Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2003 | January 1
    • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

      Dɛn na ná Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “[Na mber biara, Fanti Bible] a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no”?

      Paulo reka Yesu wu ho Nkaedi ho nhyehyɛe a wɔde sii hɔ ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “[Na mber biara, Fanti Bible] a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.” (1 Korintofo 11:25, 26) Ebinom te nka sɛ asɛm [“mber biara,” Fanti Bible] a ɛwɔ ha no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkae Kristo wu no mpɛn dodow bi, a ɛkyerɛ sɛ mmere pii. Enti, wɔkae no mpɛn pii a ɛboro pɛnkoro wɔ afe no mu. So saa na ná Paulo kyerɛ?

      Ɛreyɛ adi mfe 2,000 fi bere a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ. Ɛno nti no, Nkae a wodi no pɛnkoro afe biara mpo no kyerɛ sɛ wɔadi no mpɛn pii fi afe 33 Y.B. mu. Nanso, wɔ nsɛm a ɛfa 1 Korintofo 11:25, 26 ho mu no, na ɛnyɛ mpɛn dodow ho asɛm na Paulo reka, na mmom ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so di Nkae no. Wɔ mfitiase Hela kasa mu no, wamfa asɛmfua pol·laʹkis, a ɛkyerɛ “mpɛn dodow” anni dwuma. Mmom no, ɔde asɛmfua ho·saʹkis, a ɛkyerɛ [“mber biara,” Fanti Bible] kasakoa a asekyerɛ ne “bere biara,” sɛnea Fanti Bible kyerɛ ase no. Ná Paulo reka sɛ: ‘Bere biara a mobɛyɛ eyi no, monkɔ so nka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.’a

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2003 | January 1
    • a Fa toto kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 1 Samuel 1:3, 7 no ho. Ɛhɔ no, [“mber biara,” Fanti Bible] (wɔ nnɛyi Hebri nkyerɛase mu) no kyerɛ nsɛm a esi wɔ [“afrenhyia afrenhyia,” Fanti Bible] anaa pɛnkoro afe mu, bere a Elkana ne ne yerenom baanu kɔɔ ntamadan a ɛwɔ Silo mu no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena