Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 12/1 kr. 3-4
  • So Ɛsɛ sɛ Atetesɛm ne Nokware Bɔ Abira?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Atetesɛm ne Nokware Bɔ Abira?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Atetesɛm ne Nokware Nhyia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nyansahu Ne Nyamesom Nea Ɛkɔfaa Ntawtawdi Bi Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Abenkummayɛ Enye Anaasɛ Eye?
    Nyan!—1992
  • Martin Luther—Ɔbarima no ne N’apɛgyade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 12/1 kr. 3-4

So Ɛsɛ sɛ Atetesɛm ne Nokware Bɔ Abira?

MARTIN LUTHER adwene sii no pi sɛ n’asɛm yɛ nokware. Na osusuw sɛ Bible no taa n’akyi. Nanso na Poland nsoromma ho nimdefo, Copernicus, susuw sɛ saa bere no mufo atetesɛm gyidi no nteɛ.

Gyidi bɛn? Sɛ, asase yi da amansan no mfinimfini na biribiara twa ho hyia. Copernicus kae sɛ, nokware no ne sɛ asase no ankasa twa owia no ho hyia. Luther bɔɔ eyi gui kae sɛ: “Nkurɔfo tie nsoromma mu hwɛfo a wama ne ho so a ɔbɔɔ mmɔden kyerɛe sɛ asase no na etwa ne ho na ɛnyɛ ɔsoro anaa ewim, owia ne ɔsram no.”—History of Western Philosophy.

ATETESƐM gyidi ntaa ne nsɛm paa ara anaa nokware nhyia. Ebetumi mpo ama nkurɔfo ayɛ nneɛma a asiane wom.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ bere nyinaa na atetesɛm ne nokware nhyia. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne bere so Kristofo nkuran sɛ wɔnkɔ so nni atetesɛm a ogyaw maa wɔn no akyi: “Na miyi mo ayɛ sɛ . . . mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.”—1 Korintofo 11:2; hwɛ 2 Tesalonikafo 2:15; 3:6 nso.

“Atetesɛm” a Paulo kaa ho asɛm no kyerɛ dɛn? Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 1118, da no adi sɛ Hela asɛmfua a ɔde dii dwuma maa atetesɛm, pa·raʹdo·sis, no kyerɛ biribi a wɔde “anosɛm anaa nkyerɛwee de ma afoforo.” Engiresi asɛmfua no kyerɛ “nsɛm, nkyerɛkyerɛ, anaa nneyɛe ahorow a awofo agyaw ama wɔn mma anaa abɛyɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ ade na wosusuw nneɛma ho a wogye tom.”a Esiane sɛ atetesɛm a Paulo gyawee no fi beae pa nti, Kristofo bɔɔ mmɔden kuraa mu.

Ɛwom, ɛda adi pefee sɛ atetesɛm betumi ayɛ nokware anaa atoro, papa anaa bɔne. Sɛ nhwɛso no, Britaniani nyansapɛfo Bertrand Russell, kamfo nnipa bi te sɛ Copernicus a ɔtraa ase afeha a ɛto so 16 mu a ofi koma pa mu sii ne bo gyee atetesɛm gyidi ho kyim no. Saafo no “behu sɛ nea wofi tete agye adi no betumi ayɛ atoro.” Wo nso wuhu nyansa a ɛwom sɛ wunni atetesɛm akyi ara kɛkɛ no?—Fa toto Mateo 15:1-9, 14 ho.

Na saa bere no so nyamesom mu gyidi ne amanne ahorow nso ɛ? Yebetumi abu yɛn ani agu so aka sɛ eye na na asiane biara nnim? Yɛbɛyɛ dɛn ahu? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, sɛ yehu sɛ nyamesom atetesɛm ne nokware no nhyia ampa a? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ saa nsemmisa yi mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc, na etintimii.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim: Jean-Leon Huens © National Geographic Society

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Universität Leipzig

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena