BIBLE MU AKORADE | 2 KORINTOFO 11-13
“Ɔhonam Mu Nsɔe” a Na Ɛreteetee Paulo
Mpɛn pii no sɛ Bible ka nsɔe ho asɛm a, etumi de gyina hɔ ma nnipa anaa nneɛma a ɛhaw adwene na etumi pira obi. (Nu 33:55; Mme 22:5; Hes 28:24) Bere a Paulo kaa “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛreteetee no no ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ asomafo atorofo ne wɔn a wɔkasa tiaa ne som adwuma ne hokwan a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no ho asɛm na na ɔreka. Ebetumi nso aba sɛ “ɔhonam mu nsɔe” a na ɛreteetee Paulo no yɛ biribi foforo. Ɔkwan bɛn so na kyerɛwnsɛm a edidi so yi ma yehu saa?
“Ɔhonam mu nsɔe” bɛn na ɛreteetee wo?
Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wode wo ho reto Yehowa so sɛ ɔmmoa wo na gyina mu?