Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hwɛ Yiye Wɔ “Epikurofo” Ho
    Ɔwɛn-Aban—1997 | November 1
    • Epikuro kyerɛkyerɛe nso sɛ owu akyi no, asetra biara ntumi mma. Nokwarem no, na eyi ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne owusɔre no bɔ abira. Nokwasɛm ne sɛ, bere a na ɔsomafo Paulo rekasa wɔ Areopago no, akyinnye biara nni ho sɛ na Epikurofo no ka wɔn a wɔne Paulo dii anobaabae wɔ owusɔre nkyerɛkyerɛ ho no ho.—Asomafo no Nnwuma 17:18, 31, 32; 1 Korintofo 15:12-14.

      Ebetumi aba sɛ ade a na ɛyɛ hu sen biara wɔ Epikuro nyansapɛ mu no nso yɛ anifere sen biara. Owu akyi asetra a na onnye nni no maa no kae sɛ ɛsɛ sɛ onipa gye n’ani sɛnea obetumi biara wɔ bere tiaa bi a obedi wɔ asase so no mu. Sɛnea yɛahu no, na ɛnyɛ n’adwene ankasa ne sɛ wobedi bɔne, na mmom, sɛ́ wɔn ani begye mprempren de ho, efisɛ asetra foforo biara nni hɔ mma yɛn.

      Enti, Epikuro anhyɛ kokoam nnebɔne ho nkuran efisɛ na ɛbɛma obi asuro sɛ nkurɔfo behu wɔn akyi, ade a ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ akwanside ma mprempren anigye no. Ɔhyɛɛ hɔ-ne-hɔ a wɔbɛyɛ ho nkuran na ama wɔakwati nneɛma a wɔyɛ tra so ho haw, ade foforo a esiw mprempren anigye kwan no. Ɔhyɛɛ afoforo a wɔne wɔn benya abusuabɔ pa nso ho nkuran efisɛ na ɛbɛma afoforo nso ayɛ wɔn papa a ɛde mfaso ba. Nokwarem no, kokoam nnebɔne a obi bɛkwati, nneɛma a ɔnyɛ mmoro so, ne nnamfo a ɔbɛfa no yɛ ade pa. Ɛnde dɛn nti na na Epikuro nyansapɛ no yɛ asiane ma Kristoni? Efisɛ na n’afotu gyina n’adeyɛ a gyidi nnim yi so: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.

      Nokwarem no, Bible no kyerɛ sɛnea nnipa bɛbɔ wɔn bra na wɔanya anigye seesei. Nanso etu fo sɛ: “[Momfa] mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 21) Yiw, Bible twe adwene si daakye a enni awiei so kɛse, na ɛnyɛ mprempren anigye a ɛretwam no. Wɔ Kristoni fam no, Onyankopɔn a ɔbɛsom no ne ade titiriw a ehia, na ohu sɛ sɛ ɔde Onyankopɔn di kan a, onya anigye ne abotɔyam. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ́ anka Yesu bɛma n’ankasa anigyede ahorow agye n’adwene no, ɔde n’ahoɔden som Yehowa boaa nkurɔfo wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ afoforo papa, a ɛnyɛ sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛyɛ bi ama wɔn nti, na mmom, sɛ́ nokware dɔ a wɔwɔ ma wɔn nti. Ɛda adi pefee sɛ nnyinasosɛm titiriw a Epikurosom ne Kristosom kura no yɛ soronko koraa.—Marko 12:28-31; Luka 6:32-36; Galatifo 5:14; Filipifo 2:2-4.

  • Hwɛ Yiye Wɔ “Epikurofo” Ho
    Ɔwɛn-Aban—1997 | November 1
    • Ɛwom sɛ Epikurosom gui wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu de, nanso ebinom wɔ hɔ nnɛ a wokura momma-yennidi-na-yɛnnom, na-ɔkyena-na-yɛawu adwene saa ara. Saa nkurɔfo yi ntaa nkyerɛ gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne daa nkwa no mu. Nanso, wɔn mu binom wɔ abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn kakra.

      Ebetumi asɔ Kristoni bi ahwɛ ma ɔne saafo no anya abusuabɔ a emu yɛ den, a ebia osusuw sɛ wɔn suban pa no ma ɛfata sɛ wɔfa wɔn yɔnko. Nanso, bere a ɛnyɛ sɛ yɛrebu yɛn ho sɛ yɛkorɔn no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ “fekubɔne” nyinaa—a wɔn a wɔn nkɛntɛnso yɛ anifere kwan so de ka ho no—“sɛe ɔbra pa.”

      Momma-yennidi-na-yɛnnom, na-ɔkyena-na-yɛawu nyansapɛ no da adi nso wɔ aguadi nhyiam ahorow bi ase, nhoma a wɔkenkan de yɛ wɔn ho mmoa, ayɛsɛm nhoma, sini, television so dwumadi ahorow, ne nnwonto mu. Bere a ɛnhyɛ nnebɔne ho nkuran tẽẽ no, so adwene a gyidi nnim yi betumi anya yɛn so nkɛntɛnso wɔ anifere kwan so? Sɛ nhwɛso no, so yɛn ankasa yiyedi betumi agye yɛn adwene araa ma yɛn ani apa Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw no so? So ebetumi atwetwe yɛn ma ‘yɛagow yɛn ho mu’ sen sɛ anka ‘yɛbɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu’? Anaasɛ ebetumi adaadaa yɛn ma yɛn adwene mu ayɛ yɛn naa wɔ teɛ a Yehowa gyinapɛn ahorow teɛ ne mfaso a ɛwɔ so ho? Ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ yɛn ho mu a yebegyae ama ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne ahonhomsɛmdi koraa ne wɔn a wiase nsusuwii anya wɔn so nkɛntɛnso no ho!—1 Korintofo 15:58; Kolosefo 2:8.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena