Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 3/15 kr. 3-4
  • Nea Enti A Adesamma Hia Boafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Adesamma Hia Boafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ɔboafo Ho Hia
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Na Yesu Wu no kyerɛ Ma Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 3/15 kr. 3-4

Nea Enti A Adesamma Hia Boafo

ƆBARIMA bi a na anka ɔyɛ ahantan na ɔyɛ basabasa no gye toom kae sɛ: ‘Ná meyɛ ɔtaafo onuɔdenfo.’ Ná ɔyɛ mmusubɔfo a ɔnam atirimɔden so haw Yesu Kristo akyidifo a wosuro Nyankopɔn no, na ɔhwee wɔn. Ɔde aseda kae sɛ: “Nanso wahu me mmɔbɔ.” Anwonwasɛm ne sɛ, saa ɔtaafo tirimɔdenfo yi na ɔbɛyɛɛ Kristoni nokwafo ɔsomafo Paulo no.—1 Timoteo 1:12-16; Asomafo no Nnwuma 9:1-19.

Ɛnyɛ obiara na wayɛ nneɛma a ɛte sɛ nea Paulo yɛe no. Nanso, yɛn nyinaa ntumi nnu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho. Dɛn ntia? Efisɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Afei nso, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn abam bebu, na ebia yɛate nka sɛ yɛmfata koraa sɛ Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ. Bere a Paulo resusuw ne koma a ɛtɔ kɔ bɔne so ho no, ɔteɛɛm sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” Ɔreyi n’ankasa asɛm no ano no, ɔkyerɛwee sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!”—Romafo 7:24, 25.

Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ treneeni no atumi ne abɔnefo abɔ? (Dwom 5:4) Hyɛ no nsow sɛ Paulo kae sɛ: ‘Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn.’ Onipa foforo a Onyankopɔn huu no mmɔbɔ kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo [ɔboafo, NW] bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”—1 Yohane 2:1, 2.

Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu Kristo ‘ɔboafo a ɔwɔ Agya no nkyɛn’? Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ bɔne “ho mpata”?

Nea Enti a Ɔboafo Ho Hia

Yesu baa asase so ‘de ne kra bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Agyede yɛ bo a wotua san de gye obi anaa biribi. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “agyede” no yɛ adeyɛ asɛm a ɛtwe adwene kɔ bɔne a wɔkata so anaasɛ wɔpata so. (Dwom 78:38) Wɔde Hela asɛmfua te sɛ nea ɛwɔ Mateo 20:28 no dii dwuma titiriw de twee adwene sii agyede a wotua de gye wɔn a wɔfa wɔn nnommum wɔ ɔko mu anaasɛ wɔde gye nkoa no so. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi nea atɛntrenee hwehwɛ ho dwuma ɔkwampa so no, ade a ɛne biribi bo yɛ pɛ na wɔde di nsesa.

Esiane atua a onipa a odi kan tew tiaa Onyankopɔn nti, adesamma baa nkoayɛ mu. Sɛnea wɔada no adi wɔ Genesis ti 3 no, onipa a ɔyɛ pɛ—Adam—pawee sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden. Ɔnam saayɛ so tɔn ɔno ne n’asefo a na onnya nwoo wɔn nyinaa kɔɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu. Enti Adam maa n’ankasa ne n’asefo nyinaa hweree akyɛde a ɛne onipa nkwa a ɛyɛ pɛ no.—Romafo 5:12, 18, 19; 7:14.

Wɔ tete Israel no, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe ma wɔde mmoa bɔɔ afɔre de pataa bɔne, anaasɛ wɔde kataa nkurɔfo no bɔne so. (Leviticus 1:4; 4:20, 35) Sɛnea yɛbɛka no no, wɔde aboa a wɔde bɔɔ afɔre no nkwa sii ɔbɔnefo no de ananmu. (Leviticus 17:11) Enti, yebetumi aka “mpata da” no ho asɛm nso sɛ “agyede ahorow da.”—Leviticus 23:26-28.

Nanso, esiane sɛ nnipa korɔn sen mmoa nti, ‘anantwinini ne mpapo mogya antumi anyi bɔne amfi hɔ koraa.’ (Hebrifo 10:1-4) Sɛ afɔrebɔ bi bɛyɛ nea ɛsom bo a ebetumi apata bɔne, anaasɛ ebetumi ayi afi hɔ koraa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛsom bo te sɛ nea Adam hweree no. Atɛntrenee nsenia no hwehwɛe sɛ onipa a ɔyɛ pɛ (Yesu Kristo) bɛsesa nea onipa foforo a ɔyɛ pɛ (Adam) ahwere no. Nipa nkwa a ɛyɛ pɛ nkutoo na na ebetumi atua agyede bo no agye Adam asefo afi nkoayɛ a wɔn agya a odi kan no tɔn wɔn kɔɔ mu no mu. Ná ‘ɔkra a ebesi ɔkra ananmu’ no bedi nea atɛntrenee ankasa hwehwɛ no ho dwuma.—Exodus 21:23-25.

Bere a Adam yɛɛ bɔne na wobuu no kumfɔ no, na n’asefo a onnya nwoo wɔn no da so wɔ n’asen mu, ma enti ɔne wɔn wui. Onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu, “Adam a odi akyiri” no fii ne pɛ mu sɛ ɔnwo mma. (1 Korintofo 15:45) Bere a owuu afɔrebɔ wu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no na n’asefo a ɔnwoo wɔn no wɔ n’asen mu. Enti, yebetumi aka sɛ adesamma abusua a na wɔwɔ n’asen mu no ne no wui. Yesu faa Adam abusua abɔnefo a na wɔrewuwu no yɛɛ n’ankasa de. Ɔde hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔhyehyɛ n’ankasa abusua no bɔɔ afɔre. Yesu nam ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no so tɔɔ adesamma a wofi Adam mu nyinaa ma wɔbɛyɛɛ N’ankasa abusua, na ɛma Ɔbɛyɛɛ wɔn “Daa-agya.”—Yesaia 9:6, 7.

Yesu ogye afɔre no na ebuee kwan maa adesamma asoɔmmerɛfo nyaa Onyankopɔn mmɔborohunu ne daa nkwa. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Ɛka yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ wɔ ne dɔ ne ne mmɔborohunu ho wɔ agyede a ɔde mae a ɛmaa ɔno ne ne Ba a ɔdɔ no kɛse huu amane pii no ho. (Yohane 3:16) Na Yesu daa ne ho adi ankasa sɛ ɔyɛ ‘ɔboafo a ɔwɔ Agya no nkyɛn’ bere a wonyanee no ma ɔkɔɔ soro asetram na ɔde n’afɔrebɔ no bo kɔmaa Onyankopɔn wɔ soro no.a (Hebrifo 9:11, 12, 24; 1 Petro 3:18) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo reda ne ho adi mprempren sɛ yɛn boafo wɔ soro?

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 4 ne 7.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ no na ɛbɛyɛɛ ade a ɔde tuaa ka gyee Adam asefo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena