Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 5/1 kr. 10-14
  • Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OWUSƆRE ANIDASO NO HYƐƐ WƆN DEN
  • “MUNTINTIM”
  • “MUNNHIM”
  • “MONKƆ SO AWURADE ADWUMA MU DAA”
  • So “Asɛmpa” No Mu Dennen!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Owusɔre—Nkyerɛkyerɛ A Ɛfa Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 5/1 kr. 10-14

Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” No

“Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa.”​—1 Korintofo 15:58.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ owusɔre ho anidaso no yɛ nea ɛkyerɛ biribi ankasa ma yɛn nyinaa?

ƐSƐ SƐ owusɔre anidaso no yɛ anigyesɛm kɛse bere nyinaa ma yɛn mu biara. Efisɛ ɔtamfo a ɔne owu ka yɛn mu biara asetra tẽe anaasɛ ɔkwan a ɛnyɛ tẽe so, bere bi. Bere a adɔfo awu no, ebia yebesusuw Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛso nni no ho, na yɛn ‘werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ Ebia yebenya gyidi sɛ awufo bɛsɔre bio, sɛnea Yesu sɔre fii awufo mu no. (1 Tesalonikafo 4:13, 14) Afei nso, yɛwɔ anidaso a emu yɛ den Sɛ, sɛ yɛn ankasa wuwu mpo a, Yehowa bɛkae yɛn wɔ owusɔre no mu, sɛ yedii yɛn ahosohyira ma no no mu nokware nkutoo a.​—Yohane 5:28, 29; 6:40.

2. Esiane Ɔsɛnkafo 9:11 nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ asetra ho?

2 Bere a saa “nna a edi akyiri” yi twam ntɛmntɛm kɔ n’awiei no, yɛn mu pii wɔ anidaso sɛ yebetwa “ahohiahia kɛse” no a yɛrenwu. (Mateo 24:21; 2 Timoteo 3:1) Nanso, wɔ ahoɔharefo, nnɔmmarima anyansafo ne nhumufo mpo fam no​—“ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” Ɔyare a wɔnhwɛ kwan, akwanhyia anaa asiane betumi ato yɛn. Wɔ eyi mu no, hwɛ anigye ara a yebenya sɛ ná yɛde yɛn ho ahyɛ Onyankopɔn som adwuma no mu wɔ koma, ɔkra, adwene ne ahoɔden nyinaa mu! Ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya n’anim dom na yɛanya owusɔre no mu kyɛfa. Afei nso, ná mudi mu a yekurae no bɛyɛ nkuranhyɛ ne nhyira ama afoforo a wohuu yɛn na wotiee yɛn no, na ebia wobegye wɔn nso nkwa wɔ owusɔre anidaso no mu.​—Ɔsɛnkafo 9:11, NW, Marko 12:30; 1 Timoteo 4:15, 16.

OWUSƆRE ANIDASO NO HYƐƐ WƆN DEN

3. (a) Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so, na dɛn ntia? (b) Sɛ́ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaasɛ “nnipakuw kɛse” no mufo no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ owusɔre ho anidaso no hyɛ Kristofo den?

3 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ nkwa yi mu nko na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnde na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfo.” Yɛn gyidi no bɛyɛ ɔkwa, yɛn asɛnka no bɛyɛ hunu. Nanso yɛde yɛn ani asi saa botae a wɔasi so dua a ɛne nkwa wɔ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu no so denneennen​—sɛ́ yebenya denam Harmagedon a yebetwa so, anaasɛ sɛnea ɛte wɔ ebinom fam no, ɛdenam owusɔre a edi kan fi awufo mu so. Wɔ ne bere so no, ná Paulo rekasa akyerɛ Kristofo a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn, a na ɛsɛ sɛ wonya asubɔ a ɛkɔ owu mu, sɛnea Yesu nyae wɔ mfirihyia abiɛsa no mu kosii ne wu mu wɔ Kalvary no. Enti Paulo bisa sɛ: “Sɛ awufo nnyan koraa a, ɛdɛn nti na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn? Yiw, owusɔre anidaso no hyɛɛ saa Kristofo no den, ma wotumi gyinaa sɔhwɛ ahorow pii ano, na ebetumi ahyɛ Kristofo den nnɛ, sɛ́ wɔn anidaso yɛ daa nkwa wɔ ɔsoro ahenni no mu anaasɛ​—wɔ pii fam no​—nkwa wɔ saa ahenni no ase wɔ asase so.​—1 Korintofo 15:13-19, 29.

4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde Epikurofo nyansa no gu yɛn ho fi?

4 Ɔrekyerɛw afa ne bere so tebea no ho no, Paulo kɔ so se: “Adɛn na yɛn nso, amane siane yɛn dɔn biara? Meka mo ho ahoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, miwu da biara. Ɔko a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfaso bɛn? Sɛ awufo nnyan a, ɛnde momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” Ɔrebɔ “asɛmpa” a ɛfa Kristo a wɔanyan no no ho dawuru no, asiane ne ɔtaa ahorow pii baa Paulo so, na wɔ eyinom mu no onyaa Onyankopɔn ahobammɔ ne ne nhyira. Sɛ owusɔre no yɛ nnaadaa ara kwa a, anka eyi nyinaa bɛyɛ hunu. Wɔ ɛno mu no, te sɛ Epikurofo anyansafo ne wɔn akyidifo no, na ɛsɛ sɛ Paulo ne ne nuanom Korintofo no gye wɔn ani.​—1 Korintofo 15:30-32.

5. (a) Ɛsɛ sɛ owusɔre ho anidaso no yɛ paara ma yɛn dɛn? (b) Nnɛyi nhwɛso horow fɛfɛ bɛn na yɛwɔ, bere a yɛde Ahenni no yɛ yɛn botae no?

5 Nanso, owusɔre ho anidaso ne Mesia ahenni no yɛ paara. Ɛbata Onyankopɔn daa atirimpɔw no ho. Sɛnea saa anidaso no hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so den no, saa na ɛhyɛ wɔn den nnɛ. Nnɛyi abakɔsɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho yɛ nea Kristofo mpempem a wɔahyia owu a wɔanhinhim ho nhwɛso, a wonim sɛ wɔn mudi mu a wokura no betumi ama wɔanya owusɔre a edi kan, a ebetumi ayɛ nea ɛkɔ “ɔsoro foforo” no mu anaa “asase foforo” no so ayɛ no ma. Saa Adansefo ɔhaha a wotwitwaa wɔn ti, tow wɔn atuo, kyen wɔn kɔm anaasɛ wɔhwee wɔn ma wowuwui wɔ Katolekni Hitler adwumayɛ-ban ahorow mu no wɔ hɔ. Nnansa yi ara, pii agyina asiane ne ɔtaa ahorow ano wɔ kwasafo aman ne nsase a afei na wɔrenya nkɔso ahorow so. Nanso bere nyinaa wɔde wɔn ho to Onyankopɔn ahenni a ɛreba no so. Ɛno na ayɛ wɔn botae, sɛ́ wobenya denam twa a wobetwa “ahohiahia kɛse” no so anaasɛ denam owusɔre so. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn mu biara botae nnɛ!​—Adiyisɛm 21:1-4.

6. Nhwɛso bɛn a efi Afrika na nkuranhyɛ wom ma ahwɛfo sɛ wɔde wɔn ho bɛma akokoduru so?

6 Fa Abibifo man Zimbabwe a mfe pii mu no na basabasayɛ ama emu apaapae no sɛ nhwɛso. Ná Yehowa Adansefo da nsow wɔ afã biara a wonni, ne wɔ Ahenni no ho asɛm a ná wɔkɔ so ka wɔ saa basabasayɛ bere no mu no mu. (Yohane 17:16) Titiriw no ná ɛyɛ nea asiane wom ma ahwɛfo akwantufo no sɛ wɔbɛtoa wɔn nsrahwɛ ahorow a ɛhyɛ asafo ahorow no den no so. Nanso wɔde wɔn nkwa too asiane mu yɛɛ saa. Ɛtɔ mmere bi a wɔkyere saa anuanom anokwafo yi bere a wɔretu kwan afi asafo biako mu akɔ nea edi hɔ mu no. Wɔtotõo wɔn ano sɛ wɔyɛ ahɔho ne wɔn a wotietie ɔman no mu nsɛm ma atamfo wɔ mpɔtam hɔ, wɔde owu hunahunaa wɔn. Wokum ɔmansin sohwɛfo biako, na wogyaw ne funu too ne basekre ho de bɔɔ wɔn a wotwam kɔkɔ. Nanso, amansin so ahwɛfo afoforo kɔɔ so yɛɛ wɔn som adwuma no akokoduru so, kosii sɛ asomdwoe san baa hɔ ma wɔn ho tɔɔ wɔn wɔ saa asiane no mu. Sɛ ɛba sɛ yehyia tebea ahorow a ɛte sɛɛ a, momma yennya akokoduru a ɛte saa ara na yɛnkɔ so wɔ “ɔsom kronn” a yɛde ma Onyankopɔn no mu!—Luka 12:4-7; Romafo 12:1, 2.

7. Wɔahyira yɛn nuanom a wɔwɔ El Salvador no dɛn wɔ wɔn anidaso a wɔakura mu den no mu?

7 Nnɛ, ɔhaw a ɛte saa ara wɔ EI Salvador, baabi a basabasayɛ asɔre wɔ asase no so nyinaa no. Bio, Yehowa Adansefo nni afã biara wɔ basabasayɛ no mu. Wɔ ɛno mpo mu no, atuo a wɔtotow akunkum ebinom. Nanso mpanyimfo anokwafo akɔ so asom asafo ahorow ne akuw a atew ne ho, de nkuranhyɛ ama eyinom ahyɛ wɔn den. (Fa toto Yesaia 32:1, 2 ho.) Ebinom akwati owu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, nanso wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so wɔ wɔn ɔkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no mu, bere a ɛkɔ so de wɔn nkwa to asiane mu mpo no. (1 Petro 5:1-4) Asafo ahorow yɛ wɔn nhyiam ahorow ansa na bere a wɔahyɛ sɛ obiara mmfi adi no adu, na Yehowa ahyira wɔn kɛse ma adawurubɔfo no dodow nyaa nkɔanim ɔha mu 22 wɔ 1981 mu. Na saa Ahenni adawurubɔfo 8,242 yi ne anigyefo afoforo 13,948 reyɛ ofie Bible adesua bere a na ɔsom afe no rekɔ n’awiei no. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn hyira wɔn a wɔde akokoduru pere kɔ anim nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, ɛwom sɛ ‘amane siane wɔn dɔn biara’ de!

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔadaadaa ebinom a wɔwɔ aman horow a wodi yiye so no? (b) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn, na dɛn ntia?

8 Nanso, wɔadaadaa ebinom a wɔwɔ aman ahorow a wodi yiye a ɛte sɛnea wɔwɔ “ahotɔ,” mu no ma wɔafa asetra kwan a asiane wom wɔ honhom mu so. Wosusuw sɛ wobetumi ne wiase no abɔ na wɔagye wɔn ani sɛnea Epikurofo no yɛe no, a bere koro no ara mu wɔn nan biako da so si Onyankopɔn ahyehyɛde no mu. Ebia fekuw a nyansa nnim a wɔne nnipa a wɔawae afi nokware no ho bɔe no nyaa wɔn so nkɛntɛnso, ma hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde nnamyɛ bɛyɛ Ahenni adwuma no daa no ho anisɔ a wɔwɔ no ano brɛɛ ase. Adeyɛ a nyansa nnim bɛn ni! Paulo ka no pen kyerɛ wɔn a wɔte sɛɛ nyinaa sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔ bɔne sɛe su a ɛho wɔ mfaso.” Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔde ho a wɔde hyɛ wiase a asɛe yi anigye de ahorow mu besi nhyiam a wɔbɛkɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn a ɛyɛ teokrase su horow a ɛho wɔ mfaso no ananmu. Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ho adwene, ne owusɔre ho anidaso no popa. Nneɛma ahorow a ɛte saa too Himeneo, Aleksandro ne Fileto wɔ Paulo bere so. Na nea ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛka no, nneɛma ahorow a ɛte saa ara reto ebinom nnɛ.​—1 Korintofo 15:33; 1 Timoteo 1:18-20; 2 Timoteo 2:15-19.

9 Ɛyɛ aniwu ma wɔn a, saa dɔnhwerew a etwa to yi mu no, wɔtwe wɔn ho fi koma nyinaa mu a wofi gyina Yehowa ahyehyɛde no ne ne som akyi no ho no! Mprempren wiase nhyehyɛe no abɛn n’awiei. “Asɛmpa” no a yebegyina mu, na ‘yɛaso mu dennen’ no so nkutoo na wɔnam ‘begye yɛn nkwa nso.’ Ɛho hia sɛ yɛkɔ so na yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛdɔɔso. Saa ara na Paulo kasa kyerɛ wɔn a wɔanyɛ eyi no sɛ: “Montew mo ani yiye, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ; meka eyi mehyɛ mo aniwu.”​—1 Korintofo 15:1, 2, 34.

“MUNTINTIM”

10. (a) Su bɛn na Paulo ne nnɛyi “akoa” kuw no wɔ wɔ wɔn “nuanom adɔfo” ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn Afe Asɛm no ne eyi hyia?

10 Paulo de n’asɛm a ɛfa nokware a owusɔre anidaso a ɛyɛ nwonwa no yɛ no ba awiei ɔhyew so. Ose, “Enti, me nuanom adɔfo.” Ɔpɛ sɛ ne honhom mu anuanom no du wɔn botae no ho. Saa ara na nnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn ani gye Yehowa ahenni a ɛreba no ho no honhom mu yiyedi hia “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kɛse. “Akoa” no pɛ sɛ ohu sɛ “nnipakuw kɛse” no nyinaa afata ama nkwa wɔ ahenni no ase wɔ asase so. Wɔyɛ eyi denam wɔn ‘ntade a wɔhohoro’ ne Onyankopɔn a wɔsom no no so, na ɛma “wofi ahohia kɛse no mu” a hwee nka wɔn. (Mateo 24:45-47; Adiyisɛm 7:9, 14) Ɛbɛyɛ dɛn na obi nsa atumi aka saa botae no? Ɛdenam yɛn Awurade Yesu Kristo adwuma no a yebenya mu kyɛfa nnam so no so. Paulo kyerɛ saa, wɔ asɛm a abɛyɛ Yehowa Adansefo Afe Asɛm ma 1982 yi mu:

“Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa.”​—1 Korintofo 15:58.

11. Dɛn na sɛ́ ‘wubetintim’ no kyerɛ?

11 Tintim a wobetintim yɛ su a ɛho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔkɔ’ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu no. Sɛ wubetintim kyerɛ sɛ wobɛkɔ adeyɛ bi so daa, wobɛyɛ den, sɛ wunhinhim. Ɛno ne gyidi a ɛsɛ sɛ yenya, nneɛma a yenhu a ɛda yɛn anim a yɛn ani da so ho ahotoso, nanso denam Kyerɛwnsɛm no a yesua so no, abɛyɛ paara ama yɛn te sɛnea ná ɛwɔ ha ankasa.​—Hebrifo 11:1.

12. Ntease bɛn na yɛwɔ nti a ɛnsɛ sɛ yehinhim wɔ yɛn som adwuma mu?

12 Yenim sɛ Mesia ahenni a wɔde asi hɔ dedaw wɔ soro wɔ 1914 mu no abɛn. Yɛahu “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Kristo “ba a waba” wɔ Ahenni anuonyam mu no wɔ nneɛma a ɛyɛ hu a esisi wɔ asase so wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no mu. Yɛahu sɛnea abɔfo no kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo kwan bere a wɔde asɛmpatrɛwfo nnamyɛ aka asɛm no wɔ “wiase nyinaa,” ma nnipa ɔpepem ayɛ aso atie “asɛmpa” no mu. Akyinnye biara nni ho, nhyɛso a efi Satan wiase yi mu no bɛdɔɔso, nanso so eyi yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma yehinhim wɔ “ɔsom kronn,” ɔsom a ɛsom bo a yɛde ma nea Odi yɛn nkwa so, Yehowa, Nyankopɔn, no mu anaa? Dabida!​—Mateo 24:3-14; 25:31-34; Adiyisɛm 7:15; 14:6, 7

“MUNNHIM”

13. Te sɛ Hiob no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ ‘yennhim’?

13 Paulo tu yɛn fo nso sɛ ‘yennhim.’ Eyi ne sɛ́ yebetintim na ɛnam. Ɛkyerɛ sɛ bere a yɛredi Onyankopɔn mmara ahorow so no ɛnsɛ sɛ yehinhim wɔ yɛn mudi mu. Na ɛno ne mudi mu kura ho nhwɛsofo Hiob suban, nea ɔkae wɔ ne Nyankopɔn ne ne Temmufo ho Sɛ, “Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika” no. So yebetumi akyerɛ awerɛhyem a ɛte saa? Yebetumi, sɛ yetumi ka wɔ Yehowa ho sɛnea Hiob yɛe no a: “Mahwɛ ne kwan, na mammãn. N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.” (Hiob 23:10-12) Te sɛ Hiob no, sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu yiye mpo asen sɛnea wɔahyehyɛ ama yɛn nhyiam horow a yɛyɛ daa no, ma yɛanya ntease pii wɔ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no fa nnɛ bere yi ho a, ɛbɛboa yɛn, ampa, ma yɛatintim, a yenhinhim wɔ nokware no mu.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban no anya nkɔso wɔ ntease a ɔde brɛ komapafo no mu, na dɛn na afi mu aba? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na wati mu de ama na pii agye so dɛn?

14 Wɔ nea mprempren ɛboro mfe 100 no, Ɔwɛn-Aban a Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no akɔ so ara anya nkɔso wɔ nokware ahorow a ɛfa Yesu agyede no, owusɔre ho anidaso, ne yɛn Nyankopɔn ahenni a ɛreba no ho. Wɔ ne nkratafa ahorow mu no, ama nnipa komapafo ɔpepem pii anya Bible no ho anigye wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. Aboa eyinom ma wɔahu atoro ahorow a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Kristoman asɔre ahorow mu ne ampa wɔ wiase nyinaa atoro som ahemman​—“Babilon Kɛse” no mu no. Atwe adwene asi “Babilon Kɛse” no honhom mu asehwe kɛse no so na atĩ ɔbɔfo no nkɔmhyɛ kwan so ahyɛde no mu sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 17:1, 5, 15, 18; 18:2, 4) Aboa pii ma wɔayɛ saa, na wɔabɛyɛ Yehowa Mesia ahenni no akyigyinafo anokwafo.

15, 16. (a) Dɛn na ebinom apow sɛ wobegye atom? (b) Hena ne “akoa” a wɔka ne ho asɛm wɔ Mateo 24:46 no? (d) Ɛdefa “akoa” no ho no, bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na emu bɛdaa hɔ sɛ ná Onyankopɔn de ɔkwan biako pɛ na ɛredi dwuma de nokware no ama?

15 Nanso, ebinom wɔ hɔ a, sɛ́ wɔrenhim wɔ Ahenni no akyi a wogyina wɔ nokwaredi mu mmom no, bere nyinaa wɔpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi kɔ atoro nyamesom gyidi ahorow ne wɔn akwan ahorow so. Eyinom nnye ntom sɛ Owura, Yesu Kristo de n’akyidifo kuw a wɔasra wɔn wɔ asase so no redi dwuma sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a ɔde honhom mu aduan ma.​—Mateo 24:45-47.

16 Ná ɛyɛ 1895 mu na Zion’s Watch Tower no nnamfo binom dii kan hyɛɛ nyansa sɛ wɔmma wonhu sɛ “akoa no” na ɛyɛ saa nsɛmma nhoma no. (Mateo 24:46) Atamfo sɔre tiaa saa nnamfo yi adwene no denneennen, ma enti October 1, 1909, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ:

“Yɛn nnamfonom ka sɛ saa Kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ wɔ Asɛmpa bere yi awiei mu no, Awurade no remfa akwan ahorow pii nni dwuma ntrɛw Nokware no mu, na mmom ɔkwan biako . . . Wogye tom sɛ wɔn nyinaa nyaa Nokware a ɛwɔ hɔ Mprempren no ho nimdeɛ a wɔwɔ no tẽe fi Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no nhoma ahorow mu, anaasɛ ɔkwan foforo so no denam wɔn a wɔanya ntease denam saa kwan yi so no so. Saa ara na wɔn ani gye sɛ wɔne Asafo no bɛyɛ biako sɛ́ ‘mfɛfo nkoa’ wɔ n’adwuma no mu, a wogye di sɛ ɛnam saa yɛ so no wɔredi Ɔsoro ɔdemafo no akwankyerɛ, ne afei nso Asɛm Kronkron no mu afotu ahorow akyi.”

17. (a) Ɔkwan bɛn so na kan no ne nnɛ, ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nokware no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ ‘yennhim’ wɔ “akoa” no a yɛde yɛn ho abɔ no no mu?

17 Afei, ɛreka saa nokware ho atamfo no ho asɛm no, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ:

“Wɔpɛ sɛ wɔdan wɔn a wɔanya ntease no adwene kɔ baabi foforo denam ka a wɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘ɛsɛ sɛ obiara hwehwɛ’ Ɔsoro Nokware nnwinne no mu ma n’ankasa ho no so; ne sɛ Asafo no nhoma ahorow no maa wɔn mfiase ara kwa na afei de ɛsɛ sɛ wɔkɔ wɔn anim, sɛnea ɛbɛyɛ a awiei no ne nkyerɛkyerɛ ahorow no bɛyɛ nea wɔagyaw agu wɔn akyi koraa. Saa atoro ‘mfɛfo nkoa’ yi kɔ so ka sɛ asiane wɔ hɔ sɛ anhwɛ a wɔbɛsom Asafo no, na sɛ wobekwati eyi yɛ a, ɛho hia ankasa sɛ woyi no fi hɔ anaasɛ wɔdan wɔn akyi kyerɛ. Wɔka sɛ, Momma yɛnyɛ Bible adesua, nanso mommma yɛmmfa Asafo no nhoma ahorow!”

Wɔkyerɛw ɛno mfe 72 ni, na besi nnɛ nnipa kakraa bi wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nokware ahorow a Yehowa nam n’ahyehyɛde biako no so ama anya nkɔso nkakrankakra no. Bere a nokware hann no kɔ so hyerɛn no, anigye bɛn ara na ɛsɛ sɛ yenya sɛ ‘yennhim’ wɔ Owura no ‘akoa nokwafo’ a yɛde yɛn ho abɔ no no mu!​—Kolosefo 1:21-23.

“MONKƆ SO AWURADE ADWUMA MU DAA”

18. (a) Dɛn ne afotu a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ den honhom mu, na ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm kyerɛ eyi? (b) Dɛn ne akwan ahorow bi a yebetumi afa so ‘anyɛ pii ayɛ wɔ Awurade adwuma mu’?

18 Yiw, nya ‘pii yɛ,’ ɛnyɛ nea wo ankasa wopɛ mu, na mmom wɔ Awurade Yesu Kristo adwuma no mu. Afotu a ɛbɛma yɛayɛ den honhom mu no na ɛda hɔ no. Honhom mu anihaw betumi ama yɛn adwenem ayɛ yɛn naa. Ebetumi ayɛ nea asiane wom, sɛnea Mmebusɛm 19:15 kyerɛ no: “Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.” Nea honhom mu anihaw a wɔkɔ so yɛ de ba ne honhom mu kɔm ne owu. Ɛnde, momma yɛnyere yɛn ho ​—nka asɛm no daa wɔ afie afie (mpo wɔ nsasesin a wontie mu) , nni adanse bɔnnɔ so wɔ hokwan biara mu, nsan nkɔsra nnipa a wɔte sɛ nguanten no na yɛne wɔn nyɛ ofie Bible adesua daa wɔ Asafo nhoma ahorow no biako mu. Ebia yɛn mu binom betumi asom sɛ “akwampaefo,” anaasɛ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa bɔ Ahenni no ho dawuru, wɔ Awurade Yesu adwuma yi mu, a ɔno ankasa ne yɛn gyidi ho “kwampaefo” no.​—Hebrifo 12:2, Moffatt; Yesaia 6:8-10.

19. Dɛn honhom na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da no adi, nanso ɔkwan bɛn so na ebia ebinom benya adwuma no mu kyɛfa kɛse?

19 Sɛ́ yɛyɛ akwampaefo anaasɛ yɛnnyɛ bi no, yɛn nyinaa betumi adi yɛn “ɔsom kronn” no ho dwuma anigye so, wɔ akwampae honhom mu ankasa. Ebia eyi bɛma yɛn mu pii ayɛ “akwampaefo boafo” adwuma bere ne bere mu, na sɛ anigye a efi eyi mu ba no betumi ahyɛ yɛn mu binom nkuran ma wɔabɛyɛ daa akwampaefo a, hwɛ kyɛfã kɛse ara a yebenya wɔ “Awurade adwuma mu!”​—Romafo 12:1, 2.

20. (a) Henanom na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛyɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo? (b) Awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde pere kɔ botae no ho? (d) Awiei koraa no, Paulo asɛm bɛn na yɛbɛpɛ sɛ ɛyɛ yɛn de, na dɛn ntia?

20 Saa Awurade Yesu adwuma yi, a wɔde di n’anammɔn akyi no, yɛ “[Yehowa] adwuma” nso. (1 Korintofo 16:10; Yohane 5:17) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ Amansan Hene Yehowa, Awurade Yesu Kristo ne ɔsoro abɔfo no mfɛfo adwumayɛfo wɔ “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” mu! (1 Korintofo 3:9; Mateo 25:31-33; 28:19, 20) Efisɛ yenim sɛ yɛn brɛ renyɛ “ɔkwa, Awurade mu.” Sɛ yedu Nhyehyɛe Foforo no mu denam owusɔre so anaasɛ denam “ahohiahia kɛse” no a yebetwa wɔ nkwa mu so o, ɛmmra sɛ yebetumi aka asɛm koro no ara a ɔsomafo nokwafo Paulo kae wɔ 1 Korintofo 15:57 no: “Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn!” Yiw, owu so nkonimdi, a ɛde kɔ daa nkwa nhyira horow a ɛso nni mu!

So Wuhu Saa Nsɛm Atitiriw Yi?

◼ Nea enti a ɛho hia bere nyinaa sɛ yɛbɛma yɛn ani agye kɛse wɔ owusɔre ho anidaso no mu

◼ Nkuranhyɛ a owusɔre ho anidaso no de ma yɛn nuanom a ɛsɛ sɛ wohyia owu da biara no

◼ Nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ‘ wɔn a wɔde wɔn ho bɔ akyinnyegyefo anaasɛ wɔn a wɔawae no ‘aniwu’

◼ Nea enti a su a ɛne sɛ wobetintim no ho hia na ama ‘yɛakɔ’ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu

◼ Ntease a ɛwɔ asɛm a wɔka faa “ɔkwan biako” no ho wɔ Ɔwɛn-Aban, no mu, bɛboro mfe 70 ni no

◼ Sɛnea akwampae adwuma anaasɛ ɔkwan foforo so no ‘pii a yɛbɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu’ no betumi ayɛ ahobammɔ ama yɛn

[Kratafa 11 mfoni]

Ahwɛfo binom a wɔwɔ akokoduru som ‘wɔ asiane mu dɔn biara’

[Kratafa 12 mfoni]

Su pa wɔ nhyiamkɔ ne asɛnka adwuma ho boa yɛn ma yɛyɛ nnam ma Onyankopɔn ahenni

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena