mma no kwan sɛ ɔbɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?
Nhwɛso 2: Onua bi nim sɛ, sɛ obi nom nsa kakra a, Bible nkasa ntia. Nanso ɔno de, wasi gyinae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi ho. Fa no sɛ onua no akɔ apontow bi ase. Oduu hɔ no, ohui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no renom nsa. Dɛn na ɔbɛyɛ?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:16 ne Romafo 14:1, 10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onua no betumi asi? Sɛ wuhu sɛ obi reyɛ biribi, na w’ahonim mma wo kwan sɛ wobɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?
Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa?
1. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa.—Yakobo 1:5.
2. Yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte Bible no ase mu. Wei bɛboa wo ama woanya nnyinasosɛm a wubetumi de ayɛ adwuma. Afei, nea wopɛ sɛ wusi ho gyinae no, wubetumi ne Kristofo a wɔwɔ osuahu anaa wɔasom akyɛ abɔ ho nkɔmmɔ.
3. Bisa wo ho sɛ, ‘Gyinae a merebesi yi, ebetumi ahaw me ne afoforo ahonim anaa?’
-
-
Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 1Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
6. Ɔhaw biara a wubehyia wɔ w’aware mu no, wubetumi adi so
Aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Enti sɛ ɔhaw ba a, ɛsɛ sɛ awarefo no bom siesie. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nneɛma bɛn na wuhuu wɔ video no mu a ɛkyerɛ sɛ na awarefo no ntam retetew?
Dɛn na wɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn aware no bɛsɔ bio?
Monkenkan 1 Korintofo 10:24 ne Kolosefo 3:13. Mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ wode kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa ama w’aware asɔ?
Bible ka sɛ, obiara mfa nidi mma ne yɔnko. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di no yiye, na yɛda obu adi kyerɛ wɔn. Monkenkan Romafo 12:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Ɛsɛ sɛ okunu anaa ɔyere twɛn sɛ ne hokafo bedi no ni ansa na ɔno nso adi no ni anaa? Adɛn nti na woreka saa?
-
-
Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie YiyeWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no ho hia paa. Ɛwom, obiara ne sɛnea ɔpɛ sɛ osiesie ne ho. Nanso yemmisa sɛ, yebetumi ahyɛ ntaade a yɛpɛ, na bere koro no ara yɛn ahosiesie asɔ Yehowa ani anaa? Yiw! Sɛ yɛde Bible afotusɛm yɛ adwuma a, ebetumi ayɛ yiye. Ma yɛnhwɛ afotusɛm yi bi.
1. Bible afotusɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu ntaade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho?
Bible tu yɛn fo sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ ntaade a ɛfata, na yɛde ahobrɛase ne adwene a emu da hɔ siesie yɛn ho.’ Afei nso, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu sɛ ‘yɛsom Onyankopɔn.’ (1 Timoteo 2:9, 10) Yebetumi asua nneɛma nnan afi afotusɛm yi mu: (1) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntaade a “ɛfata.” Sɛ wokɔ asafo nhyiam a, wubehu sɛ ɛsono sɛnea obiara asiesie ne ho, nanso ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ti ho no da adi sɛ, yebu Onyankopɔn a yɛsom no no. (2) Ɛsɛ sɛ ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no ma nkurɔfo hu sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase.’ Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ sɛnea yesiesie yɛn ho no kanyan nna ho akɔnnɔ wɔ nkurɔfo mu. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɛma nkurɔfo adwene ba yɛn so dodo. (3) Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie kyerɛ sɛ ‘yɛn adwene mu da hɔ.’ Wei kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ntaade anaa ahosiesie a ɛbɛba so biara na ɛsɛ sɛ yedi akyi. (4) Sɛnea yesiesie yɛn ho ne ntaade a yɛhyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛsom nokware Nyankopɔn no.—1 Korintofo 10:31.
2. Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen yɛn nuanom Kristofo ho?
Ɛwom, yɛwɔ hokwan sɛ yɛhyɛ nea yɛpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ataade a merehyɛ yi, ebetumi ato obi hintidua anaa?’ Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛhaw afoforo, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘nea yɛn yɔnko pɛ ne nea ɛbɛhyɛ no den.’—Kenkan Romafo 15:1, 2.
3. Sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Yehowa ho ade. Ɔkwan bɛn so?
Ɛwom, baabiara a yɛbɛkɔ biara, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ ntaade a ɛfata. Nanso, sɛ yɛrekɔ asafo nhyiam anaa yɛrekɔ asɛnka a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye paa. Asɛm yi ho hia paa, efisɛ sɛ yɛn ahosiesie nyɛ papa a, ebeyi nkurɔfo adwene afi asɛmpa a yɛka no so. Nanso, sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ebetumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade, na ‘ɛbɛma yɛn Agyenkwa nkyerɛkyerɛ no ho aba nyam.’—Tito 2:10.
SUA PII KA HO
Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo siesie wɔn ho.
Sɛ yɛrekɔ obi a ɔwɔ tumi anim a, sɛnea yebesiesie yɛn ho no bɛkyerɛ sɛ yebu no anaa yemmu no. Ɛwom, Yehowa hwɛ komam, nanso ɛsɛ sɛ sɛnea yesiesie yɛn ho no kyerɛ sɛ yebu no
4. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa
Dɛn nti paa na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye? Monkenkan Dwom 47:2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Yɛyɛ Yehowa asomfo. Enti wohwɛ a, sɛn na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho?
Sɛnea yesiesie yɛn ho kɔ asafo nhyiam anaa asɛnka no, wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn? Adɛn nti na woreka saa?
5. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ntaade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho
Ntaade a yɛhyɛ no, sɛ ne bo yɛ den oo, ne bo nyɛ den oo, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ani tew. Afei, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ, baabi a yɛrekɔ no, ɛfata sɛ yɛhyɛ saa ataade no anaa. Monkenkan 1 Korintofo 10:24 ne 1 Timoteo 2:9, 10. Afei, munsusuw ho nhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntaade a edidi so yi . . .
ntaade a ayɛ fĩ.
ntaade a ɛkyekyere yɛn papee, ɛma yɛn ho baabi gu hɔ, anaa ɛkanyan nna ho akɔnnɔ.
Ɛwom, Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase, nanso nneɛma pii wom a ebetumi aboa Kristofo ama wɔahu sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma bi ho. Monkenkan Deuteronomium 22:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Ntaade ne ahosiesie bi wɔ hɔ a, etumi ma mmarima sɛ mmea, ebi nso wɔ hɔ a, etumi ma mmea sɛ mmarima. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesiesie yɛn ho saa?
Monkenkan 1 Korintofo 10:32, 33 ne 1 Yohane 2:15, 16. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ɛrento wɔn a wɔwɔ yɛn mpɔtam anaa anuanom a wɔwɔ asafo no mu hintidua. Adɛn ntia?
Wohwɛ baabi a wowɔ no a, sɛn na nkurɔfo siesie wɔn ho, na ntaade bɛn na wɔtaa hyɛ?
Ntaade a wɔhyɛ ne sɛnea wosiesie wɔn ho no, wohwɛ a, ne nyinaa na ɛfata Kristoni anaa? Adɛn nti na woreka saa?
Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama asɔ Yehowa ani
EBINOM KA SƐ: “Metumi ahyɛ nea mepɛ biara.”
Wɔn a wɔka saa no, wo ne wɔn yɛ adwene? Adɛn ntia?
NEA YƐASUA
Sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛhyɛ ntaade a ɛfata a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa na yebu afoforo nso.
Ntimu
Adɛn nti na yɛn ntaadehyɛ ne yɛn ahosiesie ho hia Yehowa?
Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho no, ebi ne dɛn?
Sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Yehowa ho ade, anaa ebetumi ato wɔn hintidua. Ɔkwan bɛn so?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛ ntaade a wohyɛ no ka nsɛm pii fa wo ho.
Ansa na wobɛdrɔdrɔ nneɛma bi agu wo ho anaa wobɛyɛ tattoo no, ɛsɛ sɛ wudwen ho yiye paa. Adɛn ntia?
Hwɛ Bible afotusɛm ahorow a ebetumi aboa wo ama woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho.
“W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?” (Ɔwɛn-Aban, September 2016)
Ɔsom a na maame bi wom nti, na n’adwene yɛ no sɛ ɔkwan pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nkurɔfo fa so siesie wɔn ho, nanso akyiri yi, ɔsesaa n’adwene. Dɛn na ɛboaa no?
-