Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 25-28
  • Gilead Sukuu Soma N’adesuakuw a Ɛto so 100

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Sukuu Soma N’adesuakuw a Ɛto so 100
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛwnsɛm mu Afotu a Mpanyimfo De Ma
  • Asɛnka Mu Nsɛm a Mfaso Wɔ So
  • Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 25-28

Gilead Sukuu Soma N’adesuakuw a Ɛto so 100

ƆWƐN Aban Gilead Bible Sukuu no adi dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka no nnɛ mmere mu wɔ wiase nyinaa no mu. Efi bere a Gilead Sukuu no fii ase tetee asɛmpatrɛwfo wɔ 1943 mu no, wɔn a wɔawie no asom wɔ nsase bɛboro 200 so. Adesuakuw a ɛto so 100 no wiee wɔn adesua wɔ March 2, 1996.

Ɛyɛ bere a sukyerɛmma tɔe bɛboro mita 2 wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York no, na adesuafo yi kɔɔ wɔn sukuu no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na sukyerɛmma retɔ da a na wɔrewie wɔn adesua no. Nanso na ɔdan kɛse a wɔahyiam wom no ayɛ ma, na atiefo a wɔdɔɔso no tiei wɔ Patterson, Wallkill, ne Brooklyn—wɔn nyinaa dodow si 2,878.

Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no muni no na ɔyɛɛ guamtrani. Bere a ɔmaa ahɔho a wofi nsase pii so aba no akwaaba anigye so wiei no, ɔmaa wɔn nyinaa sɔre too dwom a ɛto so 52. Bere a wɔtoo ‘Yɛn Agya Din,’ wɔ Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa nhoma no mu no, Yehowa ayeyi hyɛɛ ɔdan kɛse no ma. Saa dwom no ne guamtrani no nsɛm a ɔka faa nhomasua a wɔde beyi Yehowa ayɛ ho no bɔɔ kwan maa dwumadi a na edi hɔ no.

Kyerɛwnsɛm mu Afotu a Mpanyimfo De Ma

Yehowa asomfo a wɔde bere tenten asom maa ɔkasa ntiantiaa kyerɛɛ adesuafo a wɔrewie no wɔ dwumadi no fã a edi kan no mu. Richard Abrahamson a ɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea ti hɔ a ofii ne bere nyinaa som adwuma ase wɔ 1940 mu no hyɛɛ adesuakuw no nkuran sɛ: “Monkɔ so Nyɛ Nsakrae.” Ɔkaee wɔn sɛ sɛ́ Kristofo no, wɔakɔ so ayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu, a asram anum a wɔde baa sukuu wɔ Gilead no ka ho. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ nsakrae?

Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛm a ɔsomafo Paulo de dii dwuma wɔ 2 Korintofo 13:11 no “kyerɛ adeyɛ a enya nkɔanim, Yehowa akwan anaa nsiesiei a obi brɛ ne ho ase ma, nsakrae nketenkete a obi yɛ na ama wadu Yehowa gyinapɛn ahorow a ɔhwehwɛ no ho pɛpɛɛpɛ.” Adesuakuw a wɔrewie no mufo behyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ ahorow foforo wɔ wɔn dwumadi mu wɔ amannɔne. Ɛho behia sɛ wosua kasa foforo, wogye amammerɛ ne asetra tebea horow a ɛyɛ foforo tom, na wɔyɛ nsakrae tumi yɛ nsasesin ahorow mu adwuma. Wobehyia nipasu ahorow wɔ wɔn asɛmpatrɛwfo afie ne wɔn asafo foforo mu. Sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi tebea horow yi nyinaa ho dwuma, na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a, ɛnde, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no, wɔn nso betumi ‘akɔ so anya anigye.’

John Barr, Sodikuw no mufo baanum a wonyaa dwumadi no mu kyɛfa no biako faa n’asɛmti fii 1 Korintofo 4:9. Ɔkaee n’atiefo no sɛ Kristofo yɛ ahwɛde ma abɔfo ne nnipa. Ɔkae sɛ: “Eyi a Kristoni behu no bɛma no ahu hia a n’asetra kwan ho hia kɛse, ne titiriw bere a ohu sɛ ɔnam nea ɔka ne nea ɔyɛ so betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ wɔn a wɔrehwɛ no, wɔn a onhu wɔn ne wɔn a ohu wɔn no so no. Migye di sɛ eyi yɛ ade a ɛbɛyɛ papa sɛ mo, anuanom mmarima ne mmea adɔfo a mowɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 100 mu no nyinaa kae, bere a morekɔ asase afã horow nyinaa no.”

Onua Barr hyɛɛ adesuafo 48 no nkuran sɛ wɔmma ɛntra wɔn adwenem sɛ, bere a wɔboa nnipa a wɔte sɛ nguan no ma wosua nokware no, “anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.” (Luka 15:10) Ɔreka 1 Korintofo 11:10 ho asɛm no, ɔkyerɛe sɛ ɛnyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a yehu wɔn no nko na su a obi yi no adi wɔ teokrase nhyehyɛe ho no nya wɔn so nkɛntɛnso na mmom abɔfo a yenhu wɔn no nso. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛma asɛnhia yi atra yɛn adwenem!

Sodikuw no muni foforo, Gerrit Lösch, a ɔno nso awie Gilead Sukuu no kaa kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 125:1, 2; Sakaria 2:4, 5; ne Dwom 71:21 ho asɛm de kyerɛɛ sɛnea Yehowa ‘twa ne nkurɔfo ho hyia.’ Ɔbɔ wɔn ho ban wɔ akwan nyinaa so. So ahohiahia kɛse no mu nko na Onyankopɔn de ahobammɔ a ɛte saa bɛma? Ɔkasafo no buae sɛ: “Dabi, efisɛ Yehowa yɛ ‘ogya fasu’ dedaw, ahobammɔ ma ne nkurɔfo. Ebeduu ɔko akyi afe 1919 mu no, na honhom fam Israelfo nkaefo no anya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse. Na wɔn ne sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a ɛwɔ soro no ananmusifo. Yehowa ma saa ananmusifo yi ɔsoro ahobammɔ sɛ kuw wɔ awiei bere yi mu. Ɛnde hena na obetumi asiw wɔn kwan ma ayɛ yiye? Obiara nni hɔ.” Hwɛ awerɛhyem a wɔn ne wɔn a wɔne wɔn bom yɛ Onyankopɔn apɛde no nyinaa nya!

Ulysses Glass, a ɔyɛ sukuu no mpanyimfo paa biako no hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ ‘wɔmpaw gyinabea a ɛfata wɔn no koraa wɔ Yehowa wiase nyinaa ahyehyɛde no mu.’ Gyinabea yɛ tebea anaa adwuma bi a ɛfata ma obi mmɔdenbɔ anaa ne su titiriw. Ɔkae sɛ: “Mo a morebɛyɛ asɛmpatrɛwfo no ahu mo gyinabea wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa ahyehyɛde no mu. Nanso, sɛnea ɛsom bo ma wo seesei no, eyi yɛ w’asetra sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no mfiase ara kwa.” Ɛho behia sɛ wɔbɔ mmɔden de wɔn dom akyɛde ahorow di dwuma yiye na ama wɔafata ama ɔsom adwuma atitiriw a Yehowa ne n’ahyehyɛde no de rehyɛ wɔn nsa no.

Wallace Liverance a ɔyɛ Gilead sukuu mpanyimfo no biako a ɔde mfe 17 somee wɔ Bolivia no na ɔmaa dwumadi no fã yi mu kasa a etwa to no. Obisaa adesuakuw no sɛ: “Mobɛsɔ Onyankopɔn Ahwɛ?” Ɛsɛ sɛ wɔyɛ no dɛn? Israel man no sɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔ ɔkwammɔne so. (Deuteronomium 6:16) Ɔkasafo no kae sɛ: “Ɛda adi sɛ ɛnteɛ sɛ obi nam kasatia anaa anwiinwii anaa ebia Onyankopɔn kwan a ɔfa so di nneɛma ho dwuma mu gyidi a ɔrenkyerɛ so bɛsɔ no ahwɛ.” Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Sɛ mudu mo dwumadibea foforo no a, monkwati saa su no.” Ɛnde, dɛn ne ɔkwan a ɛfata a wɔfa so sɔ Onyankopɔn hwɛ? Onua Liverance kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛne sɛ wubegye n’asɛm adi, denam nea ɔka a wobɛyɛ no pɛpɛɛpɛ, na afei woagyaw nea ebefi mu aba no ahyɛ ne nsa no so.” Sɛnea yehu wɔ Malaki 3:10 no, Yehowa to nsa frɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mómfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ.” Ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ wɔde wɔn ntotoso du du ba asɔrefie hɔ daa a, obehyira wɔn. Ɔkasafo no kae sɛ: “Dɛn nti na wummu w’asɛmpatrɛw adwuma no saa ara? Yehowa pɛ sɛ wudi yiye wɔ mu, enti sɔ no hwɛ. Tra wo dwumadi mu. Yɛ nsakrae horow a ɔpɛ sɛ woyɛ no. Gyina mu. Hwɛ sɛ ɔrenhyira wo anaa.” Afotu pa a ɛyɛ ma wɔn a wɔresom Yehowa nyinaa bɛn ara ni!

Bere a wɔtoo dwom wiei no, wɔdan dwumadi no fii ɔkasa ahorow so kɔɔ nsɛmmisa a ɛyɛ anigye so.

Asɛnka Mu Nsɛm a Mfaso Wɔ So

Mark Noumair, Gilead sukuu panyin bi a ɔyɛ foforo too nsa frɛɛ adesuafo no ma wɔkaa osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka adwuma no mu bere a na wɔrekɔ sukuu no kyerɛe. Eyi sii mfaso a ɛwɔ hokwan a wɔhwehwɛ de fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ ɔsom adwuma no mu no so dua, na atiefo no nyaa nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a wobetumi de adi dwuma.

Adesuafo a wɔwɔ saa Gilead adesuakuw yi mu no nyaa mfaso titiriw wɔ Baa Dwumadibea mufo a wofi nsase 42 so a na wɔn nso wɔ Patterson Adesuabea hɔ regye ntetee soronko bi a wonyaa hokwan ne wɔn bɔe wɔ wɔn adesua bere no mu no hɔ. Na wɔn mu pii awie Gilead mfe bi a atwam. Wɔ dwumadi no mu no, wobisabisaa adesua akuw a ɛto so 3, 5, 51, ne 92, ɛne Gilead Ntrɛwmu Sukuu a ɛwɔ Germany no ananmusifo nsɛm. Hwɛ mfaso a na ɛwɔ wɔn nsɛm no mu!

Wɔkaa sɛnea asɛmpatrɛwfo no ate nka bere a wohu sɛnea Yehowa ayeyifo dodow nya nkɔanim, fi nnipa kakraa bi kodu mpem du du pii wɔ mmeae a wɔyɛ adwuma no ho nsɛm kyerɛe. Wɔkaa kyɛfa a wɔanya wɔ asɛmpa no a wɔde akɔ mmeae a atew ne ho wɔ Andes Mmepɔw mu, ne nkuraase a ɛwɔ Asubɔnten Amazon asuti mu no. Wɔbɔɔ nnipa a wonnim nhoma a wodi wɔn adanse ho nkɔmmɔ. Wɔkaa sɛnea wɔn ankasa brɛe wɔ kasa foforo sua mu ne nea adesuafo a wɔawie no betumi ahwɛ kwan ankasa wɔ sɛnea wobetumi adi adanse, ama ɔkasa ahorow wɔ kasa te sɛ China kasa mu ntɛm no ho asɛm. Wɔyɛɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ mpo wɔ Spania ne China kasa mu. Wosii so dua sɛ sɛ asɛmpatrɛwfo ansua ɔkasa nko na mmom wosua adwene a nkurɔfo no kura nso a, wotu mpɔn kɛse. Wɔkaa asetra a emu yɛ den a ɛtaa wɔ nsase a wodi hia so no ho asɛm, na wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ Asɛmpatrɛwfo hu sɛ nea ɛtaa ma tebea yi ba saa ne nsisi. Ɔsɛmpatrɛwfo yɛ ade pa, sɛ ɔte nka te sɛ nea Yesu yɛe no a—ne yam hyehyee no maa nkurɔfo a na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo no.”

