Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Wobetu Owu Agu’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 10 “Awiei no” ne Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei, bere a Yesu fi ahobrɛase ne nokwaredi mu dan Ahenni no ma ne Nyankopɔn ne N’agya no. (Adiyisɛm 20:4) Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ “wɔbɛpata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu” no benya mmamu. (Efesofo 1:9, 10) Nanso nea edi kan no, Kristo betu “ahenni ne ahoɔden ne tumi” a ɛko tia Onyankopɔn apɛde a ɛkorɔn no “nyinaa” agu. Eyi sen ɔsɛe a ɛbɛba wɔ Harmagedon no. (Adiyisɛm 16:16; 19:11-21) Paulo ka sɛ: “Etwa sɛ [Kristo di] hene kosi sɛ [Onyankopɔn de] atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.” (1 Korintofo 15:25, 26) Yiw, wobeyi bɔne ne owu a wonya fii Adam mu nyinaa afi hɔ. Sɛnea ɛfata no, Onyankopɔn bɛma “nkae ada NW” mu ada mpan denam awufo a ɔbɛma wɔasan aba nkwa mu bio no so.—Yohane 5:28.

  • ‘Wobetu Owu Agu’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | July 1
    • 15. Wɔn a wɔresan aba a “wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu” wɔn “atɛn sɛnea wɔn nnwuma te” no kyerɛ dɛn?

      15 Nanso ɔkwan bɛn so na “wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu” wɔn a wɔresan aba no “atɛn sɛnea wɔn nnwuma te”? Nhoma yi nyɛ nneɛma a wɔayɛ atwam ho kyerɛwtohɔ; bere a wowui no, wobuu wɔn bem fii bɔne ahorow a wɔyɛe bere a na wɔte ase no ho. (Romafo 6:7, 23) Nanso adesamma a wɔanyan wɔn no bɛkɔ so ara ahyɛ Adam bɔne ase. Enti saa bere no ansa na nhoma yi de ɔsoro akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ obiara di akyi na ama wanya Yesu Kristo afɔrebɔ no mu mfaso akosi ase no bɛma. Bere a wotu bɔne a wonya fi Adam mu no ase no, ‘wobetu owu ase’ koraa. Ebedu bere a mfirihyia apem no bɛba awiei no, na Onyankopɔn yɛ “ade nyinaa mu ade nyinaa.” (1 Korintofo 15:28) Onipa renhia Ɔsɔfo Panyin biara sɛ mmoa anaa Ogyefo bio. Adesamma nyinaa bɛsan akɔ pɛyɛ tebea a na Adam wom kan no mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena