-
“Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So Anyan Awufo?”Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | December
-
-
3. Sɛnea 1 Korintofo 15:30-32 ma yehu no, esiane sɛ na Paul gye owusɔre no di nti, ɛboaa no sɛn?
3 Esiane sɛ na Paul gye owusɔre no di nti, ɛboaa no ma ogyinaa ɔhaw a ohyiae ano. (Kenkan 1 Korintofo 15:30-32.) Ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Da biara me ne owu bɔ mpunimpu.” Paul san kyerɛw sɛ: “Me ne mmoa koe . . . wɔ Efeso.” Ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka mmoa ankasa a ɔne wɔn koe wɔ Efeso agoprama so no ho asɛm. (2 Kor. 1:8; 4:10; 11:23) Anaa ebia na ɔreka Yudafo a wɔtan n’ani denneennen, ne wɔn a na wɔte sɛ nkekaboa no ho asɛm. (Aso. 19:26-34; 1 Kor. 16:9) Sɛnea na ɛte biara no, Paul huu amane paa. Ne nyinaa akyi, na ogye di sɛ daakye papa bi da n’anim.—2 Kor. 4:16-18.
-
-
“Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So Anyan Awufo?”Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | December
-
-
5. Adwene a ɛyɛ hu bɛn na ebetumi asɛe gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu?
5 Ná Paul mfɛfo gyidifo no bi anya adwene bi a ɛyɛ hu, enti ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ awufo nsɔre a, ɛnde ‘momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’” Ɛnyɛ Paul bere so na nkurɔfo fii ase nyaa saa adwene no, na ɛwɔ hɔ dedaw. Ɔbra a na Israelfo no wom a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 22:13 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na Paul refa emu asɛm aka. Sɛ́ anka wɔbɛbɛn Onyankopɔn no, wɔmaa anigyede mmom gyee wɔn adwene. Ná saa Israelfo no adwene nyinaa ne sɛ, gye w’ani, efisɛ wubetumi awu bere biara. Saa adwene yi ara na ɛnnɛ nnipa pii kura, nanso nsunsuanso bɔne a ɛde brɛɛ Israel man no, yehu ho asɛm wɔ Bible no mu.—2 Be. 36:15-20.
6. Esiane sɛ yegye owusɔre no di nti, henanom na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo?
6 Yenim sɛ Yehowa benyan awufo, enti ɛsɛ sɛ ɛno kyerɛ yɛn nnipa a yɛbɛfa wɔn nnamfo. Ná ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ Korinto no yɛ ahwɛyiye na wɔne nnipa a wonnye owusɔre no nni no amfa nnamfo. Yɛn nso yebetumi asua biribi afi mu nnɛ. Wɔn a anigyede adi wɔn ti na wonni daakye ho anidaso biara no, sɛ yɛfa wɔn nnamfo a ɛremmoa yɛn. Sɛ Kristoni bi fa nnipa a wɔte saa nnamfo a, ebetumi asɛe suban pa a ɔwɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi ama no ayɛ nea Onyankopɔn kyi mpo. Ɛno nti Paul bɔɔ Korintofo no kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ wɔ trenee mu, na monntena bɔne mu.”—1 Kor. 15:33, 34.
-