Wɔtoo dwom wiei no, A.D. Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa bi de toaa dwumadi no so. Onyaa hokwan yɛɛ Gilead Sukuu no akyerɛkyerɛfo a wodii kan no biako bere a wobuei wɔ 1943 mu no. Sɛ́ dwumadi no mu ɔkasa a etwa to no, ɔkaa asɛmti a ɛne “Yehowa a Yɛbɛkamfo no sɛ Amansan Hene” no ho asɛm. Onua Schroeder kasa a asuade wom a na egyina Dwom 24 so no kanyan atiefo no nyinaa wɔ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obi beyi Yehowa ayɛ sɛ Amansan Hene no ho.

Bere a wɔkyekyɛɛ adesua ho adansedi nkrataa no wiei, na wɔtoo dwom a etwa to no, Karl Klein a ɔyɛ Sodikuw no muni no de mpaebɔ a ɛka koma de dwumadi no baa awiei. Dwumadi a mfaso ne honhom fam abotɔyam wom bɛn ara ni!

Wɔ nna a edi adesua awiei no akyi no, adesuakuw a ɛto so 100 no mufo a wɔyɛ 48 no fii ase kɔɔ wɔn asɛmpatrɛw dwumadibea ahorow wɔ nsase 17 so. Nanso, na ɛnyɛ afei na wɔrefi wɔn som adwuma no ase. Ná wɔde bere pii ayɛ Kristofo bere nyinaa som adwuma no bi dedaw. Bere a wɔbaa Gilead no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na wɔn mu biara adi mfe 33, na na wɔde bɛboro mfe 12 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Ná wɔn mu bi ayɛ Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa Betel abusua no mufo pɛn. Ná afoforo asom sɛ ahwɛfo akwantufo. Na adesuafo no mu dodow bi anya amannɔne nsase so som adwuma bi mu kyɛfa dedaw—wɔ Afrika, Europa, Amerika Kesee fam, ɛpo so nsupɔw, ne wɔn aman mufo a wɔka kasa foforo mu. Nanso, seesei de wɔrekɔka asɛmpatrɛwfo foforo pii a wɔanya anigye a wotumi ka sɛ, ‘Yɛbɛsom wɔ wiase no mu baabiara a yɛn ho behia wɔ hɔ’ no ho. Komam ɔpɛ a wɔwɔ ne sɛ wɔde wɔn nkwa bɛhyɛ Yehowa anuonyam.

[Kratafa 27 adaka]

Adesua no ho Nsɛm:

Aman dodow a wofi so: 8

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 17

Adesuafo no dodow: 48

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33.75

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 17.31

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12.06

[Kratafa 26 mfonini]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 100 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Shirley, M.; Grundström, M.; Genardini, D.; Giaimo, J.; Shood, W.; Phair, P.; Buchanan, C.; Robinson, D. (2) Pine, C.; Kraus, B.; Racicot, T.; Hansen, A.; Beets, T.; Berg, J.; Garcia, N.; Fleming, K. (3) Whinery, L.; Whinery, L.; Harps, C.; Giaimo, C.; Berg, T.; Mann, C.; Berrios, V.; Pfeifer, C. (4) Randall, L.; Genardini, S.; Kraus, H.; Fleming, R.; D’Abadie, S.; Shirley, T.; Stevenson, G.; Buchanan, B. (5) Robinson, T.; Garcia, J.; Harps, P.; Racicot, D.; D’Abadie, F.; Phair, M.; Stevenson, G.; Shood, D. (6) Beets, L.; Pfeifer, A.; Berrios, M.; Pine, J.; Mann, L.; Randall, P.; Grundström, J.; Hansen, G.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena