Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 7. (a) (a) Ɔsɛmpɔw titiriw bɛn na Paulo twee adwene sii so? (b) Henanom na wohuu Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no?

      7 Wɔ 1 Korintofo ti 15 nkyekyem abien a edi kan no, Paulo kyerɛɛ nea ɔrebɛka ho asɛm: “Anuanom, merema moahu asɛmpa a mekaa mo, na mugyei nso, na mugyina mu nso, na wɔnam so gye mo nkwa nso. . . . Anyɛ saa de a, na moagye adi kwa.” Sɛ Korintofo no antumi annyina asɛmpa no mu pintinn a, na wɔagye nokware no kwa. Paulo toaa so sɛ: “Nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa huu no ansa na dumien no huu no. Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda. Ɛno akyi ɔmaa Yakobo huu no ansa na asomafo no nyinaa huu no. Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.”—1 Korintofo 15:3-8.

  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 10. (a) Dɛn na efii nhyiam a etwa to a Yesu ne n’asuafo yɛe no mu bae? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu maa Paulo huu no sɛ “nea wɔapatuw awo no”?

      10 Onipa foforo a ohuu sɛ wɔanyan Yesu a na ɛda nsow ne Yakobo, Yesu maame Maria ne Yosef, babarima no. Ɛda adi sɛ Yakobo ammɛyɛ gyidini kosi sɛ wonyanee Yesu. (Yohane 7:5) Nanso bere a Yesu ma ohuu no akyi no, Yakobo bɛyɛɛ gyidini na ɛbɛyɛ sɛ ɔboa ma ne nuanom afoforo bɛyɛɛ gyidifo. (Asomafo no Nnwuma 1:13, 14) Wɔ Yesu ne n’asuafo no nhyiam a etwa to ase, bere a na ɔrebɛforo akɔ soro no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ ‘wɔnyɛ adansefo nkɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:6-11) Akyiri yi, ɔmaa Saulo a ofi Tarso, a na ɔtaa Kristofo no huu no. (Asomafo no Nnwuma 22:6-8) Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo te sɛ “nea wɔapatuw awo no.” Ná ɛte sɛ nea wɔanyan Saulo kɔ honhom asetra mu dedaw, na otumi huu Awurade a wɔahyɛ no anuonyam no mfehaha bi ansa na saa wusɔre no redu so. Osuahu yi maa Saulo gyaee ɔsɔretia a ano yɛ den a na ɔde ba Kristofo asafo no so no mpofirim, na ɔyɛɛ nsakrae a ɛda nsow. (Asomafo no Nnwuma 9:3-9, 17-19) Saulo bɛyɛɛ ɔsomafo Paulo, Kristofo gyidi no akyitaafo atitiriw no mu biako.—1 Korintofo 15:9, 10.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena