Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 1/1 kr. 14-19
  • Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
  • Ɛbɛka Afoforo Dɛn?
  • Ɛbɛka Yɛn Ankasa Dɛn?
  • Ahonim Pa A Ɛbɛkyerɛ Yɛn Kwan
  • Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • So Woatete W’ahonim Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • W’ahonim Tumi Kyerɛ Wo Kwan Yie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 1/1 kr. 14-19

Ahonim A Onyankopɔn De Ama Wo No Ho Mfaso A Wubenya

“Onyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw.”​—Dwom 37:31

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ahonim a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ho? (Mmebusɛm 12:15; 14:12)

ƐWOM sɛ Onyankopɔn mmaa Kristofo mmara ahorow pii a wɔakyerɛw ato hɔ de, nanso ɔde mmara horow bi ama yɛn, anaasɛ ahyɛde ahorow bi, ne nnyinasosɛm ahorow pii a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma ma ɛne yɛn gyidi ne yɛn ahonim hyia. Nanso ɛsono ahonim a obi benya, nà ɛsono ɛho mfaso ankasa a obenya. Nnipa pii te nka sɛ ‘sɛ biribi nhaw m’ahonim a, na eye.’ So saa adwene no teɛ?

2 Bible da no adi sɛ esiane abɔnefo a yɛyɛ nti yɛn ahonim betumi adaadaa yɛn; ebetumi ayɛ mmerɛw, afom kwan anaasɛ ɛho aba fĩ. Yebetumi ahu asiane a ɛwɔ ka a wɔka sɛ “ma w’ahonim nkyerɛ wo kwan” no mu no yiye denam afeha a edi kan no mu Kretafo a na wonim wɔn sɛ wɔyɛ “atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo” no ho a yebesusuw no so.​—Tito 1:10-12.

3. Ahonim kaa Kretafo no dɛn?

3 Te sɛ nnipa nyinaa no, na Kretafo no wɔ ahonim a wɔde awo wɔn. Nanso na wonnya ho mfaso. Bere a ɔrekyerɛw Tito wɔ Kreta no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fĩ.” (Tito 1:15; Romafo 2:14, 15) Ná Kretafo no pii wɔ ahonim a ano akum, a na ɛmmoa wɔn mma wɔnyɛ nea ɛteɛ anaasɛ ɛho tew. (1 Timoteo 4:2) Ná ‘hwee ho ntew’ mma Kretafo pii. Dɛn ntia? Esiane sɛ na wɔn ahonim ho aba fĩ nti, wobuu tebea biara sɛ hokwan a wɔde bedi bɔne. Ebetumi aba sɛ wɔkae sɛ, ‘Ɛnhaw m’ahonim.’ Nanso anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa! Nanso, Pentekoste 33 Y.B. no na Yudafo wɔ Yerusalem. Anka wɔn honhom mu nimdeɛ bɛboa wɔn ma wɔakwati atorodi, basabasayɛ ne potwaafo a na wɔyɛ no. Na Yesu nkyerɛkyerɛ no boaa wɔn a wogyee no toom no nso ma wonyaa ahonim pa a edi dwuma.​—Asomafo no Nnwuma 2:5, 11; Tito 1:5; 2:2-5; 3:3-7.

4, 5. Dɛn na yebetumi asua wɔ ahonim ho afi Paulo asɛm no mu?

4 Nanso, ahonim betumi adaadaa obi a onim Onyankopɔn Asɛm na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ mpo. Ná Saul anaasɛ Paulo nim Kyerɛwnsɛm no na ɔde mmɔdenbɔ somee sɛnea Mmara no kyerɛ. Nanso wantumi anni Onyankopɔn apɛde ho dwuma. Bere a Mesia no bae, bɛkaa asɛm na owui wɔ nkɔmhyɛ mmamu mu akyi no, Paulo kɔɔ so dii Farisifo Yudasom no akyi. N’ahonim ansiw no kwan wɔ ‘taa a ɔtaa asafo no’ na ‘ɔhomee ateɛteɛ ne okum home guu Awurade asuafo no so’ no ho.​—Filipifo 3:4-6; Asomafo no Nnwuma 9:1, 2.

5 Nhwɛso horow yi da no adi sɛ yɛn ahonim betumi ama yɛafom kwan. Esiane sɛ yehyia gyinaesi ahorow pii a ɛnyɛ nea Bible mu mmara pɔtee bi fa ho na mmom ɛyɛ ahonim ho asɛm nti, ɛho hia sɛ yehu ɔkwan a yɛbɛfa so atete yɛn ahonim na yɛanya ho mfaso ankasa. Afã horow abiɛsa wɔ hɔ yebesusuw ho afei.

Dɛn Na Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?

6, 7. Dɛn ne ɔkwan biako a Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn wɔ nsɛm a ɛfa ahonim ho mu

6 Pii wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ pɛ no mu a ebetumi ama yɛahu nea Onyankopɔn susuw, anaasɛ ne nnyinasosɛm ahorow, na akyerɛkyerɛ yɛn ahonim. Sɛnea yɛahu dedaw no, ná Yosef nni Onyankopɔn mmara biara a wɔakyerɛw a etia awaresɛe. Nanso na woakyerɛkyerɛ Yosef ahonim, wɔ ɔkwan pa so. Akyinnye biara nni ho sɛ na wasusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ okunu ne ɔyere (“baanu no”) nyɛ ɔhonam koro, a ɔwaresɛefo bi a ɔto so abiɛsa nka ho no ho. Na ɛda adi sɛ na Yosef nim asɛm a ɛfa Onyankopɔn adamfo Abraham ho, a ɛdaa Onyankopɔn adwene wɔ awaresɛe ho adi no.​—Mateo 19:5; Genesis 2:24; 20:1-18.

7 Ɛho betumi aba yɛn mfaso saa ara. Sɛ nhwɛso no, ebia yebetumi ahyia gyinaesi a ɛfa obi a ɛsono ɔman a ofi so, ɛsono ne honam ani hwɛbea anaasɛ ne ntetee a yɛne no bɛkɔ akodidi anaasɛ yɛne no bɛbom ayɛ adwuma ho. Eyi yɛ ade a ɛsɛ sɛ obiara si ho gyinae ma ne ho. Nanso sɛ yɛanya Onyankopɔn su a ɛfa nyiyim a ɔnyɛ ho no ho nimdeɛ afi Bible mu a, yɛn ahonim a wɔakyerɛkyerɛ no no bɛbɔ adwemmɔne biara a ebia yenyae bere a yɛrenyin no agu. Yɛbɛyɛ yɛn ade saa pɛpɛɛpɛ. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Yakobo 2:1-4) Enti Bible mu nnyinasosɛm ahorow betumi aboa yɛn nso.

8. Sɛ yehyia gyinaesi a ɛfa ahonim ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Sɛ ɛsɛ sɛ yesi asɛm bi ho gyinae na ‘yɛanya ahonim pa’ a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea Onyankopɔn ka a ɛfa asɛm no ho, efisɛ ɛno betumi aka yɛn ahonim ne yɛn gyinaesi no, na ɛsɛ sɛ ɛka no. (1 Petro 3:16) Nea ɛka mmara ankasa a yɛbɛhwehwɛ ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ebia Bible mu nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a ɛfa ho anaa. So Yesu yɛɛ biribi anaasɛ ɔkaa biribi a ɛdaa n’adwene adi wɔ gyinaesi a ɛte saa ho anaa? Yebetumi ayɛ nhwehwɛmu wɔ Bible sua nhoma horow a ɛka ho asɛm mu. Na yebetumi ne mfɛfo Kristofo a ebia wobetumi aboa yɛn ma yɛahu Bible mu nnyinasosɛm ahorow abɔ nkɔmmɔ. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ eyi a yɛn adwene ne sɛ wɔbɛsoa yɛn adesoa no ama yɛn, na ɛnsɛ sɛ yebisa nso sɛ ‘Sɛ ɛkaa wo nko a, anka dɛn na wobɛyɛ?’​—Galatifo 6:5.

9. Dɛn ne yɛn botae wɔ nsɛm a ɛfa ahonim ho ho gyinaesi mu?

9 Wɔ tebea horow a ɛsɛ sɛ obi si n’ankasa ne gyinae mu no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo fa ɔkwan a ɛbɛma wɔanya ahonim a ɛho tew wɔ Onyankopɔn anim so. Ɛsɛ sɛ wɔn ani gye sɛ wobetumi aka sɛ: “Yɛn ahonim di adanse sɛ . . . Onyankopɔn kronkronyɛ ne kurennyenyɛ mu . . . na yɛfa bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo mu.” (2 Korintofo 1:12) Sɛnea Kristoni dɔ Yehowa ne ne nnyinasosɛm no betumi ada adi wɔ gyinae a osi wɔ nsɛm a ɛfa ahonim ho mu no mu.

Ɛbɛka Afoforo Dɛn?

10, 11. Asɛm a ɛfa aduan ho wɔ tete Korinto da ade a ɛto so abien bɛn adi wɔ nsɛm a ɛfa ahonim ho mu?

10 Esiane sɛ Kristofo pɛ sɛ wɔn ahonim kanyan wɔn ma wosuasua Onyankopɔn nti, ɛsɛ sɛ ɔdɔ mu a wofi susuw afoforo ho nso yɛ ade titiriw wɔ gyinaesi a ɛfa ahonim ho mu. Eyi baa asɛm no mu bere a Paulo kyerɛw nsɛm pii a ɛfa aduan ho no.

11 Wɔ Korintofo asafo no mu no nam a wɔakum ama abosom ho asɛm sɔree. Ná anka ɛbɛyɛ abosonsom ama Kristoni sɛ obedi nam a wɔde abɔ afɔre bere a abosonsom adeyɛ no rekɔ so. Nanso Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ɛnyɛ bɔne sɛ wobedi nam a aka a wɔtɔn no adidibea a ɛbɛn abosonnan no anaasɛ wɔtɔn no gua so. (1 Korintofo 8:10; 10:25; Asomafo no Nnwuma 15:29) Nanso, ɛhaw Kristofo bi a na wɔasom abosom pɛn (ná wɔn ahonim yɛ mmerɛw) sɛ wɔbɛwe nam a ɛte saa bere a wɔtɔn no gua so a ɔsom mu nneyɛe biara nka ho mpo no. Bere a na ɛnyɛ sɛ ɔkamfo ahonim a ɛyɛ mmerɛw no, Paulo hyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonsusuw saa anuanom yi ho. Ná anka ɛbɛyɛ nea ɔdɔ nni mu sɛ wɔbɛyɛ ade a ebetumi ato anuanom yi hintidua anaasɛ ɛbɛma wɔate nka sɛ wobetumi de ahonim pa akonya abosonsom mu kyɛfa bio.

12, 13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo adwene ne wɔn ahonim ho? Yɛ mfatoho.

12 Paulo daa su a yɛn nyinaa hia adi: “Sɛ aduan [anaa biribi foforo biara] to me nua hintidua a, merenni nam ara da.” Wɔ asɛm a egyina yɛn ankasa ahonim so, ma enti yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ mu no, sɛ yebu yɛn ani gu afoforo ahonim so na yɛnam saa yɛ so ‘sɛe yɛn nuanom a Kristo wu maa wɔn’ a, yebetumi ahwere gyinabea pa a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim no. Paulo bisae sɛ: “Adɛn na obi ahonim bebu me ho a mede no atɛn?” (1 Korintofo 8:3, 11-13; 10:29) Ɛwom sɛ ebia obi te nka sɛ ‘ɛyɛ n’ankasa asɛm a egyina ahonim so’ de, nanso sɛ epira afoforo a, ebetumi ama Onyankopɔn abufuw aba no so. Eyi ma yehu sɛnea ebetumi ayɛ nea asiane wom sɛ yebesusuw sɛ ‘sɛ egyina m’ankasa m’ahonim so de a na eye’ no.

13 Susuw osuahu bi a ɔbarima bi ne ne yere a na wɔne wɔn reyɛ Bible adesua, a na wɔkɔ nhyiam horow ma ná wɔrebɛn asubɔ nyae no ho. Ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo no mu kaa sini bi a ɔkɔhwɛe ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima no. Ɔbarima no buae sɛ, ‘Ei! Wohwɛ sini a wɔde B ahyɛ no agyirae?’a Ɔpanyin no bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nneyɛe no ho anoyi bi bɛma, na ɔkae sɛ sini ahorow yi (a wiase no mpo bu sɛ ɛmfata no) mu binom ho wɔ mfaso, sɛ wubu ani gu afã horow a enye no so a. Nanso ɛda adi sɛ ɛkaa ɔbarima no. Eyi akyi no ne nkɔso yɛɛ nyãa sen ne yere. Sɛ ɔpanyin no susuw kyerɛw nsɛm te sɛ Kolosefo 3:2-8, Efesofo 5:3-5 ne Mateo 7:12 ho a, ebia anka ɛbɛka n’ahonim ne ne suban.​—1 Korintofo 9:22, 25-27.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo kuw no ahonim betumi aka nsɛm bi a ɛyɛ akorankoro asɛm?

14 Afoforo ho a yesusuw kyerɛ sɛ yɛrenka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmma biribi a etia wɔn ahonim ho kwan. Sɛ nhwɛso no, asafo mu mpanyimfo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔma ayeforohyia ho kwan wɔ Ahenni Asa so, na wɔhwɛ sɛnea wɔbɛyɛ eyinom, sɛnea wɔhyehyɛ asa no so, ne ade.b Mpanyimfo a wɔwɔ asafo biako mu kyerɛwee sɛ: “Ayeforohyia biako mu no, na mmeawa a wodi ayeforo no anim no nyinaa rehuw wɔn ho bere a wɔnam no. Ná ɛsɛ sɛ ayeforohyia a edi hɔ no sen nea atwam no. Enti na mmeawa a wodi ayeforo no anim no biara kura akatawia a ɔrehim bere a wɔnam no. Na ɛsɛ sɛ nea edi hɔ no yɛ kɛse na ɛsen nea atwam no; ná wɔhwehwɛ mmeawa aduonu ne mmarimaa aduonu ma wɔadi ayeforo no anim. Afei de na wɔrefi ase de asa no adi dwuma sɛ agodibea.”

15 So na eyi yɛ ‘asɛm a ɛfa ahonim ho’ a ɛsɛ sɛ obiara si ho gyinae ma ne ho? Dabi. Sɛ nnipa baanu a wɔreware no ahonim bɛma kwan ma wɔayɛ biribi a ɛtra so a, wɔrentumi mmu ani ngu mpanyimfo kuw no ahonim so. Bere a wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ankasa apɛde hyɛ afoforo so no, wosusuw asafo no nyinaa asomdwoe, biakoyɛ ne honhom mu yiyedi ho. Na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden boa afoforo ma ‘wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra Onyankopɔn fi, a ɛyɛ nokware dum ne nnyinaso no.’​—1 Timoteo 3:15; 1 Korintofo 10:31.

16. Sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae wɔ asɛm a egyina w’ahonim so ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

16 Enti, sɛ yɛresi gyinae wɔ ‘asɛm bi a ɛfa ahonim ho’ ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw (1) nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ ho, ne (2) sɛnea yɛn gyinaesi no betumi aka afoforo, no ho. Nanso ɔfã a ɛto so abiɛsa a ɛho hia wɔ hɔ.

Ɛbɛka Yɛn Ankasa Dɛn?

17. Ɔkwan bɛn so na ahonim kaa onua bi wɔ New York Kurom?

17 Ná Natural History nsɛmma nhoma a ɛbae August 1981 no kura asɛm bi a ɛfa New York Kurom amanade soafo a wɔtra baesekre so de amanade ne nkrataa a ɛho hia kɔ nnwuma ahorow mu wɔ kurow no mu ho. Ɛdefa mmarima a wɔde wɔn ho ahyɛ saa adwuma yi mu no ho no, yɛkenkan sɛ: “Donald, amanade soafo a wadi mfe 41, tumi de nea onya fi saa adwuma yi mu no hwɛ ne yere ne ne ba a wadi mfe 15. Ná anka Donald yɛ mfonini a wotwitwa de yi sini ho adwuma, nanso ogyaee saa adwuma no efisɛ, sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, na ɔrentumi ntoa so nni ne kyɛfa wɔ mfonini ahorow a ɛfa ahuhudeyɛ ho a wɔboaboa ano de yi sini no ho dwuma. Sɛ́ amanade soafo no, ɛnyɛ nka ara nko na ɔte sɛ n’ahonim ho tew, na mmom otumi pɔn saa adwuma no bere biara nso a ɔno ankasa pɛ na ɔde bere pii aka nsɛmpa.”

18. (a) Dɛn na ebetumi aba sɛ ɛmaa onua no sii saa gyinae yi? (b) Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

18 Nneɛma ahorow wɔ hɔ a ɛfa adwuma ho gyinaesi ho (hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 18 no) . Nea ɛte sɛ Donald asɛm no, Kristoni betumi ayɛ adwuma wɔ baabi a wodi mfonini ahorow a wotwitwa de yi sini ho dwuma​—mfonini mmiako mmiako, nea wɔde yi sini wɔ fie, nea wɔde bɔ aguade ho dawuru, ne nea wɔde yi sini kyerɛ amanfo. Nkakrankakra no wofi ase di mfonini ahorow a ɛfa ahuhudeyɛ ho ho dwuma. Ebedu baabi no Kristoni ahonim befi ase ahaw no. Ebia obehu sɛ wɔrehyɛ ɔno ankasa ma ɔde ne ho akɔhyɛ ahuhudeyɛ anaasɛ nneɛma afoforo a ɛmfata mu. Sɛ́ ebia ɔwɔ adwuma a edi mfonini ahorow a ɛfa ahuhudeyɛ ho ho dwuma nti anaasɛ esiane nea wɔhwehwɛ sɛ ɔyɛ nti no, ebia obehu sɛ ɛsɛ sɛ ogyae na watumi ayɛ obi a ‘ne ho nni asɛm,’ a ɛbɛyɛ ade a ɛho hia titiriw ma nnipa a wɔhwehwɛ anaasɛ wɔwɔ hokwan ahorow wɔ asafo no mu no. Wɔ adwuma foforo hwehwɛ mu no, obetumi de ahotoso ahwɛ Yehowa nhyira kwan. (1 Timoteo 3:2, 8-10; Romafo 13:5) Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo pii wɔ hɔ a wɔagyae nnwuma a ɛtete saa mmom sen sɛ wɔbɛma afĩdeyɛ ahaw wɔn. (Fa toto Mateo 5:28 ho.) Enti, sɛ yehyia gyinaesi a ɛfa ahonim ho a, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: ‘Sɛ meyɛ saa ade yi anaa sɛ manyɛ a, ɛbɛka me dɛn?’ Ɛnsɛ sɛ yebu ani gu yɛn ahonim so, sɛe no na yɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ nea ɛyɛ bɔne daakye.​—1 Timoteo 4:2; Yuda 10; Efesofo 4:18, 19.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na ahonim ne gyidi betumi anya nkɛntɛnso wɔ yɛn som adwuma no so? (b) Sɛ yɛyɛ adefo anaa yɛnyɛ adefo no, ɔpɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

19 Bere a yesusuw gyinae a Donald fi ahonim mu sii no ho no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nea ɛka abusuabɔ pa a ɔne Yehowa benya a na ɔhwehwɛ ho no, ɔpɛe sɛ ɔda ne gyidi adi kɛse. Eyi ne ahonim a Paulo de toa gyidi mu no hyia: “Afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu.”​—1 Timoteo 1:5.

20 Ɛyɛ ade pa bere a onipa gyidi ne pɛ a ɔpɛ sɛ onya ahonim pa no ka no ma ɔyɛ nsakrae horow bi na ‘ne nan anwatiriw’ na watumi de bere pii abɔ “Onyankopɔn tirim agyina nyinaa” ho dawuru no. (Asomafo no Nnwuma 20:26, 27) Nanso, ɛsɛ sɛ yebu wɔn a ɛte sɛ nea wɔn nsɛm tebea ma kwan sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no pii nanso wɔnyɛ saa no dɛn? Ebia wogye akatua akɛse wɔ wɔn nnwuma mu na ɛte sɛ nea wɔwɔ sika dedaw a wobetumi de atra ase ahotɔ mu wɔ saa nhyehyɛe yi mu. Nanso sɛ́ anka wobenya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa sɛ akwampaefo no, wɔkɔ so trɛw wɔn nnwuma, wɔn afie ne wɔn asetra mu.c (Fa toto Marko 10:17-22; Luka 12:16-21 ho.) Ɛnyɛ yɛn adwuma sɛ yebebu afoforo atɛn wɔ nsɛm a ɛte saa mu, efisɛ “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” Mmom no, momma yɛn gyidi nka yɛn mma yɛnsom Onyankopɔn yiye a pɛsɛmenkominya nni mu na yɛatumi anya ahonim a ɛho tew.​—Romafo 14:1-4, 10-12.

Ahonim Pa A Ɛbɛkyerɛ Yɛn Kwan

21. Ɔkwan pa bɛn so na yɛn ahonim betumi aka yɛn?

21 Kristoni ahonim pa a wɔatete no yiye na ano yɛ nnam bɛkyerɛ yɛn kwan ma yɛayɛ nea eye. Ɛyɛɛ saa wɔ Paulo fam. N’ani gyee ‘ne nuanom,’ mfɛfo Yudafo, ho araa ma ɔkyerɛwee sɛ: “M’ahonim nso redi me adanse honhom kronkron mu sɛ: Mewɔ awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.” (Romafo 9:1-3) Yiw, ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛka Kristosom ho asɛmpa no akyerɛ wɔn.

22. Dɛn nti na ahonim betumi akanyan yɛn asen nea mmara horow betumi ayɛ?

22 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa ara wɔ yɛn fam. Sɛ yenim ɛbo a ahonim a Onyankopɔn de ama yɛn no som a, ɛremma yensusuw mmara horow ho nkutoo. Ebia mmara horow de nneɛma ahorow bi a wɔhwehwɛ, anaasɛ botae horow bi, besisi hɔ. Nanso ahonim a ɔdɔ ne gyidi kanyan no no bɛma yɛayɛ pii asen saa, na aka yɛn ma yɛde nneɛma pii abɔ afɔre na yɛayɛ ayamye. Saa kwan no so no yebenya yɛn ahonim ho mfaso. Ɛbɛtwe yɛn afi nneɛma a ebetumi de Onyankopɔn abufuw aba no ho, na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a ɛsɔ n’ani. Eyi te saa titiriw bere a yɛn ahonim kyerɛ yɛn kwan ma yenya kyɛfa kɛse wɔ asɛmpaka adwuma no mu no. Mfaso kɛse bɛn na ɛwɔ hɔ sen nea Paulo daa no adi kyerɛɛ Timoteo no? Ɔkae sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”​—1 Timoteo 4:16.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ United states no, wobuu sini biara a wɔde B ahyɛ no agyirae no sɛ enye mma nnipa a wonnii mfe dunson (gye sɛ onii awofo anaa ɔpanyin a ɔhwɛ no so ka ne ho) esiane nea sini no fa ho anaa esiane ahuhude, basabasa anaa nneɛma fi a wɔyɛ wɔ mu nti.

b Hwɛ May 1, 1974, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 274-277

c Akwampaefo pii ho bɛba asafo a mo wom no mfaso. Nanso, nnipa pii a wɔwɔ asɛm no ho anigye a honhom mu kɔm de wɔn no tete mmeae a nnipa kakraa bi na wobetumi atu akɔ hɔ esiane nnwuma a enni hɔ nti. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ bere a Kristofo bi a wɔn nsam ye gye mmoa a ɛho hia ho ɔfrɛ yi so no!​—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

So Wutumi Kae?

□ Dɛn nti na ɛyɛ nea asiane wom sɛ wobɛte nka sɛ ‘sɛ biribi nhaw m’ahonim a, ɛnde na eye’?

□ Sɛ wuhyia asɛm bi a egyina w’ahonim so a, nneɛma abiɛsa bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye?

□ Ɛsɛ sɛ w’ahonim ka Onyankopɔn a wubeyi no ayɛ baguam no dɛn?

[Kratafa 18 adaka]

Adwuma Ho Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho

Sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni si adwuma bi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ odi kan susuw nea ɔbɛyɛ ankasa no ho. Obetumi asusuw nsɛm abien yi ho:

So Bible kasa tia saa adwuma pɔtee no?

Bible kasa tia nneɛma te sɛ adewia, abosonsom ne mogya a wɔde di dwuma a ɛmfata, enti Kristoni rentumi nyɛ adwuma a edi boa nneɛma a ɛtete saa tẽe.

So saa adwuma no a obi bɛyɛ no de no bɛfam adeyɛ bi a wɔkasa tia ho ma wabɛyɛ ne fafafo ankasa?

Ɔpon ano hwɛfo anaa ahɔhogyefo mpo a obi bɛyɛ wɔ baabi a wɔtwe mogya de sie anaa baabi a akode nkutoo na wɔyɛ no de obi bata adwuma a ɛbɔ Onyankopɔn Asɛm abira ho tẽe.​—Leviticus 17:13, 14; Yesaia 2:2-4.

Nea obi bɛyɛ akyi no, nneɛma pii nso wɔ hɔ a ɛfa asɛm no ho:

So adwuma no yɛ mmoa a wɔde ma nnipa nyinaa a ɛnyɛ bɔne wɔ Bible mu?

Obi a ɔyɛ adwuma wɔ post office de nkrataa kɔmema nkurɔfo wɔ afie ne nnwuma mu. So wobebu Kristoni fɔ, sɛ mmeae a ɔde nkrataa kɔ no mu kakraa yɛ awifo afie anaa baabi a wɔtɔn abosom ahoni a?​—Mateo 5:45.

Onii wɔ nea wɔyɛ no so tumi dɛn?

Kristoni a ɔwɔ aguadi afiase rentɔn ahoni anaasɛ nnuan a mogya wom. Nanso onni tebea koro no ara mu bere a wɔafa no sɛ odwumayɛni wɔ baabi a wɔtɔn sigaret anaasɛ aduan bi a mogya wom ka nneɛma afoforo mpempem pii ho no.

Onii ho wom kodu he?

Ebia odwumayɛni a ɔhwɛ sika so a, bere ne bere mu nkutoo na odi sigaret ho dwuma no besi gyinae sɛ ne tebea no nte sɛ odwumayɛni foforo a ɔtɔn eyi da mu nyinaa no.

Akatua no fi he anaasɛ ɛhe na wɔbɛyɛ adwuma no?

Wɔ aman a aban no ma asɔre hwɛ asetra mu nhyehyɛe ahorow bi so no, ebia asɔre no adwumayɛkuw bi na ebetua obi ka. Nanso ebia na n’adwuma a ɛne sɛ ɔhwɛ nturo ahorow bi so no nni asɔre no asase so. Na ebia ɛmfa nyamesom ho anaasɛ wommu no sɛ edi boa atoro som.

Dɛn na adwuma bi a obi bɛyɛ no betumi de aba?

So adwuma no a obi bɛyɛ bɛto pii hintidua, ma ɛde ‘ahohorabɔ’ aba? (1 Timoteo 3:2, 10) Ɛbɛka odwumayɛni no ahonim dɛn?

[Kratafa 19 adaka]

“Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntõatõa wɔn. Mehwɛ wo nkwagye kwan, [Yehowa], na madi wo mmara nsɛm so.”​—Dwom 119:165, 166.

[Kratafa 15 adaka]

Ebia ɔyɔnko Kristoni bɛboa wo ma woahu nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ asɛm bi a ɛfa ahonim ho ho

[Kratafa 25 adaka]

Susuw sɛnea wo gyinaesi anaa wo nneyɛe betumi aka afoforo ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena