Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 3 kr. 8-9
  • Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NNWEN WO NKO ARA WO HO
  • HWƐ WO NNAMFOFA YIYE
  • BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Da Tema Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nya Tema
    Nyan!—2020
  • Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 3 kr. 8-9
Abusua bi ne wɔn nnamfo abom regye wɔn ani

Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama

Nnipa pii fam no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo ntam bɛkɔ so ara ayɛ kama. Hwɛ Bible mu afotusɛm bi a ebetumi aboa ama wo ne afoforo ntam ayɛ papa.

NNWEN WO NKO ARA WO HO

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filipifo 2:4.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne afoforo ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea yebetumi ayɛ ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ daa yɛde yɛn adwene si nea yebetumi anya afi wɔn hɔ so. Sɛ wudwen wo nko ara ho a, ebetumi asɛe wo ne afoforo ntam. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔwarefo bi dwen ɔno nko ara ho a, etumi ma ofi ne hokafo akyi. Afei nso, obi a daa ɔde nea ɔwɔ anaa nea onim hoahoa ne ho no, obiara mpɛ sɛ ɔfa no adamfo. Enti nhoma bi ka sɛ, “sɛ obi dwen ɔno nko ara ho a, ɛkɔfa ɔhaw pii brɛ no.”​—The Road to Character.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Boa afoforo. Nea ɛma nnamfo ntam yɛ kama paa ne sɛ, obiara gye ne yɔnko di na wɔboa wɔn ho wɔn ho. Nhwehwɛmu ahorow bi kyerɛ sɛ, nnipa a wɔboa afoforo no, adwinnwen ntaa nhyɛ wɔn so, na afei wɔte nka sɛ wɔn so wɔ mfaso.

  • Nya tema ma afoforo. Sɛ obi wɔ tema ma ne yɔnko a, ɛkyerɛ sɛ ɛyaw a ne yɔnko no refa mu no, ɔte saa yaw no wɔ n’ankasa ne komam. Sɛ yɛwɔ tema ma afoforo a, yɛrenhyɛ da nkeka nsɛm yayaayaw mfa ntwiw wɔn, na yɛrenkeka nsɛm a ebetumi apira wɔn mfa nyi nsɛnkwaa.

    Sɛ wowɔ tema a, wubetumi ne obiara atena. Worenyɛ nyiyim, na wubetumi ne nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ ne baabi a wofi afa adamfo.

  • Nya afoforo ho adagyew. Sɛ wo ne obi bɔ kyɛ a, ɛma wuhu no yiye. Sɛ obi betumi abɛyɛ w’adamfo paa a, ɛsɛ sɛ wo ne no bɔ nneɛma a ɛda ne koma so ho nkɔmmɔ. Enti sɛ wo ne wo nnamfo rebɔ nkɔmmɔ a, yɛ aso tie wɔn, na ma wɔn ahiasɛm nyɛ w’ahiasɛm. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, “ade baako a ebetumi ama nnipa ani agye ne sɛ wɔbɛbɔ nneɛma a ɛda wɔn koma so ho nkɔmmɔ.”

HWƐ WO NNAMFOFA YIYE

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”​—1 Korintofo 15:33.

NEA ƐKYERƐ: Sɛnea ɛte biara, nnipa a yɛne wɔn bɔ no betumi ama yɛanya suban pa anaa subammɔne. Animdefo a wosua nnipa asetena ho nsɛm no gye tom sɛ nneɛma a obi nnamfo yɛ no, etumi ka sɛnea ɔno nso yɛ n’ade wɔ n’asetenam. Sɛ nhwɛso no, animdefo no ka sɛ, ade baako a ebetumi ama obi afi ase anom sigaret anaa wagyae aware ne sɛ ɔde ne ho bɛbɔ nkurɔfo a wɔyɛ saa nneɛma no bi.

NEA WUBETUMI AYƐ: Sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, hwɛ sɛ ɔyɛ obi a ne suban yɛ wo fɛ na ɔbɔ bra a wubetumi asuasua. Wubetumi afa nnipa a wɔn ani da hɔ, wobu ade, wɔn yam ye, na wɔpɛ nnipa sɛ wo nnamfo.

BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO

Ɔbea bi reyi Bible ho video bi akyerɛ abaayewa bi

Hwɛ Bible ho video a wɔahyɛ da ayɛ ama awarefo, mmabun, ne mmofra. Video ahorow yi bɛboa ama mo abusua no anya anigye

NKA NSƐM A EBEPIRA AFOFORO.

“Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ.”​—MMEBUSƐM 12:18.

DA AYAMYE ADI.

“Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade.”​—MMEBUSƐM 11:25.

SƐNEA WOPƐ SƐ NKURƆFO NE WO DI NO, WO NSO WO NE WƆN NNI NO SAA ARA.

“Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”​—MATEO 7:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena