Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rr ti 22 kr. 226-237
  • “Som Onyankopɔn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Som Onyankopɔn”
  • Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛntitiriw Mmiɛnsa a Hesekiel Nhoma No Si So Dua
  • Asɛntitiriw a edi kan: Ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara
  • Asɛntitiriw a ɛto so mmienu: Ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako na yɛma yɛn som ho tew
  • Asɛntitiriw a ɛto so mmiɛnsa: Ɛsɛ sɛ yɛdɔ afoforo
  • Mfirihyia Apem Nniso No Awiei No, Yebehu Ahobrɛase Soronko Bi
  • Sɔhwɛ a Etwa To No
  • ‘Hu Sɛ Mene Yehowa’
  • “Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • ‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • “Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
rr ti 22 kr. 226-237
Yesu de n’ahenkyɛw no resan ama Yehowa.

TI 22

“Som Onyankopɔn”

ADIYISƐM 22:9

NEA ƐWOM: Nsɛntitiriw a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, yebetĩ mu; afei yɛbɛhwɛ sɛnea ɛfa yɛn ho nnɛ ne sɛnea ɛbɛbam daakye

1, 2. (a) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si? (b) Bere a Yohane yɛe sɛ ɔbɛsom ɔbɔfo nokwafo bi no, dɛn na ɔbɔfo no yɛe?

ASƐMMISA titiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yi ano. Ɛne sɛ: Hena na mɛsom no? Ebia nnipa pii bɛka sɛ wei de, ɛnyɛ asɛmmisa biara, efisɛ obiara nim sɛ Onyankopɔn ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Nanso ɛnyɛ ka a yɛbɛka sɛ yɛsom Onyankopɔn ara na ehia. Mmom, sɛnea yɛbɔ yɛn bra na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresom Yehowa Nyankopɔn anaa yɛresom Satan Ɔbonsam.

2 Satan de, nea ɔpɛ ara ne sɛ yɛbɛsom no. Nea ɛma yehu saa paa ne bere a ɔsɔɔ Yesu hwɛe no. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 1 no, Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Ná wei nyɛ ade ketewa. Nanso yemmisa sɛ, dɛn na na Ɔbonsam pɛ sɛ Yesu nso de ma no? Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Bɔ wo mu ase som me.’ (Mat. 4:9) Nanso wo de, yɛnhwɛ ɔbɔfo a ɔde nneɛma kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu mu no. Ɔno de, wampene amma Yohane ansom no. (Kenkan Adiyisɛm 22:8, 9.) Bere a Yohane yɛe sɛ ɔresom ɔbɔfo no, Onyankopɔn ba a ɔyɛ honhom abɔde a ɔbrɛ ne ho ase no kaa sɛ: “Nyɛ saa!” Ɔbɔfo no anka sɛ, ‘Som me,’ na mmom ɔkaa sɛ, “Som Onyankopɔn.”

3. (a) Adɛn nti na wɔyɛɛ saa nhoma yi? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnyɛ no, ɛno ara na yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ. Ɛne sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn nko ara. Nea enti a wɔyɛɛ saa nhoma yi ne sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. (Deut. 10:20; Mat. 4:10) Yɛasua nokware som ho nneɛma pii afi nkɔm ahorow a Hesekiel hyɛe ne anisoadehu ahorow a onyae no mu. Momma yentĩ nea yɛasua no mu kakra. Yewie a, yɛbɛhwɛ asɛm bi a ebesi daakye. Ɛyɛ sɔhwɛ a etwa to koraa a onipa biara a ɔwɔ asaase so saa bere no behyia. Kyerɛwnsɛm no bɛboa yɛn ama yɛahu nea ebesi. Wɔn a wobetwa saa sɔhwɛ no, wɔn na wɔbɛtena ase ahu sɛnea Yehowa bɛsan ama nokware som so korakora a obiara rentumi ngu ho fĩ bio.

Nsɛntitiriw Mmiɛnsa a Hesekiel Nhoma No Si So Dua

4. Nsɛntitiriw mmiɛnsa bɛn na Hesekiel nhoma no si so dua?

4 Hesekiel nhoma no ma yehu sɛ, sɛ yɛbɛsom Yehowa nokwarem a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no nnipa ani so kɛkɛ. Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛresom Yehowa nokwarem ni: (1) Ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara, (2) ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako na yɛma yɛn som ho tew, (3) ɛsɛ sɛ yɛdɔ afoforo. Nsɛntitiriw mmiɛnsa yi, momma yɛnhwɛ sɛnea nkɔmhyɛ ne anisoadehu ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ nhoma yi mu no si so dua.

Asɛntitiriw a edi kan: Ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara

5-9. Ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nko ara. Saa asɛm yi, dɛn na yɛasua afa ho?

5 Ti 3:a Anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa a Hesekiel nyae mu no, na nyankontɔn atwa Yehowa ho ahyia, na na ɔte honhom abɔde bi a wɔn ho yɛ den so. Saa anisoadehu yi ma yehu nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ, ade nyinaa so Tumfo no nko ara na ɔfata sɛ yɛsom no.—Hes. 1:4, 15-28.

6 Ti 5: Anisoadehu bi mu no, yehui sɛ na nkurɔfo regu Yehowa asɔrefi ho fĩ. Ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn paa! Saa anisoadehu no ma yehu sɛ, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de asie Yehowa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ne nkurɔfo fi n’akyi kɔsom abosom a, ebia onipa biara renhu, nanso ɔno de, obehu. Sɛ nkurɔfo fi n’akyi kɔyɛ bɔne a, ɛyɛ no yaw paa, na ɔtwe wɔn a wɔyɛ saa no aso.—Hes. 8:1-18.

7 Ti 7: Aman a na atwa Israel ho ahyia a ‘wodii Israel ho fɛw yayaayaw’ no, Yehowa buu wɔn atɛn. Ɛno ma yehu sɛ, obiara a ɔbɛteetee Yehowa nkurɔfo no, Yehowa remma ɔmfa ne ho nni. (Hes. 25:6) Yɛhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Israel ne saa aman no ntam a, yɛsan sua biribi foforo fi mu. Ɛne sɛ, nokware a yebedi ama Yehowa no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn sen biribi foforo biara. Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abusuafo a wɔnsom Yehowa pɛ yɛn asɛm nti, yebebu yɛn ani agu Yehowa mmara bi so. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to ahonyade so. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yefi Yehowa akyi kɔtaa nnipa aban akyi.

8 Ti 13 ne 14: Anisoadehu foforo bi mu nso, na asɔrefi no si bepɔw tenten bi so. Ɛno nso ma yehu sɛ, ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no no korɔn, na n’akwankyerɛ a edi mũ no na ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa a, ɛno bɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa sɛ ɔkyɛn nyame foforo biara.—Hes. 40:1–48:35.

9 Ti 15: Hesekiel hyɛɛ Israel ne Yuda ho nkɔm. Nkɔmhyɛ no mu no, ɔde wɔn totoo tuutuufo ho. Ɛno ma yehu sɛ, sɛ obi fi Yehowa akyi kɔsom biribi foforo a, okyi koraa.—Hes., ti 16, 23.

Asɛntitiriw a ɛto so mmienu: Ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako na yɛma yɛn som ho tew

10-14. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako na yɛma yɛn som ho tew. Sɛn na wɔasi asɛm yi so dua wɔ nhoma yi mu?

10 Ti 8: Yehowa nam Hesekiel so hyɛɛ nkɔm sɛ ɔde “oguanhwɛfo baako” besi ne nkurɔfo so ama wahwɛ wɔn. Wei ma yehu sɛ ehia sɛ yɛn nyinaa tena ase asomdwoe mu na yɛde baakoyɛ yɛ adwuma wɔ Yesu akwankyerɛ ase.—Hes. 34:23, 24; 37:24-28.

11 Ti 9: Nkɔm ahorow a Hesekiel hyɛe sɛ Onyankopɔn beyi ne nkurɔfo afi Babilon ama wɔasan akɔ wɔn kurom no, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nnɛ no betumi asua biribi afi mu. Ɛne sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho na wɔhwɛ sɛ wɔremfa atoro som ho biribiara mfrafra wɔn som mu. Onyankopɔn nkurɔfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, ɛwom sɛ ɛsono ɔsom ahorow a na yɛwom, sɛnea yɛn sikasɛm te, ne mmusua a yefi mu de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ baako. Sɛ yɛyɛ baako a, ɛbɛma obiara ahu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo.—Hes. 11:17, 18; 12:24; Yoh. 17:20-23.

12 Ti 10: Nnompe a ɛho awo wosee a ɛsan baa nkwa mu ho anisoadehu no, ɛtwee adwene sii baakoyɛ so. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔsom no nokwarem no abom reyɛ adwuma sɛ asraafo, na ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛn nso yɛka wɔn ho!—Hes. 37:1-14.

13 Ti 12: Nkɔmhyɛ a ɛfa nnua mmienu a wɔka boom ma ɛbɛyɛɛ baako ho no, ɛno paa na ɛtwee adwene sii baakoyɛ so. Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ayɛ baako no a, yehu sɛ saa nkɔmhyɛ no abam, na wei hyɛ yɛn gyidi den paa! Wo de hwɛ oo, wiase a yɛte mu nnɛ no, nyamesom ama nnipa mu akyekyɛ, na amanyɔsɛm nti ebinom ani nhyia. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo de, yɛdodɔ yɛn ho, na yedi yɛn ho yɛn ho nokware. Ɛno na ama yɛakɔ so ayɛ baako.—Hes. 37:15-23.

14 Ti 16: Anisoadehu a ɛfa ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen ne mmarima a wokurakura nnade a wɔde sɛe ade ho no, kɔkɔbɔ kɛse bi wom ma yɛn. Ɛne sɛ, wɔn a wɔbɛkɔ so ara asom Yehowa nokwarem akosi sɛ ahohiahia kɛse no bɛba no, wɔn nko ara na wɔbɛhyɛ wɔn agyirae ama nkwagye.—Mat. 24:21; Hes. 9:1-11.

Asɛntitiriw a ɛto so mmiɛnsa: Ɛsɛ sɛ yɛdɔ afoforo

15-18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ afoforo, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

15 Ti 4: Anisoadehu a ɛfa honhom abɔde baanan ho no ma yehuu Yehowa su ahorow; nea ɛyɛ titiriw paa ne ɔdɔ. Enti sɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛbɛma obiara ahu sɛ yɛn Nyankopɔn ne Yehowa.—Hes. 1:5-14; 1 Yoh. 4:8.

16 Ti 6 ne 11: Ɔdɔ na ɛmaa Onyankopɔn paw awɛmfo; wɔn mu baako ne Hesekiel. Onyankopɔn ne dɔ, enti sɛ ɔde wiase a Satan di so yi ba awiei a, ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe. (2 Pet. 3:9) Ɛnnɛ, yɛanya hokwan sɛ yebesuasua Onyankopɔn dɔ. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ yɛbɛboa ɔwɛmfo a ɔwɔ hɔ nnɛ no ama wayɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no.—Hes. 33:1-9.

17 Ti 17 ne 18: Yehowa nim sɛ, mmɔborɔhunu a wada no adi akyerɛ obiara no, nnipa bebree rennye ntom, na wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtɔre n’asomfo anokwafo ase. Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo anokwafo nti, sɛ “Gog a ofi Magog asaase so” tow hyɛ wɔn so a, obetwitwa agye wɔn. Yɛn nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ nnipa dodow biara a yebetumi kɔkɔ sɛ, wɔn a wɔsɔre tia Yehowa nkurɔfo no, ɔbɛsɛe wɔn.—Hes. 38:1–39:20; 2 Tes. 1:6, 7.

18 Ti 19, 20, ne 21: Ti ahorow yi mu no, yɛkaa anisoadehu a ɛfa asubɔnten a ɛma nkwa no ho asɛm, ɛnna yɛkaa nea ɛfa asaase a wɔkyekyɛe no nso ho asɛm. Ne mmienu nyinaa ma yehu paa sɛ Yehowa dɔ nnipa. Nneɛma a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ nnipa no, nea ɛyɛ kɛse paa ne ne Ba no nkwa a ɔde bɔɔ afɔre maa yɛn no. Saa afɔrebɔ no nti, yebetumi anya bɔne fakyɛ na yɛayɛ pɛ, na Onyankopɔn agye yɛn aka n’abusua no ho. Saa nhyira yi na anisoadehu mmienu no ka ho asɛm. Yɛn nso, nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ama nkurɔfo de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Baako a ehia paa ne sɛ yɛbɛka daakye papa a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wogye ne Ba no di no ho asɛm akyerɛ wɔn.—Hes. 45:1-7; 47:1–48:35; Adi. 21:1-4; 22:17.

Mfirihyia Apem Nniso No Awiei No, Yebehu Ahobrɛase Soronko Bi

Mfoni ahorow: Nsɛm a ebesisi ansa na sɔhwɛ a etwa to no bɛba. 1. Nnipa a wɔayɛ pɛ ama wɔn ti so rehwɛ soro. 2. Yesu de n’ahenkyɛw no resan ama Yehowa.

NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 22A MU: Sɔhwɛ a Etwa To No

19. Dɛn na Yesu bɛyɛ wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Sɔhwɛ a Etwa To No.”)

19 Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu benyan nnipa ɔpepepem pii aba nkwa mu, na ɛyaw a yɛn ‘tamfo’ a ɔne “owu” ama yɛadi no, obeyi afi hɔ koraa. (1 Kor. 15:26; Mar. 5:38-42; Aso. 24:15) Efi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, ɛyaw nko ara na nnipa adi de abesi nnɛ. Nanso, sɛ Yesu nyan wɔn a wɔawuwu no ba nkwa mu a, yɛn nusu nyinaa bɛdan serew. Afei, anidaso a na Adam ne Hawa wɔ mfiase no, wɔn a Yesu benyan wɔn no benya bi. Ɛne sɛ, wobenya hokwan atena asaase so daa wɔ anigye mu. Yare, akodi, ne ɔkɔm ateetee nnipa paa, na Yesu nam agyede afɔre no so beyi ne nyinaa afi hɔ. Nanso Yesu bɛyɛ biribi a ɛkyɛn wei. Ɛne sɛ, nea akɔfa awerɛhow abɛto yɛn so no, Yesu bɛboa yɛn ama yɛatu ase. Ɛno ne bɔne a yenya fii Adam hɔ no. (Rom. 5:18, 19) Yesu ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’ nyinaa. (1 Yoh. 3:8) Ɛno akyi no, dɛn na ebesi?

Wɔn a wobenyan wɔn no benya hokwan atena asaase so daa, na wɔn ani begye

20. Dɛn na Yesu ne 144,000 no bɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahobrɛase paa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)

20 Kenkan 1 Korintofo 15:24-28. Sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ, na asaase nyinaa dan Paradise sɛnea na Yehowa pɛ sɛ ɛyɛ no a, Yesu ne 144,000 a wɔne no bedi ade no bɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahobrɛase paa. Dɛn na wɔbɛyɛ? Wɔbɛsan de Ahenni no ama Yehowa. Tumi a wodii mfe apem no, wobefi wɔn pɛ mu de ato hɔ bɔkɔɔ. Biribiara a Ahenni no yɛe no, ɛbɛtena hɔ daa.

Yesu de n’ahenkyɛw no resan ama Yehowa.

Sɔhwɛ a Etwa To No

21, 22. (a) Ebedu mfe apem no awiei no, na wiase te sɛn? (b) Adɛn nti na Yehowa begyaa Satan ne adaemone no?

21 Afei, Yehowa bɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ogye n’asomfo a wɔwɔ asaase so no di paa. Yehowa bɛma wɔagyaa Satan ne adaemone a na wɔaka wɔn ahyɛ amoa donkudonku mu mfe apem no. (Kenkan Adiyisɛm 20:1-3.) Sɛ wopue a, wobehu sɛ wiase asesa koraa. Ansa na Armagedon reba no, na wiase no mu apaapae, efisɛ na ɔtan ne nnipa mu nyiyim ahyɛ wiase mu ma. Afei nso na Satan adaadaa wiase mu nnipa dodow no ara. (Adi. 12:9) Nanso, mfe apem no mmra n’awiei no, na nnipa nyinaa dodɔ wɔn ho, na na wɔabom sɛ abusua baako resom Yehowa. Saa bere no, na asaase nyinaa adan Paradise ama asomdwoe aba baabiara.

22 Ɛnde yemmisa sɛ, wiase a emu adwo saa no, adɛn nti na Yehowa begyaa abɔnefo te sɛ Satan ne adaemone no ama wɔasan aba mu? Nea ɛte ne sɛ, ebedu mfe apem no awiei no, na wiase mu nnipa dodow no ara yɛ nkurɔfo a wonhyiaa wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ da. Wei kyerɛ sɛ, wonhyiaa sɔhwɛ biara a ɛbɛma wɔada wɔn ho adi ampa sɛ wogyina Yehowa afã. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn mu pii wɔ hɔ a, ansa na wɔrewu no, na wɔnyɛ nkurɔfo a wɔsom Yehowa, nanso Yehowa nyan wɔn baa Paradise. Ɛnyɛ ɛno nko na Yehowa yɛ maa wɔn. Yehowa ma wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn n’akwan, na ɔmaa wɔn nsa kaa biribiara a wohia wɔ asetena mu. Wei da nkyɛn a, nnipa a na wɔne wɔn atena nyinaa, na wɔyɛ nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no. Ɛno ma wosuaa nneɛma pa pii fii wɔn hɔ, na na subammɔne biara nnidii wɔn mu. Enti sobo a Satan de bɔɔ Hiob no, obetumi asan de sobo koro no ara abɔ saa nkurɔfo a wɔanyan wɔn no. Obetumi abɔ wɔn sobo sɛ esiane sɛ Onyankopɔn bɔ wɔn ho ban na ohyira wɔn nti na wɔsom no. (Hiob 1:9, 10) Enti ansa na Yehowa bɛkyerɛw yɛn din wɔ nkwa nhoma no mu korakora no, ɔde hokwan no bɛma yɛn ama yɛakyerɛ paa sɛ yedi no nokware, na yegye tom sɛ ɔno ne yɛn Agya ne yɛn Sodifo.—Adi. 20:12, 15.

23. Gyinae bɛn na ebehia sɛ onipa biara si?

23 Wɔbɛma Satan kwan ama wadaadaa nnipa. Wei bɛkɔ so bere tiaa bi. Ɔde besi n’ani so sɛ ɔbɛma nnipa agyae Onyankopɔn som. Dɛn na Satan de bɛsɔ nnipa ahwɛ? Ɛda adi sɛ, asɛm a na ɛda Adam ne Hawa anim a na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae no, ebehia sɛ onipa biara si saa asɛm no ara ho gyinae. Ɛne sɛ, yebegye Yehowa akwankyerɛ atom, yɛbɛtaa ne tumidi akyi na yɛasom no, anaasɛ yɛbɛsɔre atia Onyankopɔn na yɛakodi Satan mmom akyi.

24. Wɔn a wɔbɛtew atua no, adɛn nti na wɔfrɛ wɔn Gog ne Magog?

24 Kenkan Adiyisɛm 20:7-10. Sɛ wohyɛɛ no nsow a, wɔn a wɔbɛtew atua wɔ mfe apem no awiei no, wɔfrɛ wɔn Gog ne Magog. Wohwɛ sɛnea kyerɛwsɛm no ka wɔn ho asɛm no a, wubehu sɛ wɔne atuatewfo a wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ ahohiahia kɛse no mu a Hesekiel kaa wɔn ho asɛm no di nsɛ. Nanso atuatewfo a Hesekiel kaa wɔn ho asɛm no de, na wɔfrɛ wɔn “Gog a ofi Magog asaase so.” Gog a ofi Magog asaase so yi, ɛnyɛ ɔman baako bi, mmom ɛyɛ amanaman bi a wɔbɛsɔre atia Yehowa tumidi. (Hes. 38:2) Saa ara na wɔn a wɔbɛtew atua wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei nso, kyerɛwsɛm no ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “aman.” Frɛ a wɔfrɛ saa nkurɔfo no “aman” no, ɛkyerɛ biribi. Dɛn na ɛkyerɛ? Wo de hwɛ oo, Mfirihyia Apem Nniso no mu no, obi renka sɛ ofi ɔman wei mu anaa ɔman wei mu, efisɛ saa bere no, na nkyekyɛm biara nni hɔ bio. Aban baako na ebedi nnipa nyinaa so. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni. Yɛn nyinaa bɛyɛ ɔman baako mufo. Nanso wɔn a wɔbɛtew atua wɔ Mfirihyia Apem no awiei no, nkɔmhyɛ no frɛ wɔn Gog ne Magog, na ɛka sɛ wɔyɛ “aman.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, Satan bɛma mpaapaemu aba Onyankopɔn nkurɔfo no bi mu. Yenim sɛ ebedu saa bere no, na nnipa ayɛ pɛ. Enti wɔn a wɔbɛkɔ akodi Satan akyi no, wɔn ara na wobefi wɔn pɛ mu ayɛ saa. Ɛnyɛ obi na ɔbɛhyɛ wɔn sɛ wonkodi Satan akyi.

Otuatewfo bi repiapia nnipadɔm bi ama wɔatew atua. Atuatew yi bɛkɔ so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei.

Wɔn a wɔbɛtew atua no, wɔfrɛ wɔn Gog ne Magog (Hwɛ nkyekyɛm 24)

25, 26. Nnipa ahe na wɔbɛkɔ akodi Satan akyi, na dɛn na ɛbɛto wɔn?

25 Nnipa ahe na wɔbɛkɔ akodi Satan akyi? Bible ka sɛ wɔn a wɔbɛtew atua no, wɔn dodow “te sɛ mpoano anwea.” Nanso wei nkyerɛ sɛ wiase mu nnipa dodow no ara bɛtew atua. Yɛyɛ dɛn hu saa? Wo de, yɛmfa ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no sɛ nhwɛso. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’asefo bɛyɛ sɛ “mpoano anwea.” (Gen. 22:17, 18) Nanso seesei, abɛda adi sɛ Abraham asefo no dodow si 144,001. (Gal. 3:16, 29) Ɛwom, nnipa 144,001 de, yɛbɛka sɛ wɔdɔɔso, nanso wode wɔn toto nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa ho a, wosua koraa. Saa ara na wɔn a wɔbɛkɔ akodi Satan akyi no, ebia wɔbɛdɔɔso de, nanso wɔrenyɛ buburigyaa. Saa atuatewfo no rentumi nsɛe Yehowa asomfo anokwafo.

26 Wɔn a wɔbɛkɔ akodi Satan akyi no, wɔbɛsɛe wɔn ntɛm ara. Wobeyi wɔne Satan ne adaemone no nyinaa afi hɔ koraa. Wɔremma nkwa mu bio. Nea yɛde bɛkae wɔn daa ne gyinae bɔne a wosii, ne sɛnea ewiee wɔn no.—Adi. 20:10.

27-29. Wɔn a wobetwa sɔhwɛ a etwa to no, nhyira bɛn na wobenya?

27 Nanso, wɔn a wobetwa sɔhwɛ a etwa to no de, wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma no” mu, na wɔrempopa wɔn din mfi mu da. (Adi. 20:15) Afei, Yehowa mma a wodi no nokware nyinaa bɛyɛ abusua baako, na wɔde ɔsom a ɛsɛ fata Yehowa no ama no.

28 Sɛnea asetena bɛyɛ saa bere no, wo de, dwinnwen ho hwɛ. Wubenya adwuma a ɛbɛma wo koma atɔ wo yam, na woanya nnamfo pa. Amanehunu a ɛde amanehunu de, ebi rento wo anaa w’adɔfo. Saa bere no, na woayɛ pɛ, enti ɛho renhia sɛ Yesu agyede no pata wo ne Yehowa ntam. Obiara betumi ne Onyankopɔn afa adamfo a biribiara rensiw no kwan. Nea ɛsen saa koraa ne sɛ, ɔsoro oo, asaase so oo, obi biara bɛsom Yehowa nokware mu. Sɛ weinom nyinaa bam a, afei de, na yebetumi aka sɛ Yehowa asan ama nokware som so ampa!

Ɔbea bi a wayɛ pɛ nam kwae bi mu. Wohwɛ nnua no mu a, wuhu owia no hann.

Wunya yɛ pɛ a, ɛho renhia sɛ Yesu agyede no pata wo ne Yehowa ntam bio (Hwɛ nkyekyɛm 28)

29 Saa da kɛse yi, wode w’ani behu anaa? Sɛ wode w’ani behu a, gye sɛ wokɔ so de asuade titiriw mmiɛnsa a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu yɛ adwuma. Ɛne sɛ: Som Yehowa nko ara, kɔ so ne wo nuanom nyɛ baako na ma wo som ho ntew, na dɔ afoforo. Weinom da nkyɛn a, yenya asuade titiriw baako bi nso wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ ahorow no mu. Ɛyɛ asuade bɛn?

Yehowa te ne soro teaseɛnam no so, na abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔayɛ pɛ a wɔwɔ asaase so de anigye resom no.

Sɛ abɔde a ɛwɔ soro ne asaase so nyinaa bom som Yehowa nokwarem a, hwɛ anigye a ɛbɛba (Hwɛ nkyekyɛm 27-29)

‘Hu Sɛ Mene Yehowa’

30, 31. Sɛn na (a) Onyankopɔn atamfo ‘behu sɛ ɔno ne Yehowa’? (b) Onyankopɔn nkurɔfo ‘behu sɛ ɔno ne Yehowa’?

30 Wohwɛ Hesekiel nhoma no mu a, wubehu sɛ Yehowa taa ka asɛm bi sɛ, “wobehu sɛ mene Yehowa.” (Hes. 6:10; 39:28) Sɛn na Onyankopɔn atamfo behu sɛ ɔno ne Yehowa? Yehowa ne wɔn bɛko na wakunkum wɔn, na wobehu sɛ Yehowa wɔ hɔ ampa. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, wobehu nea ne din kɛse no nso kyerɛ. Wobehu sɛ Yehowa ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ” no. “Asafo Yehowa” bɛyɛ ne ho “ɔko mu ɔkatakyi,” na ɔne n’atamfo ako. (1 Sam. 17:45; Ex. 15:3) Sɛ Yehowa tu n’atamfo so sa a, wobehu nokwasɛm titiriw bi afa no ho. Ɛne sɛ: Sɛ Yehowa bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ade bi a, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw no kwan. Nanso, bere a wobehu saa nokwasɛm yi no, na aka akyi dodo.

31 Onyankopɔn nkurɔfo nso ɛ? Sɛn na ‘wobehu sɛ ɔno ne Yehowa?’ Ɔbɛma wɔanya asomdwoe na wama wɔn nkwa. Bere a Yehowa bɔɔ nnipa mfiase no, na n’atirimpɔw ne sɛ yɛbɛyɛ ne mma mmarima ne ne mma mmea a yɛda ne suban adi pɛpɛɛpɛ. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔbɛma yɛayɛ. (Gen. 1:26) Seesei mpo, yɛahu sɛ Yehowa yɛ yɛn Agya, ɔdɔ yɛn, na ɔyɛ Oguanhwɛfo a ɔbɔ yɛn ho ban. Ɔyɛ yɛn Hene, na ɛrenkyɛ koraa obedi n’atamfo so nkonim. Bere a yegu so retwɛn saa da no, ɛsɛ sɛ yɛma Hesekiel asɛm no da yɛn koma so. Da biara da, momma yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nkyerɛ sɛ yenim Yehowa ne sɛnea ɔte ankasa. Yɛyɛ saa a, ɛnde ahohiahia kɛse no fi ase a, yɛrensuro. Mmom nea yɛbɛyɛ ara ne sɛ, yɛbɛma yɛn ti so, efisɛ yebehu sɛ yɛn nkwagye abɛn. (Luka 21:28) Ahohiahia kɛse no nnya mmae yi, momma yɛmmoa nnipa a wɔwɔ baabiara ma wonhu Onyankopɔn na wɔnnɔ no, efisɛ ɔno nko ara na ɔfata sɛ yɛsom no, na ne din Yehowa no nso korɔn sen din biara.—Hes. 28:26.

a Ti ahorow a yɛatwe adwene asi so wɔ ha yi yɛ ti a ɛwɔ nhoma yi mu.

DƐN NA WOASUA AFA NOKWARE SOM HO?

  1. Nneɛma bɛn na yɛasua afi Hesekiel nhoma no mu?

  2. Nhyira bɛn na worehwɛ kwan sɛ wubenya wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu?

  3. Dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho nnɛ ama sɔhwɛ a etwa to no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena