Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban—1990 | November 15
    • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”

      “Na gyidi, anidso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.”​—1 KORINTOFO 13:13.

      1. Dɛn na onipa ho adesua mu ɔdenimfo bi aka afa ɔdɔ ho?

      ONIPA ho adesua mu adenimfo a wɔwɔ wiase no mu atitiriw no mu biako kae bere bi sɛ: “Yɛate ase nea edi kan wɔ yɛn adesamma abakɔsɛm mu sɛ nneɛma atitiriw a onipa adwene hia nyinaa no mu nea ɛsen biara ne ɔdɔ. Ɛne adesamma ahiade nyinaa mu ade titiriw, te sɛ nea owia no yɛ titiriw wɔ okyinsoroma ahorow a ɛne no wɔ faako a etwa ne ho hyia no. . . . Ɛsono abofra a wonnyaa ɔdɔ mmaa no no, na ɛsono abofra a woanya ɔdɔ ama no no koraa wɔ nipadua fam, asetra mu nneyɛe mu, ne adwene fam. Ɛsono sɛnea nea odi kan no nyin, na ɛsono sɛnea nea otwa to no nso nyin koraa mpo. Nea yenim mprempren ne sɛ wɔwo onipa ma ɔtra ase te sɛ nea asetra ne ɔdɔ yɛ ade koro. Nokwarem no, eyi nyɛ ade foforo. Eyi yɛ Bepɔw so Asɛnka no so duasi.”

      2. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ ɔdɔ ho hia (b) Nsemmisa bɛn na afei ɛho hia sɛ yesusuw ho?

      2 Yiw, sɛnea ɔbarima a ɔwɔ wiase nimdeɛ yi gye toom no, sɛnea ɔdɔ hia na adesamma adi yiye ho nokwasɛm yi nyɛ ade foforo. Ebia afei ansa na wiase anyansafo ahu, nanso ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɛboro mfeha 19 a atwam ni. Enti na ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.” (1 Korintofo 13:13) So wunim nea enti a ɔdɔ yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso no? Dɛn nti na wobetumi aka sɛ ɔdɔ ne Onyankopɔn su horow ne ne honhom aba no mu kɛse?

  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban—1990 | November 15
    • 7. A·gaʹpe su te dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔada saa ɔdɔ yi adi?

      7 Hela asɛmfua bɛn na Paulo de dii dwuma wɔ 1 Korintofo 13:13, faako a ɔbɔɔ gyidi, anidaso, ne ɔdɔ din na ɔkae sɛ “ɔdɔ ne emu kɛse” no? Ɛha no, asɛmfua no ne a·gaʹpe, asɛmfua koro no ara a ɔsomafo Yohane de dii dwuma bere a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ” no. (1 Yohane 4:8, 16) Eyi yɛ ɔdɔ a nnyinasosɛm kyerɛ no kwan anaa edi so. Ebetumi ayɛ nea obi ho anigye anaa ɔdɔ wom anaasɛ ennim, nanso ɛyɛ nkate a pɛsɛmenkominya nnim anaasɛ edwen afoforo a wɔbɛyɛ wɔn papa ho a sɛnea nea wɔyɛ no papa no dibea te anaasɛ mfaso biara a ɔdemafo no benya afi mu no mfa ho. Ɔdɔ a ɛte sɛɛ yi maa Onyankopɔn de nea ne koma pɛ sen biara, ne Ba koro Yesu Kristo mae “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Sɛnea Paulo kae yɛn yiye no: “Ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po, na nea ɔyɛ onipa pa de, ebia obi besi ne bo sɛ obewu ama no. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:7, 8)Yiw, a·gaʹpe, yɛ afoforo papa a wɔn dibea wɔ asetra mu anaasɛ dekode a nea ɔda ɔdɔ no adi no hwere no mfa ho.

      Dɛn Nti na Ɛyɛ Kɛse Sen Gyidi ne Anidaso?

      8. Dɛn nti na a·gaʹpe yɛ kɛse sen gyidi?

      8 Nanso dɛn nti na Paulo kae sɛ ɔdɔ yi (a·gaʹpe) yɛ kɛse sen gyidi? Ɔkyerɛwee wɔ 1 Korintofo 13:2 sɛ: “Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra.” (Fa toto Mateo 17:20 ho.) Yiw, sɛ atirimpɔw a pɛsɛmenkominya wom bi nti na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nimdeɛ na yɛanyin wɔ gyidi mu a, yɛrennya mfaso biara mfi Onyankopɔn hɔ. Saa ara na Yesu kyerɛe sɛ ebinom de ‘ne din bɛhyɛ nkɔm, wɔde ne din betu ahonhommɔne, na wɔde ne din ayɛ ahoɔdenne pii’ nanso n’ani rensɔ wɔn.​—Mateo 7:22, 23.

      9. Dɛn nti na ɔdɔ so sen anidaso?

      9 Dɛn nti na ɔdɔ a ɛyɛ a·gaʹpe no yɛ kɛse sen anidaso? Efisɛ anidaso betumi ayɛ ahopɛ, a onii no susuw mfaso horow a ne nkutoo benya ho titiriw, bere a ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ no. (1 Korintofo 13:4, 5) Bio nso, anidaso​—te sɛ tra a yɛbɛtra ase atwa “ahohiahia kɛse” no akɔ wiase foforo no mu de no​—ba awiei bere a yɛn nsa ka nea yɛwɔ ho anidaso no. (Mateo 24:21) Sɛnea Paulo ka no: “Na anidaso mu na wogyee yɛn nkwa; na anidaso a wohu nyɛ anidaso; na nea obi hu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda so? Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.” (Romafo 8:24, 25) Ɔdɔ ankasa nya nneɛma nyinaa mu boasetɔ, ne to ntwa da. (1 Korintofo 13:7, 8) Enti, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim (a·gaʹpe) yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso nyinaa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena