Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?

      Wokɔ wiase baabiara a, ɛsono adwene a obiara wɔ wɔ nsã ho. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔne wɔn nnamfonom hyiam a, ɛyɛ a wɔde nsã kakra ka wɔn ano. Ebinom nso de, wɔmpɛ sɛ wɔbɛnom nsã koraa. Afoforo nso tumi nom ara bow. Ɛnde yemmisa sɛ, dɛn na Bible ka fa nsã ho?

      1. Ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛnom nsã anaa?

      Bible nka wɔ baabiara sɛ, obi nom nsã a, wayɛ bɔne. Mmom, ɛma yehu sɛ nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no, nsã ka ho. Bible ka sɛ, Onyankopɔn de ‘nsã ama ɔdasani sɛnea ɛbɛyɛ a ne koma ani begye.’ (Dwom 104:14, 15) Mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no bi wɔ hɔ a, wɔde nsã kaa wɔn ano anaa wɔnom nsã.—1 Timoteo 5:23.

      2. Wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛnom nsã no, afotu bɛn na Bible de ma wɔn?

      Yehowa kasa tia asabow ne nsawe. (Galatifo 5:21) N’Asɛm Bible no ka sɛ: “Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii . . . no ho.” (Mmebusɛm 23:20) Ebinom wɔ hɔ a, wotumi nom nsã ara ma wontumi nnwen yiye. Ɛba saa a, wɔkasa biarabiara, na wɔyɛ wɔn ade basabasa. Ebinom koraa de, wotumi nom nsã ara ma ɛsɛe wɔn apɔwmuden. Enti sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛnom nsã a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannom antra so. Sɛ yɛn nko ara na yɛwɔ hɔ oo, yɛne afoforo na ahyiam oo, sɛ yɛrenom nsã a, ɛsɛ sɛ yɛde adwene to ho. Sɛ wuhu sɛ worentumi nhyɛ wo ho so a, ɛnde ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wugyae nsanom koraa.

      3. Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛnom nsã anaa ɔrennom a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade?

      Yɛn mu biara wɔ hokwan sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛnom nsã anaa ɔrennom. Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛnom nsã kakra a, ɛnsɛ sɛ yebu no atɛn. Sɛ obi nso ka sɛ ɔno de, ɔremfa bi nka n’ano koraa a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ no. (Romafo 14:10) Sɛ yɛnom nsã na sɛ ɛbɛhaw afoforo a, yebetumi asi gyinae sɛ yɛrennom koraa. (Monkenkan Romafo 14:21.) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenhwehwɛ ‘nea eye ma yɛn nko ara, na mmom yɛbɛhwehwɛ yɛn yɔnko nso de bi.’—Monkenkan 1 Korintofo 10:23, 24.

      SUA PII KA HO

      Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo ama woahu sɛ, ɛsɛ sɛ wonom nsã anaa ɛnsɛ sɛ wonom? Sɛ woyɛ sɛ wobɛnom nsã a, wobɛyɛ dɛn ahu dodow a ɛsɛ sɛ wonom? Sɛ woanom nsã ara ma aka wo hɔ a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyae? Ɔfã yi bɛma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

      4. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wonom nsã anaa ɛnsɛ sɛ wonom?

      Ná Yesu adwene ne sɛn wɔ mmosã ho? Anwonwade a edi kan a Yesu yɛe no bɛma woanya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Monkenkan Yohane 2:1-11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Wohwɛ anwonwade a Yesu yɛe yi a, n’adwene ne sɛn wɔ mmosã ho? Wɔn a wɔnom no nso, ohu wɔn sɛn?

      • Yesu ankasa antia wɔn a wɔnom nsã. Enti sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛnom nsã a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni nya wɔ ne ho?

      Ɛwom, Kristoni wɔ hokwan sɛ ɔnom nsã. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ, bere nyinaa na ɛyɛ papa sɛ ɔnom nsã. Monkenkan Mmebusɛm 22:3. Muwie a munsusuw ho nhwɛ sɛ ɛyɛ papa sɛ obi nom nsã wɔ tebea ahorow a edidi so yi mu anaa ɛnyɛ papa:

      • Bere a ɔrekɔka kar anaa ɔde afiri bi rekɔyɛ adwuma.

      • Bere a ɔbea bi nyem.

      • Bere a dɔkota aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔnom nsã.

      • Bere a ontumi nhyɛ ne ho so wɔ nsã ho.

      • Bere a mmara mma kwan sɛ ɔbɛnom nsã.

      • Bere a ɔne obi a wanom nsã agyae na ɔmpɛ sɛ ɔde bi bɛka n’ano wɔ baabi.

      Sɛ woretow pon anaa woreyɛ ayeforo a, ɛsɛ sɛ wode nsã ba ase anaa? Hwɛ VIDEO yi, na ɛbɛboa wo ama woatumi asi gyinae.

      VIDEO: Ɛsɛ Sɛ Mede Nsã Ba Ase Anaa? (2:41)

      Monkenkan Romafo 13:13 ne 1 Korintofo 10:31, 32. Mokan kyerɛwsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛn na kyerɛwsɛm yi betumi aboa wo ama woasi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani?

      Ɔbarima bi ne mmea mmienu bi akɔ baabi rekodidi. Nea ɔhwɛ ahɔho no rebisa no sɛ onhwie nsã no bi mma no anaa. Nanso ɔse daabi. Mmea a wɔka ne ho no de, wɔrenom nsã.

      Kristoni biara wɔ hokwan sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛnom nsã anaa ɔrennom. Sɛ Kristoni bi nom nsã mpo a, ɛtɔ da a, obetumi asi gyinae sɛ ɔrennom

      5. Nsã dodow sɛn na ɛsɛ sɛ wonom?

      Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛnom nsã a, kae sɛ, ɛwom sɛ Yehowa nkasa ntia asanom, nanso ɔkasa tia asabow. Adɛn ntia? Monkenkan Hosea 4:11, 18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi nom nsã tra so a, dɛn na ebetumi asi?

      Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛannom nsã antra so? Ɛsɛ sɛ yehu nsã dodow a yɛnom a, ebetumi ama yɛabow. Monkenkan Mmebusɛm 11:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Ansa na wode nsã bɛka w’ano no, adɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan hu nsã dodow a wopɛ sɛ wonom?

      6. Sɛ obi nom nsã dodo a, dɛn na ebetumi aboa no ama wagyae?

      Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ɛboaa ɔbarima bi a na ɔyɛ kɔwensani ma ɔsesae. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: ‘M’abrabɔ Maa Asetena Fonoo Me’ (6:32)

      Mfoni Ahorow: Efi video a yɛato din ‘M’abrabɔ Maa Asetena Fonoo Me’ no mu. 1. Dmitry kura nsã. 2. Dmitry ne ne yere ne wɔn babea abom rekenkan Bible, na wɔresusuw ho.
      • Video no mu no, sɛ Dmitry nom nsã bow a, na ɔyɛ n’ade sɛn?

      • Bere a ɔyɛe sɛ obegyae no, na ɛyɛ mmerɛw?

      • Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyaee?

      Monkenkan 1 Korintofo 6:10, 11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi nom nsã bow a, aniberesɛm bɛn na ɛwom?

      • Dɛn na ɛma yehu sɛ kɔwensani anaa ɔsabofo bi betumi asesa?

      Monkenkan Mateo 5:30. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Nea Yesu kae no kyerɛ sɛ, biribiara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi asɔ Yehowa ani no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ woyɛ obi a wopɛ nsã dodo a, dɛn na ebetumi aboa wo ama woagyae?a

      Monkenkan 1 Korintofo 15:33. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wo ne wɔn a wɔpɛ nsã taa bɔ a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Bible kasa tia nsanom anaa?”

      • Sɛ obi bisa saa a, dɛn na wobɛka?

      NEA YƐASUA

      Yehowa de nsã ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani begye wɔ asetena mu. Nanso, ɔkasa tia nsanom bebrebe ne asabow.

      Ntimu

      • Dɛn na Bible ka fa nsã ho?

      • Sɛ obi nom nsã tra so a, ɔhaw bɛn na ebetumi afi mu aba?

      • Sɛ obi si gyinae sɛ ɔbɛnom nsã anaa ɔrennom a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ video yi, na wubehu nea ebetumi aboa mmabun ama wɔasisi gyinae pa wɔ nsã ho.

      Wobɛnom Nsa a Dwen Ho Yiye (2:31)

      Woanom nsã ama aka wo hɔ anaa? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ebetumi aboa wo ama woagyae.

      “Hwɛ W’asanom Yiye” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2010)

      Ebinom renom nsã a, ɛyɛ a wɔma so de srɛ nhyira ma obi. So ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ saa anaa? Kenkan saa asɛm yi, na wubenya ho mmuae.

      “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” (Ɔwɛn-Aban, February 15, 2007)

      Kenkan asɛm a yɛato din “Ná Meyɛ Ɔwee Mu Ɔwee” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea ɛboaa kɔwensani bi ma otumi sesae.

      “Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, May 1, 2012)

      a Ebinom wɔ hɔ a, wɔanom nsã ara ma aka wɔn hɔ. Wɔn a wɔte saa no, ebia ɛho behia sɛ wokohu dɔkota ma ɔboa wɔn. Akɔwensafo anaa asabofo a wɔatumi agyae nsanom no, adɔkotafo pii ka sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛnsɛ sɛ wɔde bi ka wɔn ano koraa.

  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 52. Awuraa bi akɔ sotɔɔ bi mu rekɔtɔ ataade. Ɔrehwɛ mu ahwɛ nea ɛfata.

      ADESUA 52

      Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye

      Ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no ho hia paa. Ɛwom, obiara ne sɛnea ɔpɛ sɛ osiesie ne ho. Nanso yemmisa sɛ, yebetumi ahyɛ ntaade a yɛpɛ, na bere koro no ara yɛn ahosiesie asɔ Yehowa ani anaa? Yiw! Sɛ yɛde Bible afotusɛm yɛ adwuma a, ebetumi ayɛ yiye. Ma yɛnhwɛ afotusɛm yi bi.

      1. Bible afotusɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu ntaade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho?

      Bible tu yɛn fo sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ ntaade a ɛfata, na yɛde ahobrɛase ne adwene a emu da hɔ siesie yɛn ho.’ Afei nso, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu sɛ ‘yɛsom Onyankopɔn.’ (1 Timoteo 2:9, 10) Yebetumi asua nneɛma nnan afi afotusɛm yi mu: (1) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ntaade a “ɛfata.” Sɛ wokɔ asafo nhyiam a, wubehu sɛ ɛsono sɛnea obiara asiesie ne ho, nanso ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ti ho no da adi sɛ, yebu Onyankopɔn a yɛsom no no. (2) Ɛsɛ sɛ ntaade a yɛhyɛ ne sɛnea yesiesie yɛn ho no ma nkurɔfo hu sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase.’ Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ sɛnea yesiesie yɛn ho no kanyan nna ho akɔnnɔ wɔ nkurɔfo mu. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɛma nkurɔfo adwene ba yɛn so dodo. (3) Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie kyerɛ sɛ ‘yɛn adwene mu da hɔ.’ Wei kyerɛ sɛ, ɛnyɛ ntaade anaa ahosiesie a ɛbɛba so biara na ɛsɛ sɛ yedi akyi. (4) Sɛnea yesiesie yɛn ho ne ntaade a yɛhyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛsom nokware Nyankopɔn no.—1 Korintofo 10:31.

      2. Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen yɛn nuanom Kristofo ho?

      Ɛwom, yɛwɔ hokwan sɛ yɛhyɛ nea yɛpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ataade a merehyɛ yi, ebetumi ato obi hintidua anaa?’ Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛhaw afoforo, mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘nea yɛn yɔnko pɛ ne nea ɛbɛhyɛ no den.’—Kenkan Romafo 15:1, 2.

      3. Sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Yehowa ho ade. Ɔkwan bɛn so?

      Ɛwom, baabiara a yɛbɛkɔ biara, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ ntaade a ɛfata. Nanso, sɛ yɛrekɔ asafo nhyiam anaa yɛrekɔ asɛnka a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye paa. Asɛm yi ho hia paa, efisɛ sɛ yɛn ahosiesie nyɛ papa a, ebeyi nkurɔfo adwene afi asɛmpa a yɛka no so. Nanso, sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ebetumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade, na ‘ɛbɛma yɛn Agyenkwa nkyerɛkyerɛ no ho aba nyam.’—Tito 2:10.

      SUA PII KA HO

      Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo siesie wɔn ho.

      Mmarima mmienu bi gyina ɔtemmufo bi anim. Baako ahyɛ coat abɔ tai. Baako nso ahyɛ ataade bi a wɔadrɔdrɔ mu ne gyens bi a atetew. Wasan ahyɛ kyɛw.

      Sɛ yɛrekɔ obi a ɔwɔ tumi anim a, sɛnea yebesiesie yɛn ho no bɛkyerɛ sɛ yebu no anaa yemmu no. Ɛwom, Yehowa hwɛ komam, nanso ɛsɛ sɛ sɛnea yesiesie yɛn ho no kyerɛ sɛ yebu no

      4. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa

      Dɛn nti paa na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye? Monkenkan Dwom 47:2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Yɛyɛ Yehowa asomfo. Enti wohwɛ a, sɛn na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho?

      • Sɛnea yesiesie yɛn ho kɔ asafo nhyiam anaa asɛnka no, wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn? Adɛn nti na woreka saa?

      5. Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ntaade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: “Monyɛ Ne Nyinaa Mfa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” (10:18)

      Ntaade a yɛhyɛ no, sɛ ne bo yɛ den oo, ne bo nyɛ den oo, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ani tew. Afei, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ, baabi a yɛrekɔ no, ɛfata sɛ yɛhyɛ saa ataade no anaa. Monkenkan 1 Korintofo 10:24 ne 1 Timoteo 2:9, 10. Afei, munsusuw ho nhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntaade a edidi so yi  . . .

      • ntaade a ayɛ fĩ.

      • ntaade a ɛkyekyere yɛn papee, ɛma yɛn ho baabi gu hɔ, anaa ɛkanyan nna ho akɔnnɔ.

      Ɛwom, Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase, nanso nneɛma pii wom a ebetumi aboa Kristofo ama wɔahu sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma bi ho. Monkenkan Deuteronomium 22:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Ntaade ne ahosiesie bi wɔ hɔ a, etumi ma mmarima sɛ mmea, ebi nso wɔ hɔ a, etumi ma mmea sɛ mmarima. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesiesie yɛn ho saa?

      Monkenkan 1 Korintofo 10:32, 33 ne 1 Yohane 2:15, 16. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yɛresiesie yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ɛrento wɔn a wɔwɔ yɛn mpɔtam anaa anuanom a wɔwɔ asafo no mu hintidua. Adɛn ntia?

      • Wohwɛ baabi a wowɔ no a, sɛn na nkurɔfo siesie wɔn ho, na ntaade bɛn na wɔtaa hyɛ?

      • Ntaade a wɔhyɛ ne sɛnea wosiesie wɔn ho no, wohwɛ a, ne nyinaa na ɛfata Kristoni anaa? Adɛn nti na woreka saa?

      Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama asɔ Yehowa ani

      Kristofo bi a wofi aman horow so. Ɛsono sɛnea wɔn mu biara asiesie ne ho ne ataade a wahyɛ, nanso ne nyinaa fata.

      EBINOM KA SƐ: “Metumi ahyɛ nea mepɛ biara.”

      • Wɔn a wɔka saa no, wo ne wɔn yɛ adwene? Adɛn ntia?

      NEA YƐASUA

      Sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛhyɛ ntaade a ɛfata a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa na yebu afoforo nso.

      Ntimu

      • Adɛn nti na yɛn ntaadehyɛ ne yɛn ahosiesie ho hia Yehowa?

      • Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho no, ebi ne dɛn?

      • Sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama nkurɔfo ani agye ho sɛ wobesua Yehowa ho ade, anaa ebetumi ato wɔn hintidua. Ɔkwan bɛn so?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛ ntaade a wohyɛ no ka nsɛm pii fa wo ho.

      “M’ahosiesie Te Sɛn?” (Ɛwɔ jw.org)

      Ansa na wobɛdrɔdrɔ nneɛma bi agu wo ho anaa wobɛyɛ tattoo no, ɛsɛ sɛ wudwen ho yiye paa. Adɛn ntia?

      “Dɛn Na Bible Ka Fa Tattoo Ho?” (Ɛwɔ jw.org)

      Hwɛ Bible afotusɛm ahorow a ebetumi aboa wo ama woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho.

      “W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?” (Ɔwɛn-Aban, September 2016)

      Ɔsom a na maame bi wom nti, na n’adwene yɛ no sɛ ɔkwan pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nkurɔfo fa so siesie wɔn ho, nanso akyiri yi, ɔsesaa n’adwene. Dɛn na ɛboaa no?

      “Ahosiesie Na Na Ɛresi Me Kwan” (Nyan!)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena