Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 6/1 kr. 26-29
  • Osetie Ma Onyankopɔn wɔ Abusua a Obiara wɔ ne Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osetie Ma Onyankopɔn wɔ Abusua a Obiara wɔ ne Som Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Osetieyɛ Yɛ Den Saa?
  • Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Wo Hɔ?
  • Awarefo a Wotumi Yɛ Osetie Ma Onyankopɔn
  • Mmofra a Wɔyɛ Osetie Ma Onyankopɔn
  • Nea Afoforo Betumi Ayɛ
  • Osetie ma Onyankopɔn mu Nhyira ne Mfaso Ahorow
  • “Osuaa Osetie”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sua Osetie Denam Nteɛso A Wugye Tom So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusua
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 6/1 kr. 26-29

Osetie Ma Onyankopɔn wɔ Abusua a Obiara wɔ ne Som Mu

“ƐYƐ yaw sen kuturuku biara. . . . Mete nka te sɛ nea me honam nyinaa asoasoa, nanso obiara ntumi nhu.” “Ɛtɔ da bi a na mepɛ sɛ mifi wiase . . . anaasɛ mifi fie a mensan mma bio.” “Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ mesusuw nsɛm ho yiye.”

Saa nsɛm a wofi nkate mu ka no da abasamtu ne ankonamyɛ adi. Wɔn a wɔka saa ne nnipa a wɔn ahokafo ne wɔn abusuafo yeyaw wɔn—wɔka nsɛm gu wɔn so, toto wɔn din de gu wɔn anim ase, wɔne wɔn yɛ aka—na wɔhwe wɔn mpo. Dɛn nti na wɔyɛ saa nnipa yi basabasa saa? Esiane sɛ ɛsono wɔn som mu gyidi ara kwa nti. Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, abusua a obiara wɔ ne som mu tra ma Yehowa som bɛyɛ den ankasa. Nanso, Kristofo a wɔyɛ wɔn basabasa saa no mu pii tumi yɛ osetie ma Onyankopɔn.

Eye sɛ ɛnyɛ afie a obiara wɔ ne som nyinaa mu na ahoyeraw ne ɔhaw ahorow a ɛte saa wom. Nanso, ɛwɔ hɔ. Wo fie te saa? Ɛnde, ebia ɛbɛyɛ wo den sɛ wobɛkɔ so anya obu ama wo hokafo anaa w’awofo. Sɛ woyɛ ɔyere a wowɔ tebea a ɛte saa mu, anaasɛ mmofra a mowɔ asetra a ɛte saa mu a, mobɛyɛ dɛn atumi ayɛ osetie ama Onyankopɔn wɔ ofie a obiara wɔ ne som mu? Mmoa bɛn na afoforo betumi de ama? Na Onyankopɔn bu asɛm no dɛn koraa?

Dɛn Nti na Osetieyɛ Yɛ Den Saa?

Wiase no ahopɛ ne ne bonniayɛ su ne w’ankasa nneyɛe ahorow a ɛtɔ sin ka bom na ɛma osetie a wobɛyɛ ama Onyankopɔn yɛ den bere nyinaa. Satan nim eyi, na ɔpɛ sɛ ɔsɛe mmɔden a worebɔ no. Ɔtaa de abusuafo a wonni anisɔ ne obu ma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow di dwuma. Mpɛn pii na honhom fam ne abrabɔ fam nneɛma a wubu no kɛse no ne w’abusuafo a wonnye nni de bɔ abira koraa. Eyi kyerɛ sɛ mo adwene nhyia wɔ abrabɔ ne dwumadi ahorow ho. (1 Petro 4:4) Esiane sɛ woatie ahyɛde a ɛne sɛ: “Monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi” nti, ebia nhyɛso a ɛbɛma woatwe wo ho afi Kristofo gyinapɛn ahorow ho no mu bɛyɛ den. (Efesofo 5:11) Biribiara a woyɛ nteɛ wɔ wɔn ani so bio. Ɛyɛ wo som na ɛde eyi nyinaa aba. Bere a ɛnã bi a ne mma yare bɛyɛɛ ne so adesoa hwehwɛɛ mmoa fii ne kunu hɔ no, asɛm a ɛyɛ yaw a ɔka kyerɛɛ no ne sɛ: “Wunya bere ma wo som; wunhia mmoa.” Nsɛm a ɛtete saa ma osetieyɛ bɛyɛ den kɛse.

Afei mmere bi wɔ hɔ a ebia worempene nneɛma bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyɛ da mmɔ abira so. Nanso, wuhu sɛ woyɛ abusua bi muni ma ne saa nti wowɔ asɛyɛde ahorow bi. Connie ka sɛ: “Sɛ midwen sɛnea me papa ne yɛn di nsɛm no ho a, meyɛ basaa kɛse efisɛ mihu sɛ n’ani nka. Mpɛn pii na ɛsɛ sɛ mekae me ho sɛ ɛnsɛ sɛ mema me papa sɔretia no hyɛ me abufuw. Ɛho hia sɛ meka kyerɛ me ho sɛ ntease a emu yɛ den bi wɔ hɔ a enti ɔyɛ saa wɔ yɛn gyinabea no ho anaasɛ ɛma ɔpow. Satan ne nneɛma nhyehyɛe yi sodifo.” Susan a ɔware obi a onnye nni ka sɛ: “Mfiase no, na mepɛ sɛ me ne no tetew mu—nanso mente nka saa bio. Ná minim sɛ Satan na ɔde no redi dwuma asɔ me ahwɛ.”

Ebetumi ayɛ wo sɛ mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛma woate nka sɛ wo so nni mfaso no bɛkɔ so bere nyinaa. Nna bi betumi atwam a wo hokafo ne wo mmɔ nkɔmmɔ. Wubetumi ate ankonamyɛ nka kɛse. Eyi ma wote nka sɛ wo so nni mfaso biara, na ɛsɔ osetie a woyɛ ma Onyankopɔn no hwɛ. Mmofra nso adwene tu fra na wɔbotow. Wɔ nhwɛso biako mu no, ɛwom sɛ na mmofra baasa bi a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo awofo mpene Kristofo nhyiam horow a na wɔkɔ no so de, nanso wofi nokwaredi mu kɔe daa. Wɔn mu biako a seesei ɔyɛ bere nyinaa somfo gye toom sɛ: “Ná yɛyɛ sisirii, na yɛbotow; ná yentumi nna; yɛn werɛ howee.”

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Wo Hɔ?

Osetie a wobɛyɛ ama Onyankopɔn di kan bere nyinaa, na ɛsɛ sɛ osetie a anohyeto wom a wobɛyɛ ama wo kunu tiyɛ no yɛ sɛnea Yehowa kyerɛ bere nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ebia ɛno bɛyɛ wo den, nanso wubetumi ayɛ. Kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. Ɔpɛ sɛ ‘wosɔre no honhom ne nokware mu,’ wutie no na wudi n’akwankyerɛ akyi. (Yohane 4:24) Sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ hyɛ obi a ɔwɔ koma pa mã a, ɛkanyan no ma ofi ne pɛ mu yɛ osetie. Ɛwom sɛ ebia w’ankasa nsɛm tebea bɛsakra, nanso Yehowa anaa n’Asɛm de, ɛnsakra. (Malaki 3:6; Yakobo 1:17) Yehowa de tiyɛ ama okunu. Eyi nsakra, sɛ́ ogye Kristo tiyɛ tom anaa ɔnyɛ saa no. (1 Korintofo 11:3) Ɛwom sɛ sɛ wɔyɛ wo ayayade gu w’anim ase bere nyinaa a ɛbɛyɛ den sɛ wubegyina ano, nanso osuani Yakobo ka sɛ: “Nyansa a efi soro no de . . . ɛwɔ asoɔmmerɛw.” (Yakobo 3:17) Sɛ obi betumi akyerɛ obu ama saa tiyɛ yi koraa agye atom a, obehia Onyankopɔn honhom, ne titiriw n’aba a ɛne ɔdɔ no.—Galatifo 5:22, 23.

Sɛ wodɔ obi a, ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ osetie ama tumidi a Onyankopɔn ahyehyɛ no. Efesofo 5:33 tu fo sɛ: “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.”

Susuw Yesu ho hwɛ. Wɔyaw no hwee no, nanso wanyaw obiara da. Wanyɛ bɔne da. (1 Petro 2:22, 23) Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu atumi agyina animguase kɛse a ɛtete saa ano no, na ohia akokoduru kɛse ne n’Agya, Yehowa, ho dɔ a emu yɛ den. Nanso, ɔdɔ ‘gyina ade nyinaa ano.’—1 Korintofo 13:4-8.

Paulo kaee ne yɔnko dwumayɛni Timoteo, na ɔkae yɛn nnɛ sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” (2 Timoteo 1:7) Sɛ tebea no bɛyɛ te sɛ nea wuntumi nnyina ano a, ɔdɔ a emu yɛ den a wowɔ ma Yehowa ne Yesu Kristo no betumi akanyan wo ma woayɛ osetie ama Onyankopɔn. Adwenemtew bɛboa wo ma woatumi anya adwene a ɛkari pɛ, na woakɔ so de w’adwene asi wo ne Yehowa ne Yesu Kristo ntam abusuabɔ so.—Fa toto Filipifo 3:8-11 ho.

Awarefo a Wotumi Yɛ Osetie Ma Onyankopɔn

Ɛtɔ da bi a ɛsɛ sɛ wotwɛn bere tenten hwɛ sɛnea Yehowa bedi wo haw no ho dwuma. Nanso, ne nsa nyɛ tiaa da. Obi a otumi yɛ osetie ma Onyankopɔn tu fo sɛ: “Yɛ nneɛma a Yehowa ma wo hokwan sɛ yɛ no bere nyinaa—asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase a wobɛsom no, ade a wubesua, asɛnka a wobɛkɔ, ne mpae a wobɛbɔ.” Ɛyɛ wo mmɔdenbɔ so na Yehowa hyira, ɛnyɛ nneɛma a woyɛ ara kwa. Ɔsomafo Paulo kae wɔ 2 Korintofo 4:17 sɛ, ‘amanehunu no yɛ mprempren de, na enya daa anuonyam.’ Dwennwen eyi ho. Ɛbɛma woagyina pintinn. Ɔyere bi ka sɛ: “M’abusua asetra ntu mpɔn, na ɛtɔ da bi a midwen ho sɛ ebia Yehowa ani sɔ me anaa. Nanso ade biako a mibu no sɛ ɛyɛ ne nhyira ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mitumi gyina tebea horow a emu yɛ den no ano yiye sen me kunu. Sɛ yehu sɛ yɛn nneyɛe sɔ Yehowa ani a, ɛma ɔbrɛ no nyinaa bɛyɛ nea ɛfata.”

Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔremma wunhyia tebea horow a ɛboro nea wubetumi agyina ano so. Fa wo ho to no so. Onim pii sen wo, na onim wo yiye sen sɛnea w’ankasa wunim wo ho. (Romafo 8:35-39; 11:33; 1 Korintofo 10:13) Yehowa mpae a wobɛbɔ wɔ tebea horow a emu yɛ den mu boa. Bɔ mpae ma ne honhom no nkyerɛ wo kwan, titiriw wɔ bere a wunhu nea wonyɛ anaa wunhu sɛnea wubedi tebea bi ho dwuma no. (Mmebusɛm 3:5; 1 Petro 3:12) Srɛ boasetɔ, ahosodi, ne ahobrɛase a wode bɛyɛ osetie ama tumidi wɔ w’asetra mu bere nyinaa. Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa] ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo.” (Dwom 18:2) Eyi a wɔn a wɔwɔ afie a obiara wɔ ne som mu bɛkae no bɛyɛ mmoa a ɛbɛhyɛ wɔn den.

Nea ɛsen ne nyinaa no, bɔ mmɔden biara sɛ wobɛma w’aware ayɛ nea anigye wom. Yiw, Yesu hu siei sɛ asɛmpa no de mpaapaemu bɛba. Nanso, bɔ mpae na ankɔba sɛ wo nneyɛe anaa w’abrabɔ na ɛde mpaapaemu bi aba. (Mateo 10:35, 36) Wɔ eyi ho no, biakoyɛ ma aware mu ɔhaw ahorow so tew. Sɛ wo nkutoo na woda saa suban pa yi adi a ebetumi asiw ɔhaw ahorow ano na annye nsam ankowie akasakasa ne akyinnyegye a emu yɛ den mu. Boasetɔ ne ɔdɔ ho hia kɛse. ‘Da odwo adi’ na ‘brɛ wo bo ase bɔne ho.’—2 Timoteo 2:24.

Ɔsomafo Paulo bɛyɛɛ ‘ade nyinaa maa nnipa nyinaa.’ (1 Korintofo 9:22) Saa pɛpɛɛpɛ na bere a wunnyaa wo Kristofo adwuma mu ngu hɔ no, ebia ɛtɔ da bi a ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu na ama woanya bere pii ne wo hokafo ne w’abusua atra. Sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, nya bere pii ma onii a woapaw sɛ wo ne no bɛbɔ bra no. Da Kristofo tema adi. Eyi da osetie a woyɛ ma Onyankopɔn adi.

Ɛnyɛ den mma ɔyere a osuro Nyankopɔn na ɔwɔ ahobrɛase a ɔyɛ fakaa na ɔwɔ tema sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. (Efesofo 5:22, 23) Nsɛm a ɛyɛ dɛ na “nkyene wɔ mu” boa ma nneɛma a ebetumi de akasakasa aba no so tew.—Kolosefo 4:6; Mmebusɛm 15:1.

Onyankopɔn nyansa tu wo fo sɛ ka nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛhyɛ nkuran siesie akasakasa ntɛm na ma asomdwoe nsan mmra, sen sɛ wobɛkɔ akɔda “abufuw so.” (Efesofo 4:26, 29, 31) Eyi gye ahobrɛase. Fa wo ho to Yehowa so kɛse hwehwɛ ahoɔden. Ɔyere Kristoni bi fi ahobrɛase mu gye toom sɛ: “Bere a mifi komam abɔ mpae akyi no, mihu sɛ Yehowa honhom hyɛ me den ma mitumi ma me nsa so yɛ me hokafo no atuu.” Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Fa papa di bɔne so nim!” (Romafo 12:17-21) Eyi yɛ afotu a nyansa wom ne ɔkwan a wɔfa yɛ osetie ma Onyankopɔn.

Mmofra a Wɔyɛ Osetie Ma Onyankopɔn

Afotu a Yehowa de ma mo mmofra a mowɔ mmusua a obiara wɔ ne som mu ne sɛ: “Muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:20) Hyɛ no nsow sɛ wɔde Awurade Yesu Kristo aba asɛm no mu. Enti osetie a wɔyɛ ma awofo no wɔ anohyeto. Ɔkwan bi so no, afotu a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:29 sɛ ɛsɛ sɛ “yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no fa Kristofo mmofra nso ho. Nsɛm bi bɛsɔre a ɛho behia sɛ wugyina nea wunim sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia so sisi nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho gyinae. Atoro som nneyɛe bi mu a womfa wo ho nhyɛ no betumi ama wɔatwe w’aso. Bere a eyi nyɛ biribi pa a wobɛhwɛ kwan no, wubetumi anya awerɛkyekye na woadi ahurusi mpo wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea ɛteɛ a woreyɛ wɔ Onyankopɔn ani so nti na worehu amane.—1 Petro 2:19, 20.

Esiane sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow na wode susuw nsɛm ho nti, ebia wo ne w’awofo adwene renhyia wɔ nsɛm ahorow bi mu. Eyi mma wɔmmɛyɛ w’atamfo. Sɛ wɔnyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so mpo a, wɔfata nidi a ɛsɛ. (Efesofo 6:2) Salomo kae sɛ: ‘Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na mmu wo na animtiaa.’ (Mmebusɛm 23:22) Bɔ mmɔden sɛ wobɛte ɛyaw a wodi sɛ woredi ɔsom bi a ɛyɛ soronko ma wɔn akyi no ase. Ɛne wɔn mmɔ nkɔmmɔ, na ‘ma wonhu wo dwo.’ (Filipifo 4:5) Ma wonhu wo nkate ne wo haw ahorow. Gyina Onyankopɔn nnyinasosɛm akyi pintinn, nanso, ‘sɛ ebetumi a, wo fam de, ɛne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.’ (Romafo 12:18) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wudi awofo ahyɛde so nnɛ no ma Yehowa hu sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛkɔ so ayɛ osetie sɛ Ahenni no akoa.

Nea Afoforo Betumi Ayɛ

Kristofo a wɔwɔ mmusua a obiara wɔ ne som mu hia wɔn mfɛfo asomfo mmoa ne ntease. Eyi da adi wɔ nsɛm a obi kae mu: “Esiane sɛ obiara ntumi nyɛ ho biribiara, na mintumi nyɛ hwee mfa nsesa tebea no nti, mete nka sɛ minni anidaso biara, na mayɛ basaa. Mede me werɛ ahyɛ Yehowa mu sɛ nea ebesi yɛn abusua no mu biara no, ne pɛ na ɛnyɛ hɔ.”

Fekubɔ a yɛne yɛn honhom fam nuanom mmarima ne mmea nya wɔ Kristofo nhyiam horow ase no yɛ ahobammɔ. Saa nipa koro yi ara kaa n’asetra ho asɛm sɛ “ɛte sɛ wiase ahorow abien. Biako a ɛsɛ sɛ metra mu ne biako a emu tra yɛ me anigye.” Ɔdɔ a ɛwɔ onuayɛ no mu no ne ade a ɛboa saafo yi a wɔrehu amane no ma wotumi gyina, na wɔsom wɔ tebea ahorow nyinaa mu. Kae wɔn wɔ wo mpaebɔ mu. (Efesofo 1:16) Ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran, ɛyɛ papa, na ɛma awerɛkyekye kyerɛ wɔn bere nyinaa. (1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ ebetumi ayɛ yiye na sɛ ɛfata a, ma wɔnka wo ho wɔ wo teokrase ne asetram dwumadi ahorow mu.

Osetie ma Onyankopɔn mu Nhyira ne Mfaso Ahorow

Dwennwen osetie a wobɛyɛ ama Onyankopɔn wɔ ofie a obiara wɔ ne som mu nhyira ne mfaso ahorow no ho da biara da. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ osetie. ‘Ɛmmrɛ.’ (Galatifo 6:9) Sɛ wotɔ wo bo ase gyina tebea horow a enye ne nsisi ano ‘esiane Onyankopɔn ho ahonim nti a, ɛyɛ adepa’ wɔ Onyankopɔn anim. (1 Petro 2:19, 20) Yɛ osetie kosi baabi a ɛmma wontõ Yehowa trenee nnyinasosɛm ne ne mmara ahorow. Eyi kyerɛ nokwaredi ma Yehowa nhyehyɛe ahorow. Osetie a wobɛyɛ ama Onyankopɔn no betumi mpo agye wo hokafo, wo mma, anaa w’awofo nkwa.—1 Korintofo 7:16; 1 Petro 3:1.

Bere a wobɔ mmɔden di abusua a obiara wɔ ne som mu ahiade ne asɛyɛde ahorow ho dwuma no, kae hia a ɛho hia sɛ wubegyina wo mudi mu ama Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Ebia wubegyae nsɛm pii mu ma aka, nanso sɛ wubegyae wo mudi mu kura no kyerɛ biribiara mu a wugyae, a nkwa ankasa ka ho. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: ‘Onyankopɔn nam Ɔba a wayɛ no ade nyinaa difo a ɔnam no so nso yɛɛ nneɛma nhyehyɛe no so akasa akyerɛ yɛn wɔ nna a edi akyiri yi mu.’ Saa “nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi” a wubehu no bɛhyɛ wo den ma woayɛ osetie.—Hebrifo 1:1, 2; 2:3.

Osetie a edi mũ a wobɛyɛ de akura abrabɔ pa ne nneɛma a ɛsom bo mu pintinn no yɛ ahobammɔ pa ma wo ne wo hokafo a onnye nni no. Nokwaredi boa ma abusuabɔ mu yɛ den. Mmebusɛm 31:11 ka ɔyere pa nokwaredifo ho asɛm sɛ: “Ne kunu koma da no so.” Ebia w’abrabɔ a ɛho tew ne obu a emu dɔ no bɛma wo kunu a onnye nni no ani so ada hɔ. Ebetumi ama wagye Onyankopɔn nokware no atom.

Nokwarem no, osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn som bo, na egye nkwa. Bɔ ho mpae wɔ w’abusua asetra mu. Ɛbɛma woanya asomdwoe na ɛde nkamfo abrɛ Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena