Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/1 kr. 8-12
  • ‘Ma Wo Nkɔso Nna Adi’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ma Wo Nkɔso Nna Adi’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Yɛn ho Mu
  • “Mmofraasɛm”
  • Sɛnea Nkɔso Da Adi
  • Nea Kristofo Onyin Hwehwɛ No A Yebegye Atom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • So Woyɛ Kristoni a ‘Wawie Nyin’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/1 kr. 8-12

‘Ma Wo Nkɔso Nna Adi’

“Meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.”​—1 KORINTOFO 13:11.

1. Ɔkwan bɛn so na onyin di sɛnea adebɔ yɛ nwonwa no ho adanse?

KESUA a esua araa ma gye wɔde maekroskop (adehwɛ afiri bi a ɛma wohu nneɛma akɛse) ahwɛ ansa na wɔahu no betumi anyin adan bonsu a ne tenten boro mita 30 na ne mu duru yɛ nkaribo tɔn 80 ne akyi. Saara na aba a esua sen biara mu biako betumi anyin ayɛ sequoia odupɔn a ne sorokɔ bɛboro mita 90. Nokwarem no, onyin yɛ nkwa mu anwonwade ahorow no biako. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, yebetumi adua ade na yɛagugu so nsu, nanso ‘Onyankopɔn na ɔbɛma anyin.’​—1 Korintofo 3:7.

2. Onyin bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible no mu?

2 Nanso, onyin foforo bi wɔ hɔ a ɛno nso yɛ nwonwa saa ara. Ɛne nea odiyifo Yesaia hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “Nea osua koraa bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Nkɔmhyɛ yi fa nyin a Onyankopɔn nkurɔfo benyin ho, na ɛrenya mmamu kɛse wɔ yɛn da yi mu.

3. Ɔkwan bɛn so na 1991 ɔsom afe akontaabu no kyerɛ sɛ Yehowa rema ne nkurɔfo adwuma a wɔreyɛ no ayɛ ntɛm?

3 Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadi wɔ 1991 ɔsom afe no mu ho akontaabu kyerɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo nyaa dodow nkɔanim foforo 4,278,820, na wɔbɔɔ nnipa 300,945 asu wɔ saa afe no mu. Esiane afoforofo pii a wɔba nti, wɔhyehyɛɛ asafo afoforo 3,191, ne amansin ne amantam afoforo dodow a ɛfata. Ɛno kyerɛ sɛ wɔhyehyɛɛ asafo afoforo awotwe ne akyi da biara, ɛkame ayɛ sɛ ɔmansin foforo biako wɔ nnanu biara mu. Onyin a ɛyɛ nwonwa bɛn ni! Ɛda adi pefee sɛ Yehowa reyɛ no ntɛm, na ɔrehyira ne nkurɔfo mmɔdenbɔ so.​—Dwom 127:1.

Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Yɛn ho Mu

4. Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛhwɛ daakye kwan no?

4 Ɛwom sɛ ɛyɛ anigye sɛ yehu nhyira yi de, nanso ɛne asɛyɛde ahorow bi nam. So yebenya nnipa a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ ɔpɛ a wɔdɔɔso ma wɔadi afoforofo yi nyinaa honhom fam ahiade ahorow ho dwuma? Bere a yɛhwɛ nea ɛbɛba daakye kwan no, sɛ yesusuw akwampaefo, asafo mu asomfo, mpanyimfo, ne ahwɛfo akwantufo dodow a yebehia na wɔadi nkɔso ne ntrɛwmu yi ho dwuma, ne adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wohia wɔn wɔ baa dwumadibea ahorow ne Betel Afie wɔ wiase nyinaa na wɔaboa saa adwuma no yɛ ho a, ebunkam yɛn adwene so. Ɛhe na yebenya nnipa a wɔdɔɔso pii sɛɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ otwa adwuma no sõ. Nanso henanom na nnɛ wobetumi ahwɛ adwumayɛfo a wohia wɔn na wɔayɛ otwa adwuma no nyinaa so?​—Mateo 9:37, 38.

5. Esiane nkɔso a aba ntɛmntɛm nti, tebea horow bɛn na aba mmeae bi?

5 Sɛ nhwɛso no, wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔ wiase afã horow bi no, asafo ahorow bi a emu Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ ɔha wɔ hɔ a ɔpanyin biako ne asafo mu asomfo biako anaa abien bi pɛ na wɔsom wom. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin biako som wɔ asafo ahorow abien mu. Wɔ mmeae afoforo no, wohia Kristofo asomfo a wɔbɛyɛ ofie Bible adesua ahorow araa ma ɛsɛ sɛ wɔma afoforofo a wɔne wɔn sua ade no twɛn kakra ansa. Wɔ mmeae afoforo bi nso no, wɔrehyehyɛ asafo afoforo ntɛmntɛm araa ma ɛsɛ sɛ asafo ahorow abiɛsa, anan, anaa anum mpo hyia wɔ Ahenni Asa biako so. Ebia woahu nkɔanim a ɛte sɛɛ wɔ wo mpɔtam hɔ.

6. Dɛn nti na yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ no yɛ nea ɛfata wɔ bere yi mu?

6 Dɛn na nea yɛaka ho asɛm yi kyerɛ yɛn? Sɛ esiane bere a yɛwɔ mu no nti, ehia sɛ yɛn nyinaa hwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu hwɛ sɛ yɛde yɛn bere ne ahode redi dwuma ɔkwan a eye sen biara so na yɛde adi ahiade no ho dwuma anaa. (Efesofo 5:15-17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee afeha a edi kan Hebrifo Kristofo no sɛ: “Ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.” (Hebrifo 5:12) Sɛnea saa nsɛm no kyerɛ no, ehia sɛ Kristofo ankorankoro nso nyin.

Na asiane wɔ hɔ ankasa sɛ ebia obi bɛkɔ so ayɛ abofra wɔ honhom mu sen sɛ obenya nkɔanim akodu Kristofo onyin mu. Nea ɛne eyi hyia no, Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monkɔ so nsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so nkyerɛ nnipa ko a mo ankasa moyɛ.” (2 Korintofo 13:5, New World Translation) So woahwehwɛ wo ho mu ahwɛ sɛ ebia worenyin wɔ honhom mu fi bere a wɔbɔɔ wo asu no? Anaasɛ wugyina faako? Nanso, obi bɛyɛ dɛn atumi ahu?

“Mmofraasɛm”

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn honhom fam nkɔso ada adi?

7 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meyɛ abofraa no, mekasae sɛ abofraa, medwenee sɛ abofraa, misusuwii sɛ abofraa; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.” (1 Korintofo 13:11) Ɛdefa honhom mu nkɔso ho no, na anka yɛn nyinaa te sɛ mmofra wɔ yɛn nsusuwii ne nneyɛe mu. Nanso, sɛnea Paulo kae no, sɛ yɛn nkɔso bɛda adi a, ɛsɛ sɛ yegyae “mmofraasɛm no.” Dɛn ne mmofraasɛm yi bi?

8. Sɛnea Paulo kae wɔ Hebrifo 5:13, 14 no, dɛn ne honhom mu abofra su biako?

8 Nea edi kan no, hyɛ Paulo nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 5:13, 14 no nsow: “Obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa. Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” So ‘woahu trenee asɛm no’? So wunim Onyankopɔn Asɛm, Bible no sɛnea ɛfata ma wubetumi de ‘ayiyi papa ne bɔne mu’? Paulo kae sɛ esiane sɛ nnipa a wɔanyin di “aduan a ɛyɛ den” daa nti, wotumi yɛ saa. Enti, sɛnea obi kɔn dɔ honhom fam aduan a ɛyɛ den no yɛ ɔkwan pa a wɔnam so hu sɛ ebia obi anyin wɔ honhom fam anaasɛ ɔda so ara yɛ honhom fam abofra.

9. Ɔkwan bɛn so na sɛnea obi kɔn dɔ honhom fam aduan no kyerɛ ne honhom fam nkɔso?

9 Ɛnde, wo honhom fam aduan ho akɔnnɔ te dɛn? Wubu honhom fam aduan pii a Yehowa nam Bible nhoma ne Kristofo nhyiam horow so de ma yɛn daa no dɛn? (Yesaia 65:13) Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye kɛse bere a woyi nhoma foforo adi wɔ yɛn afe afe ɔmantam nhyiam horow ase no. Nanso sɛ wukodu fie a, dɛn na wode yɛ? Dɛn na woyɛ bere a wo nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no? So wugye bere kenkan nhoma ahorow yi, anaasɛ wubuebue mu hwɛ mu nsɛntitiriw no na afei wode aka nea ɛwɔ wo nhomakorabea hɔ no ho? Wubetumi abisa nsɛm a ɛte saara afa Kristofo nhyiam horow ho. So wokɔ nhyiam horow no nyinaa daa? So wusiesie wo ho ma nhyiam no, na wode wo ho hyem? Ɛda adi sɛ ebinom nnidi ɔkwan pa so wɔ honhom fam, wɔhwɛ nhoma ahorow mu ara kɛkɛ na wodidi te sɛ nea wɔpɛ ntɛm. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ odwontofo a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi ho: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” Ɔhene Dawid kae nso sɛ: “Mɛda wo ase, gua kɛse mu, meyi wo ayɛ, ɔman dodow mu.” (Dwom 35:18; 119:97) Ɛda adi pefee sɛ sɛnea anisɔ a yɛwɔ ma honhom fam nsiesiei ahorow kɛse te no na ɛkyerɛ yɛn honhom fam nkɔso.

10. Honhom mu abofra su bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 4:14?

10 Paulo kyerɛɛ obi a ɔyɛ honhom fam abofra ho mmofraasɛm foforo bi bere a ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na yɛanna so anyɛ mmotafowa a ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa kusumdi mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛe mu.” (Efesofo 4:14) Sɛnea awofo nim no yiye no, mmofra pɛ sɛ wohu biribiara mu. Ɔkwan bi so no, eyi yɛ su pa efisɛ ɛma wɔhwehwɛ nneɛma mu sua ade na wɔde nkakrankakra anyin ayɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw. Nanso faako a asiane no wɔ ne sɛnea nneɛma afoforo tumi twetwe wɔn adwene no. Nea ennye koraa ne sɛ, esiane osuahu a wonni nti, nneɛma mu a wɔpɛ sɛ wohu yi taa de wɔn kɔ ɔhaw mu, na mpo ɛde wɔn ne afoforo kɔ asiane mu. Saara na ɛte wɔ honhom fam mmofra ho.

11. (a) Dɛn na na ɛwɔ Paulo adwene mu bere a ɔde asɛm “ɔkyerɛ mframa biara” dii dwuma no? (b) ‘Mframa’ bɛn na yehyia nnɛ?

11 Nanso, dɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem bere a ɔkae sɛ “ɔkyerɛ mframa biara” wosow honhom fam mmofra no? Ɛha no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “mframa” no ne a’nemos, na International Critical Commentary nhoma no ka ho asɛm sɛ ɛda adi sɛ “wɔpaw ɛno sɛ nea wotumi de kyerɛkyerɛ sɛnea biribi tumi sakra no mu.” Paulo nsɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ eyi mu yiye, “nnipa kusumdi mu.” Nea asɛmfua “kusumdi” kyerɛ ankasa wɔ mfitiase kasa mu ne “osikyi” anaasɛ “osikyi a wɔtow,” kyerɛ sɛ agoru bi wubetumi adi mu nkonim anaasɛ wunni. Asɛm no ne sɛ yɛtaa hyia nsusuwii ne nneɛma afoforo a ɛbɛyɛ sɛ nea bɔne biara nni ho, ɛfrɛfrɛ akɔnnɔ, na mfaso wɔ so mpo. Paulo nsɛm no fa yɛn gyidi mu nsɛm ho titiriw​—wiase nyinaa asɔre ahorow nkabom akuw, ɔmanfo ne amammui akuw dwumadi ahorow, ne nea ɛtete saa. (Fa toto 1 Yohane 4:1 ho.) Nanso Bible mu nnyinasosɛm no fa wiase yi mu nneɛma a ɛkɔ so sakra bere nyinaa no nso ho​—akwan horow a wɔfa so siesie wɔn ho, anigyede, nnuan ahorow, akwahosan anaa apɔw mu teɛteɛ, ne nea ɛkeka ho. Esiane osuahu ne atɛmpa a onni nti, ebia nneɛma a ɛtete saa bɛtwetwe obi a ɔyɛ honhom fam abofra no adwene mmoroso na ebia ɛbɛma ɔrentumi nnya honhom mu nkɔso na wadi ne Kristofo asɛyɛde a ɛho hia sen biara no ho dwuma.​—Mateo 6:22-25.

12. Ɛdefa asɛyɛde ho no, ɔkwan bɛn so na mmofra nkumaa da nsow wɔ mpanyimfo ho?

12 Mmofra nkumaa su foforo bi ne sɛnea wohia mmoa ne ɔhwɛ bere nyinaa no. Wonnim asɛyɛde ahorow na ɛho asɛm nhia wɔn nso; mmofraaberem yɛ asetra mu bere a ɛkame ayɛ sɛ biribiara yɛ anigyede ne agodi. Sɛnea Paulo kaa ho asɛm no, ‘wɔkasa sɛ abofra, dwene sɛ abofra, susuw sɛ abofra.’ Wonim sɛ nea ɛte biara afoforo bɛhwɛ wɔn so. Saa ara na ɛte wɔ obi a ɔyɛ honhom mu abofra no ho. Sɛ ɔfoforofo bi ma Bible mu ɔkasa a edi kan anaa ofi asɛnkakɔ ase nea edi kan a, ne honhom mu ɔwofo no ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ biribiara de aboa no. Nanso sɛ ɔfoforofo no kɔ so de ne ho to mmoa a ɛte sɛɛ so na ontumi nni asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ n’ankasa ho so no ho dwuma a, dɛn na ɛba? Ɛda adi pefee sɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ ɔmmɔ ne ho mmɔden.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara sua sɛnea ɔbɛsoa n’ankasa adesoa?

13 Wɔ eyi mu no, kae ɔsomafo Paulo afotu sɛ ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘gyigye yɛn ho yɛn ho nnesoa soa de,’ nanso “obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa” ara no. (Galatifo 6:2, 5) Nokwarem no, egye bere ne mmɔdenbɔ na obi atumi asua sɛnea obedi ne Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma, na ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔde nneɛma bi bɔ afɔre wɔ mmeae ahorow bi. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso a anibere wom sɛ obi de ne ho bɛhyɛ asetra mu anigyede ne agodi mu pii, sɛ ɛyɛ ahomegye, akwantu, nneɛma a wɔde gye wɔn ani, anaa honam fam adwuma a wɔyɛ tra so ɔkwan a ɛho nhia so, ma enti sɛ yɛbɛka a, ɔyɛ obi a ogyina nkyɛn ara kwa, a onni ɔpɛ biara sɛ ɔbɛyɛ pii wɔ asuafoyɛ adwuma no mu anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden anya honhom fam nkɔso ne asɛyɛde. Osuani Yakobo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.”​—Yakobo 1:22; 1 Korintofo 16:13.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma honhom mu abofra su horow a yɛbɛda no adi nkutoo dɔɔso ma yɛn?

14 Yiw, su horow pii a ɛma abofra yɛ soronko wɔ ɔpanyin ho wɔ hɔ a ne hu nnyɛ ohu na. Nanso, sɛnea Paulo kae no, nea ɛho hia ne sɛ yebenyin na yɛde nkakrankakra agyae mmofraasɛm di. (1 Korintofo 13:11; 14:20) Anyɛ saa a, yɛbɛtɔ apẽ wɔ honhom mu. Nanso ɔkwan bɛn so na obi nya nkɔso? Dɛn na nyin a yɛbɛkɔ so anyin wɔ honhom mu akodu ahokokwaw mu no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

Sɛnea Nkɔso Da Adi

15. Dɛn ne onyin mu nneɛma atitiriw?

15 Wiɛ, ɔkwan bɛn so na onyin kɔ so wɔ abɔde mu? The World Book Encyclopedia no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ankorankoro biara nkwa fi ase sɛ nkwaboaa biako pɛ. Nneɛma bi kɔ nkwaboaa no mu na ɛdan yɛ ahoɔden a esiesie no a ehia na atumi anyin no. Saa kwan no so no, nkwaboaa biako no nyin fi ɛno ankasa mu. Nkwaboaa yi tumi yɛ pii na emu kyekyɛ yɛ nkwa mmoa afoforo. Sɛnea esiesie ne ho, ɛyɛ pii, na emu kyekyɛ no na wɔfrɛ no onyin no.” Asɛntitiriw a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ ha ne sɛ onyin kɔ so wɔ nkwaboaa no mu. Sɛ wodi nnuan pa, ɛkɔ mogya no mu, na ɛde di dwuma a, onyin na efi mu ba. Yehu eyi pefee wɔ akokoaa a wɔawo no foforo ho. Sɛnea yenim no, akokoaa a wɔawo no foforo kɔ so di aduan bi a wɔahyɛ da asiesie, nufusu, a srade ne aduan mu ahoɔden a wɔfrɛ no protein a ohia na ama wanyin no pii wom. Dɛn na efi mu ba? Sɛnea akokoaa mu yɛ duru na ɔyɛ tenten wɔ n’afe a edi kan mu no sen sɛnea onyin wɔ afe foforo biara mu ne nkwa nna a aka nyinaa mu no.

16. Onyin bɛn na wohu wɔ Bible asuafo afoforofo pii ho, na ɛyɛ dɛn na ɛno tumi yɛ yiye?

16 Pii wɔ hɔ a yesua fi sɛnea abɔde nyin yi mu a yebetumi de atoto yɛn honhom fam nkɔso a yebenya afi mfitiase nneɛma mu akɔ onyin mu no ho. Nea edi kan koraa no, ɛho hia sɛ yɛkɔ so di honhom fam aduan daa. Susuw bere a wufii ase suaa Bible no ho. Sɛ wote sɛ nnipa afoforo pii a, ɛnde ebia na wunnim Onyankopɔn Asɛm no ho hwee koraa. Nanso wokɔɔ so siesiee wo ho dapɛn biara na wɔne wo yɛɛ Bible adesua no, na wɔ bere tiaa bi mu no, wobɛtee Kyerɛwnsɛm mu mfitiase nkyerɛkyerɛ no nyinaa ase. Wubegye atom sɛ na ɛno yɛ nkɔso kɛse, na ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a wokɔɔ so suaa daa no na ɛma etumi baa saa!

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔkwati didi a wobedidi daa?

17 Nanso, mprempren nso ɛ? So wokɔ so di nhyehyɛe a woayɛ na wode adidi daa no akyi? Ɛnsɛ sɛ obi susuw sɛ esiane sɛ wɔabɔ no asu nti, ɛho nhia bio sɛ ɔbɛkɔ so asua ade bere nyinaa na ɔde adi honhom fam aduan a ɛma ahoɔden. Ɛwom mpo sɛ na Timoteo yɛ Kristoni ɔhwɛfo a ne ho akokwaw de, nanso Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ: “Susuw nneɛma yi ho; fa wo ho hyɛ mu fee, na nnipa nyinaa atumi ahu wo nkɔso.” (1 Timoteo 4:15, NW) Hwɛ sɛnea ehia koraa sɛ yɛn mu biara yɛ saa! Sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛma wo honhom mu nkɔso ada adi a, ɛnsɛ sɛ wɔkwati mmɔdenbɔ a ɛte saa.

18. Ɔkwan bɛn so na obi honhom mu nkɔso tumi da adi?

18 Obi nkɔso a ɔbɛma ada adi no nkyerɛ sɛ ɔbɛhyɛ da abɔ mmɔden yiye de nea onim ahoahoa ne ho anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden asɔ afoforo ani. Yesu kae sɛ: “Mone wiase hann. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw” ne sɛ, “nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mateo 5:14; 12:34) Sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma pa ahyɛ yɛn koma ne yɛn adwenem ma a, nea yɛbɛyɛ ara ne sɛ yɛnam nneyɛe ne nea yɛka so bɛda no adi.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn honhom fam nkɔso ho, na dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ ebefi mu aba?

19 Enti, asemmisa no ne sɛ: So wusua Bible no na wokɔ Kristofo nhyiam horow daa kodi nnuan a ɛma ahoɔden a ebetumi akanyan honhom mu onyin wɔ wo mu no? Ɛdefa honhom fam nkɔso ho no, ɛnsɛ sɛ woma nkyɛn a wubegyina ahwɛ nea ɛrekɔ so ara kwa no dɔɔso ma wo. Yɛ nneɛma a ɛbɛma woatumi ahu sɛ wode honhom fam aduan pii a Yehowa de ma no redi dwuma akosi ase. Sɛ woyɛ obi a ‘n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan no awia ne anadwo’ a, ɛnde wobetumi aka wo ho asɛm nso sɛ: “Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:2, 3) Nanso, dɛn na wubetumi ayɛ na ama woahwɛ ahu sɛ wobɛkɔ so anya honhom mu nkɔso? Yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wubetumi Abua?

◻ Dɛn nti na eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn honhom fam nkɔso mu?

◻ Abusuabɔ bɛn na ɛda honhom mu onyin ne sɛnea obi kɔn dɔ honhom fam aduan no ntam?

◻ Dɛn na “ɔkyerɛ mframa biara” no kyerɛ?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara soa n’ankasa adesoa?

◻ Ɛyɛ dɛn na obi nya honhom fam nkɔso?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So wugye bere kenkan Bible nhoma ahorow?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena