-
Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!Ɔwɛn-Aban—1996 | February 15
-
-
Ɛmfa ho tebea a ɛtete saa no, asuafo anokwafo no gyinaa pintinn. Bere a na wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den no, na wobetumi aka sɛnea Paulo kae yi sɛ: “Yɛmpa abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa.” Ɛnde, dɛn na ɛmaa wonyaa ahoɔden foforo yi da biara da? Paulo toaa so kae sɛ: “Na yɛn mprempren [bere tiaa mu, NW] amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ma yɛn a yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.”—2 Korintofo 4:16-18.
-
-
Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!Ɔwɛn-Aban—1996 | February 15
-
-
Bu Mprempren Amanehunu Ahorow sɛ Ɛyɛ Bere Tiaa Mu De!
Yehu nneɛma a yɛmpɛ sɛ yehu da biara da a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Yebetumi ahwɛ ahwehwɛ mu, na akyinnye biara nni ho sɛ yebehu nkekae ahorow wɔ honam fam nipadua no ho a yɛn ani nnye ho, nneɛma a ɛkyerɛ honam fam sintɔ. Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm ahwehwɛ no mu a, yehu honhom mu nkekae ahorow wɔ yɛne afoforo ho. (Yakobo 1:22-25) Na sɛ yɛhwɛ atesɛm krataa a ɛba da biara da mu anaa television a, ntɛnkyea, atirimɔdenne, ne asiane ho nsɛm ma awerɛhow hyɛ yɛn koma ma.
Satan bɛpɛ sɛ ɔma nneɛma a yehu no bu yɛn abam, anaa egye yɛn asabawmu na yɛn gyidi fi ase hinhim. Dɛn na yɛbɛyɛ na eyi ansi? Ɛsɛ sɛ yedi nhwɛso a Yesu Kristo yɛe no akyi, sɛnea ɔsomafo Petro kamfo kyerɛe no: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Yesu yɛɛ nhwɛso a edi mu wɔ Kristofo asetra mu biribiara mu.
Bere a Petro twee adwene sii Yesu so sɛ yɛn nhwɛsofo no, ade titiriw a ɔkaa ho asɛm ne sɛ Yesu huu amane. Nokwarem no, Yesu huu amane pii bere a na ɔwɔ asase so no. Sɛ Yehowa “dwumayɛni panyin” a na ɔwɔ hɔ bere a wɔrebɔ adesamma no, na onim tebea pɔtee a Onyankopɔn pɛe sɛ nnipa ba mu. (Mmebusɛm 8:30, 31, NW) Nanso saa bere no de, n’ankasa nyaa nea bɔne ne sintɔ ama wɔabɛyɛ ho osuahu. Ohuu nkurɔfo sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ ahorow, na na ɛsɛ sɛ ogyina ano da biara da. Ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ no hwɛe.—Mateo 9:36; Marko 6:34.
Afoforo amanehunu a Yesu hui akyi no, n’ankasa hyiaa bi. (Hebrifo 5:7, 8) Nanso ɔde honhom fam aniwa a ɛyɛ pɛ hwɛɛ ade kɔɔ akyiri, na ohuu akatua a ɛne sɛ wɔbɛma no so akɔ asetra a owu nni so tumi mu wɔ ne mudi mu kura no ho. Afei sɛ Mesia Hene no, na obenya hokwan ama adesamma a wɔwɔ ahohia mu afi wɔn tebea a ɛba fam mu asan akɔ pɛyɛ mu sɛnea na Yehowa atirimpɔw te fi mfiase no. Saa daakye anidaso ahorow a aniwa nhu yi a ɔde n’ani sii so no boaa no ma ɔkɔɔ so de anigye yɛɛ Onyankopɔn som adwuma, ɛmfa ho amane a ohuu no da biara da no. Akyiri yi Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.”—Hebrifo 12:2.
Yesu amma ɔhaw ne sɔhwɛ tebea ahorow ammu n’abam ma annye no asabawmu, anaa ne gyidi anhinhim. Sɛ n’asuafo no, ɛsɛ sɛ yedi ne nhwɛso a ɛkyɛn so no akyi pɛɛ.—Mateo 16:24.
-