Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Kyerɛ N’ahyehyɛde no Kwan?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
    • 11. (a) Nnwuma ahorow a mfaso wɔ so bɛn na mmea yɛ wɔ teokrase nhyehyɛe no mu? (b) Bere bɛn na ɛho hia sɛ wɔkata wɔn ti so? Dɛn ntia?

      11 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ mmarima na wɔnyɛ ahwɛfo adwuma wɔ asafo no mu. Eyi nyɛ nea ɛbrɛ mmea ase ɔkwan biara so, efisɛ wɔn mu pii ka ɔsoro Ahenni no adedifo no ho. Kristofo mmea nam odwo, abrabɔ a ɛho tew ne nsiyɛ a wɔde hwɛ wɔn mmusua no so nso boa ma asafo no nya din pa. (Tito 2:3-5) Wɔtaa yɛ adwuma a wɔde hwehwɛ afoforofo ne ahyehyɛde no mu a wɔde wɔn ba no mu fã kɛse. (Dwom 68:11) Nanso mmarima a wɔapaw wɔn no na wɔde nkyerɛkyerɛ ma asafo no mu. (1 Timoteo 2:12, 13) Na sɛ mmarima a wɔfata nni nhyiam bi a asafo no ayɛ ho nhyehyɛe ase a, ɛnde ɔbea bi bɛkata ne ti so bere a ɔrehwɛ so anaasɛ ɔrebɔ mpae no.a Ɔnam saayɛ so kyerɛ obu ma Yehowa ahyehyɛde sɛnea Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn nyinaa wɔ brɛ a ɔbrɛ ne ho ase ma n’Agya no mu no.—1 Korintofo 11:3-16; Yohane 8:28, 29.

  • Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Kyerɛ N’ahyehyɛde no Kwan?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
    • a Nanso, sɛ ɔreka asɛm wɔ afie afie a, ɛho nhia sɛ ɔbɛkata ne ti efisɛ asɛmpaka ho asɛyɛde no da Kristofo nyinaa so. Nanso, sɛ tebea horow hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ofie Bible adesua bere a ne kunu (a ɔyɛ ne ti a ɛwom sɛ ebia ɔnyɛ Kristoni mpo) wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ade kata ne ti. Afei nso, sɛ́ nea ɛyɛ tebea soronko mu no, sɛ asafo no muni bi a ɔyɛ ɔbarima a wahyira ne ho so wɔ hɔ bere a ɔno yɛ Bible adesua a wadi kan ayɛ ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti nanso ɔbarima no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena