-
Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” NoƆwɛn-Aban—1982 | May 1
-
-
“MUNTINTIM”
10. (a) Su bɛn na Paulo ne nnɛyi “akoa” kuw no wɔ wɔ wɔn “nuanom adɔfo” ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn Afe Asɛm no ne eyi hyia?
10 Paulo de n’asɛm a ɛfa nokware a owusɔre anidaso a ɛyɛ nwonwa no yɛ no ba awiei ɔhyew so. Ose, “Enti, me nuanom adɔfo.” Ɔpɛ sɛ ne honhom mu anuanom no du wɔn botae no ho. Saa ara na nnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn ani gye Yehowa ahenni a ɛreba no ho no honhom mu yiyedi hia “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kɛse. “Akoa” no pɛ sɛ ohu sɛ “nnipakuw kɛse” no nyinaa afata ama nkwa wɔ ahenni no ase wɔ asase so. Wɔyɛ eyi denam wɔn ‘ntade a wɔhohoro’ ne Onyankopɔn a wɔsom no no so, na ɛma “wofi ahohia kɛse no mu” a hwee nka wɔn. (Mateo 24:45-47; Adiyisɛm 7:9, 14) Ɛbɛyɛ dɛn na obi nsa atumi aka saa botae no? Ɛdenam yɛn Awurade Yesu Kristo adwuma no a yebenya mu kyɛfa nnam so no so. Paulo kyerɛ saa, wɔ asɛm a abɛyɛ Yehowa Adansefo Afe Asɛm ma 1982 yi mu:
“Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa.”—1 Korintofo 15:58.
11. Dɛn na sɛ́ ‘wubetintim’ no kyerɛ?
11 Tintim a wobetintim yɛ su a ɛho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔkɔ’ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu no. Sɛ wubetintim kyerɛ sɛ wobɛkɔ adeyɛ bi so daa, wobɛyɛ den, sɛ wunhinhim. Ɛno ne gyidi a ɛsɛ sɛ yenya, nneɛma a yenhu a ɛda yɛn anim a yɛn ani da so ho ahotoso, nanso denam Kyerɛwnsɛm no a yesua so no, abɛyɛ paara ama yɛn te sɛnea ná ɛwɔ ha ankasa.—Hebrifo 11:1.
-
-
Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” NoƆwɛn-Aban—1982 | May 1
-
-
“MUNNHIM”
13. Te sɛ Hiob no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ ‘yennhim’?
13 Paulo tu yɛn fo nso sɛ ‘yennhim.’ Eyi ne sɛ́ yebetintim na ɛnam. Ɛkyerɛ sɛ bere a yɛredi Onyankopɔn mmara ahorow so no ɛnsɛ sɛ yehinhim wɔ yɛn mudi mu. Na ɛno ne mudi mu kura ho nhwɛsofo Hiob suban, nea ɔkae wɔ ne Nyankopɔn ne ne Temmufo ho Sɛ, “Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika” no. So yebetumi akyerɛ awerɛhyem a ɛte saa? Yebetumi, sɛ yetumi ka wɔ Yehowa ho sɛnea Hiob yɛe no a: “Mahwɛ ne kwan, na mammãn. N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.” (Hiob 23:10-12) Te sɛ Hiob no, sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu yiye mpo asen sɛnea wɔahyehyɛ ama yɛn nhyiam horow a yɛyɛ daa no, ma yɛanya ntease pii wɔ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no fa nnɛ bere yi ho a, ɛbɛboa yɛn, ampa, ma yɛatintim, a yenhinhim wɔ nokware no mu.
-
-
Nnamyɛ Ma “Awurade Adwuma” NoƆwɛn-Aban—1982 | May 1
-
-
Wɔkyerɛw ɛno mfe 72 ni, na besi nnɛ nnipa kakraa bi wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nokware ahorow a Yehowa nam n’ahyehyɛde biako no so ama anya nkɔso nkakrankakra no. Bere a nokware hann no kɔ so hyerɛn no, anigye bɛn ara na ɛsɛ sɛ yenya sɛ ‘yennhim’ wɔ Owura no ‘akoa nokwafo’ a yɛde yɛn ho abɔ no no mu!—Kolosefo 1:21-23.
“MONKƆ SO AWURADE ADWUMA MU DAA”
18. (a) Dɛn ne afotu a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ den honhom mu, na ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm kyerɛ eyi? (b) Dɛn ne akwan ahorow bi a yebetumi afa so ‘anyɛ pii ayɛ wɔ Awurade adwuma mu’?
18 Yiw, nya ‘pii yɛ,’ ɛnyɛ nea wo ankasa wopɛ mu, na mmom wɔ Awurade Yesu Kristo adwuma no mu. Afotu a ɛbɛma yɛayɛ den honhom mu no na ɛda hɔ no. Honhom mu anihaw betumi ama yɛn adwenem ayɛ yɛn naa. Ebetumi ayɛ nea asiane wom, sɛnea Mmebusɛm 19:15 kyerɛ no: “Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.” Nea honhom mu anihaw a wɔkɔ so yɛ de ba ne honhom mu kɔm ne owu. Ɛnde, momma yɛnyere yɛn ho —nka asɛm no daa wɔ afie afie (mpo wɔ nsasesin a wontie mu) , nni adanse bɔnnɔ so wɔ hokwan biara mu, nsan nkɔsra nnipa a wɔte sɛ nguanten no na yɛne wɔn nyɛ ofie Bible adesua daa wɔ Asafo nhoma ahorow no biako mu. Ebia yɛn mu binom betumi asom sɛ “akwampaefo,” anaasɛ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa bɔ Ahenni no ho dawuru, wɔ Awurade Yesu adwuma yi mu, a ɔno ankasa ne yɛn gyidi ho “kwampaefo” no.—Hebrifo 12:2, Moffatt; Yesaia 6:8-10.
19. Dɛn honhom na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da no adi, nanso ɔkwan bɛn so na ebia ebinom benya adwuma no mu kyɛfa kɛse?
19 Sɛ́ yɛyɛ akwampaefo anaasɛ yɛnnyɛ bi no, yɛn nyinaa betumi adi yɛn “ɔsom kronn” no ho dwuma anigye so, wɔ akwampae honhom mu ankasa. Ebia eyi bɛma yɛn mu pii ayɛ “akwampaefo boafo” adwuma bere ne bere mu, na sɛ anigye a efi eyi mu ba no betumi ahyɛ yɛn mu binom nkuran ma wɔabɛyɛ daa akwampaefo a, hwɛ kyɛfã kɛse ara a yebenya wɔ “Awurade adwuma mu!”—Romafo 12:1, 2.
20. (a) Henanom na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛyɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo? (b) Awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde pere kɔ botae no ho? (d) Awiei koraa no, Paulo asɛm bɛn na yɛbɛpɛ sɛ ɛyɛ yɛn de, na dɛn ntia?
20 Saa Awurade Yesu adwuma yi, a wɔde di n’anammɔn akyi no, yɛ “[Yehowa] adwuma” nso. (1 Korintofo 16:10; Yohane 5:17) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ Amansan Hene Yehowa, Awurade Yesu Kristo ne ɔsoro abɔfo no mfɛfo adwumayɛfo wɔ “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” mu! (1 Korintofo 3:9; Mateo 25:31-33; 28:19, 20) Efisɛ yenim sɛ yɛn brɛ renyɛ “ɔkwa, Awurade mu.” Sɛ yedu Nhyehyɛe Foforo no mu denam owusɔre so anaasɛ denam “ahohiahia kɛse” no a yebetwa wɔ nkwa mu so o, ɛmmra sɛ yebetumi aka asɛm koro no ara a ɔsomafo nokwafo Paulo kae wɔ 1 Korintofo 15:57 no: “Aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn!” Yiw, owu so nkonimdi, a ɛde kɔ daa nkwa nhyira horow a ɛso nni mu!
-