Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Onyankopɔn Bɛkɔ So Ayɛ M’adamfo?
NA ƆHENE DAWID yɛ Onyankopɔn adamfo. Nanso bere bi ɔkae sɛ: “Me koma mu ahohia so.” Na ɛnyɛ sɛnea afoforo dii Dawid ani nkutoo nti na ɛma ohuu amane na mmom n’ankasa mfomso nso nti. Ofii ase tee nka sɛ Onyankopɔn mpo apo no, ma enti ɔbɔɔ mpae sɛ: “Dan w’ani hwɛ me, na dom me; na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ.”—Dwom 25:11, 16-19.
Ebia wo nso wote nka sɛ woabotow. Ebia wɔ fie anaa sukuu mu no wowɔ tebea a enye a abunkam wo so mu. Afei nso, ebia wowɔ akwahosan ho nsɛnnennen a anibere wom anaa wote nka sɛ w’abam abu esiane mmerɛwyɛ bi a wowɔ nti. Sɛnea ɛte biara no, ɛnsɛ sɛ wo nkutoo hu amane; Onyankopɔn fi ayamye mu de n’adamfofa ne ne mmoa ma.a Sɛ woafi ase ne no renya abusuabɔ dedaw a, wubenya awerɛkyekye sɛ woabehu sɛ onnyaw ne nnamfonom bere a wohyia nsɛnnennen no. Ɛno mpo no, sɛ nsɛnnennen to wo a, ebia wobɛte nka sɛ Onyankopɔn mmɛn wo. Ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔmmoa wo koraa mpo. Nanso so saa na asɛm no te ankasa?
“Ɔhonam mu Nsɔe”
Yɛsrɛ wo di kan kenkan 2 Korintofo 12:7-10. Ɔsomafo Paulo ka sɛnea biribi a wɔfrɛ no “ɔhonam mu nsɔe” ma ohuu amane ho asɛm wɔ hɔ. Ebetumi aba sɛ ná “nsɔe” no yɛ ɔhonam mu yare bi, gyama na ɛyɛ n’ani ho asɛm. Sɛnea na ɛte biara no, ɛkɔɔ so “bobɔɔ no akuturuku” wɔ nkate mu. Ɛmfa ho sɛ ɔsrɛɛ Onyankopɔn mprɛnsa sɛ onyi mfi hɔ no, “nsɔe” no kɔɔ so traa hɔ.
So na Yehowa rebu n’ani agu Paulo mpaebɔ so? Dabida! Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Ɛwom sɛ Yehowa anyi saa “nsɔe” no de, nanso wannyaw Paulo. Onyankopɔn dom nti, Paulo ne no nyaa adamfofa a emu den. Ná ɛno ara ‘dɔɔso’ na aboa Paulo ma wagyina ne yare no ano. Bere a Paulo yeree ne ho yɛɛ saa no, obenyaa Onyankopɔn tumi a ɛwowaw obi wɔ ɔkwan foforo so nso.
Mmoa a Ɛbɛma Woagyina Nsɛnnennen Ano
Te sɛ Paulo no, ebia wowɔ “nsɔe” anaa ɔhaw bi a ɛwowɔ wo a ɛma wunya adwene a ɛnteɛ na ɛde abasamtu ba. Te sɛ Paulo de no, ebia Onyankopɔn bɛma ɔhaw no atra hɔ. Ɛno nkyerɛ sɛ ɔnyɛ W’adamfo bio. Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔsomafo Paulo sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ wode wo ho to Onyankopɔn tumi so na ɛnyɛ wo de so a, wubetumi agyina ano. Ebia wubehu mpo sɛ denam Onyankopɔn honhom mmoa so no, wutumi yɛ nneɛma pii a woannwene ho da sɛ wubetumi ayɛ. Paulo kae sɛ: “M’ani ka mmerɛwyɛ mu . . . Efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.”
Ababaa bi a ne din de Robinb hui sɛ eyi yɛ nokware. Bere a odii mfi 14 no, yare bi a wɔfrɛ no glaucoma maa n’ani furae. Afe koro no ara mu no ne maame wui mpofirim. Robin ka bere a na ɔrefi ase adi “nsɔe” a ɛyɛ yaw yi ho dwuma no ho asɛm sɛ: “Afei de aka me ne Yehowa nkutoo. Mihui sɛ sɛ metumi agyina ano a, ná ɛsɛ sɛ mebata ne ho denneennen.” Robin yɛɛ saa ara, na awiei koraa no ɔsomee sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Ɔka sɛ: “Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me biribiara mu. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”
Mmofra pii ahu sɛ sɔhwɛ a wohyia no boa ma wɔbɛn Onyankopɔn ankasa. Susuw abarimaa Jeff tebea no ho. Jeff papa poo n’abusua no, maa ɛkaa ne maame nkutoo ma ɔhwɛɛ mmofra baason. Jeff a saa bere no ná wadi mfe 12 pɛ no gye toom sɛ: “Metee nka kɛse paa sɛ mihia agya. Mepɛe sɛ menya obi a ɔbɛma manya nea mete nka da biara sɛ mihia no.” Dɛn na Jeff yɛe? “Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa ma minni saa ahiade no ho dwuma.” Jeff yɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma na ɔde ne ho hyɛɛ honhom mu dwumadi mu fee. Akyiri yi, ohui sɛ Yehowa reboa no—na ɔnam ne honhom a ɛhyɛ den ne Kristofo asafo no so na ɛde ma. (Fa toto Dwom 27:10 ho.) Seesei Jeff adi mfe 27 na ɔka sɛ: “Ná minni obi a mɛhwehwɛ ahobammɔ afi ne hɔ, ɛno nti mebɛnee Yehowa yiye.” Obu saa abusuabɔ pa no sɛ “nhyira a ɛsom bo paa a efii saa sɔhwɛ no mu bae.”
Sɛnea Wubenya Onyankopɔn Mmoa
Saa ara na W’adamfo a ɔwɔ soro no bɛboa wo wɔ nsɛnnennen mu. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wiɛ, ansa na adamfofa bi bɛkɔ so no, nkɔmmɔbɔ ho hia. Mpaebɔ yɛ ɔkwan a yɛfa so ne Onyankopɔn bɔ nkɔmmɔ. Yɛnam so ma ohu sɛ yehia ne mmoa. Nanso, mpaebɔ so mma mfaso ahe biara sɛ nkate nnim na emfi koma mu a. Te sɛ mmofra a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no, ‘yi wo yam’ kyerɛ Onyankopɔn! (Dwom 62:8) Ebehia mpo sɛ wode nkotɔsrɛ bɛkɔ n’anim. (Filipifo 4:6) Nkotɔsrɛ yɛ mpaebɔ a emu yɛ den na efi komam titiriw.
Fa no sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi wo nsusuwii anaa nneyɛe bɔne bi so. Srɛ Yehowa! Srɛ ne mmoa wɔ sɔhwɛ bere mu. Ebia eyi renyɛ mmerɛw bere nyinaa. Gary gye toom sɛ: “Sɛ mete nka denneennen sɛ menyɛ biribi a ɛnteɛ a, mehyɛ me ho bɔ mpae. Ɛtɔ bere bi a misusuw sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi abɛn Yehowa?’ Nanso mekɔ so ara srɛ no sɛ ɔmmoa me. Ɔma minya mmoa a ehia na matumi agyina mu.” Sɛ ɛyɛ den mfiase no mpo a, kɔ so fa wo koma ma Onyankopɔn.
Nanso sɛ ɛyɛ te sɛ nea wunnya wo mpaebɔ ho mmuae nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, ná Lora rebɔ mmɔden sɛ obedi su bɔne a ɛne boasipim so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mede nokwaredi ka ɔhaw no kyerɛ Yehowa, nanso ná mintumi nnyae ankasa.” Ɛtɔ da bi a ebia Onyankopɔn bɛma kwan ma yɛakyerɛ sɛnea yɛn adesrɛde no ho hia yɛn ankasa. (Fa toto Dwom 88:13, 14 ho.) Ɛno nti ɛsɛ sɛ yekura mpaebɔ mu ara! (Mateo 7:7; Romafo 12:12) Lora yɛɛ saa ara. Bere koro no ara, ofii ase de nyansahyɛ ahorow a aba Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu a ɛfa asɛm no ho dii dwuma.c Akyiri yi ofii ase hui sɛ ɛresow aba. Ɔkae sɛ: “Bere biara a medi sɔhwɛ so nkonim no, meda Yehowa ase efisɛ ná minim sɛ ɔka me ho.” Ɛyɛ nokware sɛ ebia wobɛsan akɔyɛ biribi a wobɔ mmɔden sɛ wubedi so no bio. Nanso bere dodow a woreyere wo ho na wommoapa mma mmerɛwyɛ no ho kwan no, Onyankopɔn ani begye wo ‘mmɔdenbɔ a efi komam’ no ho, ɔbɛkɔ so ayɛ W’adamfo.—2 Petro 1:5.
Onyankopɔn a Wo ne No Bɛbom Ayɛ Adwuma
Ɔkwan foforo a wubetumi afa so anya Onyankopɔn mmoa ne sɛ wubegye nsa a ɔto frɛ wo sɛ bɛyɛ “n’adwumayɛboafo” mu biako no so. (1 Korintofo 3:9) Nea ɛka eyinom ho ne kyɛfa a wubenya wɔ afoforo a wɔboa wɔn ma wosua Onyankopɔn ho ade no mu. (Mateo 28:19, 20) Bere a wote nka sɛ woabotow anaa w’abam abu no, ebia w’ani rennye adwene a ɛne sɛ wobɛyɛ adwuma bi no ho. Nanso, ‘Awurade adwuma a wobɛyɛ no pii’ no betumi aboa ankasa. (1 Korintofo 15:58) Anyɛ yiye koraa no, w’adwene befi wo haw ahorow so. (Fa toto Mmebusɛm 18:1 ho.) Robin a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka bere a ohyiaa nsɛnnennen no ho asɛm sɛ: “Nea ɛboaa me ne Yehowa adwuma a ná meyɛ no!”
Afei nso Onyankopɔn a wo ne no yɛ adwuma no betumi aboa ma woayi adwene mu naayɛ biara a ɛne sɛ Onyankopɔn agyaw wo no afi hɔ. Sɛ nnipa baanu bom di atirimpɔw biako ho dwuma a, so wɔmmɛn wɔn ho yiye sɛ nnamfo? Bere a wunya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no, wuhyia nsɛnnennen bere nyinaa. Na wuhu sɛ wohwehwɛ mmoa fi Onyankopɔn hɔ. Na bere a Onyankopɔn hyira wo nnwuma so no, wuhu n’adamfofa no yiye. Wubefi ase ahu ahotoso a Onyankopɔn wɔ wɔ wo mu sɛ yɔnko dwumayɛni no. Eyi betumi ahyɛ w’ankasa w’ahotoso mu den.
Sɛ nhwɛso no, ná Carol nni ahotoso koraa. Ne maame dii ne ho dɔm na na ne papa a ne tirim yɛ den no bu no animtiaa daa. Nanso ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako bere a na wadi mfe 17, na ofii asɛmpaka adwuma no ase. Seesei a ɔde mfe du ayɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no, ɔka sɛ: “Saa adwuma yi aboa me kɛse efisɛ mahu sɛ Yehowa ahyira me. Meka kyerɛ me ho sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dɔ me a, menyɛ onipa hunu.’ Dwuma a Yehowa de me di ma meka ne din ho asɛm no ma mete ahobammɔ nka.”
‘Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye’
Bere a Ɔhene Dawid nyaa ne ti didii mu wɔ ɔhaw a ɛde ne nkwa too asiane mu akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn agye me afi nea misuro nyinaa mu.” (Dwom 34:4, 6, atifi asɛm; 1 Samuel 21:10-12) Ɛno nti ná Dawid betumi afi osuahu mu aka sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade [Yehowa NW] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.”—Dwom 34:8.
Ɛwom sɛ ebia wo nkwa mmaa asiane mu da te sɛ Dawid de, nanso ɛtɔ da bi a wubetumi ahyia dadwen ne ahokyere. Sɛ ‘wo koma mu ahohia’ yɛ kɛse a, kotow srɛ Onyankopɔn. (Dwom 25:17) Nsuro sɛ Onyankopɔn ne wo begyae adamfofa. Bere a wode ntoboase gyina mu na wuhu sɛ Yehowa boa na odwen wo ho no, ‘wobɛka ahwɛ, na wo ara woahu ‘sɛ Yehowa ye.’ Na ɔbɛkɔ so ayɛ W’adamfo daa.—Yakobo 4:8.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Metumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo Ankasa?” wɔ yɛn July 22, 1995, Engiresi de no mu.
b Wɔasesa din no bi.
c Hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no atiri 25 ne 26.
[Kratafa 29 mfonini]
Onyankopɔn gyaw ne nnamfonom bere a amanehunu ato wɔn no?