-
Nkwagye Da No Ni!Ɔwɛn-Aban—1998 | December 15
-
-
12. Ɔsom adwuma a ɛho hia bɛn na Yehowa ahemmɔfo ne abɔfo a watu wɔn reyɛ?
12 Sɛ yɛpɛ nkwagye a, ɛsɛ sɛ yedi Paulo nsɛm yi so: “Yɛn a yɛne [Yehowa] bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn dom no kwa, na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ ɛnnɛ ne nkwagye da.” (2 Korintofo 6:1, 2) Yehowa ahemmɔfo a wasra wɔn no ne abɔfo a watu wɔn, “nguan foforo” no, nnye wɔn soro Agya no dom no kwa. (Yohane 10:16) Ɛdenam wɔn abrabɔ pa ne nnamyɛ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no wɔ “ɔdom bere” yi mu so no, wɔhwehwɛ Onyankopɔn anim dom na wɔreka akyerɛ asase sotefo sɛ ɛnnɛ ne “nkwagye da.”
-
-
Nkwagye Da No Ni!Ɔwɛn-Aban—1998 | December 15
-
-
15. Efi bere bɛn na honhom fam Israelfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wonya Onyankopɔn dom, na botae bɛn ntia?
15 Paulo de Yesaia 49:8 di dwuma ka Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm, na ɔhyɛ wɔn sɛ ‘wonnnye Onyankopɔn dom no kwa’ denam n’ayamye a ɔde ma wɔ “bere a ɛsɛ mu” ne “nkwagye da” a wɔbɛma abɔ wɔn no so. Paulo de ka ho sɛ: “Hwɛ, afei ne ɔdom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.” (2 Korintofo 6:2) Efi Pentekoste 33 Y.B. no, honhom fam Israelfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wonya Onyankopɔn dom sɛnea ɛbɛyɛ a “bere a ɛsɛ” no bɛyɛ “nkwagye da” ama wɔn.
-