Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesu Wusɔre no De Nkwagye Ba!
    Ɔwɛn-Aban—2013 | March 1
    • YESU wusɔre no nyɛ asɛm ketewa bi a esii tete mmere mu a ɛnnɛ yebetumi aka sɛ ɛho nhia yɛn. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan. Na sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bae. Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Korintofo 15:20-22.

  • Yesu Wusɔre no De Nkwagye Ba!
    Ɔwɛn-Aban—2013 | March 1
    • Nea Yesu wusɔre no betumi ayɛ no, Paulo nsɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu. Paulo kae sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bae.” Esiane sɛ Adam de bɔne ne sintɔ awo yɛn nti, owu da hɔ ma yɛn nyinaa. Nanso Yesu de ne nipadua a bɔne biara nni ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na abue kwan ato hɔ a ɛbɛma adesamma atumi anya owusɔre, na wɔnam so agye wɔn afi bɔne ne owu nkoasom mu. Paulo ka biribi wɔ Romafo 6:23 de bɔ asɛm no mua sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena